Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 11/1 kr. 10-15
  • Kristo De Nnamyɛ Kyerɛ N’asafo No Kwan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristo De Nnamyɛ Kyerɛ N’asafo No Kwan
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔsoro Kwan A Wonam So Di Asafo No So Wɔ Nnamyɛ Mu
  • Sodikuw A Aniwa Nhu
  • Kristo Ankasa Akanni
  • Kristo Gyinaa Sodikuw No Mufo Akyi
  • Gyinaesi Soronko Bi
  • Kristo Da So Ara De Nnamyɛ Kyerɛ N’asuafo No Kwan
  • Hena na Ɔredi Onyankopɔn Nkurɔfo Anim Nnɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Biako A Yɛne Sodikuw No Bɛyɛ Nnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Ɔkwan Bɛn so na Akwankyerɛ Kuw no Yɛ Adwuma Nnɛ?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
  • “Mo Kannifo Yɛ Biako, Ɔne Kristo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 11/1 kr. 10-15

Kristo De Nnamyɛ Kyerɛ N’asafo No Kwan

‘Yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn . . . de no ayɛ ade nyinaa so ti ama Asafo no.’​—Efesofo 1:17, 22.

1. Ɔkwan bɛn so na Kristoman mufo binom bebua asemmisa a ɛne sɛ’Hena ne wo kannifo?’ no, nanso Yehowa Adansefo bua dɛn?

YEHOWA ADANSEFO nnye onipa biara ntom sɛ wɔn kannifo. Wɔn ahyehyɛde no nni obi a ɔte sɛ Roman Katolek Asɔre no paapa no, Apuei Fam Ortodoks Asɔre ahorow no tete agyanom, anaasɛ Kristoman mu asɔre afoforo no akannifo. Yesu Kristo na wodi no nokware, nea ɔyɛ Kristofo asafo no Ti a ɔkaa eyi no sɛ:,“Obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, ɔne Kristo no.”-Mateo 28:10.

2. Dɛn nti na Yehowa Adansefo gye Kristo tom sɛ Kristofo asafo no Ti, na nsɛm bɛn na wobetumi abisa?

2 Wɔ Pentekoste no, ɔsomafo Petro dii adanse sɛ: “Na Dawid ankɔ ɔsoro; nanso ɔno ara kae sɛ: [Yehowa] ka kyerɛe me wura sɛ: Tra me nifa kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso. Enti ma Israel fi nyinaa nhu ampa sɛ Onyankopon de Yesu yi ara a mosɛn no no ayɛ Awurade ne Kristo.” (Asomafo no Nnwuma, 2:34-36) Nanso bere a yɛahu sɛ wɔyɛɛ Yesu Awurade ne asafo no Ti wɔ 33 Y.B. mu no, so ɛsɛ sɛ yenya adwene sɛ na ɔte Yehowa nifa a ɔnyɛ hwee a ɔretwɛn sɛ wode no besi ahengua so wo 1914 mu? So yenim yiye sɛ Kristo de nnamyɛ akyerɛ n’asafo no kwan fi mfiase pɛɛ?

Ɔsoro Kwan A Wonam So Di Asafo No So Wɔ Nnamyɛ Mu

3. Dɛn na Yesu hyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛbrɛ n’asuafo, na yɛyɛ dɛn hu sɛ na ɛnyɛ onipa ho asɛm na ɔreka?

3 Anwummere ansa na Yesu rewu no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo no sɛ: “Eye ma mo sɛ mekɔ. Na sɛ mankɔ a, okyigyinafo no remma mo nkyɛn; na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn.” (Yohane 16:7) Na ɛnyɛ onipa na ɔbɛsoma no, na mmom adeyɛ tumi bi. Ɔmaa eyi mu daa hɔ pefee ansa na ɔreforo akɔ soro bere a ɔkaa eyi kyerɛɛ n’asuafo a na wɔahyiam no: “Meresoma m’agya bɔhyɛ no maba mo so; enti montra kurow no mu nkosi sɛ wɔbɛma mo ahoɔden afi soro.”​—Luka 24:49.

4. Ɔkwan bɛn so na wɔde honhom kronkron no dii dwuma fi Pentekoste reba?

4 Yesu asuafo anokwafo no traa Yerusalem mpɔtam hɔ kosii Pentekoste. Saa da no “honhom kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama,” sɛnea wɔhyɛɛ bɔ no. Petro dii adanse sɛ: “Afei wɔmaa [Yesu] so kɔɔ Onyankopɔn nifa, na onyaa agya no nkyɛn honhom kronkron bɔhyɛ no nti na wahwie nea muhu na mote yi agu.” (Asomafo no Nnwuma 2:4, 33) Ɛdenam ɔkwan yi so no, Yehowa woo saa tete Kristofo yi sɛ honhom mu mma. (Galatifo 4:6) Bio nso, Yesu nyaa honhom no fii n’Agya nkyɛn sɛ nea ɔnam so fi ne gyinabea wɔ soro wɔ Onyankopɔn nifa na ɔde adi n’asafo no so wɔ asase so wɔ nnamyɛ so.

5, 6. (a) Ɔkwan foforo bɛn na wɔde maa Kristo sɛnea ɛbɛyɛ a obedi n’asafo no so wɔ asase so? (b) Fa nhwɛso ahorow pɔtee a ɛfa sɛnea Yesu de eyinom dii dwuma de boaa n’asuafo ne asɛnka adwuma no ho ma?

5 Bio nso, ɔsomafo Petro kyerɛw wɔ Yesu ho sɛ: “Ɔkɔɔ soro no. ɔte Onyankopɔn nifa, na abɔfo ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu no abrɛ wɔn ho ase ama no.” (1 Petro 3:22) Enti abɔfo nso yɛ ɔkwan foforo a Yehowa de ama Kristo sɛ ɔmfa wɔn so nkyerɛ Kristofo asafo no kwan nnamyɛ so.

6 Enti, sɛ yɛkenkan wɔ Asomafo no Nnwuma nhoma no mu sɛ “[Yehowa] bɔfo” anaasɛ “Onyankopɔn bɔfo” yɛɛ ade de boaa Kristofo asɛmpaka adwuma no anaasɛ odi maa Kristofo asafo no mufo a, ntease wom sɛ yebegye adi sɛ saa abɔfo no yɛɛ ade wɔ Kristo Yesu akwankyerɛ ase. (Asomafo no Nnwuma 5:19; 8:26; 10:3-7, 22; 12:7-11, 27:23, 24) Sɛ́“ɔbɔfo panyin Mikael” no, Kristo wɔ abɔfo a odi wɔn anim na ɔde wɔn dii dwuma de wɔn kyerɛɛ Kristofo asafo no kwan nnamyɛ so wɔ afeha a edi kan Y.B. no mu.​—Yuda 9; 1 Tesalonikafo 4:16

Sodikuw A Aniwa Nhu

7. Dɛn bio na Kristo de dii dwuma de kyerɛ n’asafo no kwan, na kyerɛw nsɛm bɛn na ɛka saa “hwɛ adwuma” yi ho asɛm?

7 Kyerɛwnsɛm no kyerɛ nso sɛ Yesu Kristo de nnipakuw bi dii dwuma sɛ sodikuw sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkyerɛ n’asafo a ɛwɔ asase so no kwan. Bere a ofii ase no, na ɛte sɛ nea sodikuw no mufo yɛ asomafo 11 pɛ. Bere a na Petro hwehwɛ sɛ Onyankopɔn mpaw nea ɔpɛ no nsi Yuda Iskariot ananmu no, ɔfaa asɛm fii Dwom 109 kae, nea ɛka sɛ: “Ne hwɛ adwuma no, ma obi mfa.” Afei Petro ne ne mfɛfo no ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmpaw ɔbarima bi ma “ɔmfa ɔsom yi ne asomafodwuma a Yuda fii mu trenee ho” no wɔ mpae a wɔbɔɔ Yehowa no mu. Wɔpaw Matia “kaa asomafo dubiako no ho” sɛ ɔne wɔn nsom.​—Asomafo no Nnwuma 1:20, 24-26.

8. Tete nhwɛso abien bɛn na ɛkyerɛ sɛnea Kristo de sodikuw a aniwa hu no mufo dii dwuma?

8 Nhwɛso a edi kan a wɔakyerɛw ato hɔ a ɛkyerɛ sɛ asomafo dumien no yɛɛ saa “ɔhwɛ adwuma” yi sɛ sodikuw ne bere a wɔpaw mmarimaa a wɔfata wɔ honhom mu sɛ wɔnsom wɔn nuanom wɔ asafo a edi kan no mu no. (Asomafo‘no nnwuma 6:1-6) Nea ɛto so abien ne bere a Filipo fii ase kaa Kristo ho asɛm kyerɛɛ Samariafo no. Esiane eyi nti, ‘asomafo a wɔwɔ Yerusalem somaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn.’ Ɛyɛ bere a ananmusifo a. wɔyɛ sodikuw no mufo yi de wɔn nsa agu Samariafo no so nkutoo na ‘wofii ase nyaa honhom kronkron.’​—Asomafo no Nnwuma 8: 5, 14-17.

Kristo Ankasa Akanni

9. So Kristo yɛɛ ade denam abɔfo anaasɛ sodikuw no so bere nyinaa? Ma nhwɛso.

9 Enti, wɔ Kristofo asafo no mfiase pɛɛ no, na Kristo wɔ honhom kronkron, abɔfo, ne sodikuw a aniwa hu a ɛbɛma watumi de nnamyɛ akyerɛ n’asuafo kwan wɔ asase so. Ɛtɔ bere bi a, n’ankasa yɛ ade. Sɛ nhwɛso no, Kristo ankasa na ɔsakraa Paulo a na ofi Tarso no. (Asomafo no nnwuma 9:3-6) Ne nnansa akyi no, Yesu kasae tee kyerɛɛ “osuani bi” a ne din de Anania. Bere a na Yesu reda adwuma ahorow abiɛsa a ɛwɔ n’adwenem ma Saulo adi no, Yesu kae se:”Oyi ne ade a mayi no a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahene ne Israel mma anim.” (Asomafo no Nnwuma 9:10-15) Kristo frɛɛ Saulo sɛ ɔmmɛyɛ adwuma pɔtee bi. Enti Saulo bɛyɛɛ ɔsomafo, anaa obi a wɔasoma no a wonim no yiye sɛ ɔsomafo Paulo.

10. Ɔkwan bɛn so na Kristo ankasa hwɛɛ asɛnka adwuma no so?

10 Kristo ankasa hwɛe asɛnka adwuma no so. Ɛdenam honhom kronkron no a onya fii n’Agya a ɔne Yehowa nkyɛn no so no, ofii Paulo asɛmpatrɛw akwantu ahorow no ase na n’ankasa kyerɛɛ ho anigye. Yɛkenkan sɛ “Honhom kronkron kae sɛ: Munyi Barnaba ne Saulo mma me nkɔ adwuma a enti mafrɛ wɔn no mu. . . . Na afei honhom kronkron somaa wɔn saa no, wosiim kɔɔ Seleukia, na wofi hɔ nam hyɛn mu” tuu wɔn asɛmpatrɛw kwan a edi kan. (Asomafo no nnwuma 13:24) Ɛwom, honhom kronkron a ɛyɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi no rentumi ‘nka’ biribi na saa ara nso na n’ankasa rentumi ‘nsoma’ obi. Ɛda adi sɛ nea na ɔde honhom no rekyerɛ nneɛma kwan no ne Kristo a ɔne asafo no Ti no.

11. Dɛn na esii wɔ Paulo asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien no mu, na ɔkwan bɛn so na eyi kyerɛ pefee sɛ Yesu de honhom no dii dwuma de kyerɛɛ asɛnka adwuma no kwan?

11 Honhom a Yesu de dii dwuma wɔ kwan yi so bere a ɔde nnamyɛ kyerɛɛ Kristofo a wodii kan no kwan yɛ nea woaka ho asɛm pefee wɔ kyerɛwtohɔ a ɛfa Paulo asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien ho no mu. Bere a Paulo ne ne mfɛfo akwantufo no asan akɔsra asafo ahorow a ɛwɔ Likaonia (beae bi wɔ Asia Kumaa) a wɔtew wɔ asɛmpatrɛw akwantu a edi kan no mu akyi no, na ɛda adi sɛ wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ani kyerɛ atɔe fam na wɔkɔfa Roma mansin a ɛne Asia no mu. Dɛn nti na wɔanni wɔn nhyehyɛe no so? “Efisɛ honhom kronkron siw wɔn kwan sɛ wɔnnka asɛm no Asia.” (Asomafo no Nnwuma 15: 36, 40, 41; 16:1-6) Nanso na hena na ɔde Yehowa honhom kronkron no kyerɛ wɔn kwan no? Nkyekyem a edi hɔ no bua. Ɛkyerɛ sɛ bere a wɔde wɔn ani kyerɛɛ kusuu fam a na wɔpɛ sɛ wɔka asɛm wɔ Bitinia no, “Yesu honhom no amma wɔn kwan.” (Asomafo no Nnwuma 16:7) Yiw, na Yesu Kristo de honhom a onya fii n’Agya nkyɛn no redi dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde nnamyɛ bɛkyerɛ adwuma no kwan. Na ɔno ne n’Agya Yehowa pɛ sɛ asɛmpa no trɛw du Europa, enti Paulo nyaa eyi ho anisoadehu. -Asomafo no Nnwuma 16:9, 10.

Kristo Gyinaa Sodikuw No Mufo Akyi

12, 13. Bere a Paulo kɔɔ Yerusalem nea edi kan sɛ Kristoni no. dɛn na esii a na ɛkyerɛ sɛnea Kristo gyinaa gyinae ahorow a anuanom a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa a na wɔwɔ saa kurow no mu sii no akyi?

12 Bere a ɔsomafo Paulo ne asuafo a wɔwɔ Yerusalem dii nkitaho nea edi kan no, na wompɛ sɛ wobehyia no. “Enti Barnaba boaa no na ɔde no kɔɔ asomafo no nkyɛn.” (Asomafo no nnwuma 9:26, 27, NW) Paulo dii nnafua 15 wɔ ɔsomafo Petro nkyɛn. Ohyiaa Yesu nua Yakobo a saa bere no na ɔyɛ Yerusalem asafo no mu mpanyimfo no mu biako no. (Galatifo 1:18, 19) Nsɛm a edi akyi wɔ Asomafo no Nnwuma nhoma no mu no kyerɛ sɛ Yerusalem mpanyimfo no ne asomafo 12 no bɛyɛɛ Kristofo a wodii kan asafo no sodikuw no mufo.​—Asomafo no Nnwuma 15:2; 21:18.

13 Wɔ adapɛn abien a Paulo de traa Yerusalem no mu no, odii Yudafo a wɔka Hela kasa no adanse, nanso “wɔhwehwɛe sɛ wokum no.” Luka de ka ho sɛ “anuanom no tee no, wɔde no sian kɔɔ Kaesarea, na wogyaa no kwan ma ɔkɔɔ Tarso.” (Asomafo no Nnwuma 9:28-30) Nanso hena na ɔma wosii gyinae a nyansa wom yi? Mfe bi akyi no, bere a, na Paulo reka ade koro yi ara ho asɛm wɔ n’asetra mu no, ɔkae sɛ na Yesu ayi ne ho adi akyerɛ no na ɔhyɛɛ no sɛ omfi Yerusalem nkɔ ntɛm ara. Bere a Paulo ampene so no, Yesu de kaa ho sɛ: “Kɔ, na mɛsoma wo mafi ha akɔ akyirikyiri, amanaman mu.” (Asomafo no Nnwuma 22:17-21) Na Kristo fi soro rehwɛ nneɛma yiye na odii ho dwuma denam anuanom a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa a wɔwɔ Yerusalem no so na ɔyɛɛ no tee denam kasa a ɔkasa kyerɛɛ Paulo no so.

14. Ntotoho bɛn na ɛwɔ kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Asomafo no nnwuma ne Galatifo nhoma no mu a ɛkyerɛ sɛ na Kristo rekyerɛ nneɛma kwan wɔ sodikuw no nhyiam a wɔde dii twetiatwa ho dwuma no mu?

14 Saa ara nso na adwene nyinaa a wɔde si Kyerɛwnsɛm a wɔkenkan so ma wohu pefee sɛ Kristo na ɔma wɔyɛɛ nhyiam titiriw a sodikuw no yɛe sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi asemmisa a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ amanaman mufo no twa twetia na wodi Mose Mmara no so anaasɛ dabi no ho dwuma. Asomafo no Nnwuma nhoma no ka sɛ bere a asɛm no sɔree no, “wɔhyɛe [na akyinnye biara nni ho sɛ wɔyɛ Antiokia asafo no mufo a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa anaasɛ mpanyimfo] sɛ asɛm no nti Paulo ne Barnaba ne wɔn mu binom nso nkɔ asomafo ne mpanyimfo no nkyɛn Yerusalem.” (Asomafo no nnwuma 15:1, 2) Nanso bere a na Paulo reka nsɛm tebea horow a ɛma ɔkɔɔ Yerusalem sɛnea ɛbɛyɛ a wobesiesie twetiatwa ho asɛm no ho asɛm no, ɔka sɛ: “Menam adiyi so na mekɔe.” (Galatifo 2:1-3; fa toto 1:12 ho.) Sɛ asafo no Ti a ɔyɛ nnam no, na Kristo pɛ sɛ sodikuw a aniwa hu no mufo nyinaa di asɛm a ɛho hia a ɛfa nkyerɛkyerɛ ho yi ho dwuma. Ɔnam honhom kronkron no so kyerɛɛ saa mmarima a wɔwɔ ahofama yi adwene kwan wɔ wɔn gyinae a wosii no mu.—Asomafo no Nnwuma 15:28, 29.

Gyinaesi Soronko Bi

15, 16. (a) Dɛn na na sodikuw no hwehwɛ sɛ Paulo yɛ bere a ɔsan fii n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abiɛsa no mu bae akyi no? (b) Dɛn nti na afotu yi betumi ayɛ te sɛ nea ɛda nsow, na dɛn nti na Paulo dii so? (d) Asemmisa bɛn na ɛsɔre?

15 Kyerɛ a Kristo de nnamyɛ fi soro kyerɛ nneɛma kwan no ho nhwɛso foforo a ɛyɛ anigye ne nea esii wɔ Paulo asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abiɛsa akyi no. Luka ka sɛ bere a Paulo san baa Yerusalem no,ɔkaa asɛm no nyinaa kyerɛɛ sodikuw no mufo a na wɔwɔ hɔ no. Luka kyerɛwee sɛ: “Paulo ne yɛn kɔɔ Yakobo nkyɛn, na mpanyimfo no nyinaa baa hɔ bi. Na okyiaa wɔn no, ɔkaa nea Onyankopɔn nam ne som so ayɛ amanaman no mu mmiako mmiako kyerɛɛ wɔn.” (Asomafo no Nnwuma 21:17-19) Bere a sodikuw no tiee Paulo wiei akyi no, wɔde afotu a emu da hɔ pefee maa no na wɔkae sɛ: “Yɛ nea yɛreka akyerɛ wo yi.” Wɔhyɛɛ no sɛ ɔnkɔ asɔrefi hɔ na ɔnkɔda no adi wɔ baguam sɛ ɛnyɛ nea ‘ɔkyerɛkyerɛ Yudafo a wɔwɔ amanaman no mu nyinaa sɛ wonnyaw Mose, na ɔka sɛ wonntwa wɔn mma twetia, na wonni amanne no so.’​—Asomafo no Nnwuma 21:20-24.

16 Ebia obi bebisa sɛ nyansa wɔ afotu yi mu anaa. Sɛnea yɛahu dedaw no, wɔ mfe bi a na atwam mu no, na Yakobo ne ebia mpanyimfo afoforo a na wɔwɔ hɔ wɔ saa mmere horow abien no nyinaa mu no ama Paulo afi Yerusalem kɔ esiane sɛ na “Helenifo” hwehwɛ no akum no nti. (Asomafo no nnwuma 9:29) Wɔ eyi nyinaa akyi no, Paulo gyee wɔn ahyɛde no toom maa ɛne nea na waka wɔ 1 Korintofo 9:20 no hyiae. Nanso nea woyɛ no, wunya ho akatua saa ara. “Yudafo a wofi [Roma mansin a ɛne] Asia” no maa basabasayɛ sii na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobekum Paulo. Ɛdenam ade a Roma asraafo yɛɛ no ntɛm nkutoo so na amma wɔankum no. (Asomafo no Nnwuma 21:26-32) Esiane sɛ Kristo ne asafo no Ti a ɔyɛ nnam nti, dɛn nti na ɔmaa sodikuw no ka kyerɛɛ Paulo sɛ ɔnkɔ asɔrefi hɔ?

17. Ɔkwan bɛn so na gyinaesi soronko yi bɛdaa adi sɛ Onyankopɔn nsa wom, na dɛn na eyi kyerɛ?

17 Mmuae no da adi wɔ nea esii wɔ anadwo a ɛto so abien no mu bere a wɔkyeree Paulo no mu. Na wadi nnipadɔm a wɔhwehwɛ sɛ wokum no no adanse fɛfɛ na da a edi hɔ no, Sanhedrin no nso. (Asomafo no Nnwuma 22:1-21; 23:1-6) Ne mprenu so no, ɛkaa kakraa anka wokum no. Nanso saa anadwo no, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ no na ɔkae sɛ: “Ma wo bo nyɛ duru; na sɛnea woadi me ho adanse Yerusalem ha yi, saa nso na ɛsɛ sɛ wukodi adanse Roma.” (Asomafo no Nnwuma 23:11) Kae nnwuma ahorow abiɛsa a na Kristo aka ho asɛm asie sɛ Paulo bɛyɛ no. (Asomafo no nnwuma 9:15) Na Paulo asoa Kristo din akɔ “amanaman” ne “Israel mma” anim nanso na bere adu sɛ obedi “ahene” adanse Esiane saa gyinae a sodikuw no sii nti, Paulo tumi dii Roma amrado Felike ne Festo ne ɔhene Herode Agripa II, ne awiei koraa no, ɔhempɔn Nero, adanse. (Asomafo no Nnwuma atiri 24-26; Asomafo no Nnwuma 27:24) Hena na obetumi agye akyinnye sɛ ɛnyɛ Kristo na ɔmaa eyinom nyinaa sii?

Kristo Da So Ara De Nnamyɛ Kyerɛ N’asuafo No Kwan

18. Dɛn na Yesu kae ansa na ɔreforo ako soro?

18 Ansa na Yesu Kristo regyaw n’asuafo no hɔ na waforo akɔtra n’Agya nsa nifa no, ɔkae sɛ: “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Oba ne honhom kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.”​—Mateo 28:18-20.

19. Ɔkwan bɛn so na Kristo de tumi a Onyankopɔn de ama no no dii dwuma wo afeha a edi kan no mu, na dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

19 Bere a Asomafo no Nnwuma nhoma no reka Kristosom mfe a edi kan pɛɛ no ho asɛm no, ɛkyerɛ pefee sɛ Kristo de ne tumi dii dwuma denam n’asafo a ɔkyerɛ no kwan nnamyɛ so wo asase so no so. Ɔyɛɛ eyi denam honhom kronkron no, abɔfo, ne sodikuw a na asomafo 12 no ne Yerusalem asafo no mu mpanyimfo yɛ emufo no so. Yesu kae sɛ ɔbɛka n’asuafo no ho akosi nneɛma nhyehyɛe a mprempren yɛwom no awiei pɛɛ. Wɔ asɛm a edi hɔ no mu no, yebehu sɛnea ɔda so ara yɛ Kristofo asafo no Ti a ɔyɛ nnam ne sɛnea ɔrekyerɛ ne “nguan” kwan nnɛ no.

Nsɛntitiriw A Ɛsɛ Sɛ Wokae

◻ Dɛn nti na Yehowa Adansefo nnye onipa biara ntom sɛ wɔn kannifo?

◻ Ɔkwan bɛn so na Kristo de honhom kronkron no dii dwuma de kyerɛɛ tete Kristofo asafo no kwan?

◻ Ɔkwan bɛn so na Kristo de abɔfo dii dwuma de kyerɛɛ afeha a edi kan Kristofo no kwan?

◻ Ɔkwan bɛn so na Kristo de sodikuw a aniwa hu dii dwuma de kyerɛɛ n’asafo no kwan wɔ asase so?

◻ Ɔkwan bɛn so na ɛtɔ bere bi a, Kristo ankasa kyerɛɛ nneɛma kwan?

[Asase mfonini wɔ kratafa 12]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

Paul Asɛmpatrɛw Akwantu a Ɛto so Abien

Antiokia

Seleukia

KILIKIA

Tarso

Derbe

KAPADOKIA

PAMFILIA

GALATIA

Listra

Ikoniom

Antiokia

LIKIA

ASIA

BITINIA AND PONTO

Troa

MAKEDONIA

Filipi

Tesalonika

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Kristo kyerɛɛ n’asafo no kwan nso denam sodikuw a aniwa hu so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena