Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 12/1 kr. 8-12
  • Munkura Gyidi A Ɛyɛ Den Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Munkura Gyidi A Ɛyɛ Den Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nimdeɛ Ma Gyidi Yɛ Den
  • Ahobrɛase Ho Hia
  • Sɔ Wo Gyidi Hwɛ
  • Mpaebɔ Ho Hia
  • Dwuma A Nhyiam Horow Di
  • Adansedi Ne Yɛn Gyidi
  • “Akoa” No Mu Ahotoso
  • “Ma Yɛn Gyidie Nyɛ Kɛse”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • So Wowɔ Asɛmpa no Mu Gyidi Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nya Yehowa Bɔhyɛ Ahorow Mu Gyidi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Gyidi—Ɛyɛ Suban a Ɛhyɛ Yɛn Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 12/1 kr. 8-12

Munkura Gyidi A Ɛyɛ Den Mu

“Mo adwenem bɛyɛ mo nua akosi bere bɛn?”​—1 AHENE 18:21, The New English Bible.

1. Ebinom yɛ wɔn ade dɛn wɔ nokware no ho?

SU A ɛne adwenem naayɛ a abu so nnɛ no betumi aka wo su wɔ Onyankopɔn ne Bible no ho mpo. Nnipa binom te nokware no ho asɛm, wɔn ani gye ho na wosua Bible no kakraa. Wɔkɔ Kristofo nhyiam horow no kakra nanso wɔnte nokwasɛm a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn a wɔbɛsom no no yɛ wɔn atirimpɔw wɔ asetra mu no ase ankasa.​—Mateo 13:3-9.

2. (a) Afoforo yɛ wɔn ade dɛn? (b) Afotu pa bɛn na yehu wɔ Hebrifo 10:36-39?

2 Afoforo wɔ hɔ a wɔagye nokware no, ahyira wɔn nkwa so ama Yehowa Nyankopɔn denam Yesu Kristo so na wɔde nsu mu asubɔ ayɛ saa ahosohyira no ho sɛnkyerɛnne. Nanso wɔnnkɔ wɔn anim. Wɔde dɔnhwerew biako anaa abien yɛ asɛnka adwuma no nnakoro nnakoro. Nanso wɔntra ase sɛnea wɔn ahosohyira no te ankasa, efisɛ obi ho so nyinaa a obehyira ama Onyankopɔn no kyerɛ sɛ ɔde ne ho nyinaa bɛma no wɔ nnamyɛ mu.​—Mateo 16:24; Hebrifo 10:36-39.

3. Dɛn na Elia kae wɔ tebea bi a na ɛreyɛ ayɛ sɛ eyi ho?

3 Ebia nnipa bi a wohinhim ani begye nokware no ho bere a wɔpɛ wiase no nso. Ebia wɔn ani bɛkɔ so ara agye akwan dedaw a na wɔnam so no bi ho. Wɔn nokwaredi hinhim. Bere tenten a atwam ni no, Elia bisaa Israelfo no sɛ: “Da bɛn na mubehinhim nsɛm abien ntam akosi? Sɛ [Yehowa] ne Nyankopɔn a, munni n’akyi: sɛ Baal nso a, munni n’akyi ɛ!” Nkyerɛase biako ka no saa kwan’ yi so sɛ: “Mo adwenem bɛyɛ mo naa akosi bere bɛn?”​—1 Ahene 18:21; NE.

4. Bo bɛn na ɔsom mu nnamyɛ som?

4 Yehowa nkurɔfo nya anigye ne akomatɔyam wɔ ɔsom mu nnamyɛ mu. (Tito 2:13, 14) Ɛma wɔkɔ so yɛ den honhom mu. Wɔn mu pii, titiriw wɔn a wɔde bere tenten anya osuahu wɔ Yehowa som mu no, da nnamyɛ kɛse adi. Nanso amanneɛbɔ a efi mmeae pii kyerɛ sɛ wiase no da so ara sɔ nkumaa anaa afoforofo no binom hwɛ mmom sen sɛ wobefi koma nyinaa mu de wɔn ho ahyɛ Yehowa som mu. Susuw anigye ne nhyira horow a anka wobetumi anya no ho, sɛ wosoo nokware no mu denneennen na wɔkɔɔ wɔn anim ahoɔden so wɔ ɔsom kronn mu, sɛ ebia bere nyinaa akwampaefo a wɔde nnamyɛ rema gye a yɛn bere yi gye ntɛmpɛ no atra afoforo adwene mu a.

5. Nsɛm bɛn na ɛbɛyɛ papa sɛ wubisa wo ho?

5 Ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wubebisa wo ho sɛ: So meyɛ den ankasa wɔ gyidi no mu, anaasɛ m’ani kyerɛ akwan horow abien so? So mema anigyede ahorow a ɛnsom bo ahe biara gye me bere? So mesɛe bere pii de hwɛ television, de di agumadi ahorow ho nsɛm akyi anaa de di anigyede afoforo ho dwuma a egye bere pii sen nea mede yɛ Onyankopɔn adwuma? Anaa so ahobrɛase mu a wofi tie Onyankopɔn na wɔsom no ne m’asetra mu atirimpɔw ankasa? Sɛ ɔsoro apɛde a wɔbɛyɛ ne w’atirimpɔw wɔ asetra mu a, Onyankopɔn bɛboa wo na wubetumi anya ne nhyira horow no mu anigye daa.

6. Afotu bɛn a ɛwɔ Yakobo krataa no mu na ebetumi aboa yɛn ma yɛakura gyidi a ɛyɛ den mu?

6 Ɛho hia sɛ wobɛyɛ nneɛma pa ahorow a ɛbɛma wo gyidi akɔ so ayɛ den a daa nkwa wɔ Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo no mu wɔ w’adwene mu. Elia ka kyerɛɛ afoforo sɛ wɔmfa akokoduru nnyina hɔ mma nea ɛteɛ. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn. Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfo, na montew mo komam, mo a mo kra yɛ ntanta!” Ná. Yakobo rekyerɛw akɔma wɔn a na ɛho hia sɛ wɔsakra wɔn adwene esiane sɛ wɔn koma ntanta no rema wɔayɛ nneɛma ahorow a ɛnsɔ Onyankopɔn ani nti no. Sɛ ɛyɛ nea wiase no akwan no asɔ wo ahwɛ a, n’afotu no betumi ayɛ nea eye. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Munni nkɔmmɔ, na mo werɛ nhow, na munsu! Mo serew nnan awerɛhow, na mo anigye nnan anito! Mommrɛ mo ho ase [Yehowa] anim, na ɔbɛma mo so.”​—Yakobo 4:7-10.

Nimdeɛ Ma Gyidi Yɛ Den

7. (a) Ɔkwan bɛn so na nimdeɛ ne gyidi wɔ abusuabɔ? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode Bible no di dwuma wɔ gyidi a wubenya mu?

7 Gyidi yɛ ho a wɔde to biribi so. Egyina nimdeɛ a edi mu ne osuahu so. Sɛ wunim Onyankopɔn ho ade pii na wɔwɔ n’Asɛm ne n’akwan ho osuahu pii a, wo gyidi bɛyɛ den kɛse. Bible no se: “Gyidi ne ade a yɛn ani da so ho ahotoso.” (Hebrifo 11:1) Ɛbɛyɛ dɛn na wubetumi anya ahotoso wɔ wo gyidi mu, sɛ nimdeɛ kakraa bi na wowɔ wɔ nea Yehowa ayɛ no ho a? Yehowa ama wo adwene, nyansa ne tumi a wɔde te nneɛma ase. Eyinom yɛ akyɛde, na ɔhwɛ kwan sɛ wode besua ne ho ade. Sɛ wokyerɛw obi krataa a, wohwɛ kwan sɛ ɔbɛkenkan na ɛnyɛ sɛ ɔde bɛhyɛ baabi anaa obegyaw ato ɔpon so te sɛ ade a ɛho nhia. So woakenkan, asan asua Onyankopɔn krataa a ɔde abrɛ yɛn​—n’Asɛm a wɔakyerɛw no? Ɛdenam sua a wubesua na woate ase so no, wubehu nneɛma ahorow a wurentumi nhu wɔ ɔkwan foforo biara so. Ɛho hia sɛ wobɛkae bo a nsɛm a Bible no de ma som no. Kristoni ɔpanyin biako kae sɛ: “Nnipa a wɔn adwenem yɛ wɔn naa no ntaa nsua ade pii. Wonnim Bible no ho asɛm pii​—wɔmma nokware no nyɛ wɔn ankasa de.”

8. Sɛ obi bisa asɛm bi a worentumi mma ho mmuae a, dɛn na wɔkamfo kyerɛ?

8 Sɛ obi bisa asɛm bi a worentumi mma ho mmuae a, so ɛsɛ sɛ eyi haw wo gyidi? Dabida. Obiara nni hɔ a onim nneɛma nyinaa. Enti, yɛ nhwehwɛmu. Hwehwɛ kyerɛwsɛm no mu. Kenkan nkyekyem afoforo a atwa ho ahyia no na afei hwehwɛ asɛm no mu. Comprehensive Concordance of the Holy Scriptures, Aid to Bible Understanding nhoma no ne Watch Tower Publication Indexes betumi aboa wo ma woahu kyerɛw nsɛm a ɛfa ho ne ɛho nsɛm afoforo pii. Kristofo a wɔn ho akokwaw kɛse nso betumi aboa. Ɔdansefo bi a ɔde mfe pii anya osuahu kae sɛ: “Bere biara nni hɔ a minnya mmuae a ɛteɛ.”

9. Dɛn na yebetumi asua afi Beroiafo nhwɛso no mu?

9 Ɛsɛ sɛ yɛyɛ te sɛ Beroiafo a wɔkamfo wɔn kɛse wɔ Bible mu esiane sɛ na “daa wɔhwehwɛ kyerɛwsɛm no mu” hwɛ sɛ nneɛma a ɔsomafo Paulo kyerɛɛ wɔn no te saa nti no. Wɔn aba mu ammu wɔ nea wohui no ho. Enti, “wɔn mu bebree gye dii.” Wɔn mu biako a na wɔfrɛ no Sopater nyaa hokwan ne Paulo tuu kwan faa Makedonia wɔ ɔsomafo no asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abiɛsa no mu.​—Asomafo no Nnwuma 17:10-12; 20:4.

Ahobrɛase Ho Hia

10. (a) Ɔkwan bɛn so na wobetumi de nimdeɛ adi dwuma ɔkwammɔne so? (b) Tumi bɛn na wususuw sɛ ɛsɛ sɛ Mmebusɛm 16:5 nya wɔ yɛn suban so?

10 Ɛnyɛ asɛm no nyinaa awiei ne nimdeɛ. Mmom no, ɛyɛ adwinnade a ɛsɛ sɛ ɛboa yɛn ma yehu Yehowa Nyankopɔn ne n’Asɛm no. Ɛsɛ sɛ nimdeɛ a edi mũ a ɔdɔ ka ho ma yenya ahobrɛase su, na ɛnyɛ yɛn ho a ehia ho adwene a ɛtra so mmom. Ɛnyɛ sɛnea wɔbɛsom Onyankopɔn yiye nti na ebinom sua ade, na mmom sɛ wɔde bɛma wɔn ho so a wɔn adwen horow ka ho. Ebia wɔbɛhoman na wɔakasa atia afoforo​—anuanom mpanyimfo ne mpo Kristofo asafo no ne Bible mu nokware ahorow a ɛkyerɛkyerɛ no.​—Mmebusɛm 16:5; 1 Korintofo 8:1.

11. Yɛn nimdeɛ ne nyansa no fi he na ɛbae, na dɛn na ɛsɛ sɛ eyi kyerɛ yɛn wɔ ahobrɛase ho?

11 Nanso, biribiara nni hɔ a yɛwɔ a yɛannya amfi baabi foforo. Yenyaa nyansa a yɛwɔ no fii yɛn awofonom hɔ, nanso yɛn Bɔfo no na ɔde maa adesamma fi mfitiase no. Yenyaa nimdeɛ denam wɔn a wɔboaa yɛn no so, ne de fi nneɛma ahorow a yɛkenkan no mu ne Onyankopɔn a ɔne nokware no fibea no hɔ. Nokwarem no, biribiara a yɛwɔ fi Onyankopɔn hɔ na ɛbae mfitiase no. Ɔsomafo no kyerɛwee sɛ: “Na hena na obu sɛ ɛsono wo? Na ɛdɛn na wowɔ a woannya? Na sɛ wunyae a, adɛn na wohoahoa wo ho sɛnea ɛnyɛ onya na wunyae?”​—1 Korintofo 4:7.

12. Asɛm a tumi wom bɛn na wɔaka wɔ Dwom 25:9 ne Yakobo 4:6?

12 Ɛnyɛ nyansa a yenya fii awo mu no so na Yehowa nam bu yɛn atɛn na mmom denam yɛn ahobrɛase ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebesua n’akwan na yɛafa so no so. Ahobrɛase ne gyidi na ɛnam. Bible no se “ahobrɛasefo” na Onyankopɔn bɛkyerɛ wɔn n’akwan. Ɛka nso sɛ: “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.”​—Dwom 25:9; Yakobo 4:6.

13. Wɔn a wɔmaa kwan ma wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn ho nhwɛso bi ne nea ɛwɔ he?

13 Nea ɛka ahobrɛase ho ne ɔpɛ a obi wɔ sɛ wɔbɛteɛ no so. Asomafo Petro ne Toma yɛɛ eyi ho nhwɛso titiriw. Ná Petro taa di kan wɔ kasa mu, nanso nea eyi de bae mpɛn pii ne nteɛso, afotu anaa mpo animka a wɔde maa no no. Nanso na Petro yɛ nnam, ɔyɛ hyew, na na ne gyidi, di a otumi di nsɛm anim ne n’akokoduru yɛ nhwɛso titiriw ma yɛn nyinaa. Ná Toma nnye nni sɛ wɔanyan Yesu, nanso bere a wɔde adanse no kyerɛɛ no no, ogye toom ntɛm ara. So yeyi ahobrɛase su a ɛte saa ara adi bere a Kyerɛwnsɛm no teɛ yɛn mfomso anaa adwen horow a ɛnteɛ so no?​—Yohane 20:24-29.

Sɔ Wo Gyidi Hwɛ

14. Dɛn na Kristoni ɔpanyin biako yɛ a ɛboa no ma okura gyidi a ɛyɛ den mu?

14 Kristoni ɔpanyin biako a watra nokware no mu bere tenten taa bisa ne ho nea enti a ne gyidi yɛ den ara bere a nnipa binom a na kan onim wɔn afi mu no. Ose ɔma Paulo afotu no tra n’adwene mu bere nyinaa, sɛ: “Monsɔ mo ho nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa? Mummisa mo ho nhwɛ!” (2 Korintofo 13:5) Mpɛn pii bere a ɔpanyin yi te n’afiri mu rekɔ adwuma no, ɔsɔ ne ho hwɛ, ɔkaakae Bible nni nokware ahorow no wɔ n’adwene mu. Ɔfa no sɛ nokware ahorow yi ho nkɔmmɔbɔ asɔre na wɔ n’adwene mu no, ɔkyerɛkyerɛ mu kyerɛ nnipa ahorow nyinaa. Onua yi da no adi sɛ baguam ɔkasa ahorow wɔ Ahenni Asa so taa si nokwasɛm yi so dua bio wɔ yɛn adwenem sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm ampa. Nanso obisa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na yebehu nneɛma yi, sɛ yɛankɔ nhyiam horow ase, faako a wɔka ho asɛm no a?” Obisa ne ho nsɛm ahorow fa Onyankopɔn papayɛ ne N’ahyehyɛde no ho bere nyinaa. Kristoni ɔhwɛfo yi de eyinom ho anisɔ ka ne mpaebɔ ho, na ɔka sɛ: “Meda Yehowa ase sɛ wama me kwan ma me ne ne nkurɔfo atra.” So wubetumi anya mfaso wɔ sɔhwɛ a ɛte sɛɛ a wobɛyɛ wo ho de ahwɛ sɛ ‘wowɔ gyidi no mu’ ampa no mu?

Mpaebɔ Ho Hia

15, 16. Dɛn nti na mpaebɔ ho hia kɛse wɔ gyidi a ɛyɛ den mu a yebekura mu?

15 Saa nhwɛso yi da nneɛma abien a ɛho hia na ama yɛakura gyidi a ɛyɛ den mu adi: mpaebɔ ne Kristofo nhyiam horow. Mpɛn pii nnipa a wɔn gyidi yɛ mmerɛw no ntaa mmɔ mpae. Kristoni agya biako ma nokwasɛm yi tra n’adwene mu sɛ Daniel bɔɔ mpae mpɛn pii da biara wɔ bere a na wɔahyɛ mmara sɛ ɛnsɛ sɛ obiara bɔ mpae no akyi mpo. (Daniel 6:6-10) Da biara agya yi hwɛ Yehowa kwan ma wama no nyansa ne akwankyerɛ mpɛn pii.

16 So wotwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛbɔ mpae? Nnwom nhoma no se: “[Yehowa] bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa.” Yesu bisae sɛ: “Sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, mpɛn ahe na mo agya a ɔwɔ soro no remfa nnepa mma wɔn a wobisa no?” (Dwom 145:18; Mateo 7:11) Ampa, Yehowa de “nnepa” bɛma wɔn a wɔde ahobrɛase bisa wɔ gyidi mu no.

Dwuma A Nhyiam Horow Di

17. Bible mu nhwɛso horow bɛn na ɛkyerɛ hia a ɛho hia sɛ yɛne mfɛfo gyidifo behyiam no?

17 Nea ɛka mpaebɔ ho no, mfɛfo gyidifo a yɛne wɔn behyiam bere nyinaa nso ho hia wɔ gyidi mu. Mprɛnsa wɔ afe biara mu no na ɛsɛ sɛ Israelni ɔbarima biara ‘bepue Awurade [Yehowa] anim’ wɔ Yerusalem. Esiane sɛ wohuu bo kɛse a mmere horow yi som wɔ honhom mu nti, mmarima pii de wɔn abusua nyinaa kɔe. (Exodus 23:14-17; Luka 2:41-45) Bio nso, Paulo hwɛɛ kwan sɛ obenya nkuranhyɛ a ɛhyɛ gyidi den afi asafo a ɛwɔ Roma no mu. N’ani gyinae sɛ ɔbɛkɔ akɔka mfɛfo gyidifo ho sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wɔbɛhyehyɛ wɔn ho nkuran’ na wɔanya honhom mu denhyɛ denam ɔfoforo gyidi so.​—Romafo 1:11, 12.

18. Wɔn a wɔyɛ den wɔ gyidi no mu bu Kristofo nhyiam horow dɛn?

18 Nnipa a wɔn gyidi yɛ den kɔ Kristofo nhyiam horow nyinaa. Womfi hɔ dɔnhwerew a edi kan no akyi, na saa ara na wɔmma nea ɛto so abien no nkutoo. Nhyiam horow yi som bo ma wɔn, na wohu sɛ ɛma wonya hokwan a wɔde besua ade, wɔde benya nkuranhyɛ, wɔde benya nhyira, ne sɛ wɔ nhyiam horow yi ase no, yebetumi anya mmoa afi anuanom a wɔwɔ ɔdɔ nkyɛn na yebetumi atwetwe yɛn ho yɛn ho ‘akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’ (Hebrifo 10:24, 25) Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya nkuranhyɛ a ɛte sɛɛ bere a yɛne wɔn a wobetumi ama yɛanya no mmɔ no?

Adansedi Ne Yɛn Gyidi

19. Ɔkwan bɛn so na Kristofo adansedi no hyɛ gyidi den?

19 Kristofo adansedi no yɛ mmoa foforo a ɛhyɛ gyidi den. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Kyerɛ me wo gyidi a nnwuma nni mu no, na me nso mede me nnwuma mɛkyerɛ wo me gyidi. Na sɛnea nipadua a honhom nni mu awu no, saa ara nso na gyidi a nnwuma nni mu awu.” (Yakobo 2:18, 26) Kristofo adwuma titiriw ne sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo, na obiara a ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako bɛka akyerɛ wo sɛ: ‘Ampa, adansedi ma gyidi yɛ den!’ Ɛnyɛ nea wɔrekyerɛkyerɛ no no nko na onya mu mfaso na mmom ɔkyerɛkyerɛfo no nso. Ɛyɛ adwuma a ɛma nkɔso, nea ɛhyɛ gyidi den. Adansedi ma wode anoyi ma wɔ wo gyidi ho. Ɛma wutumi susuw nneɛma ho yiye. Yiw, Ahenni no ho adansedi de nhyira horow a efi Onyankopɔn hɔ ba, a ne honhom no akwankyerɛ ka ho.​—Marko 13:11; Romafo 10:14, 15.

“Akoa” No Mu Ahotoso

20, 21. (a) Dɛn na ɛho hia sɛ yɛkae wɔ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristoni biako kyerɛɛ eyi?

20 Ɛho hia nso sɛ yɛkae faako a yedii kan suaa nokware no. Hena na ɔboaa yɛn ma yenyaa gyidi a egyina Bible no ne ne bɔhyɛ ahorow so no? Ɛyɛɛ dɛn na yɛbɛtee nea Bible no kyerɛ ma yɛn nnɛ no ase? Yesu kae sɛ ɔsan ba a obehu “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” bi a ɔde honhom mu aduan rema, na ɔbɛma “akoa” a obehu sɛ ɔreyɛ saa no adi nea ɔwɔ nyinaa so.​—Mateo 24:45-47.

21 Kristoni okunu biako kae sɛ: “Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no yɛ nea wobetumi de ho ato so kɛse. Ɛnnaadaa me pɛnkoro po da wɔ ɔkwan biara so. Biribiara a aka yɛ nea egyina Onyankopɔn Asɛm no so na ayɛ nea eye sen biara ma me ne m’abusua ne obiara a minim no. Sɛnea mahu no, eyi ma wunya gyidi kɛse.”

22. Nsemmisa bɛn na ɛbɛboa wo ma woasusuw sɛnea worehwɛ wo gyidi so no ho?

22 So woasua Yehowa Asɛm no, agye atom, anya mu gyidi? So woahyira wo nkwa so ama Onyankopɔn na wode nsu mu asubɔ ayɛ saa ahosohyira no ho sɛnkyerɛnne? So wo asetra mprempren ne saa ahosohyira no hyia? So wubisa akwankyerɛ, nimdeɛ ne gyidi fi Onyankopɔn hɔ? So wokɔ so ara yɛ kokoam adesua bere nyinaa wɔ nsiyɛ mu? So wokɔ Kristofo nhyiam horow bere nyinaa? So woyere wo ho kɛse wɔ Onyankopɔn som kronn mu? So worema sɛnea woyɛ asuafoyɛ adwuma no anya nkɔso, anaasɛ woama abɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ woyɛ ara kwa?​—Mateo 28:19, 20.

23. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wuhyia ɔhaw, sɔhwɛ ne akwanside ahorow?

23 Ɛwom, yɛn nyinaa wɔ ɔhaw ne sintɔ ahorow. Nanso sɛ yehyia sɔhwɛ ne akwanside ahorow a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ho popo, yehinhim anaa yɛn adwenem yɛ yɛn naa. Mmom no, yɛpɛ sɛ yenya adwenkoro na yenya nokware no mu ahotoso. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahorow bebree mu a, mummu no anigye koraa, na munhu sɛ mo gyidi sɔhwɛ a anya awiei pa yɛ boasetɔ.” Paulo tuu fo sɛ: “Monwɛn, munnyina gyidi mu, monyɛ mmarima, momma mo ho nyɛ den.” (Yakobo 1:2, 3; 1 Korintofo 16:13) Sɛ yɛbɛkɔ so atra nokware gyidi no mu sɛ Yehowa adansefo a, ɛsɛ sɛ yenya su a ɛne gyidi, a ɛyɛ Onyankopɔn honhom aba no.​—Galatifo 5:22, 23.

24. Dɛn nti na ɛho hia kɛse sɛ wubenya gyidi a ɛyɛ den?

24 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ eyi? Efisɛ gyidi yɛ kyɛm a wɔde ko tia Satan a ‘ɔnam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene’ no. “Munkura gyidi kyɛm a mode betumi adum ɔbɔne no bɛmma a ɛredɛw no nyinaa.” (1 Petro 5:8-10; Efesofo 6:16) Sɛ wokɔ so kura gyidi a ɛyɛ den mu a, wobɛpɛ sɛ woyɛ ade wɔ Onyankopɔn kwan so. Wo koma bɛyɛ nea ɛteɛ. Wo nnwuma bɛyɛ nea ɛne n’afotu ahorow hyia, na wobɛkɔ so ara akɔ w’anim bere nyinaa wɔ ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu no so.​—Mateo 7:14.

Ntimũ:

◻ Dɛn nti na nnipa binom adwenem yɛ wɔn naa, na dɛn na wobetumi ayɛ wɔ ho?

◻ Dɛn na woasua wɔ nimdeɛ ne ahobrɛase ho?

◻ Ɔkwan bɛn so na wubetumi ahyɛ wo gyidi den?

◻ Dɛn nti na ɛho hia kɛse sɛ wobekura gyidi a ɛyɛ den mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena