Fa W’ahonyade Hyɛ Yehowa Anuonyam
‘MENYƐ ɔdefo; meyɛ abofra, na ahode kakraa bi pɛ na mewɔ.’ ‘Me nhomasua annu akyiri; dɛn na metumi de ama Yehowa?’ ‘Mewɔ sintɔ bi a emu yɛ den; ɛsɛ sɛ Yehowa yi n’ani fi me so.’ ‘M’ani afi; bere a mede bɛpɛ ahonyade no apa ho.’
So nsusuwii ahorow a ɛte sɛ ba w’adwenem bere a woresusuw saa asɛmti yi ho no anaa? Yiw, ebetumi aba sɛ woyɛ ɔdefo sen sɛnea wususuw. Kae Yesu nsɛm a ɔkyerɛw kɔmaa asafo a ɛwɔ Smirna no: “Minim w’ahohia ne wo hia no,—nanso, woyɛ ɔdefo.” (Adiyisɛm 2:9) Na Yesu adi kan aka wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Monnhyehyɛ ademude asase so . . . Na monhyehyɛ ademude ɔsoro . . . Na nea w’ademude wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.” (Mateo 6:19-21) So yɛn Wura no nsɛm a ɔkae yi kanyan wo anaa? Yiw, ebetumi aba sɛ wowɔ biribi wɔ wo mu a yɛn soro Agya, Yehowa, ne ne Ba no bu no sɛ ɛsom bo kɛse. Ma yɛnhwehwɛ mu.
Mmofraberem Ahoɔfɛ—Ahoɔden ne Nsiyɛ
Ɔkwan bɛn so na abofra betumi de ɔsom a ɛsom bo ama Yehowa? Mmebusɛm 20:29 ma yɛn awerɛhyem sɛ mmofra wɔ biribi a ɛyɛ fɛ—honam fam ahoɔden. Hwɛ sɛnea ɛyɛ ahomeka sɛ wɔbehu sɛ abofra bi de n’ahoɔden a ɛyɛ foforo no som yɛn Nyankopɔn.
Momma yɛnkɔ yɛn akyi wɔ abakɔsɛm mu wɔ 1930 mfe no mfiase mu, bere a mmofra dodow bi tee nokware a ɛwɔ Bible no mu ho asɛm no. Obiako a wadi mfirihyia 16 kɔfɛm n’adamfo bi nhoma a wɔde sua Bible no a wɔfrɛ no Creation, a Ɔwɛn Aban Asafo no tintimii no. Bere a okoduu eti a ese “Abɔde Foforo No” no so, na ɔkenkan ahosohyira ho asɛm no, na wahu nea ɔpɛ sɛ ɔde ne nkwa yɛ. Ntɛm ara ohyiraa ne ho so maa Ɔbɔadeɛ, ade nyinaa so tumfoɔ no. Afe a edi hɔ no, ɔkenkan nhoma foforo bi, Vindication (Book One), na osuaa anidaso a ɛfa Yehowa din ne ne tumidi ho san a yebenya mu kyɛfa no ho asɛm. Saa asɛm yi ma onyaa bere nyinaa som no ho akɔnnɔ bi a ano yɛ hyew. Afe koro no ara mu no, obisaa akwampae hokwan ahorow no ho kwan, na ɔda so ara wɔ bere nyinaa ɔsom no mu de besi nnɛ. Bere a n’atipɛnfo no mu binom de wɔn asase so ɔsom aba awiei no, wɔn a wɔda so te ase no mu pii da so ara da ahofama a wɔde ma yɛn soro Agya no a efi ɔkra nyinaa mu honhom adi.
So mmofra a wɔwɔ hɔ nnɛ no da saa su a ɛsom bo koro no ara adi anaa? Wɔyɛ saa ampa! Yearbook mu amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ mprempren no, nnipadɔm a wɔdɔɔso te sɛ obosu abɛka akwampaefo ho. (Dwom 110:3) Philippines bɔ amanneɛ sɛ ɛhɔnom daa akwampaefo no mu ɔha mu nkyem 13 yɛ wɔn a wonnii mfe 20. So saa ara na ɛte wɔ mmeae afoforo nso anaa? Yiw, ɛte saa. Sɛ nhwɛso no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ supɔw nketewaa Trinidad ne Tobago so no da no adi sɛ akwampaefo afoforo 282 na wofii akwampae adwuma ase wɔ September 1, 1986, ne September 30, 1988 ntam. Na saa nnipa dodow yi mu 48 nnii mfe 20 ɛ. So wobɛpɛ sɛ wutie eyinom mu biako anaa?
Charmaine Francis ni. Ose: “Efi bere a meyɛ akokoaa no, m’awofo kaa Yehowa som ne nokwaredi ma no ho asɛm kyerɛɛ me. Sɛ m’awofo bisa me sɛ dɛn na mɛyɛ, sɛ ɛba sɛ asɛmpa no ho asɛm a wɔka nti, wɔde wɔn kogu afiase a, meka sɛ, ‘mɛsom Yehowa.’ Mihyiraa me ho so bere a na madi mfe 13, na mebɔɔ asu bere a midii 14 no. Ɛno akyi no, sukuu akwamma biara mu no, meyɛ ɔkwampaefo boafo. 1983 mu no, mifii daa akwampae ase. Afe a edi kan a mede yɛɛ ɔkwampaefo no, minyaa anigye sɛ mitumi boaa ɔbea bi ma ɔbɛyɛɛ Yehowa somfo. Mprempren, mereyɛ Bible adesua akron. Obiako resiesie ne ho ama asubɔ, na baasa nso ba adesua.”
Afei, mmofra, so munnye ntom sɛ mo nso mowɔ biribi a ɛsom bo a mode bɛhyɛ Yehowa anuonyam? Nokwarem no, mowɔ biribi saa. Ɛwom sɛ ebia wunni bere nyinaa ɔsom adwuma no mu mprempren de, nanso wubetumi ahyɛ Yehowa anuonyam, sɛnea wo tebea te. Ebetumi aba sɛ aka mfe pii ansa na woawie sukuu. Nanso, wowɔ hokwan a ɛsom bo sɛ wobɛkamfo Yehowa akyerɛ w’akyerɛkyerɛfo ne wo mfɛfo sukuufo no. Christian Kalloo, a wadi mfe du no, de ne nhoma Life—How Did It Get Here—By Evolution or by Creation? no kɔɔ sukuu. Dɛn na efii mu bae? Ɔde nhoma no ason maa wɔn a wɔkyerɛɛ saa asɛmti no ho anigye no. Ɔde biako nso mae, wɔ afie ne afie asɛnka mu. Wo nso wubetumi ayɛ saa.—Fa toto Mateo 21:15, 16 ho.
Yɛn Kyerɛkyerɛfo Kɛse no Kyerɛkyerɛ Yɛn
Odiyifo Yesaia kae sɛ: “[Yehowa] Nyankopɔn ama me asuafo tɛkrɛma.” Ɔhyɛ Yehowa anuonyam wɔ kasa a ɔma otumi kasa no ho. Ɔkyerɛw Yehowa bɔhyɛ ho asɛm sɛ: “Me honhom a ɛwɔ wo so no ne me nsɛm a mede mahyɛ w’anom no, ɛremfi w’anom ne w’asefo anom ne w’asefo asefo anom.” (Yesaia 50:4; 59:21) Sɛnea nnipa a wɔnyɛ nhomanimfo ne nnipa atitiriw bɛyɛɛ Yesu asomafo na Onyankopɔn maa wonyaa honhom fam nneɛma ho nyansa no, saara na nnɛ, Yehowa ama wɔn a wɔnyɛ nnipa atitiriw ahu nyansa.
1986 Yearbook no wɔ nsɛm a ɛhyɛ nkuran de ma wɔn a wɔankɔ sukuu annu akyiri anaa wɔankɔ bi koraa no. Wɔ aman pii so no, Yehowa Adansefo yɛ akenkan ne akyerɛw ho nhyehyɛe na ama wɔakyerɛ mpanyimfo akenkan. Yehowa ahyira saafo yi dɛn ara! Wɔ 1962 ne 1984 ntam wɔ Nigeria no, nnipa 19,238 nyaa nkɔanim fɛfɛ wɔ akenkan ne akyerɛw a wosua mu, na afei de wotumi kenkan Bible no ma wɔn ho, ne afei wɔn a wodi wɔn adanse no. Nhyira a ɛsom bo bɛn ara na woanya sɛɛ yii Onuabarima biako bɔɔ mmɔden araa ma ɔbɛyɛɛ wɔn a wɔresua akenkan no kyerɛkyerɛfo wɔ n’asafo mu.
Bio nso, susuw Ezekiel Ovbiagele osuahu no ho hwɛ. Bere a wɔbɔɔ no asu wɔ 1940 mu no, na onnim akenkan. Osuaa akenkan akyi no, onyaa nkɔso araa kosi sɛ otumi yɛɛ ɔkwampaefo, na akyiri yi, wɔ 1953 mu no, wɔpaw no sɛ ɔhwɛfo ɔkwantufo.
Sɛ edu adesua so a, onyin mfa ho. Ebinom de kan bɛ yi bɛka asɛm sɛ: “wuntumi nkyerɛ ɔkraman a wanyin dedaw no nneɛma afoforo bio!” Ɛno betumi ayɛ nokware wɔ nkraman ho, nanso nnipa nyɛ mmoa. Wɔn a wɔn mfe akɔ anim mpo betumi asua ade, na wɔyɛ saa, sɛ wɔwɔ ɔpɛ ankasa sɛ wobehu Yehowa na wɔasom no a. Ebia wunim ebinom a wɔayɛ saa. Sɛ nhwɛso no, wɔhyɛɛ Alice Okon a ɔwɔ Nigeria no nkuran sɛ ɔnkenkan Bible no na onsua anidaso a ɛde ma no ho ade; otiei, na onyaa anidaso a ɛda yɛn anim no mu anigye. Ɛwom sɛ na wadi mfirihyia 80 de, nanso na ɛnyɛ nea wanyin dodo sɛ obetumi asua ade. So wunsusuw sɛ ɔmaa Yehowa ani gyei? Ɔyɛ ɔdefo wɔ gyidi fam. Mmebusɛm 3:14 ma yɛn awerɛhyem sɛ nyansa a yebenya no “ye sen dwetɛ . . . na ne mfaso sen sika amapa.” Sɛ obi tumi ka nokware no ho asɛm yiye a, ne nsɛm yɛ sɛ “sika aduaba wɔ dwetɛ kyerɛnkyɛ mu.”—Mmebusɛm 25:11; Kolosefo 3:16.
Gyidi ne Nnwuma Pa mu Adefo Ɛwom sɛ Wɔadi Dɛm De
A person who is born with a physical disability may feel very discouraged as he grows older and Obi a wɔwoo no no, na wadi dɛm no bɛte abasamtu nka bere a ɔrenyin na ohu sɛnea ne tebea a ɔwom no te no. Ɔhaw no yɛ kɛse ma wɔn a wodi dɛm a ɛte sɛɛ wɔ wɔn mpanyinyɛ bere mu no. So tebea no yɛ nea wontumi nyɛ ho hwee mma saafo yi? Dabi, ebetumi abue daa nkwa hokwan mpo.
Wɔ Wiase Nyinaa Ko I mu no, na Edward Stead wɔ baabi a wɔhwɛ apɔnkɔ so wɔ kurow ketewaa Arvada, Wyoming, U.S.A. mu, na ne yere nso wɔ ahɔhodan. Spanish influensa a ɛbɔɔ no no maa ɔyaree ɔkwaha bi a emu yɛ den, na ɛmaa n’akwaa so yɛɛ den araa kosi sɛ ɛmaa ne mu kuntun. Ɛwom sɛ na ontumi nyɛ hwee de, nanso na otumi kasa na ne nsa tumi keka ne ho kakraa. Bere tiaa bi mu de, osusuw ho sɛ obekum ne ho. Afei obehuu nokware no, na ɔde ahopere gye toom.
Mfiase no na ɔtra ahɔhodan no ano na ɔka ne gyidi foforo no ho asɛm kyerɛ ahɔho no. Na otumi de ne nsa di dwuma de bue nhoma bi a ɛka Bible mu nsɛm mu kyerɛ wɔn a wogyina tiee no no. Ebinom a wɔn ani gyee ne mmɔdenbɔ no ho no frɛɛ no ɔsɔfo obubuafo no. Afei, osii gyinae sɛ, sɛ wobetumi ayɛ afiri soronko bi a ɔbɛtra mu wɔ lɔre bi akyi ama no a, anka obetumi akɔka asɛm no wɔ nkurow afoforo so. Wɔyɛɛ eyi maa no, na ɔde mfe pii yɛɛ akwampae adwuma no wɔ saa kwan soronko yi so, na otwaa kwan akwansin mpempem pii fi Wyoming kɔɔ Texas, a akwampaefo a wɔn mfe nkɔɔ anim pii baanu anaa baasa ka ne ho na wɔhwɛ ne so. Bere tenten a ɔde traa ase nyinaa no, ɔyɛɛ nkuranhyɛ kɛse maa wɔn a na wonim no nyinaa.
Sɛ wote abasamtu nka esiane ɔhonam mu dɛmdi bi nti a, yɛsrɛ wo kenkan kyerɛwtohɔ a ɛwɔ November 15, 1986 Watchtower no, nkratafa 22-5 mu no. Mmarima a wɔbɔɔ wɔn din wɔ hɔ no nyinaa yɛ mpanyimfo, honhom mu afotufo, a wɔfata sɛ wɔbɛkyekye wɔn nuanom a ebia wɔwɔ ɔhonam mu ahoɔden, nanso wohia honhom fam denhyɛ no werɛ. Hwɛ adefo ara a wɔyɛ wɔ Onyankopɔn ani so!—1 Timoteo 6:18.
Esterleta Dick, a wadi mfirihyia 63 no de mfirihyia 16 na ayɛ ɔdansefo a wɔabɔ no asu. Wɔ 1978 mu no, n’ani furae, nanso ɔde mfe abien a atwam no asom sɛ daa ɔkwampaefo. Ɔkwan bɛn so na eyi betumi ayɛ yiye? Wiɛ, ma ɔmma mmuae.
Ose, “onuawa ɔkwampaefo kumaa bi bisaa me da koro sɛ: ‘Onuawa Dick, wutumi du wo botae ho mmere biara mu sɛ ɔkwampaefo boafo. Dɛn nti na wommɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ daa ɔkwampaefo?’”
Na Esterleta suro sɛ ɔbɛyɛ ɔhaw ama anuanom no, nanso ɔkaee sɛnea na ɔmansin sohwɛfo no ahyɛ akwampae adwuma ho nkuran no. Ose: “Mifii ase, na mprempren madi mfe abien wɔ akwampae adwuma no mu. Meyɛ mmorɔn so asɛnka, na mewɔ sankɔhwɛ ahorow pii. Bio nso, meyɛ ofie Bible adesua asia. Ɔkwan bɛn so? Ansa na mɛkɔ akɔsra ofiewura no, wɔkenkan nea yɛrekosua no kyerɛ me wɔ fie, a kyerɛw nsɛm a wɔabɔ din no nso ka ho, na ɛno ma metumi kasa wɔ adesua no ase. Me Bible adesuafo no mu baasa ne me kɔ nhyiam ahorow no, na obiako abɔ asu.”
Obiara Betumi de Ayɛyɛde ‘Ahyɛ Ne Nsam Ma’
So honhom fam nneɛma nkutoo na yebetumi de ama? Dabi, bere a tete Ɔhene Dawid reyɛ nsiesiei ama asɔrefi no si no, obisae sɛ: “Ɛhena na oyi ne yam de ayɛyɛde hyɛ ne nsam ma ma Yehowa?” (1 Beresosɛm 29:5, New World Translation) Obiara betumi ayɛ saa. Saa ara na nnɛ, mmofra ne mpanyin, wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne wɔn a wonni ahoɔden mu no, pii wɔ ɔpɛ sɛ wobefi wɔn yam de ɔhonam fam ntoboa ama ma wɔde atrɛw Ahenni nneɛma mu. Obi betumi afa baa dwumadibea a ɛwɔ ne man mu anaa asafo a ɛwɔ hɔ no so ayɛ saa. Saa kwan yi so no, obiara betumi aboa, sɛnea obetumi, ma wɔatua ɛka a wɔbɔ na ama wɔahwɛ sɛ wɔka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa no. Ɛyɛ hokwan.—2 Korintofo 9:8-12.
Nea ɛho hia kyɛn saa ne sɛ, wowɔ honhom fam ahonyade a wɔde bɛhyɛ Yehowa anuonyam. Wɔn a wonnyinii no wɔ wɔn mmofraase ahoɔden. Wɔn a wɔankɔ sukuu no betumi asua sɛ wɔde wɔn anofafa aba bɛma Yehowa. Wɔn a wɔadi dɛm no betumi, na wɔatumi anya nkɔso wɔ nimdeɛ, nyansa, ne ntease mu, ma enti, ɛnyɛ sɛ wɔn mu pii de wɔn bere nyinaa kamfo Yehowa nko, na mmom wɔyɛ afotufo ne ahwɛfo wɔ Kristofo asafo no mu. So wonyɛ ɔdefo nsen sɛnea wususuwii no anaa? Enti, fa w’ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam.—Hebrifo 13:15, 16.