Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 8/8 kr. 30-31
  • “Bere A Mfaso Wɔ So” A Wɔde Ma Nkakrankakra

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Bere A Mfaso Wɔ So” A Wɔde Ma Nkakrankakra
  • Nyan!—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Awofo a Wonni Ahokafo, Nsɛnnennen Pii
    Nyan!—2002
  • Yɛn Mma—Agyapade A Ɛsom bo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Awofo Munnu Mo Ba No Koma Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 8/8 kr. 30-31

“Bere A Mfaso Wɔ So” A Wɔde Ma Nkakrankakra

AWOFO kakraa bi na wonya bere pii ma wɔn mma nnansa yi. Wɔn mu pii nni ahokafo na wɔn nkutoo rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwɛ wɔn mma. Na esiane sɛ sikasɛm tebea no kɔ so sɛe nti, awofo pii a wɔyɛ awarefo rehu sɛ ɛsɛ sɛ agya no ne ɛna no nyinaa yɛ adwuma na ama abusua no anya sika a wohia no. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔagye bere a mfaso wɔ so ho adwene no atom.

Sɛnea wɔte ase no, bere a mfaso wɔ so taa yɛ bere bi ho nhyehyɛe a wɔyɛ de tra abofra ho, a mpɛn pii no dwumadi pɔtee bi wɔ wɔn adwenem​—sɛ nhwɛso no, te sɛ mmoa yɛmmea a wɔbɛkɔ akɔhwɛ hɔ. Ɛda adi pefee sɛ adwene no fata. Mmofra hia ɔhwɛ soronko biara a wobetumi anya. Nanso, mmofra hwɛ ho animdefo rehu no yiye sɛ ɔhaw ahorow bi wɔ bere a mfaso wɔ so ho adwene a agye din no ho.

Ɛda adi sɛ awofo pii a wonni adagyew a wɔde wɔn adwene asi wɔn nnwuma so no anya nnaadaa adwene a ɛne sɛ bere kakra a wɔbɛyɛ ho nhyehyɛe yiye de atra abofra nkyɛn no bedi nea ehia sɛ awofo yɛ ma abofra no nyinaa ho dwuma. Enti, New York Daily News fa Ɔbenfo Lee Salk a ɔkyerɛ ade wɔ Cornell University Medical School wɔ United States no asɛm ka sɛ: “Bere a mfaso wɔ so ho adwene no yɛ nkwaseasɛm.” Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Fɔ a awofo di no na ama wɔanya saa asɛm no. Ɛyɛ akwan a nkurɔfo refa so na ama wɔde bere kakraa bi atra wɔn mma ho.”

Nanso so sɛnea wɔde bere di dwuma pa ne adwene a ɔwofo de si abofra no so kɛse no mma ɔnyɛ nea anka ɔde bere pii bɛyɛ no? Dabi, ne tiaatwa mu ne sɛ​—awofo de nhwɛso so na ɛkyerɛkyerɛ wɔn mma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Mmofra a wɔtete nkuropɔn mmeae a nnipa akyere so wɔ hɔ ho nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi kyerɛkyerɛɛ nokwasɛm yi fã a ɛyɛ awerɛhow no mu. Tumi a wɔn a na wɔn abusua mufo da afiase bere a wɔrenyin no nso betumi ada afiase no yɛ mmɔho abien. Saa ara nso na tumi a wɔn a asadweam anaa wɔn a wɔde nnuru di dwuma ɔkwammɔne so na wɔrehwɛ wɔn no betumi afa saa suban a edi awu no yɛ mmɔho abien.

Awofo nhwɛso pa betumi ayɛ nea tumi wom saa ara. Asɛnnennen no ne sɛ egye bere, bere tenten ankasa na wɔatumi ayɛ nhwɛso pa na ɛnyɛ bere a mfaso wɔ so nketenkete. Sɛnea New York Daily News ka no: “Mfomso a ɛwɔ bere a mfaso wɔ so ho adwene no ho ne sɛ ɔwofo ne ɔba ntam mmere atitiriw​—nkɔmmɔbɔ ne gyinaesi ahorow a ɛma onya ahobammɔ, gyinapɛn ahorow ne obu ma ne ho​—no ba mpofirim.” Obiara ntumi nyɛ bere bi a ɛba mpofirim ho nhyehyɛe. Ebia ɔwofo beyi simma 15 asi hɔ sɛ bere a mfaso wɔ so a ɔde bɛtra abofra no ho, nanso hena na obetumi ahu sɛ ɔwofo ne ɔba no betumi anya abusuabɔ pa a emu yɛ den saa bere no? Na ɛbɛyɛ dɛn na abofra no afa nhwɛso so atumi asua biribi, sɛ saa simma kakra no nkutoo ne nea obedi wɔ ɔwofo bi nkyɛn da no a?

Esiane sɛ bere kakraa bi na awofo wɔ nti, dɛn ne ano aduru? Ano aduru tiawa biara nni hɔ. Biribiara ntumi nsakra nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wiase yi ama mmofra ntetee ayɛ adwuma a ɛyɛ den. Ebia awofo binom betumi atew bere a wɔde yɛ wɔn nnwuma no so. Mmofra hwɛ ho nhoma bi a wɔkyerɛw no nnansa yi kyerɛwfo hyɛɛ ɔwofo biara a obetumi ayɛ saa no nkuran sɛ ɔnyɛ saa​—tra wo mma ho wɔ fie. Nanso awofo pii ntumi nyɛ saa. Wɔn a wɔn adwuma ho nhyehyɛe yɛ fakaa anaa wɔnyɛ adwuma a wogye akatua no da so ara hu sɛ ɛyɛ den sɛ wobenya bere pii de atra wɔn mma ho.

Animdefo bi hyɛ awofo sɛ wɔnhwɛ nnwuma a wɔyɛ wɔ fie, te sɛ afisiesie, aduannoa, nneɛma a asɛe a wosiesie, kar asiesie, adehoro, ne aguadi nhwɛ sɛ wobetumi ne wɔn mma abom ayɛ nnwuma yi bi a. Nnwuma nketenkete a wɔbɛbom ayɛ, anaa bɔ a wɔbɛbom agye wɔn ahome kɛkɛ, betumi ama awofo anya bere a wohia na wɔne wɔn mma adi nkitaho na wɔayɛ nhwɛso pa ama wɔn no. Awofo Kristofo wɔ adwuma foforo a wɔbɛpɛ sɛ wɔde wɔn mma bɛka wɔn ho ayɛ. Kristofo nhyiam horow, ɔsom adwuma no, abusua Bible adesua, mfɛfo gyidifo fekubɔ​—eyinom nyinaa ma awofo nya bere a ɛho hia de tra wɔn mma ho.

Nea ɛyɛ anigye no, mmara a wɔde maa Israel man no bɛyɛ mfe 3,000 atwam ni no kaa asɛnkoro no ara. Yɛkenkan wɔ Deuteronomium 6:6, 7 sɛ: “Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” Ná asetra nyɛ mmerɛw wɔ tete mmere no mu ankasa. Susuw bere a egye na wɔde ayɛ da biara nneɛma a ɛho hia kɛkɛ no ho​—hwɛ adwuma a na ɛsɛ sɛ agya no yɛ na ɔde ahwɛ n’abusua, anaasɛ hwɛ adwuma a wɔyɛ ansa na wɔanoa aduan anaa wɔahoro nneɛma! Nanso awofo a na wɔdɔ Yehowa yɛɛ nea wobetumi biara na ama wɔatra wɔn mma ho ma enti wonyaa bere pii wɔ da no mu de Onyankopɔn Mmara hyɛ wɔn koma a ennyinii no mu.

Ɛho hia sɛ nnɛyi Kristofo awofo yɛ saa ara. Sɛ ɛba bere a wɔde tra mma ho so a, ɛsɛ sɛ wɔkwati sɛ wɔbɛyɛ nea ɛrenhaw wɔn koraa no nkutoo. Tete abebusɛm a ese “bo a ɛsom no na ɛho hia na ɛnyɛ ne dodow no” mfa abofra ntetee ho. Ɛnyɛ bere titiriw bi nko na mmofra hia wɔ bere a wofi ase nya su horow no mu, na mmom bere a wɔne awofo bɛyɛ ade “abom” nso.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Abusua no reyɛ adwuma wɔ fie, mmofra yɛ bi

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Yehowa a wɔbom som no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena