So Woyɛ Ɔbadwemma?
BERE a Mose repaw atemmufo ama wɔadi Israel so no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obenya “mmarima anyansafo ne mmadwemma a wɔwɔ osuahu.” (Deuteronomium 1:13, NW) Ná ɛnyɛ osuahu a onyin ma obi nya no nko ne ade a wogyina so paw no. Na nyansa ne anidahɔ nso ho hia.
Onipa a ɔyɛ ɔbadwemma da atɛmpa adi wɔ kasa ne nneyɛe mu. Sɛnea Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary kyerɛ no, ɔbadwemma “tumi fi nyansam yɛ komm” nso. Yiw, “kommyɛ wɔ ne bere, na kasa wɔ ne bere,” na ɔbadwemma nim nsonsonoe a ɛwom. (Ɔsɛnkafo 3:7) Mpɛn pii no, ntease pa bi nti na ɛsɛ sɛ woyɛ komm efisɛ Bible no ka sɛ: “Mfomso mpa ɔkasa dodow mu, na nea osianka n’ano yɛ onimdefo.”—Mmebusɛm 10:19.
Kristofo hwɛ yiye sɛ wɔbɛyɛ anifere wɔ sɛnea wɔne wɔn ho di no mu. Ɛnyɛ nea ɔtaa kasa pii anaa nea ɔde tumi kasa sen obiara no ne wɔn mu otitiriw anaa nea ne ho hia paa bere nyinaa. Kae sɛ na Mose yɛ ‘den wɔ ne nsɛm mu,’ nanso wantumi anni Israel man no anim yiye kosi sɛ osuaa boasetɔ, odwo, ne ahosodi. (Asomafo no Nnwuma 7:22) Ne saa nti ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde tumi ahyɛ wɔn nsa sɛ wonni afoforo so no bɔ mmɔden yiye sɛ wɔbɛda ahobrɛase ne ntease adi.—Mmebusɛm 11:2.
Wɔka wɔn a Yesu Kristo de “nea ɔwɔ nyinaa” ahyɛ wɔn nsa no ho asɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm mu sɛ ‘nokwafo ne ɔbadwemma.’ (Mateo 24:45-47) Wɔmma nkate mpiapia wɔn mma wɔmfa ahantan nni Yehowa anim; saa ara nso na wɔnka akyi bere a Onyankopɔn akwankyerɛ wɔ asɛm bi ho mu da hɔ no. Wonim bere a ɛsɛ sɛ wɔkasa ne bere a ɛsɛ sɛ wɔyɛ komm twɛn asɛm bi mu nkyerɛkyerɛmu foforo. Ɛnyɛ sɛ ɛyɛ papa sɛ Kristofo nyinaa besuasua wɔn gyidi nko, na mmom sɛ wɔbɛda wɔn ho adi sɛ mmadwemma nso, sɛnea akoa kuw no yɛ no.—Hebrifo 13:7.