-
“Ɔbea Pa”Ɔwɛn-Aban—2012 | October 1
-
-
Wɔn baanu no fii ase bɔɔ nkɔmmɔ, na Rut kaa Boas ayamye no nyinaa kyerɛɛ Naomi. Asɛm no kaa Naomi ma ɔkae sɛ: “Yehowa a ɔda adɔe adi kyerɛ ateasefo ne awufo no nhyira no.” (Rut 2:19, 20) Ohui sɛ Boas ayamye no fi Yehowa, efisɛ Yehowa na ɔde hyɛ n’asomfo komam ma wɔyɛ papa, na ɔhyɛ wɔn bɔ sɛ obetua wɔn ayamye no so ka.b—Mmebusɛm 19:17.
-
-
“Ɔbea Pa”Ɔwɛn-Aban—2012 | October 1
-
-
Bere a edi kan a Rut kaa Boas ho asɛm kyerɛɛ Naomi no, Naomi kae sɛ: “Ɔbarima no yɛ yɛn ho nipa. Ɔyɛ obusuani a obetumi agye yɛn.” (Rut 2:20) Ná ɛno kyerɛ dɛn? Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israelfo no, na nhyehyɛe bi wom ma mmusua a ohia anaa wɔn biribi awu ama wɔakɔ ahokyere mu. Sɛ ɔbea anwo na ne kunu wu a, etumi teetee no paa, efisɛ ɛbɛma ne kunu din ayera koraa a wɔrenkae no bio da. Nanso Onyankopɔn Mmara no maa kwan sɛ ɔbarima no nuabarima betumi aware okunafo no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛwo ama ne kunu a wawu no din atena hɔ na abɔ abusua no agyapade nso ho ban.c—Deuteronomium 25:5-7.
-
-
“Ɔbea Pa”Ɔwɛn-Aban—2012 | October 1
-
-
b Sɛnea Naomi kae no, ɛnyɛ ateasefo nkutoo na wonya Yehowa ayamye so mfaso; ɛsõ awufo nyinaa so bi. Ná Naomi ahwere ne kunu ne ne mmabarima baanu. Ná Rut nso ahwere ne kunu. Wutumi hu sɛ na mmarima baasa no wu ama mmea baanu no ahwere ade paa. Enti sɛ obi yi ayamye kyerɛ Naomi ne Ruth a, ɛte sɛ nea ɔreyi ayamye akyerɛ saa mmarima no, efisɛ wɔte ase a, anka wɔbɛhwɛ mmea no.
c Hokwan a wɔde ware okunafo a ɔte saa no, na wodi kan de ma nea wawu no nuabarimanom, na sɛ anyɛ yiye a ansa na wɔde ama n’abusuafo mmarima foforo a wɔbɛn no paa. Saa ara nso na na wɔyɛ n’agyapade.—Numeri 27:5-11.
-