Onyankopɔn Bɔhyɛ Wɔ Ne Wiase Nniso Ho Yɛ Nea Wotumi De Ho To So
“Sɛ Awurade [Yehowa] se ni: Sɛ mubetumi abubu m’awia apam ne m’anadwo apam no, na awia ne anadwo amma ne bere mu a, ɛno ansa na wobebubu me ne m’akoa Dawid apam nso, na wannya ɔba a ɔbɛtra n’agua so adi hene.”—Yer. 33:20, 21.
1. Ɔkwan bɛn so na ɛda adi sɛ, ɔpene Dawid adehye busua no wɔ kyerɛwtohɔ a ɛso nni?
WIASE yi nhuu biribi a ɛte saa da! Yiw, ahene a wofi abusua biako mu a wodii tumi bɛyɛ mfe 470, na afei, wotuu wɔn ahenni no gui no akyi mfe 2,520 no, wɔsan bedii tumi bio. Abusua, a ɛwɔ kyerɛwtohɔ a ɛte saa a ɛso nni no no Yerusalem hene Dawid, Yesu Kristo a wɔwoo no Dawid kurom, Betlehem, no nana a wagye din no de no.
2. Afe 608 A.YB. mu, bere a asase so ahene a wofi Dawid abusua mu no mu nea odi akyiri no redi hene no, na Yeremia wɔ he, na na hena so nkutoo na wɔnam betumi de Dawid abusua mu ahenni no asi hɔ bio?
2 Dawid fii ase dii no nkurɔfo so hene 1077 ansa na Yɛn Bere yi reba. Nanso bere a odiyifo Yeremia fii n’adwuma a ano yɛ den no ase 647 A.Y.B. mu no, na asase so ahene a wofi Dawid abusua mu no hyɛn ne tumidi wɔ Yerusalem so no mfe 40 a etwa to no mu. Ná Yeremia yɛ ahenni a ɛtra hɔ daa ho apam a Onyankopɔn ne Dawid yɛe no akyigyinafo mmɔdenbɔfo. Nanso, afe 608 mu no wɔkyeree Yeremia de no too duam wɔ asraafo baguam, wɔ ahenkurow no mu. Na ɔwɔ awɛmfo bagua a ɛbɛn Ɔhene Sedekia, ɔhene a ɔto so 21 wɔ ahene a wofi Dawid abusua mu no mu, efi Dawid ankasa so, no ahemfie hɔ no mu. Bere a Babilonfo tuu Sedekia gui wɔ 607 A.Y.B. mu no, mfe 470 a ahene a wofi Dawid mu dii tumi wɔ Hebron ne asase so Yerusalem no baa awiei. Yesu Kristo, Dawid aseni a na woaka ne ho asɛm asie no nkutoo na na Onyankopɔn nam no so bɛsan de Dawid ahenni no asi hɔ na ahenni a ɛto ntwa da ho apam a Onyankopɔn ne no yɛe no anya mmamu.
3. Bere a ɔda duam awɛmfo baguam no, hena na Yeremia tumi ne no dii nkitaho, na ɔkwan bɛn so na nkitahodi yi fii ase nea ɛto so abien?
3 Bere a ɔwɔ asraafo hwɛ ase no na odiyifo Yeremia ne Babilonfo a na wɔatwa Yerusalem ho ahyia no ntumi nni nkitaho, nanso ɔne Onyankopɔn dii nkitaho, sɛnea yɛkenkan no: “Na Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn too so mmienu, na ɔno de, ɔda so da duam awɛmfo abangua mu hɔ, se: Sɛɛ na Yehowa a ɔyɛ ade yi, Yehowa a osiesie ma esi hɔ no a Yehowa ne ne din no, se: Frɛ me, na megye wo so, na maka wo nsɛm akɛse ne nneɛma a ahinta a wunhui ɛ.”—Yer. 33:1-3, Twi Bible dedaw.
4. Na dɛn ne “nsɛm akɛse ne nneɛma a ahinta” a wɔbɛda no adi afei no?
4 Nneɛma bɛn? Sɛ na wobedwiriw Yerusalem kurow a ɛda bepɔw so no agu fam, na bere a ayɛ amamfo mfe 70 akyi no, wɔasan akyekye. Nea ɛsen saa no, na kurow no mufo a wɔde wɔn akɔ nnommumfa mu wɔ akyirikyiri bɛboro akwansin 1,000 no bɛsan aba! Na, ɛwom sɛ na wɔrensan mfa ahenni a ɛwɔ Dawid abusua mu no nsi asase so ahengua no so de, nanso na ɛbɛkɔ so atra hɔ mfe 639, de besi 33 Y.B., bere a ɔdedifo a ɔbɛtra ahengua no so adi hene daa daa no beyi ne ho adi. Ɛbɛdaa adi sɛ saa Ɔdedifo no ne Yesu Kristo!—Kol. 1:13.
5. Dɛn na Yehowa Nyankopɔn hyɛɛ ho bɔ wɔ Yerusalem kurow a na asraafo dɔm atwa ho ahyia no ho?
5 Na asase yi Yɛfo ne ne Hyehyɛfo, Onyankopɔn a odi ɛho nsɛm ho dwuma no nkutoo na obetumi adi kan ahu na wahyɛ nneɛma a ɛtete saa ho bɔ. Ɔyɛɛ saa. Enti, adwen horow a anidaso biara nni mu a ebia nkurɔfo benya wɔ nea ebefi Dawid adehye abusua no nsɛm mu aba awiei koraa no ho akyi no, Yehowa nkutoo na na obetumi de honhom aka Yeremia ma waka sɛ:
“Na sɛɛ na Awurade [Yehowa] Israel Nyankopɔn no ka kurow yi mu adan ne Yuda ahene adan a mpempe ne afoa nti woburuwii no ho: Wɔreba ne Kaldeafo [a wɔatwa kurow no ho ahyia] abɛko, na wɔde nnipa a mikum wɔn m’abufuw ne me yamgya mu na wɔn bɔne nyinaa nti mede m’ani mahintaw ɔman yi no afunu abɛhyehyɛ hɔ amaama. Hwɛ, me ara mede ade ne nnuru mɛkyekye ne kuru so, na masa wɔn yare, na matue asomdwoe ne nokware a ɛboro so ano mama wɔn. Na mede Yuda nnommum ne Israel nnommum mɛsan aba bio, na mede wɔn masi hɔ sɛ kan no, na mɛtew wɔn ho afi wɔn amumɔyɛ a wɔde ayɛ me bɔne no nyinaa mu, na mede wɔn amumɔyɛ a wɔde ayɛ me bɔne na wɔde afom me no mafiri wɔn. Na [Yerusalem] bɛyɛ me ahosan din, ayeyi ne anuonyam, na asase so amanaman a wɔbɛte yiye a mereyɛ wɔn [a wɔayɛ nkoa] no nyinaa mu, na wɔn koma betu, na wɔn ho apopo papa nyinaa ne asomdwoede nyinaa a mɛyɛ mama no [Yerusalem] no ho.”—Yer. 33:4-9.
6. Na ayaresa a Yerusalem benya bere a wɔahwie Yehowa abufuhye agu no so akyi no bɛka amanaman no dɛn, na dɛn ntia?
6 Na Yehowa Nyankopɔn nam Babilonfo anaa Kaldeafo a wɔredi wiase so nkonim no so rehwie n’abufuhye agu Yuda ahemman no mu nkurow ahorow so. Na na ɛfata, efisɛ na Yudafo no awae afi ne mmara nsɛm ho na na wɔabu apam a ɔne wɔn agyanom yɛe no so. Enti na ɛsɛ sɛ wɔsɛe Yerusalem na wɔde emufo a aka no kɔ Babilon na wogyaw asase no to hɔ a nnipa ne nyɛmmoa biara nni so. Na Yehowa ayamye a ɛnsɛ no nkutoo na ɛbɛma wasa Yerusalem yare na wanya ahoɔden sɛ kurow a wɔasan akyekye. Na yare a Yehowa bɛsa no no bɛyɛ nea aman a wɔnyɛ Yudafo no nhwɛ kwan na wontumi nte ase, na wɔn ho bedwiriw wɔn wɔ anwonwadeyɛ Nyankopɔn a ɔte saa no ho. Na nea eyi de bɛbrɛ wɔn no bɛma amanaman yi ho apopo.
7. Na Israelfo asetra mu nneyɛe bɛn na wɔbɛsan afi ase wɔ Yuda ne Benyamin ne Yerusalem asase a na ada hɔ mpan no so bio?
7 Ɛwom sɛ wogyaw Yerusalem too hɔ sɛ amamfo mfe 70 de, nanso na ɛnyɛ sɛ anwonwadeyɛ Nyankopɔn yi diyifo no reka biribi a ɛrentumi mma bere a ɔhyɛɛ nea wɔbɛka bere a wɔatwa ne ho ahyia no ho asɛm no:
“Sɛ Awurade [Yehowa] se ni: Ɛha yi a moka sɛ asɛe a onipa ne aboa nni hɔ bio, Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmorɔn a ɛdeda mpan a onipa ne okuroni ne aboa biara nni so no, na wɔbɛte ahosan nne ne anigye nne, ayeforokunu nne ne ayeforo nne, wɔn a wɔka sɛ: ‘Monkamfo asafo Awurade [Yehowa], na Awurade [Yehowa] ye na n’adɔe wɔ hɔ daa’, no nne ne wɔn a wɔde aseda ba Awurade [Yehowa] fi no nne bio, na mede asase no nnommum mɛsan aba sɛ kan no, Awurade [Yehowa] na ose.”
“Sɛ Awurade [Yehowa] se ni: Ɛha yi a asɛe a onipa ne aboa nni mu no ne ɛso nkurow nyinaa mu na ɛbɛdan nguanhwɛfo a wɔma wɔn nguan butubutuw hɔ no adidibea bio, mmepɔw so nkurow, mmepɔw ase nkurow ne nifa fam nkurow mu, ne Benyamin asase so ne Yerusalem ho ne Yuda nkurow mu na nguan bɛfa ɔkanfo nsa ase atwam bio, Awurade [Yehowa] na ose.”—Yer. 33:10-13.
WƆHYƐ WIASE SODIFO A ƆREBA HO BƆ
8. So ahoɔden bio a Yerusalem nyae wɔ 537 A.Y.B. mu no ma wɔsan de Dawid abusua mu ahenni no sii hɔ anaa, na dɛn na na ɛbɛba daakye?
8 Yerusalem ayaresa no fii ase 537 A.Y.B., nanso wannya ɔhene a ofi Dawid adehye busua no mu saa bere no. Nea onyae ara ne amrado a ɔyɛ Dawid aseni. Na saa amrado yi hyɛ Mediafo ne Persiafo a wodii Babilon Wiase Tumi no so nkonim no ahemman ase. Ɛnde, apam a Yehowa ne Ɔhene Dawid yɛe sɛ ɔbɛma ahenni a ɛto ntwa da atra hɔ wɔ Dawid asefo mu no nso ɛ? Dawid adehye busua no a wotu gui bere tiaa mu saa bere no akyi no, Yehowa ahenni apam no sii so dua sɛ ná Dawid adehye busua no bere a anuonyam wom sen biara no da so wɔ anim.
9, 10. Sɛnea ɛbɛyɛ na aba saa no, dɛn na Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma afi Dawid adehye busua a na akɔ fam no mu aba?
9 Anigye bɛn ara na yebetumi anya nnɛ wɔ eyi ho! Dɛn ntia? Efisɛ, na wɔatwa Dawid adehye busua no ato fam, nanso na ne dunsin no nwui. Na Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no betumi ama “bãa” bi afefɛw a ɛbɛyɛ ahenni a wɔahyɛ ho bɔ no Daa Dedifo. Ma yentie eyi:
10 “Hwɛ, nna bi reba, Awurade [Yehowa] asɛm ni, sɛ mɛma asɛmpa a mekae Israel fi ne Yuda fi [a ɛyɛ Dawid fi] ho no abam. Nna no mu ne bere no so na mɛma trenee bãa afefɛw ama Dawid, na wabu atɛntrenee ayɛ ade trenee asase so. Nna no mu na wobegye Yuda [Dawid abusua], na Yerusalem atra ase dwoodwoo [bere a wɔasa no yare no], na nea wɔde bɛfrɛ no ni: Awurade [Yehowa] yɛn trenee.” Na eyi ne din a wɔde bɛfrɛ ne hene a ɛbɛba daakye no nso.—Yer. 33:14-16; fa toto Yeremia 23:4-6 ho.
11. Hena na ɔbɛyɛɛ “bãa” a wɔhyɛɛ ho bɔ sɛ ɛbɛfefɛw no, na, 1914 Y.B. mu no, dɛn na ɛma ɔdaa adi sɛ Yehowa “Bãa” ankasa?
11 So bɔhyɛ a ɛfa wiase nniso ho no daa adi sɛ nea wɔde ho to so a ɛyɛ yiye? Yiw! Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ mfe 640 twam de, nanso Dawid abusua a na wɔatu no afi ahengua so, atu n’ahemmotiri na wɔagye mmarahyɛ poma afi ne nsam no fefɛwee wɔ bere a Yehowa ahyɛ mu pɛpɛɛpɛ. Ɔno ne Yesu a wɔwoo no Dawid kurom wɔ Betlehem na ne kannifo, Yohane Suboni, bɔɔ no asu, na ɛno akyi no Onyankopɔn de honhom sraa no ma ɔbɛyɛɛ Ahenni apam a na ɔne Dawid ayɛ no Daa Dedifo no. (2 Sam. 7:4-16; Hes. 21:21-27) Nokwarem no ɔbɛyɛɛ “bãa” maa Ɔsorosoroni Awurade Yehowa, efisɛ “mmere nson” (mfe 2,520) a Amanaman no de dii asase so tumi no awiei wɔ 1914 mu no akyi no, wɔnam Yesu Kristo so de Yehowa tumidi wɔ asase ho asan asi hɔ wɔ n’Ahenni apam no mmamu mu.—Dan. 4:13-26; Sak. 6:12, 13.
12. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo daa adi sɛ “trenee” bãa? (b) Ɔbɛyɛɛ hena “Wura,” na ɔkwan bɛn so na nkwagye hokwan bue maa “Yuda” ne “Yerusalem”?
12 Sɛ́ na saa “Bãa” yi yɛ “trenee” no yɛ nea Yehowa Nyankopɔn daa no adi bere a onyan Yesu Kristo fii mogya dansefo wu mu da a ɛto so abiɛsa no so na ɔmaa no so kɔɔ n’ankasa nifa so wɔ ɔsoro no. Enti Yesu Kristo yi a na anka ɔyɛ ‘Dawid ba’ wɔ asase so no bɛyɛɛ Dawid “Wura.” (Dw. 110:1-4; Mat. 22:41-45) Bere a ɔsan kɔɔ soro wɔ n’Agya nifa no, ɔde ne desani afɔre a ɛyɛ pɛ no bo a ɛsom no kɔe. Na na ɔnam eyi so betumi de nkwagye abrɛ “Yuda” a na n’ahenkurow ne “Yerusalem.” Enti, Yesu maa Dawid fi ahenni no fefɛwee bio!—Adi. 22:16
13. (a) Yerusalem bɛn na mprempren ɛte hɔ dwoodwoo? (b) Edin “Yehowa Yɛn Trenee” no fa hena “trenee” ho, na dɛn nti na edin koro no ara fata onii a wɔfrɛ no “Bãa” no?
13 Wɔfrɛ Yesu Kristo “Yuda abusuakuw mu gyata no, Dawid ntini.” (Adi. 5:5) Esiane sɛ wɔpow no na wɔma wokum “Yuda abusuakuw mu gyata” yi nti, asase so Yerusalem ‘antra ase dwoodwoo,’ na mmom wɔsɛee no 70 Y.B. mu. (Mat. 23:37, 38; Luka 21:24) Nanso, Yerusalem kɛse, “ɔsoro Yerusalem,” wɔ dwoodwoo asetra a ɛte saa, efisɛ ne honhom mu mma, Yesu Kristo akyidifo 144,000 a wɔasra wɔn no te hɔ dwoodwoo wɔ Yehowa akwankyerɛ ase. (Heb. 12:22; Gal. 4:26-28) Saa “ɔsoro Yerusalem” yi ne ahyehyɛde a wɔfrɛ no “Yehowa Yɛn Trenee” no. Esiane sɛ ɛyɛ “Yɛn Trenee” ho asɛm na ɛnyɛ ‘Me Trenee’ nti, nsɛm no fa ɔsoro Yerusalem no honhom mu mma 144,000 no ho, efisɛ Yehowa Nyankopɔn nam Kristo afɔre no bo a ɛsom so bu eyinom bem anaasɛ obu wɔn trenee. Yesu Kristo a wɔfrɛ no “Bãa” no nso yɛ “Yehowa Yɛn Trenee,” efisɛ ogyina hɔ ma n’akyidifo 144,000 a wɔasra wɔn no.—Yer. 23:5, 6; hwɛ 1 Korintofo 1:30, 31; Romafo 3:21, 22 nso.
14. Esiane sɛ Kristo ne ahyehyɛde a ɛka ne ho no kura din a ɛte saa nti, ɛda adi sɛ Onyankopɔn Wiase nniso no bɛyɛ nniso bɛn?
14 Bere a wɔde edin a Onyankopɔn de ama yi frɛ Ɔhene a wɔasra no ne ahyehyɛde a ɛka ne ho no, nniso bɛn na Onyankopɔn wiase nniso ma adesamma nyinaa a ɛreba no bɛyɛ? Ɛbɛyɛ trenee nniso a akyinnye biara nni ho. Aseda bɛn ara na yebetumi de ama wɔ eyi ho!
NOKWARE A ONYANKOPƆN BƆHYƐ NO YƐ
15, 16. (a) Sɛnea Yeremia 33:17, 18 kyerɛ no, Yehowa benya asomfo atitiriw bɛn? (b) Henanom na wobekura saa dibea no, na ɛhe na wɔbɛsom Yehowa?
15 Yehowa Nyankopɔn benya asɔfokuw a ɛfata nso aka n’Ahenni a wahyɛ ho bɔ no ho. Ɔma yenya eyi ho ahotoso bere a ɔka kaa ho sɛ: “Na sɛ Awurade [Yehowa] se ni: Ɔbarima a ɔbɛtra Israel fi agua so remmɔ Dawid da. Na asɔfo, Lewifo no nso, ɔbarima a ɔbɛbɔ ɔhyew afɔre na wahyew aduan ayɛyɛde na wabɔ okum afɔre nna nyinaa remmɔ wɔn m’anim.”—Yer. 33:17, 18.
16 Ɛnde, so nokwasɛm a ɛyɛ sɛ fi 70 Y.B. a wɔsɛee Yerusalem a na wɔasan akyekye no, Yehowa honhom fam asɔrefi biara nni asase so na Lewi abusua no muni anaa Mose nua Aaron aseni biara nni hɔ a wonim no ma wasom wɔ asɔrefi a ɛte saa mu no ho hia anaa? Dabida! Efisɛ Yehowa wɔ ne Sɔfo Panyin ne asɔfo nkumaa a tete Lewi asɔfo a na wɔwɔ Israel no yɛɛ wɔn ho mfonini, na eyinom ne Yesu Kristo ne n’akyidifo a wɔapaw na wɔde Onyankopɔn honhom asra wɔn ma wɔabɛyɛ honhom mu asɔfokuw no. Faako a Onyankopɔn wɔ wɔ ɔsoro no ne honhom mu asɔrefi no Kronkron mu Kronkronbea a saa asɔfokuw yi som.—Heb. 9:24; 1 Pet. 2:9, 10.
17. Sɛnea yentumi nsiw awia ne anadwo ano no, dɛn na yɛrentumi nsiw ano sɛ Yehowa bɛyɛ wɔ ahenni ne asɔfokuw no ho?
17 Enti, bere nyinaa no Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow ayɛ nea wɔde ho to so a ɛyɛ yiye, na ɛbɛyɛ nea wɔde ho to so a ɛyɛ yiye nso ama yɛn. Tie: “Sɛ Awurade [Yehowa] se ni: Sɛ mubetumi abubu m’awia apam ne m’anadwo apam no, na awia ne anadwo amma ne bere mu a, ɛno ansa na wobebubu me ne m’akoa Dawid apam nso, na wannya ɔba a ɔbɛtra n’agua so adi hene, ne me ne Lewifo, asɔfo a wɔyɛ m’asomfo no, de no nso. Sɛnea wontumi nkan ɔsoro asafo na wontumi nsusuw mpoano nhwea no, saa ara na mɛma m’akoa Dawid asefo ne Lewifo a wɔyɛ m’asomfo no adɔ.”—Yer. 33:20-22.
18. Yeremia nna no akyi bere tenten bɛn na Yehowa maa n’apam a ɛfa asɔfokuw ho no kɔɔ so traa hɔ, kosii sɛ hena bae?
18 Owia no hyerɛn a ɛhyerɛn asase so ne asase no twa a etwa ne ho no betumi agyae ntɛm sen sɛ Yehowa bebu n’apam a ɛfa Dawid ne Lewifo ho no so. Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no maa Dawid “asefo” dɔe wɔ mfe 600 a edi hɔ no nyinaa mu kosi sɛ ne Daa Dedifo, Yesu Kristo, bae. Eyi bɛyɛɛ nea ne sɔfo panyin Aaron yɛɛ ne ho mfonini, na ɔno nso abɛyɛ ɔsɔfo wɔ ne soro ahengua no so, te sɛ Melkisedek. (Dw. 110:1-4; Gen. 14:18-20; Sak. 6:13; Heb. 6:20-7:3) Enti Yehowa yɛɛ ɔsɛe a na ɛreba Yerusalem ne asɔrefi no so no ho biribi ma n’apam no kɔɔ so.
19. Adeyɛ a ɛkɔ so daa wɔ yɛn asase ho bɛn na ebetumi aba awiei ntɛm mmom sen sɛ Yehowa bebu ahenni a ɛbɛtra hɔ daa ho apam a ɔne Dawid yɛe no so?
19 Sɛ nhwɛso no, bere a Babilon asraafo a na Ɔhene Nebukadnesar di wɔn anim no bɛtoaa Yerusalem nea ɛto so abien no, wɔyɛɛ kyerɛwtohɔ a edi so yi: “Na Awurade [Yehowa] asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: So wunhuu nea ɔman yi reka sɛ: Mmusua abien a Awurade [Yehowa] pawee no, wapa wɔn, no anaa? Na wobu me man animtiaa, sɛ wonnyɛ wɔn ani so ɔman bio. Sɛ Awurade [Yehowa] se ni: Sɛ manhyɛ me ne awia ne anadwo apam ne ɔsoro ne asase ahyɛde no a, ɛno ansa na mɛpa Yakob asefo ne m’akoa Dawid nso, na mamfa n’asefo mu nnipa a wobedi Abraham ne Isak ne Yakob asefo so: na mede wɔn nnommum mɛsan maba, na mahu wɔn mmɔbɔ.”—Yer. 33:23-26.
20. Dɛn na ɛbae wɔ Yeremia nna no mu a ɛma ɛyɛɛ sɛnea Yehowa rennya ahenni wɔ asase so bio anaasɛ ne som renkɔ so bio?
20 Afe a edii saa nkɔmhyɛ no akyi no mu no, wobubuu Yerusalem sɛee no. Wɔfaa Yudafo a wofi mu kae no nnommum na wɔde wɔn mu dodow no ara kɔɔ Babilon akyirikyiri. Ɛyɛɛ te sɛ nea na Yehowa apa “mmusua abien” a bere bi a atwam no ɔpaw wɔn no. Na tebea no te sɛ nea anidaso biara nni mu ma Dawid adehye busua no asefo ne asɔfo abusua a efi Aaron, Israel sɔfo panyin a odi kan, no mu no. Nea ɛne asɛm a na ɔsoro ne asase Bɔfo no aka no ho abira no, ɛyɛɛ sɛ nea na Yehowa abu n’apam a ɛfa adehye busua ne asɔfo abusua no ho no so. Na asɛm no ne sɛ ebia wɔbɛsan de Onyankopɔn ahenni bi asi hɔ bio wɔ asase so anaasɛ wobɛsan de nokware som asi hɔ!
21. Ɔkwan bɛn so na Yehowa da adi sɛ obi a odi n’apam ahorow so, ma ɛho baa Israelfo a na wɔkɔ nnommumfa mu no mfaso?
21 Nanso, efi bere a ɔsɛe kɛse no bae no, awia ne anadwo ne ɔsoro ne asase so nhyehyɛe horow da so di dwuma. Enti ɔbɔadeɛ no mmuu n’apam ahorow a ɛfa amansan yi mu nneɛma a nkwa nni mu ho no so, na na wɔrentumi nhwɛ kwan sɛ obebu n’apam ahorow a ɔne abɔde a wonim nyansa yɛe wɔ n’ahenni ne ne nokware som ho no so. Na ɔnyɛɛ saa nso! Ohuu Abraham, Isak ne Yakob asefo no mmɔbɔ. Bere a wɔde wɔn kɔɔ nnommumfa mu mfe 70 akyi no, wɔsan boaboaa wɔn ano de wɔn baa asase a na Onyankopɔn de ama wɔn no so.
22. Ɔkwan bɛn so na Yehowa maa n‘apam a ɛfa “trenee bãa” no ho no baa mu maa ne nkurɔfo a wasan de wɔn aba no na dɛn na eyi da no adi wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ho?
22 Saa nnipa a wɔsan de wɔn bae yi nkyɛn na “trenee bãa,” Yesu Kristo, bae mfeha 19 a atwam ni. Ne mogya dansefo wu wɔ 33 Y.B. mu no ansɛe Onyankopɔn apam no, efisɛ Onyankopɔn hyɛɛ no anuonyam ɔsoro. Ɛhɔ, na ose, “Mete ase daa daa.” (Adi. 1:18) Watumi atra ase abedu bere a Yehowa de no asi hɔ sɛ Ɔhene wɔ wiase nniso a wɔahyɛ ho bɔ no mu. Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa eyi ho no ayɛ nea wɔde ho to so a ɛyɛ yiye!
[Kratafa 13 mfoni]
Sɛnea owia pue du biara da no, saa ara na Onyankopɔn bedi ne bɔhyɛ so