Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w05 10/15 kr. 32
  • ‘Wɔn a Wosian Kɔɔ Po So Wɔ Ahyɛn Mu’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Wɔn a Wosian Kɔɔ Po So Wɔ Ahyɛn Mu’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
w05 10/15 kr. 32

‘Wɔn a Wosian Kɔɔ Po So Wɔ Ahyɛn Mu’

WƆDE kɔbere mfrafrae ayɛ po so hyɛn kwankyerɛfo bi a ɔrekyerɛ ne hyɛn kwan afa ahum bi mu honi anim akyerɛ po so hyɛn gyinabea a ɛwɔ Gloucester, Massachusetts, U.S.A. no. Wɔde ohoni no kae Gloucester apofofo mpempem pii a wɔkyerɛ sɛ wɔawuwu wɔ po mu no. Wɔakyerɛw nsɛm a ɛwɔ Dwom 107:23, 24 wɔ ohoni no ase ne nkaedum bi a ɛbɛn ho no so sɛ: ‘Wɔn a wosian kɔɔ po so wɔ ahyɛn mu, na wɔkɔyɛɛ adwuma wɔ nsu akɛse mu no; Eyinom na wohuu Awurade nneyɛe, ne n’anwonwade ebun mu.’—King James Version.

Mpataa a woyi wɔ Atlantic po a emu dɔ mu no yɛ adwuma a ɛyɛ hu paa. Wɔ mfe pii atwam no mu no, wɔkyerɛ sɛ mmarima a wɔn dodow si 5,368 a wofi Gloucester kurow a nnɛ emu nnipa bɛyɛ 30,000 no na wowuwui bere a na wɔreyi mpataa wɔ po mu no. Wɔakyerɛw nkaedum no ho sɛ: “Mframa a ano yɛ den ne asorɔkye akɛse a ɛyɛ hu a efi atifi fam apuei no bɔ faa wɔn mu binom mpofirim. Ebinom a na wɔn nkutoo te ahyɛmma mu no wuwui bere a wɔn ahyɛmma no yera fii ahyɛn akɛse a na ɛde wɔn ba mpoano ho no. Asorɔkye akɛse bi nso bɔɔ ahyɛn no bi ma ɛmemee. Ahyɛn akɛse twiw faa ebinom nso so.”

Nkaedum no ma yehu adwumaden a apofofo ayɛ ne asiane a wɔahyia mfehaha pii no ho adanse a ɛyɛ awerɛhow no. Twa sɛnea wɔn a wɔhweree wɔn kununom, agyanom, nuabarimanom, ne mmabarima de ahoyeraw sui no ho mfonini hwɛ. Nanso, Yehowa Nyankopɔn werɛ remfi akunafo, nnyanka, anaa wɔn a po faa wɔn no. Ɔsomafo Yohane kaa nea ebesi daakye yi ho asɛm sɛ: “Ɛpo yii emu awufo mae, na owu ne Hades yii emu awufo mae.” (Adiyisɛm 20:13) Wɔ wɔn wusɔre mu no, wɔn a ‘wɔde ahyɛn kɔɔ po ase’ no behu ‘Awurade nnwuma, ne n’anwonwade’ ampa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena