Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Trenee A Wobu Obi Sɛ Onyankopɔn Adamfo
    Ɔwɛn-Aban—1986 | July 1
    • 6, 7. (a) Wobuu nnipa binom trenee koduu he ansa na Kristo afɔrebɔ wu no reba? (b) nhwɛso ahorow a ɛfa Yehowa tete asomfo a wonyaa trenee gyinabea ho no bi ne nea ɛwɔ he?

      6 Ogye fi bɔne ne owu mu ho anidaso a adesamma wɔ no gyina “aseni” a wɔahyɛ ne ho bɔ, Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro, no ba no so. (Yohane 3:16) Ansa na Kristo rewu afɔrebɔ wu no, na ɔkwan biara nni hɔ a nnipa bɛfa so anya “bembu ne nkwa,” anaasɛ “bu a wobebu wɔn trenee ama nkwa.” (Romafo 5:18, Revised Standard Version; New World Translation) Nanso ansa na Kristo retua agyede no na wɔde agye onipa mpo no, na mmarima ne mmea binom wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ no mu gyidi na wɔde nnwuma kaa saa gyidi no ho. Esiane eyi nti, Yehowa fi ayamye mu de wɔn bɔne firii wɔn na ogyee wɔn toom sɛ n’asomfo. Ofi ɔdɔ mu buu wɔn sɛ wɔn ho nni asɛm wɔ nsɛso kwan so, sɛ wode wɔn toto adesamma dodow no ara a wɔatwe wɔn ho afi Onynkopɔn ho no ho a. (Dwom 32:1, 2; Efesofo 2:12) Ɔmaa wɔn trenee gyinabea, obuu wɔn trenee koduu baabi a ɛfata saa bere no.

      7 Enti gyidi nti na Habel “nyaa‘ adanse sɛ ɔteɛ.” (Hebrifo 11:4) Noa ‘bɛyɛɛ gyidi ho trenee difo.’(Hebrifo 11:7) Wɔ ne sintɔ ahorow nyinaa akyi no, wɔkaa Hiob ho asɛm sɛ ‘odi mu na ɔteɛ.” (Hiob 1:1, 22; 7:21) Pinehas daa nnamyɛ wɔ ɔsom kronn ho adi, “na wobuu eyi trenee maa no.” (Dwom 106:30, 31; Numeri 25:1-13) ‘Ɛdenam gyidi’ ne ayamye nnwuma a ɔyɛ maa Onyankopɔn nkurɔfo so no, aguaman Rahab a ɔnyɛ Israelni no nyaa trenee gyinabea, anaasɛ wobuu no trenee. -Hebrifo 11:31; Yakobo 2:25.

  • Trenee A Wobu Obi Sɛ Onyankopɔn Adamfo
    Ɔwɛn-Aban—1986 | July 1
    • Yehowa Nkae Nhoma No

      11. Henanom na wɔkyerɛw wɔn din wɔ Yehowa nkae nhoma no mu, na dɛn ntia?

      11 Nsɛso kwan so trenee a wɔde dom mmarima ne mmea gyidifo a wɔtraa ase ansa na Kristo reba no yɛ trenee ne pɛyɛ ankasa a ɛbata daa nkwa a wobetumi anya wɔ Onyankopɔn asase foforo no so no ho sɛnkyerɛnne. Esiane nkwa ho anidaso a wɔwɔ no nti, wobetumi abu wɔn sɛ wɔakyerɛw wɔn din wɔ nkae nhoma no mu. (Fa toto Malaki 3:16; Exodus 32:32, 33 ho.) Emu na wɔn a Yehowa bu wɔn “atreneefo” a wɔnam trenee nnwuma so ada wɔn gyidi adi na wɔafata sɛ wonya daa nkwa wɔ asase so no din wɔ.-Dwom 69:28; Habakuk 2:4.’

      12. Dɛn na ɛsɛ sɛ “atreneefo” a wonyan wɔn no yɛ na ama wɔn din akɔ so atra Yehowa nkae nhoma no mu?

      12 Nanso na wonnya nkyerɛw saa din ahorow yi wɔ Yehowa “nkwa nhoma” no mu ɛ. (Adiyisɛm 20:15) Sɛ saa tete mmarima ne mmea gyidifo yi san ba asase so wɔ ‘wɔn a wɔteɛ owusɔre’ no mu a, akyinnye biara nni ho sɛ wɔde gyidi begye Yehowa nkwa nsiesiei denam Kristo ogye afɔre no so no atom. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Enti wɔbɛyɛ Yesu “nguan foforo” no fã a “nnipakuw kɛse” a saa bere no na wɔatwa “ahohiahia kɛse” no ka ho. (Yohane 10:16; Adiyisɛm 7:9, 14) Wɔ saa yɛ mu no, wɔbɛkɔ so ara ama wɔn din atra Yehowa nkae nhoma no mu.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena