-
“Baabi a Wobɛkɔ no, Ɛhɔ na Mɛkɔ”Ɔwɛn-Aban—2012 | July 1
-
-
Bere a mmea baanu no fii abrabɔ ase wɔ Betlehem no, Rut fii ase dwen sɛnea obetumi ahwɛ ne ho ahwɛ Naomi nso. Obehui sɛ Mmara a Yehowa de maa Israel no, wayɛ nhyehyɛe kama bi wom ama ahiafo. Sɛ twabere du a, na wotumi kodi atwafo no akyi sesaw nea aka ase no ne nea ɛwɔ afuw no anoano no.c—Leviticus 19:9, 10; Deuteronomium 24:19-21.
Ná ɛyɛ bere a wɔde twa atoko, na sɛ ɛnnɛ a, anka ɛbɛyɛ April mu hɔ baabi. Rut kɔɔ mfuw no mu kɔhwɛe sɛ obenya baabi asesaw nnɔbae ase sɛnea Mmara no kyerɛ no anaa. Okopuee ɔbarima bi a wɔfrɛ no Boas afuw mu. Ná ɔyɛ okuafo a ɔwɔ sika, na na ɔyɛ Naomi kunu Elimelek busuani. Ɛwom sɛ na Mmara no ma kwan sɛ obetumi asesaw nnɔbae ase de, nanso wamfa ne tumi anyɛ saa. Obisaa aberante a ɔhwɛ atwafo no so no ansa. Ɔmaa no kwan, na ɛhɔ ara na ɔhyɛɛ ase yɛɛ adwuma.—Rut 1:22–2:3, 7.
-
-
“Baabi a Wobɛkɔ no, Ɛhɔ na Mɛkɔ”Ɔwɛn-Aban—2012 | July 1
-
-
c Ná ɛyɛ nhyehyɛe a ɛka koma paa a yebetumi aka sɛ na Rut nhuu ɛso bi da wɔ ne kurom. Tete aman a ɛbɛn Mediterranea Supɔw no, na wɔmfa akunafo nyɛ hwee. Nhoma bi ka sɛ: “Sɛ ɔbea bi kunu wu a, ne mmabarima na na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ no; sɛ onni mmabarima a, ɛnde na ɛsɛ sɛ ɔtɔn ne ho kɔ nkoasom mu anaa okosi tuutuu anaa owu.”
-