Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Baabi a Wobɛkɔ No, Ɛhɔ na Mɛkɔ”
    Suasua Wɔn Gyidi
    • 23. Dɛn na Rut fii ase dwenee ho, na nhyehyɛe bɛn na na wɔayɛ ama ahiafo wɔ Mose Mmara no mu? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

      23 Bere a mmea baanu no fii abrabɔ ase wɔ Betlehem no, Rut fii ase dwenee sɛnea obetumi ahwɛ ne ho ne Naomi nso. Obehui sɛ na Yehowa ayɛ nhyehyɛe kama bi ama ahiafo wɔ Mose Mmara a ɔde maa Israelfo no mu. Sɛ twabere du a, na wotumi kodi atwafo no akyi sesaw nea aka ase no ne nea ɛwɔ afuw no anoano no.b—Lev. 19:9, 10; Deut. 24:19-21.

      24, 25. Bere a Rut kopuee Boas afuw mu no, dɛn na ɔyɛe, na na nnɔbae ase a wɔsesaw wɔ mfuw mu no te dɛn?

      24 Ná ɛyɛ bere a wɔde twa atoko, na sɛ ɛyɛ nnɛyi kalenda a, anka ɛbɛyɛ April mu. Rut kɔɔ mfuw no mu kɔhwɛe sɛ ebia obenya obi a ɔbɛma wasesaw nnɔbae ase sɛnea na Mose Mmara no kyerɛ no anaa. Okopuee ɔbarima bi a wɔfrɛ no Boas afuw mu. Ná ɔyɛ okuafo a ɔyɛ ɔdefo, na na ɔyɛ Naomi kunu Elimelek a wawu no busuani. Ɛwom sɛ na Mose Mmara no ma kwan sɛ obetumi asesaw nnɔbae ase de, nanso wamfa ne tumi anyɛ saa. Obisaa hokwan fii aberante a na ɔhwɛ atwafo no so no hɔ ansa. Ɔmaa Rut kwan, na ɛhɔ ara na ofii ase yɛɛ adwuma.—Rut 1:22–2:3, 7.

  • “Baabi a Wobɛkɔ No, Ɛhɔ na Mɛkɔ”
    Suasua Wɔn Gyidi
    • b Ná ɛyɛ nhyehyɛe a ɛka koma paa a yebetumi aka sɛ na Rut nhuu ɛso bi da wɔ ne kurom. Ná wɔne akunafo nni no yiye koraa wɔ tete aman a ɛbɛn Mediterranea Supɔw no saa bere no. Nhoma bi ka sɛ: “Sɛ ɔbea bi kunu wu a, na ne mmabarima na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ no; sɛ onni mmabarima a, ɛnde na ɛsɛ sɛ ɔtɔn ne ho kɔ nkoasom mu, okosi tuutuu, anaa okum ne ho.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena