Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 3/1 kr. 30-31
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Mogya A Wɔde Gye Nkwa​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Bu Nkwa A Wɔde Ama Wo No Sɛ Akyɛde A Ɛfata
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Nkwa ne Mogya—So Wubu sɛ Ɛyɛ Kronkron?
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 3/1 kr. 30-31

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

◼ So Yehowa Adansefo ma kwan ma wɔde mogya a wɔatwe afi wɔn ankasa mu di dwuma, sɛ ebia denam wɔn ankasa mogya a wɔma wɔde sie na wɔasan de ama wɔn akyiri yi no so?

Nnuruyɛfo taa ma nsonsonoe da mogya a efi obi foforo mu ne ɔyarefo no ankasa mogya ntam. Wonim yiye sɛ Yehowa Adansefo nnye nnipa afoforo mogya. Na wɔn ankasa mogya a wɔatwe afi wɔn mu a wɔde bedi dwuma a ɛyɛ ade a wɔde di dwuma wɔ ayaresa pii mu no nso ɛ?

Kristofo rentumi nnye saa ayaresa no binom ntom efisɛ ɛne Bible bɔ abira pefee na afoforo nso ma nsemmisa sɔre. Ɛwom, bere a wɔkyerɛw Bible no na wonnim mogya a wɔde ma ne mogya a wɔde di dwuma wɔ ayaresa afoforo mu no. Nanso Onyankopɔn de akwankyerɛ mae a ɛma ne nkoa tumi si gyinae sɛ ebia ayaresa bi a wɔde mogya di dwuma wom betumi ayɛ nea ɛnsɔ n’ani anaa.

Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ mogya nnyina hɔ mma nkwa ma enti ɛyɛ kronkron. Ɔhyɛe sɛ ɛnsɛ sɛ obiara di mogya na ama wakɔ so atra nkwa mu. Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn kae sɛ: “Nea ɛkeka ne ho a ɛwɔ nkwa nyinaa, ɛnyɛ mo aduan. . . . Nam a ɛwɔ ne kra, ɛne sɛ ne mogya mu nko na munnni.” (Genesis 9:3, 4; Leviticus 7:26, 27) Sɛnea Nkwamafo no kyerɛ no, ade biako pɛ a wɔpene so sɛ wɔmfa mogya nni dwuma wom ne afɔrebɔ mu. “Efisɛ ɔhonam kra wɔ mogya no mu, na mede mama mo, afɔremuka no so sɛ wɔmfa mpata mma mo kra; na mogya na wɔde pata ma ɔkra. Na ɛno nti na mise Israelfo sɛ: Mo mu ɔkra biara nnni mogya.”​—Leviticus 17:11, 12.

Ɛwom sɛ Kristofo nhyɛ Mose Mmara no ase de, nanso Bible no ka sɛ “ehia” sɛ ‘yɛtwe yɛn ho fi mogya ho,’ na yebu no sɛ ade kronkron. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Ntease wɔ eyi mu efisɛ afɔre a na wɔbɔ wɔ Mmara no ase no yɛ Kristo mogya a ɛne Onyankopɔn kwan a yɛbɛfa so anya daa nkwa ho mfonini.​—Hebrifo 9:11-15, 22.

Sɛ wɔamfa mogya anni dwuma wɔ afɔrebɔ mu a, wɔde bedi dwuma dɛn wɔ Mmara no ase? Yɛkenkan sɛ, sɛ ɔbɔmmɔfo bi kum aboa a obedi a, ‘ɛsɛ sɛ ohwie ne mogya gu na ɔde dɔte kata so.’ (Leviticus 17:13, 14; Deuteronomium 12:22-24) Enti na ɛnsɛ sɛ wodi mogya sɛ aduan anaa wɔde yɛ biribi foforo biara. Sɛ woyi fi abɔde bi mu na wɔamfa anni dwuma wɔ afɔrebɔ mu a, ɛsɛ sɛ wohwie gu asase a ɛyɛ Onyankopɔn nan ntiaso no so.​—Yesaia 66:1; fa toto Hesekiel 24:7, 8 ho.

Eyi bara ɔkwan biako a wɔtaa faa so de obi ankasa mogya a wɔatwe afi ne mu di dwuma no pefee​—mogya a wɔtwe ansa na wɔayɛ oprehyɛn, nea wɔde sie ne ɔyarefo no ankasa mogya a wɔde ma no akyiri yi no. Nea wɔyɛ wɔ ayaresa a ɛte saa mu no ni: Ansa na wɔbɛyɛ oprehyɛn a ennye ntɛmpɛ a obi ankasa paw no, wɔtwe n’ankasa mogya no bi sie anaasɛ wɔma nkwa mmoawa kɔkɔɔ no a wɔayi no kyenkyen na wɔde sie. Afei sɛ ɛte sɛ nea ɔyarefo no hia mogya wɔ oprehyɛn no mu anaa akyi a, wobetumi de n’ankasa mogya a wɔde asie no ama no. Mprempren haw a nkurɔfo ahaw wɔ mogya mu nyarewa ho no ama obi ankasa mogya a wɔatwe afi ne mu a wɔde di dwuma no agye din. Nanso Yehowa Adansefo NNYE ayaresa yi. Yefi bere tenten ahu sɛ ɛda adi sɛ mogya a ɛte saa a wɔde asie no nyɛ onipa no fa bio. Wɔayi afi ne mu koraa enti ɛsɛ sɛ wɔtow gu ma ɛne Onyankopɔn Mmara hyia: “Hwie gu fam sɛ nsu.”​—Deuteronomium 12:24.

Wɔ ɔkwan bi a ɛyɛ soronko so no, wobetumi ama mogya a efi ɔyarefo no ankasa mu no akɔfa afiri bi (asaabo bi a nnipa ayɛ) anaasɛ koma ne ahrawa pɔmpe mu. Mogya no fa rɔba hama bi mu kɔ akwaa a nnipa ayɛ a ɛpɔmpe mogya no na ɛsɔn so no mu, na afei ɛsan kɔ ɔyarefo no mogya nkwaadɔm mu. Kristofo bi ama eyi ho kwan sɛ wɔamfa mogya a wɔde asie anhohoro afiri no mu a. Wɔabu rɔba hama a enni nipadua no mu no sɛ ɛtoa wɔn mogya nkwaadɔm no so sɛnea ɛbɛyɛ a mogya betumi asen afa akwaa bi a nnipa ayɛ mu. Wɔtee nka sɛ na mogya a ɛsen fa rɔba hama yi mu no da so ara yɛ wɔn nipadua no fã na na ɛho nhia sɛ ‘wɔhwie gu.’a

Na sɛ mogya no gyae sen kakraa, sɛ ebia wɔma afiri a ɛpɔmpe mogya fa koma no mu no gyina bere a oduruyɛfo no hwɛ sɛ ntini a wɔama mogya no fa mu no tumi yɛ adwuma sɛnea ɛsɛ no nso ɛ?

Nokwarem no, ɛnyɛ kɔ a mogya no kɔ so sen no na Bible no si so dua. Wɔ oprehyɛn akyi mpo no, obi koma betumi agyae bɔ kakra na afei asan afi ase bio.b Ɛnsɛ sɛ wɔtwe ne mogya fi ne mogya nkwaadɔm no mu na wɔtow gu esiane sɛ ne mogya gyaee sen bere a ne koma gyaee bɔ ara kwa nti no. Enti ɛsɛ sɛ Kristoni a ɛsɛ sɛ osi gyinae sɛ ebia ɔbɛma kwan ma wɔama ne mogya asen afa afiri bi a esi ne ho no mu no de n’adwene si sɛ ebia ofi ahonim mu te nka sɛ mogya a wɔama akɔfa afiri bi mu no da so ara yɛ ne mogya nkwaadɔm no fa mmom no so na ɛnyɛ sɛ ebia mogya no begyae sen kakra no so titiriw.​—Galatifo 6:5.

Na mogya a wɔhyɛ da fra mu no nso sɛ? Nnuruyɛfo binom gye di sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔbɛfra ɔyarefo bi mogya mu bere a wɔreyɛ no oprehyɛn no. Enti sɛ wofi oprehyɛn no ase a, wɔma mogya no bi sen kɔ nkotoku bi a esisi ɔyarefo no nkyɛn no mu na wɔde nnuru nsunsu a mogya nnim si ananmu; akyiri yi wɔma mogya no sen fi nkotoku no mu kɔ ɔyarefo no nipadua mu. Esiane sɛ Kristofo mma wɔmfa wɔn mogya nsie nti, nnuruyɛfo bi asakra mu na wɔde afiri no si baabi a ɛma ɛyɛ nea ɛtoa ɔyarefo no mogya nkwaadɔm mu bere nyinaa. Kristofo binom apene eyi so na afoforo nso apow. Bio nso, ɛsɛ sɛ obiara si gyinae sɛ ebia obebu mogya a wɔma ɛsen wɔ ɔkwan a ɛte saa so no sɛ ɛte sɛnea ɛsen fa koma ne ahrawa afiri no mu anaasɛ obebu no sɛ mogya a afi ne mu ma enti ɛsɛ sɛ wɔtow gu.

Obi ankasa mogya a wɔatwe afi ne mu a wɔde di dwuma no ho nhwɛso a etwa to no fa mogya a wɔtwe na wɔsan de di dwuma bere a woreyɛ oprehyɛn no ho. Wɔde afiri bi twe mogya fi kuru no mu, wɔpɔmpe fa sɔnee bi mu (ma eyi mogya a ada no) anaasɛ wɔma ɛfa afiri bi a wɔde twe nsu fi mu no mu na afei wɔma ɛsan kɔ ɔyarefo no mu. Kristofo pii dwen sɛ ebia mogya no betumi agyae sen bere tiaa bi wɔ adeyɛ a ɛte saa mu no no ho yiye. Nanso, sɛnea yɛaka no, nsusuwho a egyina Bible so kɛse ne sɛ ebia mogya a ɛrekɔ oprehyɛn kuru no mu no da so ara yɛ onipa no fã anaa. So nokwasɛm a ɛyɛ sɛ mogya no asen afi ne mogya nkwaadɔm mu akɔ kuru no mu no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ‘wohwie gu’ te sɛ mogya a wɔaka ho asɛm wɔ Leviticus 17:13 no? Sɛ obi gye di sɛ ɛte saa a, ɛda adi sɛ ɔremma ho kwan. Nanso, Kristoni foforo (a ɔremma mogya mpue mfi ne mu ma wɔde asie bere kakra na akyiri yi wɔsan de agu ne mu no) betumi asusuw sɛ adeyɛ yi remmu n’ahonim a watete no yiye so.

Sɛnea yebetumi ahu no, mfiri anaa akwan ahorow a wɔfa so de obi ankasa mogya a wɔatwe afi ne mu di dwuma no redɔɔso. Yɛrentumi nka emu biara ho asɛm na ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ saa nso. Sɛ Kristoni biara hyia eyi ho asemmisa a, ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔma nnuruyɛfo kyerɛkyerɛ mu kyerɛ no na afei n’ankasa si gyinae.

Ɛwom sɛ yɛaka nnuruyɛ ho asɛm kɛse wɔ ha de, nanso nea ɛho hia sen biara no fa ɔsom ho. Bere a Kristoni redi adwenem naayɛ anaa mogya a wɔde di dwuma wɔ ayaresa mu nsemmisa ho dwuma no, nea ɛsɛ sɛ ɛho hia sen biara ne sɛ ɔbɛda gyidi adi na wakyerɛ obu ama Onyankopɔn ahyɛde a ese ‘ɔntwe ne ho mfi mogya ho no,’ na ɔkɔ so nya ahonim pa. Dɛn ntia? Efisɛ ɔkwan titiriw a wɔfa so gye nkwa no nyɛ nea ɛnam aduruyɛ ho nimdeɛ so, na mmom ɛnam Kristo mogya nkwagye tumi no so. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔno mu na yɛanya ogye a ɛnam ne mogya so.” (Efesofo 1:7; Adiyisɛm 7:14, 17) Bere a nnɛyi nnuru betumi aboa ma yɛn nkwa nna aware kakra no, ɛda adi sɛ yɛmpɛ sɛ yɛbɛma yɛn nkwa ayɛ tenten denam biribi a yɛbɛyɛ a ebebu yɛn Kristofo ahonim so anaasɛ ɛbɛhaw yɛn Nkwamafo no so.​—Mateo 16:25; 1 Timoteo 18, 19.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ The Watchtower a ɛyɛ June 15, 1978 de no kratafa 30.

b Komayare, anyinam ahoɔden a ɛka obi anaasɛ ne ho a edwo wiridudu esiane sɛ ebia wakɔ nsu a nsukyenee ama ayɛ wiridudu ase nti no betumi ama eyi aba.

[Mfonini wɔ kratafa  31]

Koma ne ahrawa afiri ho nneɛma no bi: (1) rɔba hama a ɛtoa ɔyarefo no ntini so; (2) pɔmpe a esiesie mogya no na ɛkora so; (a) afiri no fã a ɛde mframa pa kɔ nipadua no mu; (4) mogya sɔnee; (5) pɔmpe foforo; (6) rɔba hama a mogya no san sen fa mu kɔ nipadua no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena