Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban—2000 | October 15
    • Yehowa a yɛn nkwa fi no no hyɛɛ mmara sɛ ɛnsɛ sɛ yedi mogya. (Genesis 9:3, 4) Tete Israel Mmara mu no, Onyankopɔn too dwuma a wɔde mogya di no ano hye esiane sɛ egyina hɔ ma nkwa nti. Ɔhyɛe sɛ: “Efisɛ ɔhonam kra [anaa nkwa] wɔ mogya no mu, na mede mama mo, afɔremuka no so sɛ wɔmfa mpata mma mo kra; na mogya na wɔde pata ma ɔkra.” Na sɛ obi kum aboa bi sɛ ɔredi nso ɛ? Onyankopɔn kae sɛ: “Onhwie ne mogya ngu na ɔmfa dɔte nkata so.”a (Leviticus 17:11, 13) Yehowa tii saa mmara yi mu mpɛn pii. (Deuteronomium 12:16, 24; 15:23) Yudafo Soncino Chumash ka sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wɔkora mogya so, na mmom ɛsɛ sɛ wobu no sɛ biribi a ɛnsɛ sɛ wodi denam hwie a wobehwie agu fam so.” Ná ɛnsɛ sɛ Israelni biara kora abɔde foforo a ne nkwa yɛ Onyankopɔn dea mogya so na ɔde di dwuma.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban—2000 | October 15
    • Ɛtɔ mmere bi a, oduruyɛfo bi bɛhyɛ ɔyarefo bi nyansa sɛ ɔntwe n’ankasa mogya mfa nsie (onipa no ankasa mogya a ɔbɛtwe asi hɔ ansa na wɔayɛ no oprehyɛn, anaa PAD) adapɛn bi ansa na wɔayɛ no oprehyɛn, na sɛ ɛho behia a watumi de ɔyarefo no ankasa mogya a wɔde asie no ama no. Nanso, mogya a wɔtwe kora so na wɔde ma saa no tia asɛm a wɔaka wɔ Leviticus ne Deuteronomium no pefee. Ɛnsɛ sɛ wɔkora mogya so; ɛsɛ sɛ wohwie gu—sɛnea yɛbɛka no no, ɛsɛ sɛ ɛsan kɔ Onyankopɔn nkyɛn. Nokwarem no, Mose Mmara no nyɛ adwuma nnɛ. Nanso, Yehowa Adansefo bu nnyinasosɛm a Onyankopɔn de kaa ho no, na wɔasi wɔn bo sɛ ‘wobeyi wɔn ho afi mogya ho.’ Enti, yɛntwe yɛn mogya mma, na saa nso na yɛnkora yɛn mogya a ɛsɛ sɛ ‘yehwie gu’ no so na wɔde ama yɛn akyiri yi. Saa adeyɛ no tia Onyankopɔn mmara.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban—2000 | October 15
    • a Ɔbenfo Frank H. Gorman kyerɛwee sɛ: “Na wɔte mogya a wohwie gu no ase koraa sɛ ɛyɛ ɔsom mu adeyɛ a wɔde kyerɛ obu ma aboa no nkwa, ma enti, ɛkyerɛ obu a wɔwɔ ma Onyankopɔn a ɔbɔɔ no na ɔda so hwɛ saa nkwa no so no.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena