-
Wode Wo Koma Besi Nea Wɔakyerɛw no So Anaa?Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017 | March
-
-
12 Bible nkyerɛ nea ɛmaa Hesekia koma maa ne ho so. Ɛbɛyɛ sɛ Asiria so nkonim a odii anaa ayaresa a Onyankopɔn ma onyae anwonwakwan so no na ɛma ɔyɛɛ saa anaa? Anaa “ahonyade ne anuonyam pii” a na ɔwɔ no nti na ɔyɛɛ saa? Sɛnea ɛte biara no, esiane sɛ Hesekia koma maa ne ho so nti, Hesekia “yɛɛ bonniayɛ, yiye a wɔyɛɛ no no ho.” Hwɛ awerɛhosɛm! Ɛwom sɛ Hesekia tumi srɛɛ Onyankopɔn kae sɛ ɔde koma a edi mũ na asom no de, nanso bere bi de, wanyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Akyiri yi, Hesekia “brɛɛ ne ho ase,” enti Onyankopɔn abufuw amma ɔne ne nkurɔfo no so.—2 Be. 32:25-27; Dw. 138:6.
-
-
Wode Wo Koma Besi Nea Wɔakyerɛw no So Anaa?Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017 | March
-
-
14 Sɛ afoforo kamfo yɛn a, ɛyɛ papa sɛ yɛde asɛm a Yesu kae no bɛyɛ adwuma. Yesu kae sɛ: “Sɛ moyɛ nea wɔahyɛ mo nyinaa wie a, monka sɛ, ‘Yɛyɛ nkoa a mfaso nni yɛn so. Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara na yɛayɛ no.’” (Luka 17:10) Ɛha nso, yebetumi asua biribi afi Hesekia asɛm no mu. Nea ɛkyerɛ sɛ Hesekia koma maa ne ho so ne sɛ ‘ɔyɛɛ bonniayɛ, yiye a wɔyɛɛ no no ho.’ Sɛ yedwinnwen nea Onyankopɔn ayɛ ama yɛn ho a, ɛbɛboa yɛn na yɛanna suban bi a Yehowa ani nnye ho adi. Yebetumi aka Yehowa ho asɛm de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn. Nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ne sɛ, ɛyɛ ɔno na ɔde Kyerɛw Kronkron no ne honhom kronkron a ɛboa yɛn no ama yɛn.
-