Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr21 September kr. 1-5
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2021
  • Nsɛmti Nketewa
  • SEPTEMBER 6-12
  • SEPTEMBER 20-26
  • OCTOBER 4-10
  • OCTOBER 11-17
  • OCTOBER 18-24
  • OCTOBER 25-31
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2021
mwbr21 September kr. 1-5

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

SEPTEMBER 6-12

BIBLE MU AKORADE | DEUTERONOMIUM 33-34

it-2 51

Yesurun

Ɛyɛ abodin soronko bi a wɔde maa Israel. Wohwɛ Greek Septuagint no mu a, na “Yesurun” yɛ din a obi de frɛ obi a ɔpɛ n’asɛm, efisɛ wɔkyerɛɛ ase “ɔdɔfo.” Edin “Yesurun” no, na ɛsɛ sɛ ɛkae Israelfo no sɛ, wɔyɛ nkurɔfo a wɔne Yehowa ayɛ apam, enti ɛsɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ. (De 33:5, 26; Yes 44:2) Yesurun kyerɛ nea ɔteɛ, nanso wohwɛ nea Yehowa ka faa Israelfo no ho wɔ Deuteronomium 32:15 a, ɛma yehu sɛ na wɔn din ne wɔn honam nsɛ. Nea enti ne sɛ, eduu baabi no, na Yehowa bɔ wɔn so a ɛmmɔ. Wɔpoo wɔn Yɛfo no, na wɔamfa wɔn Gyefo no anyɛ hwee.

Tweetwee Bible Mu

it-2 439 ¶3

Mose

Bere a Mose wui no, na wadi mfe 120. Bible ma yehu sɛ onyinii mpo, na ɔda so ara wɔ ahoɔden. Ɛka ne ho asɛm sɛ: “N’ani so anyɛ no wusiwusi, na n’ahoɔden so antew.” Yehowa ankasa na osiee Mose, na obiara nnim baabi a osiee no. (De 34:5-7) Nea enti a ɛbɛyɛ sɛ Yehowa amma obiara anhu baabi a osiee Mose ne sɛ, na ɔmpɛ sɛ Israelfo no de hɔ bɛyɛ abosomfie. Wohwɛ mu a, saa na na Ɔbonsam pɛ sɛ ɔde Mose amu no yɛ. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, akyiri yi, osuani Yuda a na ɔyɛ Yesu Kristo nuabarima no kaa sɛ: “Bere a ɔbɔfo panyin Mikael ne Ɔbonsam redi akameakame ne anobaabae wɔ Mose amu ho no, wamfa ne pɛ ankasa antia no ammu no atɛn, na mmom ɔkae sɛ: ‘Yehowa nka w’anim.’” (Yuda 9) Ansa na Israelfo no redu Kaanan asaase so no, wosuu Mose nnafua 30. Saa bere no, Yosua na na odi wɔn anim.—De 34:8.

SEPTEMBER 20-26

BIBLE MU AKORADE | YOSUA 3-5

it-2 105

Yordan

Asubɔnten Yordan no fã a ɛwɔ Galilea Po no anaafo no, emu dɔ. Ɛyɛ bɛyɛ mita 1 kosi 3 (anaa anammɔn 3 kosi 10). Ne tɛtrɛtɛ nso yɛ bɛyɛ mita 27 kosi 30 (anaa anammɔn 90 kosi 100). Nanso sɛ edu osutɔbere a, Yordan no yiri paa; eyiri ara ma ebu fa so. Ɛba saa a, nsu no trɛw yɛ kɛse, na wusi mu nso a, wuhu sɛ emu dɔ paa. (Yos 3:15) Sɛ Israelfo no koduu hɔ no, na nsu no ayiri saa a, na ɛbɛyɛ hu ama Israelfo mmarima, mmea, ne mmofra no sɛ wobetwa, ɛnkanka nsu no fã a ɛbɛn Yeriko no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, mmirika a nsu no de sen fa hɔ no, ano yɛ den paa. Abɛtɔ gua sɛ, yɛn bere yi so mpo, ebinom akoguare wɔ hɔ ama nsu no afa wɔn. Nanso Yehowa yɛɛ anwonwade maa Yordan no twae, na egyinaa faako te sɛ ɔfasu. Wei maa Israelfo no tumi faa asaase a ɛso awo so twae. (Yos 3:14-17) Mfe pii akyi no, Yehowa maa Elia nso yɛɛ anwonwade maa nsu no twae. Saa bere no, na ɔne Elisa na ɛnam. Ɛno akyi no, Elisa nso yɛɛ bi.—2Ah 2:7, 8, 13, 14.

OCTOBER 4-10

BIBLE MU AKORADE | YOSUA 8-9

it-1 930-931

Gibeon

Nea Ɛkɔɔ So Wɔ Wɔne Yosua Ntam. Yosua bere so no, Hiwifo na na wɔte Gibeon. Kaananfo nkurow nson a Yehowa kaa sɛ Israelfo nsɛe no no, na ɛka ho. (De 7:1, 2; Yos 9:3-7) Gibeonfo no, na wɔsan frɛ wɔn Amorifo, efisɛ ɛtɔ da a, Kaananfo no nyinaa mpo, wotumi frɛ wɔn Amorifo. (2Sa 21:2; fa toto Ge 10:15-18; 15:16 ho.) Gibeonfo no anyɛ wɔn ade te sɛ Kaananfo a aka no. Ɛwom, na wɔwɔ asraafo a wɔn ho yɛ den, na na wɔn kurow no nso nyɛ kurow ketewa, nanso na wonim sɛ, wɔrentumi nnyina Israelfo no anim efisɛ na Yehowa reko ama wɔn. Wei nti, bere a Israelfo sɛee Yeriko ne Ai wiei no, Gibeonfo no tuu mmarima kɔɔ Yosua hɔ wɔ Gilgal sɛ ɔne wɔn nyɛ asomdwoe apam. Mmarima a wɔkɔe no, ɛbɛyɛ sɛ ɛnyɛ Gibeon kurow no nko ara na wɔkɔsrɛɛ asomdwoe maa wɔn. Mmom wɔkɔsrɛ maa Hiwifo nkurow mmiɛnsa a ɛne Kefira, Beerot, ne Kiriat-Yearim nso. (Yos 9:17) Bere a mmarima no rekohu Yosua no, wɔhyɛɛ ntaade a atetew ne mpaboa a ayɛ dedaw. Afei nso, wɔfaa nsã nkotoku dedaw a apaapae, na wɔde aduan guu nkotoku dedaw mu. Paanoo a wɔfae nso, na akyenkyen, na na efurofurow. Nea enti a wɔyɛɛ wɔn ho saa ne sɛ, na wɔpɛ sɛ Yosua nya adwene sɛ wofi akyirikyiri na aba, enti nkurow a ɛsɛ sɛ Israelfo sɛe no no, wɔnka ho. Wɔkaa sɛ, wɔate nea Israelfo de yɛɛ Egyptfo, ne nea wɔde yɛɛ Amorifo ahemfo Sihon ne Og, na wonim sɛ Yehowa na ɛboaa wɔn. Nanso nea na ato Yeriko ne Ai no de, wɔammɔ so. Nea wɔyɛe yi, na nyansa wom paa, efisɛ wɔbɔɔ so a, ebia anka Israel mpanyimfo no rennye wɔn nni. Anka ebia wobebisa wɔn sɛ, sɛ wofi “akyirikyiri” na aba ampa a, ɛyɛɛ dɛn na Yeriko ne Ai asɛm no duu wɔn kurom hɔ ntɛm saa. Israel mpanyimfo no tiee asɛm a wɔkae no, na wogye dii. Enti wɔne wɔn yɛɛ apam sɛ wɔrensɛe wɔn.—Yos 9:3-15.

Tweetwee Bible Mu

it-1 1030

Wɔn a Na Wɔsɛn Wɔn

Mmara a Yehowa de maa Israelfo no, ɔkaa sɛ, abɔnefo no bi wɔ hɔ a, sɛ wokum wɔn wie a, wɔmfa wɔn nsɛn dua so mfa nkyerɛ sɛ ‘Onyankopɔn nnome wɔ wɔn so.’ Yehowa ma wɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛbɔ afoforo kɔkɔ. Wɔn a na wɔsɛn wɔn no, na ɛnsɛ sɛ wogyaw wɔn amu wɔ dua no so ma ade kye so; ná ɛsɛ sɛ wosie amu no da no ara. Wɔma ade kye so a, na ebegu asaase a Onyankopɔn de ama wɔn no ho fĩ. (De 21:22, 23) Sɛ wokum obi na sɛ ɔnyɛ Israelni mpo a, saa ara na na wɔde yɛ no.—Yos 8:29; 10:26, 27.

OCTOBER 11-17

BIBLE MU AKORADE | YOSUA 10-11

it-1 50

Adoni-Sedek

Bere a na Israelfo retu aman a ɛwɔ Bɔhyɛ Asaase no so afi hɔ no, Adoni-Sedek na na odi hene wɔ Yerusalem. Bere a ɔtee sɛ Israelfo no asɛe aman ahorow bi no, ɔne ahemfo a wɔwɔ Yordan atɔe fam kaa wɔn ho boom sɛ wɔne Israelfo no rekɔko. (Yos 9:1-3) Nanso, Hiwifo a na wɔte Gibeon no de, wɔne Yosua kɔyɛɛ asomdwoe apam. Ɛbaa saa no, Adoni-Sedek boaboaa n’asraafo ano, na ɔmaa Amorifo ahemfo baanan ne wɔn asraafo bɛkaa ne ho, na wokotwaa Gibeon ho hyiae sɛ wɔne wɔn rekɔko. Nea enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ, na ɔpɛ sɛ ɛbɔ aman a aka no hu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa wɔn ho nkɔbɔ Israelfo no. Nanso, Yosua ne Israel asraafo de wɔn ho gyee mu. Wɔne ahemfo baanum no ko dii wɔn so nkonim, na wogyee Gibeonfo no. Bere a ahemfo baanum no hui sɛ wɔadi nkogu no, woguan kɔhyɛɛ ɔbodan bi mu wɔ Makeda. Yosua ankasa siim kɔɔ hɔ kokunkum Adoni-Sedek ne ahemfo baanan a aka no wɔ Israel asraafo no anim. Owiei no, ɔde wɔn sensɛn nnua so. Akyiri yi, woyii wɔn fii nnua no so, na wɔkɔtow wɔn guu ɔbodan a woguan kɔhyɛɛ mu no mu.—Yos 10:1-27.

it-1 1020

Asukɔtweaa

Yehowa De Yɛɛ Adwuma. Nneɛma a Yehowa tumi de di dwuma ma n’asɛm ba mu, na ɛma obiara hu sɛ ne tumi sõ no, emu baako ne asukɔtweaa. (Dw 148:1, 8; Yes 30:30) Bere a edi kan a Yehowa de asukɔtweaa sɛee ade no, ɔyɛe wɔ Egypt. Ɔhaw a ɛto so nson a ɔde baa Egyptfo so no, ɔmaa asukɔtweaa tɔ guu nnua ne afifide so sɛee no, na ekunkum nnipa ne mmoa a na wɔda so ara wɔ abɔnten no. Israelfo a na wɔwɔ Gosen no de, ebi anka wɔn. (Ex 9:18-26; Dw 78:47, 48; 105:32, 33) Afei nso, bere a Yosua dii Israelfo anim koduu Bɔhyɛ Asaase no so no, Yehowa de asukɔtweaa yɛɛ adwuma. Nea ɛbae ne sɛ, Amorifo ahemfo baanum bi boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔrekɔtow ahyɛ Gibeonfo so. Ɛbaa saa no, Israelfo no kɔboaa Gibeonfo no. Yehowa maa asukɔtweaa akɛse tɔ guu Amorifo no so. Wɔn a asukɔtweaa no kunkum wɔn no dɔɔso sen wɔn a Israelfo de sekan kunkum wɔn.—Yos 10:3-7, 11.

OCTOBER 18-24

BIBLE MU AKORADE | YOSUA 12-14

Tweetwee Bible Mu

it-1 902-903

Gebal

Yosua bere so no, Yehowa kaa sɛ, nsaase a aka a ɛsɛ sɛ Israelfo ko fa no, “Gebalfo asaase” no ka ho. (Yos 13:1-5) Ebinom ka sɛ, wode saa asɛm yi toto Israelfo abakɔsɛm ho a, ensisi so. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na Gebal kurow no wɔ Israel atifi fam hɔ baabi koraa (wufi Dan rekɔ hɔ a, na ɛbɛyɛ kilomita 100 anaa akwansin 60). Afei nso, ɛkame ayɛ sɛ Israelfo anni Gebal kurow no so da. Abenfo bi kyerɛkyerɛ mu sɛ, ɛbɛyɛ sɛ baabi a saa asɛm no wɔ wɔ Hebri nkyerɛwee no mu no, ɛhɔ apopa anaa ɛhɔ atew. Wɔkyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ asɛm a na wɔakyerɛw wɔ hɔ paa ne “asaase a ɛne Lebanon bɔ hye,” anaa ‘kɔpem Gebalfo hye so.’ Nanso ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ Israelfo wɔ Yosua 13:2-7 no, sɛ na wɔn nsa bɛka a, na ɛsɛ sɛ wodi ne mmara so. Enti sɛ Israelfo antumi anko amfa Gebalfo asaase no a, ɛbɛyɛ sɛ asoɔden a wɔyɛe ntia.—Fa toto Yos 23:12, 13 ho.

OCTOBER 25-31

BIBLE MU AKORADE | YOSUA 15-17

it-1 1083 ¶3

Hebron

Bere a Israelfo resɛe nkurow a na ɛwɔ Kaanan anaafo no, wokum Hebron hene (ɛbɛyɛ sɛ nea odii Hoham ade no) ne kurow no mu nnipa nyinaa. (Yos 10:36, 37) Ɛwom, bere a Yosua di Israelfo no anim no, wodii Kaananfo no so nkonim. Nanso ɛbɛyɛ sɛ nkurow a wodii so nkonim no, wɔamma Israel asraafo no bi antena hɔ ammɔ ho ban. Wei nti, bere a wodii Hebron so nkonim a wɔde wɔn ani kyerɛɛ baabi foforo no, Anakfo no san bɛbɔɔ atenaseɛ wɔ Hebron. Bere bi akyi no, na ɛsɛ sɛ Kaleb (anaa Yudafo a na Kaleb di wɔn anim no) san ne wɔn kɔko gye kurow no. (Yos 11:21-23; 14:12-15; 15:13, 14; Ate 1:10) Ná Kaleb fi Yuda abusuakuw no mu. Ɔno na wodii kan de Hebron kurow no maa no. Nanso akyiri yi, wɔde Hebron kaa guankɔbea nkurow no ho ma ɛbɛyɛɛ kurow kronkron. Wɔsan de kaa nkurow a wɔde maa asɔfo no ho. Nanso, Hebron “kurow no ho nsaase” ne ɛho nkuraa nyinaa de, wɔde maa Kaleb sɛ n’agyapade.—Yos 14:13, 14; 20:7; 21:9-13.

it-1 848

Nkoadwuma Anaa Nkurutudwuma

Tete no, na wɔtaa hyɛ nkurɔfo de wɔn yɛ nkoadwuma (Heb., mas). Sɛ ɔman bi ko di ɔman foforo so nkonim a, na wɔtaa fa kurom hɔfo de wɔn kɔyɛ nkoadwuma. (De 20:11; Yos 16:10; 17:13; Es 10:1; Yes 31:8; Kwa 1:1) Bere a Israelfo yɛ nkoa wɔ Egypt no, wɔn a na wɔhwɛ wɔn so no hyɛɛ wɔn de wɔn yɛɛ nkurutudwuma. Wɔma wɔkyekyee nkurow a wɔde bɛyɛ adekorabea. Saa nkurow no ne Pitom ne Raamse. (Ex 1:11-14) Israelfo no nso, bere a wokoduu Bɔhyɛ Asaase no so no, sɛ́ anka wɔbɛsɛe Kaananfo no nyinaa sɛnea Yehowa kae no, wɔhyɛɛ wɔn de wɔn yɛɛ nkoadwuma. Nea wɔyɛe yi sum wɔn afiri ma wɔkɔsom abosom. (Yos 16:10; Ate 1:28; 2:3, 11, 12) Ɔhene Solomon bere so nso, ɔhyɛɛ Kaananfo, kyerɛ sɛ, Amorifo, Hitifo, Perisifo, Hiwifo, ne Yebusifo asefo de wɔn yɛɛ nkoadwuma.—1Ah 9:20, 21.

it-1 402 ¶3

Kaanan

Ɛwom, ɛnyɛ Kaananfo no nyinaa na Israelfo tumi sɛee wɔn. Ebinom ampene amma Israelfo no anni wɔn so. Nanso yebetumi aka sɛ “asaase a Yehowa kaa Israel agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no nyinaa, ɔde maa Israelfo no,” na “baabi a wɔwɔ biara no, Yehowa maa wɔn asomdwoe.” Enti “nneɛma pa a Yehowa de hyɛɛ Israelfo bɔ no nyinaa, baako mpo anka mu; ne nyinaa baa mu.” (Yos 21:43-45) Atamfo a na wɔatwa Israel ho ahyia no, na wosuro Israelfo no, enti na wɔn ho nyɛ Israelfo no hu. Ná Onyankopɔn adi kan aka sɛ obetu Kaananfo no “nkakrankakra” afi asaase no so, anyɛ saa a wuram mmoa bɔne bebu so wɔ hɔ. (Ex 23:29, 30; De 7:22) Akode a na Kaananfo wɔ no nyɛ asɛm ketewa; ná wɔwɔ nteaseɛnam a sekan tuatua ho. Nanso ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ ɛno nti na Israelfo no antumi antu Kaananfo no. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ Yehowa anni ne bɔhyɛ so. (Yos 17:16-18; Ate 4:13) Mmom, kyerɛwtohɔ ma yehu sɛ, nkogu kakra a Israelfo dii no fi asoɔden a wɔyɛe.—Nu 14:44, 45; Yos 7:1-12.

Wunim Biribi?

Ná kwae pii wɔ tete Israel sɛnea Bible ka no anaa?

BIBLE ka sɛ, Bɔhyɛ Asaase no, mmeae pii wɔ hɔ a na kwae anaa nnua “dɔɔso” wɔ hɔ. (1 Ahe. 10:27; Yos. 17:15, 18) Nanso ɛnnɛ wokɔ hɔ a, asaase no fã kɛse no ara, worenhu nnua wɔ hɔ. Enti ebinom adwenem yɛ wɔn nãã wɔ nea Bible ka yi ho.

Nhoma bi a wɔato din Life in Biblical Israel kyerɛ mu sɛ, “tete no, na kwae pii wɔ Israel; ɛnte sɛ nea nnɛ yehu no.” Nnua a na agye asaase no afa no bi ne nku dua (Pinus halepensis), odum (Quercus calliprinos), ne nnua akɛse bi (Pistacia palaestina). Afei nso, asaase bi wɔ Israel a yɛfrɛ no Sefela. Saa asaase no da mmepɔw akɛse bi ne Mediterranea Po no ntam, na nkoko pii wɔ so. Ɛhɔ nso, na borɔdɔma nnua bi a yɛfrɛ no sikamɔɔ (Ficus sycomorus) nyɛ na wɔ hɔ.

Nhoma bi a wɔato din Plants of the Bible nso ka sɛ, ɛnnɛ sɛ wokɔ Israel a, mmeae bi wɔ hɔ a worenhu dua baako mpo. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa? Nhoma no ka sɛ, nnua no antu anyera da koro pɛ. Ɛkyerɛ mu sɛ: “Nkurɔfo mma nnua no ho ntɔ wɔn koraa; ɛreyɛ ara ni na wɔrebu. Nea ɛma wɔyɛ saa ne sɛ, wɔpɛ sɛ wonya asaase yɛ so afuw na wonya baabi yɛn wɔn mmoa. Afei nso, ɛyɛ a na wɔrepɛ nnua a wɔde besi dan, ne nea wɔde bɛsɔ gya.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena