Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 6/8 kr. 29-30
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmea Nnwuma a Ɛboro So
  • Ɔsom Ho Nsɛm a Ɛwɔ “Mfiri Nwonwaso” Mu
  • Nhwiren a Ɛsõ na Ɛbɔn Ankasa
  • Lourdes a Ɛwɔ Italy Anaa?
  • Brazil “Ɔko Kronkron” No
  • Kurow Awɛmfo Kuw Bi Nnipakum
  • Nea Ɛhaw Adwene Wɔ Apete a Wonnyin Nwiei Ho
  • Suka Mu Ahintasɛm Ho Nkyerɛkyerɛmu
  • Bible Mmere Mu Yerusalem—Dɛn na Fam a Wotutu Hwehwɛ Tetefo Nneɛma mu Da no Adi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Nyan!—1996
g96 6/8 kr. 29-30

Wiase Nsɛm

Basabasayɛ Asɛe Koraa

Wɔn a wɔyɛ agumadi te sɛ akuturukubɔ anaa karate ho nhyehyɛe wɔ United States no ayɛ biribi foforo a wɔfrɛ no “ntɔkwaw kɛse,” anaa “ntɔkwaw a ɛkyɛn so” ama wɔn a wɔte nka sɛ ɛnyɛ basabasayɛ kɛse no. Sɛnea The New York Times mu amanneɛbɔ bi kyerɛ no, ɔkwan a wɔfa so no yɛ tiawa: “Mmarima baanu de tentam kosi sɛ obiako de ehu bɛka sɛ wagyae anaasɛ wɔbɛbɔ no ahwe hɔ ma ade atɔ ne so.” Wɔnhyɛ ahyɛnsa biara mfa nnwudwo akuturuku no ano; enni ahomegye bere na wonnyinagyina; mmara kakraa bi na ɛwom ka kekaw a wɔnkekaw anaa obi aniwa a ɔfoforo mfa ne nsa nwɔw mu ho. Wɔn a wɔko no de akuturuku, judo, karate, atentam, anaa abɔnten so ntɔkwaw gyegyeegye akwan na ɛko—na mpɛn pii no, ɛkowie mogyahwiegu pii mu. Wɔyɛ agumadi no kyerɛ nnipadɔm a wɔde anigye bɔ gye so denneennen a wotua bɛyɛ $200 wɔ tekiti ho no; nkurɔfo taa hwɛ ntɔkwaw no wɔ TV nso so na wɔfɛm ho video kasɛt hwɛ. Nanso, amantam bebree abara saa dwumadi ahorow no dedaw.

Mmea Nnwuma a Ɛboro So

Mmarima ne mmea nyinaa kyɛ fie nnwuma pɛpɛɛpɛ anaa? Nhwehwɛmu bi a Germany Ɔman Ho Akontaabu Dwumadibea no yɛe kyerɛ sɛ ɛnte saa. Sikasɛm ho ɔbenfo Norbert Schwarz ne Dieter Schäfer maa afie 7,200 mufo hwehwɛɛ bere a wɔde yɛ fie nnwuma mu yɛɛ ho kyerɛwtohɔ. Nea wɔyɛɛ mu nhwehwɛmu no bi ne nnwuma bi te sɛ nkankyee mu hohoro, nneɛma totɔ, abusuafo ayarefo a wɔhwɛ wɔn, ne kar a wɔfekyerefekyere no. Süddeutsche Zeitung no bɔ amanneɛ sɛ: “Ɛmfa ho sɛ mmea yɛ adwuma anaa wɔte fie no, bere a wɔde yɛ nnwuma a wonnye ho akatua no yɛ mmarima de no bɛyɛ mmɔho abien.”

Ɔsom Ho Nsɛm a Ɛwɔ “Mfiri Nwonwaso” Mu

Wɔn a wɔde kɔmputa yɛ nhwehwɛmu wɔ “mfiri nwonwaso,” kɔmputa mu nsɛm a ɛtoatoam ne ɛso dwumadi a wɔakeka abom, no betumi anya ɔsom ho nsɛm pii a wobetumi apaw bi nnansa yi. Seesei Wiase Nyinaa Dwumadi a Ɛtoatoam no wɔ Maria Afã, faako a wɔn a wɔrepɛ nneɛma mu ahu no betumi anya nsɛm du a wobisa wɔ Ɔbaabun Maria ho sen biara, te sɛ nea enti a bere nyinaa wɔda no adi sɛ ɔhyɛ atade bruu a ɛhoa kakra no, ho mmuae. Wɔayɛ ɔfã bi a ɛka Ammanfo, a wɔpow mfiridwuma te sɛ anyinam ahoɔden no ho asɛm, a wɔfrɛ no Bisa Ammanfo. Wotintim nsɛmmisa bi a ɛba afiri no so kɔma wɔn, ma wɔde wɔn nsa kyerɛw ho mmuae no, na wɔde mmuae no gu kɔmputa so kɔma afoforo—denam ntamgyinafo bi so. The Christian Century ka sɛ seesei “ɔfã” bi wɔ Ntoatoam no so a wɔfrɛ no Bɔneka Adaka, a afiri so sɔfo bi bisa sɛ, “Bɔne bɛn na wopɛ sɛ woka?” Nea ɛtoa ɛno so ne mmuae ahorow a obi betumi apaw emu biako. “Bɔne a meyɛe na edi so yi: (Awudi) (Awaresɛe) (Anibiannaso) (Akɔnnɔ Ntraso) (Sikanibere) (Nnaadaa) (Adidi Ntraso) (Ahantan) (Abufuw) (Anibere) (Ahiasɛm a Mimmu no Aniberesɛm).”

Nhwiren a Ɛsõ na Ɛbɔn Ankasa

Nhwiren a ɛsõ sen biara wɔ wiase no yɛ abɔde soronko ankasa. Wɔfrɛ no rafflesia, na ne kɛse reyɛ ayɛ sɛ bɔs tai, na bere a edi ansa na apae no ne bere a wɔde nyinsɛn nipa kosi sɛ wɔbɛwo no yɛ pɛ. Na ɛnyɛ nhwiren no kɛse nkutoo nti na ɛmfata sɛ wɔtete de yɛ afɛfɛde. Ɛbɔn. Sɛnea ɛbɛyɛ na rafflesia afrɛfrɛ anwansena ma wɔde nhwiren aba apetepete so no, ɛbɔn te sɛ nam a aporɔw. Bere bi a atwam no, wɔn a na wɔtete kwae a rafflesia fifi wom mu wɔ Malaysia nkuraase no frɛɛ no ɔbonsam ayowa, na sɛ wohu ara pɛ a, na wotwitwa mu gu. Nanso, sɛnea South China Morning Post kyerɛ no, Malaysia ɔman mmoa ayɛmmea a ɛwɔ Kinabalu no ayɛ biribi de rebɔ nhwiren soronko no ho ban na ama nyansahufo atumi ayɛ mu nhwehwɛmu bi aka ho. Seesei wɔn a wɔte nkuraase no nya sika pii denam akwantufo a wɔkyerɛ wɔn kwan kɔ kwae no mu ma wokotwitwa rafflesia no mfonini no so. Akyinnye biara nni ho sɛ nnipa dodow no ara hwɛ yiye na wɔammɛn ho pii.

Lourdes a Ɛwɔ Italy Anaa?

Wɔ Italy kurow a ɛne Civitavecchia no, wɔkyerɛ sɛ Ɔbaabun Maria honi no suu mogya nnansa yi, na ɛmaa wɔn a wɔrepɛ biribi ahu ne ɔsom ho akwantufo ɔpedudu pii sen yuu baa hɔ. Esiane eyi nti ɔdekuro, Pietro Tidei, a ose ɔnyɛ gyidini no ne Katolek sɔfo panyin bi tuu kwan kɔɔ France. Wɔkɔɔ Lourdes kurow a agye din a nkurɔfo nim sɛ ɛwɔ Katolek kronkronbea a wɔkyerɛ sɛ “anwonwade” sisi wɔ hɔ no. Na wɔn nsrahwɛ no nyɛ ɔsom ho akwantu. Mmom no, na wɔn atirimpɔw ne sɛ wɔbɛyɛ Lourdes “sikasɛm mu anwonwade” no mu nhwehwɛmu, a ɛda adi sɛ na wɔrepɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ahyehyɛ Civitavecchia adi so ma ɛhɔ nso abɛyɛ ahɔho ne ɔsom ho akwantufo Mecca a ɛde sika pii ba.

Brazil “Ɔko Kronkron” No

Pentekoste sɔfo bi a ɔwɔ Brazil fii adeyɛ bi a ɔman no atesɛm nkrataa afrɛ no ɔko kronkron ase nnansa yi. Ɔsɔfo no, Sergio von Helde, kaa Katolek Asɔre no ahonisom ho asɛmmɔne wɔ ɔman TV amanneɛbɔ mu. Bere a ɔrekyerɛkyerɛ nsɛm no mu no, ɔde Yɛn Aparecida Baabun no honi a wɔde anwenne ayɛ, Ɔbaabun Maria a wɔayɛ no tuntum a Brazil Katolekfo 110,000,000 de ayɛ wɔn hotefo panyin no, sii hɔ. Von Helde frɛɛ ohoni no “abaduaba a ɛyɛ ahodwiride ne aniwude,” bobɔɔ no asotɔre de ne nan bobɔɔ no mpɛn pii. Katolekfo mpempem pii ayɛ ɔyɛkyerɛ atia adeyɛ no wɔ mmɔnten so a na wokurakura ɔhotefo panyin no honi. Nnipakuw a wɔn ani abere reteɛteɛm na wɔretotow abo kotwaa Von Helde Pentekoste fekuw no, a wɔfrɛ no Onyankopɔn Ahenni no Amansan Asɔre no asɔredan no bi ho hyiae. Von Helde a asɔre yi titrani abɔ no asɛn no de asodi no ato nsɛm ho amanneɛbɔfo so sɛ woyii ne ntua no kyerɛe wɔ television so mpɛn pii. Ɔsɔfo no kyerɛ sɛ: “TV Globo [ɔman no television adwuma a emu trɛw sen biara] no adan me sasabonsam.”

Kurow Awɛmfo Kuw Bi Nnipakum

Wɔ South Africa no, nnipakuw bi a wɔn bo afuw kɔfaa nnipa bi a na wobu wɔn sɛ wowiawia kar dwidwaa wɔn, na wɔde aduru a wɔde ka nneɛma ho guu wɔn so. Saturday Star atesɛm krataa no kae sɛ saa nsɛm no a adɔɔso no yɛ “adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔman bi nni ne polisifo mu ahotoso bio, na nsɛmmɔnedi abɔ wɔn dam na amee wɔn.” Ɛwom sɛ nsɛmmɔnedi ho abenfo mpene saa suban no so de, nanso wobu aduru a wohwie guu wɔn a wodii wɔn awu no so wɔ ɛno akyi no sɛ ade titiriw. Wɔde yɛɛ kɔkɔbɔ maa afoforo a wobetumi adi nsɛmmɔne. Nsɛmmɔnedi ho ɔbenfo biako kae sɛ: “Biribiara kyerɛ sɛ tebea no agye nsam koraa ma ɔmamfo no nni adwene a ɛne sɛ nsɛmmɔnedifo atwa wɔn ho ahyia no ho koma bio.”

Nea Ɛhaw Adwene Wɔ Apete a Wonnyin Nwiei Ho

California pete—anomaa kɛse bi a ɔwe nam a aporɔw, a n’ase reyɛ atɔre wɔ afeha yi mu—no rema wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ ho ban a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔde apete a wɔakyere wɔn ayɛn wɔn no bɛkɔ wuram no rehyia nsɛnnennen soronko bi. Mmoa ho bammɔfo bi a wɔfaa n’asɛm kae wɔ New Scientist mu no ka sɛ nnomaa no a wogyae wɔn bere a wonnyin nwiei no, “wɔ wɔn mmofraberem, na wɔyɛ asɛmpɛfo a wɔpɛ sɛ wɔsɔ biribiara hwɛ.” Suro a wonsuro nnipa ne anyinam nhama no ama wɔn mu pii ahwere wɔn nkwa anaa wɔn ahofadi. Enti mmoa ho bammɔfo no anya ɔkwan foforo a wɔfa so yɛn apete mma. Wɔde anyinam ahoɔden a ano nyɛ den kye anomaa no de kyerɛ no sɛ ɔnkwati anyinam nhama. Nea wɔde kyerɛ opete no ma osuro nnipa ne sɛ, wɔmma onhu wɔn, gye sɛ ɛwom ara a, nnipa pii kopue anomaa no so prɛko pɛ kyere no, de n’akyi to fam. New Scientist ka sɛ “Apete kyi saa ade yi,” ma enti wosua sɛ wɔbɛkwati nnipa. Ɛde besi saa bere yi no, ɔkwan a wɔfa so no adi nkonim akosi baabi.

Suka Mu Ahintasɛm Ho Nkyerɛkyerɛmu

Efi bere tenten na wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ntumi nhu nea enti a Hesekia suka a wotui wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu na ama wɔanya nsu ama Yerusalem, bere a Asiria asraafo twaa ho hyiae no, yɛ basaa na akyeakyea saa. Sɛ wotwaa kwan no yiye ma ɛkɔɔ tẽẽ a, anka wotu maa ne tenten yɛɛ mita 320 pɛ, sen sɛ ɛyɛɛ mita 533 no. Wohuu tete Hebri nkyerɛwee bi wɔ suka no ban ho wɔ 1880 mu. Ɛkyerɛɛ sɛnea adwumayɛfo akuw abien fii ase fii suka a wɔpaee abotan mu nyae no ti ne ti de behyiaam wɔ mfinimfini no. Eyi maa asɛmmisa foforo sɔree wɔ sɛnea ɛyɛe a wotumi yɛɛ saa esiane sɛ suka no mu kwan no nyɛ tẽẽ nti. Abotan ho abenfo te nka seesei sɛ wɔanya ho mmuae. Sɛnea Dan Gill a ɔwɔ Israel Abotan Ho Nhwehwɛmubea no kyerɛ no, adwumayɛfo no faa asubonka kɛse a ɛno ankasa bae denam nsu a ɛfaa abotan a asasewosow ama apae mu anaa faako a abotan ahorow hyiam so no mu. Bere kɔɔ so no, ebetumi aba sɛ eyi mu baabaee, na ɛno betumi ama wɔate nea enti a suka no korɔn nyɛ pɛ wɔ afã nyinaa na baabi yɛ mita 1.7 na afoforo nso yɛ mita 5, ne afei nea ɛyɛe a adwumayɛfo no a wɔde ngo akanea dii dwuma no tumi nyaa mframa a ɛfata no ase. Na adwumayɛfo no ho akokwaw nso, efisɛ na tumi a wobetumi atu suka no gyina sian a ɛhɔ nyinaa besian kakra so—sɛntimita 31.75 pɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena