Anidaso Nyankopɔn No A Yebedi No Nĩ
“Nea [Yehowa] aka ni: . . . Wɔn a wodi me nĩ no, medi wɔn nĩ, na wɔn a wobu me animtiaa no bɛbɔ ahohora.”—1 SAMUEL 2:30.
1. Ntease bɛn na yɛwɔ nti a ɛpɛ sɛ yedi Yehowa nĩ no? (1 Timoteo 1:17; Adiyisɛm 4:11)
ESIANE hokwan ahorow a egyina Bible so a yɛwɔ no nti, ɛfata na ntease wom koraa sɛ yebedi “anidaso Nyankopɔn,” “Onyankopɔn a ɔma anidaso” no nĩ. (Romafo 15:13, New World Translation) Dɛn nti na ɛte saa? Ɔkwan bɛn so na adesamma a yɛnyɛ pɛ a yɛnsɛ hwee yi betumi adi amansan nyinaa Bɔfo kɛse no nĩ? Na so ɔno nso bedi yɛn nĩ bi?
2. Yesu tee nka dɛn wɔ nidi a na wɔde ma Onyankopɔn no ho?
2 Yebetumi asua biribi afi nea ɛbae wɔ Yesu fam no mu. Yɛn mu biara rentumi nnye kyim sɛ Yesu hwehwɛe bere nyinaa sɛ obedi n’Agya nĩ na wahyɛ no anuonyam. (Yohane 5:23; 12:28; 15:8) Nokwarem no, Yesu kasa tiaa Farisifo ne akyerɛwfo a ‘wɔde wɔn anofafa dii Onyankopɔn nĩ nanso na wɔn koma de atwe afi ne ho kɔ akyirikyiri’ no. Yɛsrɛ wo hyɛ no nsow sɛ nea enti a wɔanni Onyankopɔn nĩ no fi adwene ne nneyɛe ahorow a na ɛmfata. (Mateo 15:7-9) Nanso, so yebetumi aka sɛ bere a Yesu dii Onyankopɔn nĩ no na n’anidaso ho asɛm wom anaa? Na dɛn na Yehowa yɛe bere a wodii no nĩ wɔ ɔkwan a ɛte saa so no?
3. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Yesu wɔ Yehowa mu anidaso?
3 Yesu de Dawid nsɛm a ɛwɔ Dwom 16:10 no siee ne komam: “Worennyaw me kra asaman, woremma wo hotefo nhu ɔda mu porɔwee.” Esiane sɛ na Yesu Kristo wɔ anidaso sɛ wobenyan no nti, otumi kaa nsɛm a tumi wom yi kyerɛɛ ɔdebɔneyɛfo a na wɔabɔ no duam no: “Nokware mise wo nnɛ sɛ, Wobɛka me ho wɔ Paradise.” (Luka 23:39-43, NW) Ankyɛ na ɔdebɔneyɛfo no wui, enti nnansa akyi no, wanhu Yesu anidaso a ɛkyerɛ sɛ wobenyan no a ɛbaam no. Nanso, obi a ohui bɔɔ amanneɛ sɛ: “Yesu yi na Onyankopɔn nyan no, ɛho adansefo na yɛn nyinaa yɛ.” (Asomafo no Nnwuma 2:31, 32) Ná ɛyɛ nokwasɛm.
4. Nidi bɛn na na ɛsɛ Yesu a onyae no? (Adiyisɛm 5:12)
4 Ná mpapahwekwa a Yesu som wɔn no mu pii nim sɛ ɔfata sɛ wɔde obu ma no anaasɛ wodi no nĩ. (Luka 4:15; 19:36-38; 2 Petro 1:17, 18) Afei owui sɛ ɔsɛmmɔnedifo. So ɛno maa nneɛma sakrae? Dabi, efisɛ Onyankopɔn a Yesu nyaa ne mu anidaso no ani sɔɔ no. Enti Yehowa san de no baa nkwa mu bio. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ “anidaso Nyankopɔn” no nyan ne Ba no baa nkwa mu na ɔmaa no nkwa a owu nnim wɔ ahonhom atrae sɛ na Agya no rekɔ so adi ne Ba no nĩ. Paulo se: “Yehu [Yesu] sɛ owu amanehunu nti wɔde anuonyam ne nidi abɔ no abotiri, na wafa Onyankopɔn dom so aka owu ahwɛ ama onipa biara nipa.”—Hebrifo 2:7, 9; Filipifo 2:9-11.
5. Ɔkwan titiriw bɛn so na wodii Yesu nĩ, na ɛde nidi foforo bɛn na ɛbrɛɛ Onyankopɔn?
5 Yesu a na wadi Yehowa nĩ no kaa ɔkwan titiriw biako a Agya no faa so dii no nĩ no ho asɛm. Bere a oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo anokwafo no, ɔkae sɛ: “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Oba ne honhom kronkron din mu, . . . Na hwɛ me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” (Mateo 28:18-20) Enti Agya no dii Ɔba no nĩ bio denam tumi soronko a ɔde maa no no so. Ná ɛsɛ sɛ ɔde eyi yɛ adesamma a wɔbɛyɛ nnwuma a ɛde nidi brɛ Onii a na Yesu rebɔ mmɔden sɛ obedi no nĩ no ho dwuma. Ɛnde, so eyi kyerɛ sɛ yɛn adesamma a yɛnyɛ pɛ yi betumi adi Agya no nĩ wɔ ɔkwan bi so na ɔno adi yɛn nĩ anaa?
Adesamma Di Onyankopɔn Nĩ
6. So ɛfata sɛ yɛbɛhwehwɛ sɛ yɛbɛma wɔadi yɛn nĩ, nanso asiane bɛn na ɛwɔ eyi mu? (Luka 14:10)
6 Ɛnyɛ nea nnipa pii susuw Onyankopɔn a wobedi kan adi no nĩ no ho efisɛ nea wɔn ani gye ho titiriw ne nidi a wobenya ama wɔn ho. Ebia ebinom mpo bɛka sɛ eye sɛ yɛbɛpɛ sɛ wodi yɛn nĩ. Nokware bi wɔ eyi mu esiane sɛ eye sɛ yɛbɛhwehwɛ din pa na nidi bi afi mu aba nti. (1 Timoteo 3:2, 13; 5:17; Asomafo no Nnwuma 28:10) Nanso, ɛyɛ mmerɛw sɛ yebedi ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛhwehwɛ nidi afi nnipa hɔ no ho dwuma ma atra so. Nnipa pii a wɔbɛhwehwɛ nidi a nea wɔbɛhwere biara mfa ho anaasɛ wɔbɛyɛ biribiara a wobetumi de akora din pa so no di eyi ho adanse.
7. Dɛn nti na bo a nidi a nnipa de ma som no sua saa?
7 So wususuw ho a, nidi a ɛsen biara a onipa de ma no mpo yɛ ahuhude, efisɛ ɛnkyɛ na wɔn nyinaa awuwu. Oo, ebia wɔbɛkae akatakyi kakraa bi na wɔadi wɔn ni bere tiaa bi, nanso wɔnkae awufo no mu dodow no ara. Nnipa baahe na wonim wɔn nananom din anaasɛ wɔn a na wɔyɛ wɔn man akannifo wɔ mfe ɔha a atwam ni no mu no? Nokwarem no, sɛ obi traa ase anaasɛ dabi no nsakra nneɛma, ɔyɛ mfutumawa wɔ bere nsenia so ne nsu koko wɔ nkwa nsuti mu. Sɛ wodi no nĩ bere tiaa bi wɔ ne wu akyi mpo a, onhu. (Hiob 14:21; 2 Beresosɛm 32:33; Ɔsɛnkafo 9:5; Dwom 49:12, 20) Nea ebetumi ama nsonsonoe abam ne wɔ a yɛwɔ anidaso a Onyankopɔn de ma no na yɛadi no nĩ na ɔno nso adi yɛn nĩ. Yebetumi ahu eyi wɔ nnipa baanu bi a wɔtraa ase bere koro mu wɔ tete Israel no nhwɛso no mu.
8. Nidi a wɔde ma ho afiri bɛn na eyii Eli?
8 Na wɔn mu biako ne Eli. Ɔsom Onyankopɔn a na okura dibea kɛse sɛ ɔsɔfopanyin mfe 40 na onyaa hokwan nso sɛ obebu Israel atɛn. (1 Samuel 1:3, 9; 4:18) Nanso, wɔ bere bi akyi no, ɔdaa mmerɛwyɛ adi wɔ ne mmabarima Hofni ne Pinehas ho. Ɛwom sɛ na wɔyɛ asɔfo de, nanso wɔde wɔn dibea no dii dwuma wɔ ɔkwammɔne so denam afɔrebɔde no bi a na wowiawia ne aguaman a wɔbɔe no so. Esiane sɛ wɔn agya anka wɔn anim akɛse nti, Onyankopɔn kae sɛ Eli ‘di ne mma nĩ sen ɔno.’ Ná Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma Aaron asɔfodi no atra hɔ, nanso na obetwa Eli fi afi ɔsɔfo panyin dibea no mu. Dɛn ntia? Onyankopɔn kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔn a wodi me ni no, medi wɔn nĩ, na wɔn a wobu me animtiaa no bɛbɔ ahohora.”—1 Samuel 2:12-14, 29-36; 3:12-14.
9. Ɔkwan bɛn so na Samuel nyaa hokwan a ɔde bedi Yehowa nĩ?
9 Nea ɛne eyi bɔ abira no, na Samuel wɔ hɔ. Ɛda adi sɛ wunim sɛ n’awofo de no kɔe sɛ ɔnkɔsom wɔ ahyiae ntamadan a ɛwɔ Silo no mu bere a na ɔyɛ abofra no. Yehowa kasa kyerɛɛ aberantewaa no anadwo bi. Ebia w’ani begye sɛ wobɛkenkan saa asɛm no wɔ 1 Samuel 3:1-14, na wode w’ani abu sɛnea ɛnne bi a ɛnte sɛ ɔpranaa mmobom na mmom nea ɛba fam a abarimaa yi dii mfomso susuwii sɛ ɛyɛ Eli a wanyin no de ma onyanee no. Afei susuw sɛnea na ɛbɛyɛ hu wɔ saa bere no mu sɛ aberantewaa Samuel bɛka Onyankopɔn tirim a wabɔ sɛ ɔbɛtwe Eli fi aso no akyerɛ ɔsɔfo panyin a na wabɔ akora no ho. Nanso Samuel yɛe; ɔnam osetie so dii Onyankopɔn nĩ.—1 Samuel 3:18, 19.
10. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn dii Samuel nĩ wɔ di a Samuel dii no nĩ no ho?
10 Samuel dii Yehowa nĩ mfe pii sɛ odiyifo ne ɔtemmufo, na Onyankopɔn dii no nĩ. Hyɛ eyi nsow wɔ 1 Samuel 7:7-13. Yehowa buaa Samuel mpae a ɔbɔ de srɛɛ mmoa sɛnea ɛbɛyɛ a obedi Filistifo so nkonim no ntɛm ara. So worente nka sɛ wɔadi wo nĩ sɛ wubenya ɔsoro mpeneso a ɛte saa? Bere a Samuel mma anni n’akanni akyi no, Onyankopɔn ampow no sɛnea ɔyɛɛ Eli no. Ɛda adi sɛ na eyi te saa efisɛ Samuel yɛɛ nea obetumi nyinaa de dii Onyankopɔn nĩ. Bere a Samuel rekyerɛ eyi bio no, wampene nkurɔfo no ade a wobisae a ɛne sɛ wɔhwehwɛ ɔhene no so. (1 Samuel 8:6, 7) Onyankopɔn de Samuel dii dwuma ma ɔsraa Saul ne Dawid nyinaa. Bere a Samuel wui no, Israelfo nam su a wosuu no no so dii no nĩ. Nanso, nea ɛho hia kɛse no, Onyankopɔn dii no ni denam ne din a ɔbɔ wɔ Bible no mu de kaa nnipa anokwafo a wɔde owusɔre ne nnepa pii a Onyankopɔn de asie ama wɔn no behyira wɔn no ho no so. (Dwom 99:6; Yeremia 15:1; Hebrifo 11:6, 16, 32, 39, 40) So eyi nkyerɛ sɛ “anidaso Nyankopɔn” no a wobedi no nĩ no som bo kɛse?
So Wubedi “Anidaso Nyankopɔn” No Nĩ?
11, 12. Dɛn na ɛho hia sɛ yesusuw ho wɔ Yehowa a yebedi no nĩ no mu, na dɛn ne ɔkwan biako a yebetumi afa so ayɛ saa?
11 Sɛ yɛbɛma Bible mu nhwɛso ahorow abien pɛ a Yesu ne Samuel nsɛm no si so dua sɛ nnipa betumi de wɔn anidaso Nyankopɔn no a wobedi no ni no ayɛ asetra mu ade a edi kan na ɛsen biara Na saa nsɛm abien no kyerɛ sɛ denam saa a yɛbɛyɛ so no, yebetumi ahwehwɛ na yɛanya nidi afi Onyankopɔn hɔ ma afata. Nanso ɔkwan bɛn so na wubetumi ayɛ eyi a wowɔ awerɛhyem a ntease wom sɛ wobɛsɔ Onyankopɔn ani, obedi wo nĩ, na wo nsa bɛka w’anidaso a egyina Bible so no?
12 Ɔkwan biako ne sɛ wubenya nokware osuro a obu wom sɛ worenyɛ nea ɛnsɔ Onyankopɔn ani. (Malaki 1:6) Ɛda adi sɛ yegye saa asɛm no tom ntɛm ara. Nanso, kae Eli mma no. Sɛ wubisaa wɔn sɛ ebia na wɔpɛ sɛ wɔde obu suro Onyankopɔn na wodi no ni a, ɛda adi yiye sɛ anka wɔbɛka sɛ yiw. Nea ɛyɛ asɛnnennen ne di a yebedi ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebedi Onyankopɔn ni no ho dwuma wo yɛn da biara asetra mu denam suro na yebesuro no no so.
13. Yɛ sɛnea ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebedi Onyankopɔn nĩ denam suro a yebesuro no so no betumi aboa yɛn no ho nhwɛso.
13 Sɛ yehyia sɔhwɛ tebea bi a ebetumi ama yɛabɔ korɔn anaasɛ yɛde yɛn ho ahyɛ mmarima ne mmea nna mu adeyɛ bi a ɛmfata mu a nnipa pii renhu a, so ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebedi Onyankopɔn nĩ no betumi anya yɛn nneyɛe so nkɛntɛnso? Ɛsɛ sɛ yɛte nka sɛ, ‘Sɛ bɔne no bɛkɔ so ayɛ nea ahintaw mpo a, gyae a megyae me ho mu ama bɔne a ɛte saa no yɛ nidi a memfa mma “anidaso Nyankopɔn” a ne din da me so no.’ Na nokwasɛm no ne sɛ bɔne no renyɛ nea ebehintaw daa te sɛ nea nneɛma a Eli mma no yɛe no ankɔ so anhintaw no. Eyi da adi wɔ Paulo nsɛm a ɛfa “Onyankopɔn atɛntrenee” ho no mu: “Obesusuw nnipa nyinaa nnwuma so ade ama wɔn mmiako mmiako. Wɔn a wɔde papayɛ mu boasetɔ hwehwɛ anuonyam ne nidi ne ade a ɛmporɔw no, ɔbɛma wɔn daa nkwa; na wɔn a wofi atutupɛ mu na wontie nokware, na wotie nea ɛnteɛ no benya abufuw ne awerɛhow.”—Romafo 2:5-8.
14. Ɔkwan foforo bɛn na yebetumi afa so adi Onyankopɔn nĩ, na dɛn na yebetumi abisa yɛn ho?
14 Ɔkwan foforo so no, Paulo ka “papayɛ” a edi Onyankopɔn nĩ na ɛde “nidi ne anuonyam” a efi ne nkyɛn ba ho asɛm. Adwuma titiriw a ɛte saa nnɛ ne nea Yesu kaa ho asɛm wɔ Mateo 28:19, 20 no: ‘Monyɛ amanaman nyinaa asuafo, mommɔ wɔn asu na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo no so.’ Wɔ asase so nyinaa no, Yehowa Adansefo ɔpepem pii reyɛ saa asɛnka ne asuafoyɛ adwuma a ɛde nidi brɛ Onyankopɔn yi. Pii mpo reyere wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ bere nyinaa asomfo sɛ akwampaefo, sɛ ebia wɔbɛyɛ no daa anaa bere a wɔanya adwuma anaa sukuu mu akwamma no. Bere a eyi wɔ yɛn adwene mu no, yɛn mu biara betumi asusuw ne gyinabea wɔ saa adwuma yi ho no ho ma ɛho aba no mfaso. Sɛ nhwɛso no, wubetumi abisa sɛ: ‘So meredi “anidaso Nyankopɔn” no nĩ denam asɛnka adwuma no mu kyɛfa kɛse a minya so’?
15. Dɛn na ato Kristofo binom wɔ Yehowa a wobedi no nĩ denam baguam ɔsom adwuma no so no ho?
15 Kristofo binom a na anka wɔyɛ asɛnkafo a wɔyɛ hyew mfe pii no, de nkakrankakra abrɛ wɔn som adwuma no ase. Wɔabedu baabi a asuafoyɛ adwuma a ɛho hia kɛse no mu kyɛfa kakraa bi na wonya anaasɛ ɛnyɛ nea wɔtaa nya mu kyɛfa. Yɛnkyerɛ ankorankoro bi a wɔwɔ honam mu akwanside ahorow na wɔabrɛ wɔn som adwuma ase esiane onyin nti no. Wɔ wɔn a wɔte saa akyi no, wohu Adansefo binom a ɛsono mfe a wɔadi a wontumi nyɛ pii. Nea ɛyɛ anigye no, na ɛnyɛ nea Paulo renka wɔn a wɔadi mfe pɔtee bi ho asɛm bere a ɔbɔɔ Kristofo kɔkɔ wɔ ‘brɛ a wɔbɛbrɛ’ ho no. Mmom no, ɛmfa ho sɛ mfe ahe na obi adi no, ade titiriw a ɛwɔ asɛm no mu ne sɛ ɔsom adwuma no mu kyɛfa a wobenya daa no gye mmɔdenbɔ. Sɛnea ɛda adi sɛ ɛbae wɔ Paulo bere so no, nea ebinom resusuw nnɛ ne sɛ, ‘Mayɛ me fam de mfe a abɛsen no mu, enti Kristofo afoforofo betumi ayere wɔn ho mprempren.’—Galatifo 6: 9; Hebrifo 12:3.
16. Dɛn nti na ebia yɛn ho mu a yɛbɛpɛɛpɛɛ no ho betumi aba yɛn mfaso wɔ eyi ho?
16 Ɛda adi sɛ wɔn a wɔyɛ ade wɔ ɔkwan a ɛte saa so no nnɔɔso, nanso ebia wubebisa sɛ, ‘So mihu su bi a ɛte saa wɔ me fam ankasa? Sɛ mede kyɛfa a minya wɔ ɔsom adwuma no mu no toto bere a atwam de no ho a, ɛte dɛn?’ Sɛ́ ɛyɛ nea yentumi nyɛ pii anaa dabi no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ma ɛtra yɛn adwenem sɛ yɛn “anidaso Nyankopɔn” no hyɛ bɔ sɛ ɔde “anuonyam ne nidi ne asomdwoe bɛba ama wɔn a WƆYƐ papa nyinaa.” (Romafo 2:10) Paulo de Hela asɛmfua bi a ɛkyerɛ “sɛ wɔyɛ ade, wɔsow aba, wodi dwuma bi” no na edii dwuma. Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yebekwati nea ɛtoo Farisifo ne kyerɛwfo a wɔde wɔn anofafa ara kwa dii Onyankopɔn nĩ no. (Marko 7:6; Adiyisɛm 2:10) Nea ɛne no bɔ abira no, sɛ yefi yɛn komam nya baguam ɔsom adwuma no mu kyɛfa yiye a, na yebesi so dua akyerɛ yɛn ho ne afoforo sɛ yɛwɔ anidaso ankasa. Yedi yɛn Bɔfo ne Nkwa-mafo no nĩ. Na yɛbɛyɛ wɔn a obedi wɔn ni, mprempren ne daa.—Luka 10:1, 2, 17-20.
Denam Yɛn Ahonyade So
17, 18. Ɔkwan foforo bɛn na yebetumi afa so adi Onyankopɔn nĩ, nanso dɛn nti na obi nan ase a ɔbɛtwentwɛn sɛ ɔbɛyɛ saa no nye?
17 Ɛdefa ɔkwan foforo a yebetumi afa so adi yɛn “anidaso Nyankopɔn” no nĩ ho no, Mmebusɛm 3:9 se: “Fa w’ahonyade hyɛ [Yehowa] anuonyam, ne wo nnɔbae mu adekan nyinaa.” Spurrel kyerɛ saa nkyekyem yi ase sɛ: “Fa w’ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam, ne w’ade dodow mu nea eye nyinaa.” A Translation of the Old Testament Scriptures from the Original Hebrew.
18 Esiane sɛ asɔfo pii abɛyɛ wɔn a wɔde wɔn adifudepɛ a enni anohyeto ne wɔn adefo asetra kwan no na ehu wɔn nti, nnipa pii twentwɛn wɔn nan ase sɛ wobeyi sika ama asɔre ne nyamesom ahyehyɛde ahorow a ɛda adi sɛ wɔn botae ara ne sɛ wobɛnya ahonyade no. (Adiyisɛm 18:4-8) Nanso, nneyɛe a ɛte saa no nsakra fata a Mmebusɛm 3:9 fata no. Nanso nea ɛne saa afotu a efi honhom mu hyia no, ɔkwan bɛn so na yebetumi de “yɛn ahonyade” ‘ahyɛ’ yɛn “anidaso Nyankopɔn” ‘Yehowa anuonyam’?
19. Yɛ sɛnea ebinom de Mmebusɛm 8:19 adi dwuma no ho nhwɛso.
19 Yehowa Adansefo hu sɛ nnipa pii a wɔregye Ahenni nkrasɛm no so no hwehwɛ sɛ wɔtrɛw Ahenni Asa ahorow mu anaasɛ wosisi foforo. Ɛnde, eyi ne ɔkwan biako a wobɛfa so ‘de w’ahonyade ahyɛ Yehowa anuonyam.’ Mmofra ne mpanyimfo nyinaa anya eyi mu kyɛfa, denam wɔn ankasa tirim a wɔbɔ sɛ wobeyi ntoboa de aka adansi ho ntoboa no ho no so. Ebia kokoam tirimbɔ ahorow a ɛte sɛɛ a wobedi so no bɛhwehwɛ sɛ obi teɛ n’ankasa ho so anaasɛ ɔde nneɛma bi bɔ afɔre mpo, ne titiriw no sɛ ɛba sɛ adansi ho nhyehyɛe no ne ne wie begye bere tenten a. (2 Korintofo 9:6, 7) Nanso, sika a wɔde di dwuma wɔ saa kwan yi so no hyɛ Yehowa anuonyam ampa, efisɛ Ahenni Asa ahorow no yɛ mmeae a wɔsom no wɔ hɔ ne faako a Kristofo ne wɔn nnamfo nya ne ho nimdeɛ. Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 6:3, 4 no ma yɛn ntease pa a ɛbɛma yɛatumi agye adi sɛ Onyankopɔn bedi wɔn a wodi no nĩ wɔ ɔkwan a ɛte saa so no nĩ.
20. (a) Dɛn nti na hwehwɛ a yɛbɛhwehwɛ yɛn ho mu ye wɔ Mmebusɛm 3:9 a yɛde bedi dwuma no mu? (b) Nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho?
20 Nanso, kɔkɔbɔ asɛm bi ni: Farisifo ne kyerɛwfo a Yesu kae sɛ wɔamfa Onyankopɔn a wobedi no nĩ anni kan no hwɛe sɛ wɔne wɔn a wobedi kan anya wɔn ahonyade mu mfaso. Enti afotu a ɛwɔ Mateo 15:4-8 no kamfo kyerɛ sɛ yɛnhwehwɛ yɛn ho mu sɛ ebia ‘yɛde yɛn ahonyade nyinaa rehyɛ Yehowa anuonyam’ anaa. (Yeremia 17:9, 10) Sɛ nhwɛso no, ebia Kristoni bi a ɔnam n’dwuma so abɛyɛ ɔdefo no benya adwene sɛ obegyae bere nyinaa som adwuma no na ama watumi anya sika pii. Ebia obesusuw sɛ: ‘Afoforo reyɛ akwampae adwuma no anaasɛ wɔkɔsom wɔ faako a asɛnkafo ho hia kɛse, nanso ɔkwan titiriw a mɛfa so asom Onyankopɔn ne sɛ menya sika pii na afei manya pii de ayi ntoboa.’ Ne ntoboa ahorow no betumi ayɛ nneɛma pa pii. Nanso obetumi abisa sɛ, ‘So m’ankasa asetra kwan kyerɛ sɛ Onyankopɔn a medi no nĩ ne adwene titiriw nti a mepɛ sɛ minya sika pii no?’ (Luka 12:16-19; fa toto Marko 12:41-44 ho.) Ne, ‘So metumi atoto me nneɛma yiye sɛnea ɛbɛyɛ a metumi anya adwuma a ɛho hia sen biara wɔ yɛn bere yi mu—asɛmpa no a wɔbɛbɔ no dawuru no mu kyɛfa kɛse?’ Nokwarem no, ɛmfa ho sɛnea yɛn tebea te wɔ asetra mu, yebetumi apɛɛpɛe yɛn adwene ne yɛn nneyɛe mu na yɛabisa sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na metumi adi me Nkwamafo ne ‘m’anidaso Nyankopɔn’ no nĩ kɛse?’
21. Anidaso bɛn na yɛwɔ, sɛ yedi Yehowa nĩ mprempren a?
21 Yehowa, renni yɛn huammɔ. Hokwan bɛn ara na ɛyɛ sɛɛ yi sɛ obetumi aka nea ɔkae wɔ ɔnokwafo Israel ho yi wɔ yɛn ho mprempren ne daakye nso: “Wo som bo m’anim, w’anim aba nyam na me na madɔ wo.” (Yesaia 43:4) Saa Onii no ara na ɔhyɛ bɔ sɛ ɔbɛma ‘wɔn a wɔhwehwɛ anuonyam ne nidi daa nkwa’ no. Ɔde saa bɔhyɛ yi ma wɔn a wonya boasetɔ wɔ “papayɛ” mu no. “Anidaso Nyankopɔn” bɛn ara ni!
Wobɛma Mmuae Dɛn?
◻ Ɛdefa nnidi a nnipa de ma Yehowa ho no, dɛn na yebetumi asua afi Yesu nhwɛso no mu?
◻ Ɔkwan bɛn so na na ɛsono Eli ne Samuel wɔ Onyankopɔn a wodi no nĩ no mu?
◻ Ɛkwan horow a wubetumi afa so ma nnidi a wode ma Onyankopɔn no ayɛ kɛse no bi ne nea ɛwɔ he, na dɛn na wubetumi anya afi mu?
◻ Daakye bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔde di a wobedi “anidaso Nyankopɔn” no nĩ di kan no?
[Adaka wɔ kratafa 28]
NKRATAA A ƐFA NTOBOA HO
Nkrataa ahorow a Ɔwɛn Aban Asafo no dwumadibea a ɛwɔ Brooklyn, New York no nsa aka no bi mu nsɛm ni:
“Me din de Abijah. Madi mfe 9. Mede $4 rebrɛ mo na mode ama anuanom a wɔreyɛ Ahenni Asa ahorow ho adwuma no. Wobetumi de atɔ nnua anaasɛ nnɔkɔnnɔkɔwade, ɛmfa me ho.”—Oregon.
‘Mede m’ankasa krataa a wɔde yi sika aka ho. Madi boro mfe 96 na m’aso mu ayɛ duru kɛse, nanso m’ani gye ankasa sɛ mesie me sika de ama eyi. Yiw, minim sɛ mete kar dedaw mu, na minni m’awɔw bere wɔ Florida anaasɛ California. Metumi ayɛ kakraa bi pɛ wɔ Ahenni Asɛmpa a wɔka wɔ apon ano no mu. Nanso ɛdenam me sika a mede sie na mede bi brɛ mo so no, mete nka sɛ merenya mu kyɛfa ara.’—Ohio.
‘Meda mo ase wɔ biribiara a meyɛe wɔ Ahenni Asa no ho no ho. Mede saa sika yi [$5.00] reboa wɔ nhoma ne Ɔwɛn-Aban ahorow a yɛkenkan no ho. Sika no fi me sika adaka mu. Meda mo ase wɔ School nhomawa a ɛka nnubɔne ho asɛm kyerɛ yɛn no ho.’
“Mesrɛ mo mede krataa a wɔde yi sika ahyem. Emu dɔla ahanu yɛ Ahenni Asa Adansi Ntoboa no de. Momfa nkae no nni dwuma wɔ ɔkwan biara a muhu sɛ eye a ɛbɛma asɛnka adwuma no anya nkɔanim no so.”—Missouri.