So Yehia Nea Edi Kan no Ankasa?
BƐYƐ mfirihyia 3,500 ni no, akwakoraa bi a ɔwɔ Mfinimfini Apuei boaboaa wiase abakɔsɛm a ebesii ne bere so ano. Ɛbɛyɛ sɛ saa adwuma a akyiri yi ɛbɛyɛɛ nhoma atenten anum no gyee mmɔdenbɔ kɛse. Ná ɔbarima no adi mfe 80 bere a ofii ne nhoma kyerɛw no ase no. Na ɔno anaasɛ ne man nni baabi pɔtee a wɔte, na mmom wodii atutra wɔ Sinai Anhweatam no so. Nanso, awiei no, nea saa akwakoraa no kyerɛwee no bɛyɛɛ nhoma kyerɛw a ɛho hia sen biara a wiase ahu pɛn no fã.
Na saa ɔbarima no ne Mose a Onyankopɔn de hokwan maa no ma odii tete Israel man no anim fii nkoasom mu wɔ Misraim asase so no. Ɛnnɛ wonim nhoma anum a ɔkyerɛwee no sɛ Pentateuch, a ɛne Kyerɛw Kronkron no fã a edi kan. Onyankopɔn honhom kronkron, anaasɛ n’adeyɛ tumi, na ɛkyerɛɛ Mose kwan. Enti, ɛnnɛ, yebetumi akenkan nea ɔkyerɛwee no ama ɛho aba yɛn ankasa mfaso kɛse. Nanso ɛtɔ mmere bi a, nkurɔfo bisa sɛ: ‘So yebetumi anya Mose ne Bible akyerɛwfo afoforo nsɛm no mu ahotoso ankasa? So yɛwɔ wɔn nsaano nkyerɛwee a edi kan no? Sɛ yenni bi a, ɛnde dɛn nti na ɛbaa so? Na yɛbɛyɛ dɛn atumi agye adi sɛ nea ɛwɔ Bible mu no ne nea akyerɛwfo no kyerɛwee tete no ankasa?’
Nneɛma a Wɔkyerɛwee wɔ So
Ntease pii wɔ hɔ a enti yebetumi anya ahotoso sɛ Bible no su nsesae fi bere a wodii kan kyerɛwee no. Ampa, yenni Bible akyerɛwfo no nsaano nkyerɛwee a edi kan no. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebenya saa nsaano nkyerɛwee no ankasa. Dɛn ntia? Efi nneɛma a wɔkyerɛw wɔ so no, tete Yudafo amanne bi, ne mmere a wofii ne kyerɛwee ase wom no ho abakɔsɛm nti.
Nea edi kan no, yɛsrɛ wo susuw nneɛma a wɔkyerɛwee wɔ so no ho. Nneɛma bi a wɔkyerɛwee bere a na wɔreboaboa Bible no mu nsɛm ano no da so wɔ hɔ. Nanso wɔkyerɛw eyinom mu dodow no ara wɔ ɔbo anaa ɛfã a ebetumi atra hɔ bere tenten no so. Nanso, ɛte sɛ nea mfiase no wɔkyerɛw Bible no wɔ biribi a ɛsɛe ntɛm so. Sɛ nhwɛso no, Ɔhene Yehoiakim hyew Bible kyerɛwfo Yeremia nsɛm bi a ɔkyerɛwee. (Yeremia 36:21-31) Na anka wɔrentumi nsɛe ɔbo anaa ɛfã apon ntɛm saa.
Enti, akyerɛw ade bɛn na Bible akyerɛwfo de dii dwuma? Wiɛ, “wɔkyerɛɛ Mose Misrifo nyansa nyinaa,” na na akyerɛw ade a wɔde di dwuma kɛse wɔ Misraim ne mmɛw. (Asomafo no Nnwuma 7:22) Enti, ebetumi aba sɛ Mose kyerɛwee wɔ ade a etumi sɛe yi so. Akyerɛw ade foforo a na abu so wɔ Mfinimfini Apuei ne mmoa were—aboa nhoma anaa mmurukuu. Ɛbɛyɛ sɛ Yeremia kyerɛw aboa nhoma so. Na aboa nhoma anaasɛ mmɛw mu biara bɛhyew bere a Ɔhene Yehoiakim tow Yeremia nhoma mmobɔwee no too ogya mu no.
Ampa, wɔ Misraim wim tebea a emu yɛ hyew ne wosee no mu no, mmɛw nsaano nkrataa pii atumi adi mfe mpempem pii. Nanso ɛno ntaa mma. Mpɛn pii no, mmɛw ne aboa nhoma nyinaa sɛe ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so. Sɛnea nhomanimfo Oscar Paret ka no: “Wim fɔkyee, nneɛma a esuw, ne mmoawaa ahorow a wɔporow ade betumi asɛe akyerɛw nneɛma abien yi nyinaa ɔkwan a ɛkɔ akyiri so. Yehu fi da biara da osuahu mu sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ krataa, anaasɛ aboa nhoma a ɛyɛ den mpo, sɛe owia mu anaasɛ ɔdan a mframa nkɔ mu mu.”
Wɔ tete Israel a ɛhɔ na wɔkyerɛw Bible mu nhoma ahorow no dodow no ara no, na wim tebea no nnye mma nsaano nkyerɛwee so kora. Enti, Bible nsaano nkyerɛwee a edi kan no mu dodow no ara tetewee bere tenten ni. Sɛ antetew mpo a, tete Yudafo amanne bi wɔ hɔ a ɛma ɛyɛ nea na ɛrentumi mma sɛ ɛbɛtra hɔ abesi yɛn bere yi so. Saa amanne no ne dɛn?
Nsaano Nkyerɛwee a Wɔde Hyɛ Fam
Wɔ 1896 mu no, nhomanimfo bi a ɔretu nneɛma wɔ genizah bi a ɛwɔ Cairo mu no huu tete nsaano nkyerɛwee 90,000 a ɛde nsakrae kɛse bae wɔ Mfinimfini Apuei abakɔsɛm sua mu. Dɛn ne genizah? Na eyi fa Bible tete nsaano nkyerɛwee no ho dɛn?
Genizah yɛ ɔdan bi a na tete Yudafo de nsaano nkyerɛwee a dwuma a wɔde di ama ayɛ dedaw gu mu. Paul E. Kahle kyerɛw sɛ: “Na Yudafo no de akyerɛw ne tintim nneɛma nyinaa bi gu adan a ɛte saa a na ɛwɔ hyia adan mu anaasɛ ɛbɛn ho no mu; na ɛnyɛ sɛ wɔde sie ama nhwehwɛmuyɛ, na mmom na ebegu hɔ bere bi a obiara mfa ne nsa nka. Na Yudafo no suro sɛ ɛbɛyɛ na obi akɔfa nkyerɛwee a ɛtete sɛɛ no mu bi a Onyankopɔn din wom no de adi dwuma ɔkwammɔne so de agu ho fi. Enti na wɔfa saa nneɛma a wɔakyerɛw no—ne akyiri yi nea wɔatintim nso—no bere ne bere mu de kɔ asase kronkron bi so de kɔhyɛ fam; enti ɛsɛee. Ɛbae ara kwa sɛ wɔn werɛ fii Cairo Geniza no ne nneɛma a ɛwom no ma enti wɔanyɛ no sɛnea wɔyɛ Geniza afoforo no bi no.”—The Cairo Geniza, kratafa 4.
Sɛ anka Bible nsaano nkyerɛwee bi tumi traa hɔ koduu bere a saa amanne no bae ɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ anka dwuma a wɔde di no bɛma ayɛ dedaw ma wɔde ahyɛ fam.
Nsɛm a Esisii Abakɔsɛm Mu
Sɛ yɛresusuw nea ebia ɛbaa Bible nsaano nkyerɛwee a edi kan no so no ho a, nokwasɛm a etwa to a ɛsɛ sɛ yɛkae ne Bible nsase ho abakɔsɛm a na basabasayɛ wom no. Sɛ nhwɛso no, susuw nea ɛbaa nhoma ahorow a Mose a na ɔrebɔ akwakoraa no kyerɛwee no so no ho. Wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Na Mose kyerɛw mmara yi mu nsɛm de hyɛɛ nhoma mu wiei koraa no, Mose hyɛɛ Lewifo a wɔso [Yehowa] apam adaka no sɛ: Momfa mmara nhoma yi nto [Yehowa] mo Nyankopɔn apam adaka no ho.”—Deuteronomium 31:24-26.
Na apam adaka no yɛ adaka kronkron bi a ɛyɛ wɔ a Onyankopɔn wɔ Israelfo no mfinimfini no ho sɛnkyerɛnne. Wɔsoa kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so (ɛne Mose nsaano nkyerɛwee no), faako a wɔde sii mmeae ahorow pii. Bere bi no, Filistifo gyei abran so. Akyiri yi, Israel hene Dawid de Adaka no baa Yerusalem, na awiei koraa no wɔde sii asɔrefi a Ɔhene Salomo sii wɔ hɔ no mu. Nanso Ɔhene Ahas sii abosonsom afɔremuka wɔ asɔrefi hɔ, na awiei koraa no ɔtoo mu. Ɔhene Manase de abosonsom hyɛɛ no ma.
Saa bere no mu no, dɛn na ɛbaa apam adaka no ne Mose nkyerɛwee no so? Yennim, nanso anyɛ yiye koraa no, emu bi yerae. Ɔhene Yosia bere so no, asɔrefi adwumayɛfo ‘huu mmara nhoma no’ bere a na wɔnhwɛ kwan, a ebia na ɛyɛ nea Mose kyerɛwee no ankasa. (2 Ahene 22:8) Na ɔhene no nnii kan nhuu emu nsɛm no pii, na wɔkenkanee no, ɛde honhom mu nkanyan kɛse bae.—2 Ahene 22:11-23:3.
Yosia wu akyi no, Yudafo no anni nokware bio na awiei koraa no wɔde wɔn kɔɔ Babilon nnommumfa mu. Wɔsɛee asɔrefi no, na wɔde biribiara a ɛwom a ɛsom bo no kɔɔ Babilon. Kyerɛwtohɔ biara nni hɔ a ɛkyerɛ nea ɛbaa Adaka no anaasɛ nhoma a ɛsom bo a wohuu no Yosia bere so no so. Nanso, mfe bi akyi bere a na wɔrehyɛ Yudafo a wɔasan aba wɔn asase so no nkuran sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem na wɔmfa nokware som nsi hɔ bio no, ɔsɔfo Esra ne afoforo kenkan ‘Mose mmara nhoma’ no kyerɛɛ wɔn baguam. (Nehemia 8:1-8) Enti, na nkyerɛwee a edi kan a wɔahwɛ so akyerɛw no bi wɔ hɔ? Na efi he?
Onyankopɔn Asɛm no a Wɔhwɛɛ so Kyerɛw Bi
Mose kaa bere a ɔhene bedi Israel so siei na ɔkyerɛw ahyɛde titiriw yi too hɔ: “Na sɛ ɔte n’ahenni agua so a, ɔnhwɛ mmara yi nhoma a ɛda asɔfo ne Lewifo anim no so nkyerɛw bi mfa.” (Deuteronomium 17:18) Enti, na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ Kyerɛwnsɛm no so kyerɛw bi.
Akyiri yi, Kyerɛwnsɛm no a wɔhwɛ so kyerɛw bi no bɛyɛɛ adwuma wɔ Israel. Nokwarem no, Dwom 45:1 se: “Me tɛkrɛma ayɛ ɔkyerɛwfo a ne nsa yɛ hare krammɛn.” Wɔbɔɔ akyerɛwfo te sɛ Safan ne Sadok din. Nanso nea na wonim no sɛ ɔkyerɛwfo a ɔsen biara tete mmere no mu ne Esra a ɔno nso kyerɛw Bible tete nkyerɛwee no bi no. (Esra 7:6; Nehemia 13:13; Yeremia 36:10) Bere a na wɔrekyerɛw Bible no afã a edi akyiri no mpo no, na wɔhwɛ nhoma a na wɔawie dedaw no so kyerɛw bi de moma.
Bere a na Yesu Kristo wɔ asase so no, ɛnyɛ Yerusalem nkutoo na na Hebri Kyerɛwnsɛm (Genesis kosi Malaki) no bi wɔ na mmom ɛda adi sɛ na ebi wɔ Galilea hyia adan mu. (Luka 4:16, 17) Ɛdɛn, wɔ Beroia a ɛwɔ Makedonia a ɛwɔ akyirikyiri mpo no, na Yudafo a wɔn adwene ye tumi ‘hwehwɛ Kyerɛwnsɛm mu daa’! (Asomafo no Nnwuma 17:11) Ɛnnɛ Bible nhoma ahorow a wɔhwɛɛ so kyerɛw bi ansa na wɔrewo Yesu no nsaano nkyerɛwee bɛyɛ 1,700 ne nea n’asuafo no boaboaa ano (Mateo kosi Adiyisɛm) 4,600 na ɛwɔ hɔ.
So na nea wɔhwɛɛ so kyerɛwee no yɛ pɛpɛɛpɛ? Yiw, wɔ ɔkwan a ɛkɔ akyiri so. Wɔn a na wɔde Hebri Kyerɛwnsɛm a wɔhwɛ so kyerɛw bi no ayɛ wɔn adwuma (a na wɔfrɛ wɔn Soferim) no hwɛɛ yiye sɛ wɔrennyɛ mfomso. Nea ɛbɛyɛ na wɔahwehwɛ wɔn adwuma no mu no, na wɔkan nsaano nkyerɛwee a wɔhwɛ so kyerɛw no mu biara mu nsɛmfua ne nkyerɛwde mpo. Enti, Yesu, ɔsomafo Paulo, ne afoforo a wɔfaa tete Bible akyerɛwfo no nsɛm kae mpɛn pii no annye sɛnea nea wɔhwɛɛ so kyerɛwee no a na wɔde di dwuma no yɛ pɛpɛɛpɛ no ho akyinnye.—Luka 4:16-21; Asomafo no Nnwuma 17:1-3.
Ampa, na Yudafo. ne akyiri yi Kristofo akyerɛwfo a wɔhwɛɛ so kyerɛwee no nyɛ wɔn a mfomso nni wɔn ho. Mfomso ahorow baa mu, nanso pii a wɔhwɛɛ so kyerɛwee a ɛwɔ hɔ nnɛ no boa yɛn ma yehu mfomso ahorow yi. Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, akyerɛwfo ahorow yɛɛ mfomso a ɛsonsonoe. Enti, ɛdenam akyerɛwfo ahorow nnwuma a yɛde toto ho so no, yebetumi ahu wɔn mfomso ahorow no pii.
Nea Enti a Yebetumi Anya Ahotoso
Wɔ 1947 mu no, wohuu tete nhoma mmobɔwee bi a na wɔnhwɛ kwan wɔ abodan bi a ɛbɛn Ɛpo a Awu no ho. Saa nhoma mmobɔwee yi daa sɛnea na Kyerɛwnsɛm a wɔhwɛɛ so kyerɛw bi no yɛ pɛpɛɛpɛ fa no adi. Nea na ɛka nhoma mmobɔwee no ho ne Bible nhoma a ɛne Yesaia no bi a wɔhwɛɛ so kyerɛwee a na ɛkyɛn nsaano nkyerɛwee biara a na ɛwɔ hɔ no bɛboro mfe apem. Nanso, ntotoho a wɔyɛe daa no adi sɛ nsonsonoe a na ɛwɔ Ɛpo a Awu nsaano nkyerɛwee no ne nea wɔhwɛɛ so kyerɛwee akyiri yi no mu yɛ nneɛma te sɛ nsɛmfua nnidiso ne kasa mmara. Nsɛm no mu ntease ansakra wɔ mfe apem a wɔde hwɛɛ so kyerɛw bi no akyi! Enti ɛdefa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm ho no, na nhomanimfo William Henry Green betumi aka sɛ: “Wobetumi aka a wonsuro sɛ tete nhoma biara nni hɔ a wɔde ama pɛpɛɛpɛ saa.” Wɔakeka nsɛm a ɛtete saa ara afa sɛnea Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no a wɔde mae no yɛ pɛpɛɛpɛ no nso ho.
Ampa, ɛbɛyɛ anigye kɛse sɛ yebehu nhoma ankasa a Mose anaa Yesaia kyerɛwee no. Nanso yenhia nea edi kan no ankasa. Ɛnyɛ krataa no ne ade a ehia, na mmom emu nsɛm no. Na anwonwa kwan so no, mfehaha a basabasayɛ wom ne ɛso a wɔhwɛ kyerɛwee pii a abɛsen nyinaa akyi no, yebetumi anya ahotoso sɛ Bible no da so ara kura nsɛm a ɛwɔ tete nsaano nkyerɛwee no mu no. Enti, Kyerɛwnsɛm mu asɛm yi ada no adi sɛ ɛyɛ nokware: “Ɔhonam nyinaa te sɛ wura, na onipa anuonyam nyinaa te sɛ wura nhwiren. Wura hyew na nhwiren pow; na [Yehowa] asɛm de, ɛte hɔ daa.”—1 Petro 1:24, 25.