Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 3/8 kr. 20-22
  • “Onipa Ho Suro Sum Afiri”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Onipa Ho Suro Sum Afiri”
  • Nyan!—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Suro​—So Ɛho Betumi Aba Wo Mfaso?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nya Koma A Esuro Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nneɛma Anum a Enti Ɛsɛ sɛ Yesuro Onyankopɔn Mmom Sen Nnipa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yesuro Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 3/8 kr. 20-22

“Onipa Ho Suro Sum Afiri”

JOHN ne Helen de anigye dii nsɛm a Ɔdansefo no ka kyerɛ wɔn wɔ wɔn pon ano wɔ Kwasida anɔpa no akyi. Nsɛm a wɔkenkan fii Adiyisɛm 21:4 fii wɔn ankasa Bible mu no yɛɛ wɔn anigye kɛse: “Na [Yehowa Nyankopɔn] ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” Esiane sɛ wɔyɛ nnipa a wɔn ankasa no wɔdɔ asomdwoe nti na wɔhwehwɛ sɛ wohu ɔkwan a wɔbɛfa so atra tebea horow a ɛyɛ nwonwa yi ase. Enti wɔyɛɛ ntɛm hyehyɛɛ Bible mu adesua maa wɔn.

Ɛno na afei Wukuda anadwofa ahorow abiɛsa a ɛtoatoa so bae no mu no saa awarefo baanu a wɔyɛ aberante ne ababaa yi de anigye kɔɔ so bisaa nsɛm na wɔmaa wɔn Bible mu asɛm no ho mmuae wɔ wɔn fie bere a wɔne wɔn yɛ Bible mu adesua no. Nanso, saa anigye no kɔɔ so kosii adapɛn abiɛsa pɛ! Wɔammue wɔn pon no wɔ dapɛn a ɛto so anan no so bere a Ɔdansefo no bɔɔ ɔpon no mu no. Na John ne Helen asi gyinae sɛ wobegyae wɔn Bible mu adesua no. Dɛn ntia? So ɛno ne sɛ wonni Gyidi wɔ Onyankopɔn tumi mu bio anaa? So wɔn adwenem afi ase yɛ wɔn naa wɔ nokware a Bible no yɛ ne sɛnea emu nsɛm teɛ no ho? So wɔn ani nnye sɛ wɔbɛtra ase wɔ tebea horow a eye ase bio no ho? Dabi. Eyinom nyɛ nea enti a ɛma ɛbaa saa. Wogyaee wɔn adesua no esiane nnipa ho suro nti. Yiw, osuro sum wɔn afiri. Mfehaha pii a atwam no na onyansafo a honhom ka no no bɔɔ kɔkɔ tiaa saa osuro no sɛ: “Onipa ho suro sum afiri.”​—Mmeb. 29:25.

Ɛyɛ nokware sɛ yɛn nyinaa wɔ awosu bi a yɛpɛ a ɛne sɛ nkurɔfo bɛpɛ yɛn asɛm, yɛn afipamfo, nnamfonom ne wɔn a yenim wɔn bɛka yɛn ho asɛm pa. Nanso, sɛ yɛma afoforo gyinapɛn nya gyinae horow a ɛho hia a ɛsɛ sɛ yesi wɔ yɛn asetra mu no so nkɛntɛnso a eyi de asiane kɛse bɛbrɛ yɛn. Sɛ obi te nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔtra ase sɛnea nnipa a wɔte mpɔtam a ɔwɔ no hwɛ kwan fi ne hɔ no a, ɛnde ɔbɛdan akoa ama nea wɔpɛ. Na pɛ a obi pɛ yiye sɛ obenya afoforo anim dom no bɛyɛ akwanside ama obi a ɔpɛ sɛ osi gyinae wɔ ɔkwan a ɛbɛma wadan Onyankopɔn somfo no mu.

Nnipa pii na nnɛ wonni ɔdɔ ne obu anaasɛ osuro biara mma Onyankopɔn. Wɔmpɛ sɛ mo sua ne ho ade bi, na wɔka mpo sɛ ɔnte ase. Enti, sɛ obi kyerɛ anigye wɔ Bible no ho a, ɔbɛdan obi a wodi ne fɛw na afoforo bu no animtiaa. Ɛda adi sɛ wɔ saa nhyɛso horow yi nti, onipa ho suro bɛma ayɛ den ama obi sɛ ɔbɛkɔ so anya nkɔso wɔ honhom mu.

Nea ɛyɛ hu a etumi fi onipa ho suro mu ba ne nea wɔayɛ ho mfatoho wɔ tete Israel Hene Saul de no mu no. Bere a odiyifo Samuel de asɛm sii n’anim sɛ dɛn nti na wantumi anni ɔsoro ahyɛde horow no ho dwuma wɔ ko a wɔko tiaa Amalekfo no mu no, Saul penee so sɛ: “Misuroo ɔman no na mitiee wɔn.” Dɛn na efii saa adeyɛ yi mu bae? Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Woapa Awurade [Yehowa] asɛm, na Awurade [Yehowa] nso apa wo sɛ nni Israel so hene.”​—1 Sam. 15:24, 26.

Sɛ yɛmpɛ sɛ Ade Nyinaa So Tumfoɔ no pa yɛn a, ɛnde na ɛho hia sɛ yɛbɔ mmɔden susuw gyinabea a yɛwɔ wɔ n’anim no ho kyɛn yɛne nnipa de no ho. Bible no se: “Nyansa mfiase ne Awurade [Yehowa] suro.” (Dw. 111:10) Osuro a ɛte sɛɛ yɛ osuro pa na efi koma a ɛpɛ sɛ ɛyɛ biribi de tua Ɔsorosoroni no ka no mu. Wotumi de to ɔba a ɔyɛ osetie ma agya a ɔwɔ ɔdɔ no ho. Ɔba no mpɛ sɛ ɔyɛ biribi a ɛbɛhyɛ n’agya no abufuw anaasɛ ebegu n’anim ase. Enti, nea ɛka Onyankopɔn suro ho ne sɛ wɔbɛtan nea ɔtan, na wɔbɛdɔ nea ɔdɔ.​—Mmeb. 8:13.

Sɛ obi benya osuro a ɛfata ama Onyankopɔn a ɛnde na ɛsɛ sɛ ɔma ɛtra n’adwene mu sɛ ɔdesani biara nni hɔ a obetumi ama no daa nkwa na wahwɛ no so bere nyinaa wɔ tebea horow nyinaa ase. Odwontofo a honhon wɔ no so no kaa asɛm yi wɔ ɔkwan a ɛteɛ so bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ obi nya ne ho a, nsuro, na ne fi anuonyam redɔɔso a, nsuro, na owu a, ɔremfa emu biribiara nkɔ, n’anuonyam rensian nni n’akyi.” (Dw. 49:16, 17) “Wɔde wɔn ho to wɔn ahonyade so, na wɔde wɔn adedodow hoahoa wɔn ho. Onua rentumi nnye onipa da, ɔremma Onyankopɔn ne mpatade.” (Dw. 49:6, 7) Nanso Amansan Hene no betumi awowaw obi wɔ sɔhwɛ bere a emu yɛ den mpo mu na wama wafi owu mpo mu. (Dw. 49:15) Wɔ nokwarem no, Onyankopɔn ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Merennyaw wo, nanso merempa wo da.”​—Heb. 13:5.

Sɛ nnipa kum yɛn mpo a, wɔrentumi nsiw owusɔre a yɛn nsa bɛka no kwan. Wɔrentumi nyi hokwan a yɛwɔ sɛ yɛsan ba nkwa mu bio sɛ ateasefo no mfi hɔ. Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn nkutoo na obetumi ayɛ saa. Esiane eyi nti Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Na munnsuro wɔn a wokum ɔhonam na wontumi nkum ɔkra, na mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne ɔhonam amanehunu kurom [Gehena].”​—Mat. 10:28.

Wɔ nokwarem no, ɛnde yenni nea yebegyina so asuro adesamma a wowu no ahohora anaasɛ fɛw a wodi yɛn no. Yehowa asɛm a ɔde faa Yesaia so mae no de nkuranhyɛ kɛse ma yɛn wɔ eyi mu. Yɛkenkan sɛ: “Muntie me, mo a munim trenee, ɔman a me mmara wɔ wɔn koma mu, munnsuro ɔdesani ahohorabɔ, na mommma wɔn ahiiyi nnyɛ mo ahopopo, na nwewee bedi wɔn sɛ atade, na abubummabaa adi wɔn sɛ kuntu.”​—Yes. 51:7, 8.

Sɛ yesusuw sɛnea Ɔbɔadea no sõ fa no ho, na sɛ yɛde no to sɛnea onipa sua fa no ho a, eyi boa yɛn ma yɛde yɛn ho fi nea nnipa suro no ho koraa. Amanaman no nyinaa te sɛ bokiti ho nsukoko a ɛresosɔ anaasɛ nsɛnia mu mfutumawa bi wɔ Yehowa Nyankopɔn ani so. (Yes. 40:11-15) Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ yebesuro bokiti ho nsu a ɛso ko-ko-ko, anaasɛ nsɛnia mu mfutumawa mmom akyɛn amansan nyinaa a ɛyɛ nwonwa yi Yɛfo no!

Yebetumi anya awerɛhyem wɔ nokware a ɛyɛ sɛ afoforo nso atumi agyina osuro a wobenya ama nnipa no ano wɔ nkonimdi mu no. Kristoni ɔsomafo Petro kaee ne mfɛfo gyidifo no sɛ “amanehunu no ara na wɔde ato mo nuanom a wɔwɔ wiase so sɛ wonhu.” (1 Pet. 5: 9) Yiw, ɛnyɛ yɛn nkutoo na yegyina hɔ pintinn ma Yehowa Nyankopɔn wɔ nhyɛso horow a efi nnipa hɔ ba no mu.

Ɛbɛyɛ nkwaseasɛm kɛse yiye sɛ yɛn ho bɛpopo wɔ nnipa anim na yɛde saa yɛ abɔ mmɔden asɔ nnipa ani, wɔ bere a yɛde saa yɛ hyɛ Ade Nyinaa So Tumfoɔ no abufuw. Esiane sɛ John ne Helen amfa wɔn ho anto Yehowa so nti, wɔyeraa wɔn anigye no. Yɛwɔ anidaso sɛ, da koro bi, ansa na “ahohiahia kɛse” no reba no, wɔne afoforo benya ahotoso a emu yɛ den wɔ ɔsorosoroni no mu na wɔatumi aka sɛnea odwontofo no kae no, sɛ: “Awurade [Yehowa] ne me hann ne me nkwagye, ɛhena na minsuro no? Awurade [Yehowa] ne me nkwa ahoɔden, ɛhena anim na me ho mpopo?”​—Dw. 27:1.

[Kratafa 21 mfoni]

So fɛwdi bɛma wɔagyae Bible a wɔresua yi?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena