Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Dwen Onyankopɔn Anwonwade Ho
    Ɔwɛn-Aban—2001 | April 15
    • 3. Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Hiob 38:22, 23, 25-29 no, nneɛma bɛn na Onyankopɔn bisaa ho asɛm?

      3 Eduu baabi no, Onyankopɔn bisaa Hiob sɛ: “So woakɔ sukyerɛma korabea, anaa woahu amparuwbo akorae no, ade a makora masie ahohia bere ne ɔko ne dɔmdi da no?” Sukyerɛma ne amparuwbo ka nkurɔfo asetra ho wɔ asase so mmeae pii. Onyankopɔn toaa so sɛ: “Hena na oyiyi akã ma osu ne ɔkwan ma aprannaa asraman no, sɛ ɔbɛma osu atɔ asase a obi nni hɔ so, ne wura a onipa bi nni mu mu, na wama amamfo ne asase hunu amee, na wama wura a efuw no afefɛw? So osu wɔ agya, anaasɛ hena na ɔwo obosu a ɛsosɔ? Hena yam na nsu nkyenkyenee fi, na ɔsoro bosu a akyenkyen no, hena na ɔwoe?”—Hiob 38:22, 23, 25-29.

  • Dwen Onyankopɔn Anwonwade Ho
    Ɔwɛn-Aban—2001 | April 15
    • 7. Onipa nimdeɛ wɔ osutɔ ho no kodu he?

      7 Na osutɔ nso ɛ? Onyankopɔn bisaa Hiob sɛ: “So osu wɔ agya, anaasɛ hena na ɔwo obosu a ɛsosɔ?” Nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm koro no ara ka sɛ: “Esiane sɛnea nneɛma a ekyinkyin wɔ wim dɔɔso, na tutuw ne mporoporowa a ɛwɔ mframa mu gu ahorow pii nti, ɛte sɛ nea yentumi nkyerɛkyerɛ ɔkwan a omununkum fa so hyehyɛ na osu nam so tɔ no mu.” Nyansahufo de nsɛm a asete nyɛ den akyerɛkyerɛ mu, nanso wontumi nkyerɛkyerɛ osutɔ mu koraa. Nanso, wunim sɛ osu tɔ, na egugu asase so ma afifide yɛ yiye, na ɛma abɔde a nkwa wom tumi tra ase nya ahotɔ.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena