Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
1. Dɛn nti na obiara nni hɔ a obetumi afata sɛ odi adesamma so hene sen Yesu Kristo?
SƐNEA WƆPAW AHENE AHOKAFO NO ƆHENE bɛn na oye sen Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no, a adesamma nyinaa betumi anya ma wadi wɔn so? Ɔdesani hene bɛn na ɔdɔ ne manfo araa ma obegyaw n’anuonyam nyinaa na ofi bemdi mu de ne nkwa ato hɔ ama wɔn? Na sɛ ofi ne pɛ mu de ne nkwa to hɔ ma ne manfo mpo a, mfaso a ɛwɔ hɔ daa bɛn na eyi bɛyɛ ama wɔn? Nanso wɔ Yesu Kristo Onyankopɔn Ba no fam de, ogyaw ne soro anuonyam maa n’Agya na ɔbɛyɛɛ onipa a ɔyɛ pɛ ankasa, nanso ná “aka no kakra na wasɛ onyamesom,” ‘ɔba fam kakra sen abɔfo.’ (Dw. 8:6 Dw. 8:5, Twi Bible Foforo]; Heb. 2:9) Afei, ɛdenam Onyankopɔn pɛ so no, ɔbrɛɛ ne ho ase kɔɔ akyiri bio ma nnipa kum no atirimɔden so mpo bere a Onyankopɔn sraa no ma wabɛyɛ Mesia Ɔhene no akyi. Ɛnyɛ sɛ na eyi yɛ ɔdɔ a ɛne biara nsɛ a ɔwɔ ma adesamma a ɔdaa no adi nko, na mmom ne wu no de ɔdesani afɔrebɔ a ɛyɛ pɛ a ɛsɔ Onyankopɔn ani na ɛde mfaso a ɛto ntwa da ma adesamma nyinaa mae. Hena na oye sen oyi a obetumi akamfo ne ho akyerɛ adesamma sɛ ɔfata sɛ ɔyɛ wɔn hene?
2. (a) Ɛdefa pɛ a wɔpɛ sɛ Yesu Kristo yɛ ɔhene ho no, ɔkwan bɛn so na nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ te sɛ wɔn a na wɔwɔ hɔ afeha a edi kan no mu no? (b) Ɛdefa nea adesamma benya no sɛ ɔhene ho no, dɛn na ɛho hia ankasa?
2 Mfeha dunkron a atwam ni no nnipa a wogyee onipa amammui nniso toom no ani annye ne ho sɛ wɔn hene; ɛno nti na wɔteɛɛm ka kyerɛɛ Roma amrado no sɛ onkum no te sɛ nea ɔyɛ atoro Kristo, atoro Mesia. Ɛnnɛ adesamma mu fã kɛse no ara, mpo wɔ Kristoman mu, mpɛ no sɛ Ɔhene ankasa na mmom wakamfo nnipa nniso pii na wobu Kristofo a wosuasua Yesu, wɔn Kwankyerɛfo no animtiaa, wɔsɔre tia wɔn na wɔtaa wɔn. Nanso sɛ adesamma mu fã kɛse no ara mpɛ Yesu Kristo sɛ wɔn soro Hene ankasa a, eyi yɛ asɛm bɛn? So ɛno yɛ gyinaesi a etwa to ma adesamma, ateasefo ne awufo? Nea ehia ne Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn no gyinaesi. N’ani sɔɔ ne Ba Yesu bere a Osuboni Yohane bɔɔ no asu wɔ Yordan Asubɔnten no mu no. N’ani sɔɔ ne Ba Yesu bere a Ɔba nokwafo yi sakraa ne ho anuonyam mu adansefo baasa anim wɔ bepɔw tenteenten bi so wɔ Palestina kesee fam no. (Mat. 3:17; 17:5) Onyankopɔn ani sɔɔ ne Ba a bɔne nni ne ho no bere a, ɔrewu wɔ asɛndua so wɔ Kalvary no, ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: “Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ!” no.—Luka 23:46.
3. (a) Anisɔ a ɛboro so bɛn na Onyankopɔn kyerɛe wɔ ne Ba Yesu Kristo a owui sɛ mogya dansefo no ho? (b) Asetra bɛn mu na Onyankopɔn nyan no kɔe?
3 Ɔrekyerɛ anisɔ kɛse ama ne Ba a wɔakum no sɛ mogya dansefo no, Onyankopɔn a ɔyɛ nnwuma a nnipa a wɔyɛ mmerɛw a wonni tumi frɛ no nneɛma a entumi nyɛ yiye no nyan Yesu Kristo fii awufo mu ne nnansa so. Onyan no ma ɔkɔɔ asetra bɛn mu? Sɛ onipa ara kwa a ɔwɔ honam ne mogya, a ‘ɔba fam kakra sen abɔfo’? Dabi! na mmom okoduu baabi a ɛkorɔn yiye sen abɔfo, wɔ ɔsoro asetra mu gyinabea bi a ɛkorɔn sen nea ogyawee bere a ɔde ne ho mae sɛ wonyi ne nkwa nkɔhyɛ Yudani ɔbaabun Maria awotwaa mu no. (Fil. 2:5-11) Ɔsomafo Petro a na ɔyɛ wɔn a wodii kan huu no sɛ wasakra ne honam ne wusɔre akyi no mu biako no kae sɛ: “Ɛno na afei ne nsɛso gye yɛn nso nkwa Yesu Kristo wusɔre so. Ɔno na, ɔkɔɔ soro no, ɔwɔ Onyankopɔn nifa, na abɔfo ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu no abrɛ wɔn ho ase ama no.”—1 Pet. 3:21, 22; Heb. 1:1-4; Luka 24:34; 1 Kor. 15:5.
4, 5. Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo “Dawid ba” no bɛyɛɛ Dawid “Wura,” na hena na odii kan daa eyi adi?
4 Enti Onyankopɔn Ba a wadi nkonim a na wabɛyɛ “Dawid ba” denam ɔbaabun awo so wɔ Dawid abusua mu no bɛyɛɛ nea ɔkorɔn sen Ɔhene Dawid. Ɔsomafo Petro daa eyi adi wɔ ne kasa a efi honhom mu a ɔka kyerɛɛ Yudafo mpempem wɔ Adapɛn Afahyɛ da no, da a ɛto so aduonum fi Yesu Kristo wusɔre no so. Petro, a na honhom kronkron ahyɛ no ma no, ka kyerɛɛ wɔn sɛ:
5 “Yesu yi ara na Onyankopɔn anyan no, ɛho adansefo na yɛn nyinaa yɛ. Afei wɔmaa no so kɔɔ Onyankopɔn nifa na onyaa Agya nkyɛn honhom kronkron bɔhyɛ no nti na wahwie nea muhu na mote yi agu. Na Dawid ankɔ soro; na ɔno ara kae sɛ: “Yehowa see me wura sɛ: Tra me nifa kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso. Enti ma Israel fi nyinaa nte sɛ: Onyankopɔn de Yesu no ara a mosɛn no no ayɛ Awurade ne Kristo.”—Aso. 2:32-36, NW.
6. (a) Wɔ ne wusɔre akyi no, dɛn na ebehia sɛ Dawid gye tom wɔ Yesu ho? (b) Sɛ onipa no, anato ho kyerɛwtohɔ bɛn na Yesu wɔ?
6 Wɔ ne wusɔre a obenya afi awufo mu a ɛreba wɔ Mesia ahenni ase no mu no, ebehia sɛ Dawid gye Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no tom sɛ ne “Wura.” Afei na Dawid bɛfrɛ no “me Wura.” (Dw. 110:1) Ebehia sɛ ogye Awurade Yesu Kristo, a wɔama no so afi asase so kɔ ɔsoro no tom, sɛ nea ne ho hia titiriw wɔ n’asefo mu, “Dawid ntini ne n’aseni,” “Yuda abusuakuw mu gyata no, Dawid ntini no.” (Adi. 22:16; 5:5) Eyi nti na Dawid asefo anatõ a ɛnam abusua hama abien so ba awiei wɔ Yudani ɔbaabun Maria babarima Yesu so no. Nokwasɛm ni, ɛnyɛ sɛ Yesu Kristo anatõ san akyiri kodu Ɔhene Dawid so nko, agyapanyin Abraham so nko, na mmom ɛkɔ araa kodu Adam a odi kan, nea da a wɔbɔɔ no no wɔfrɛɛ no “Onyankopɔn ba” no so. (Mat. 1:1-18; Luka 3:23-28) Yesu Kristo nkutoo ne obi a, efi onipa a odi kan ‘Onyankopɔn desani ba’ a odi kan no so tɔnn, wɔkoraa n’anatõ so a emu antew anaasɛ ɔkwan ammɛda ntam.
7. (a) Bere tenten ahe na adehye abusua a ɛwɔ Dawid fi no dii hene wɔ Israel? (b) Bere tenten ahe na Yesu Kristo bedi hene a ɔrennya asase so ɔsɔretiafo biara, na ɔkwan bɛn so na ɛbɛyɛ saa?
7 Ɔhene Dawid dii hene wɔ Israel mfirihyia aduanan pɛ. (1 Ah. 2:10, 11; 1 Be. 29:26, 27) Ne nyinaa mu no, ɛdenam abusua hama a mmarima aduonu a wobedi Ɔhene Dawid ade wom so no, n’adehyebusua no dii hene wɔ Israel mfe 470, anaasɛ 1077 kosi 607 A.Y.B. Adehye abusua foforo a ahene wom wɔ abusua baako bɛn mu na ebetumi ne ɛno asɛ wɔ ɔman foforo bi mu? Nanso, Yesu Kristo, sɛ Dawid Wura a ɔwɔ soro no, obedi hene wɔ adesamma nyinaa so mfirihyia apem a asase so ɔhene biara nsɔre ntia no. Eyi bɛyɛ saa a wɔn a wobedi n’ade wɔ ne soro ahengua no so biara nni hɔ, efisɛ ɔyɛ obi a onwu da. Ɔwɔ “nkwa a ɛnsɛe ahoɔden”; na enti, “sɛ́ ɔte hɔ daa nti,” obetumi adi hene a “wɔn a wobedi n’ade biara nka ho.” (Heb. 7:16, 24) Sɛnea ɔbɔfo Gabriel ka kyerɛɛ Maria wɔ Nasaret no, n’ahenni no to rentwa da.” (Luka 1:33) Ne saa nti, ɔyɛ Ɔhene Dawid Daa Ɔdedifo.
Ahokafo, Ɛnyɛ Adedifo
8, 9. (a) So 144,000 no bɛyɛ Yesu Kristo adedifo, na ɔde Awurade Anwummeduan no sii hɔ akyi no, ɔkaa wɔn hokwan ahorow wɔ Ahenni no mu ho asɛm dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na Daniel kaa ade koro no ara a wɔbɛbom ayɛ no ho asɛm siei?
8 Yesu Kristo mfɛfo adedifo 144,000 no nyɛ n’adedifo wɔ Ahenni no mu. Wɔyɛ ahene ahokafo ara kwa, a wofi soro apaw No sɛ onni wɔn so Ti. Enti ɔkwan a Adiyisɛm 20:4 fa so ka asɛm no ne sɛ: “Na wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene [ɛnyɛ Kristo no akyi] mfirihyia apem.” Ɛte sɛ nea Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’asuafo anokwafo no Twam anadwo no, bere a na ɔde afahyɛ foforo a wɔbɛfrɛɛ no Awurade Anwummeduan no asi hɔ no: “Mone wɔn a wɔakɔ so aka me ho me sɔhwɛ mu. Na me nso, sɛnea m’agya ayi ahenni ama me no, saara na meyi mama mo, na moadidi na moanom me pon so m’ahenni mu, na moatra nhengua so abu Israel mmusuakuw dumien no ntɛn.” (Luka 22:28-30) Mfehaha ansa na Kristo reba no, odiyifo Daniel kaa ade a wɔbɛbom ayɛ koro no ara ho asɛm.
9 “Na ɔsorosoroni no ahotefo bɛfa ahenni no, na wɔanya ahenni no daa daa mmeresanten. Nea ne nna akyɛ no bae, na wɔde atemmu maa ɔsorosoroni no ahotefo, na ɛbere a ahotefo beso ahenni mu no dui. Na wɔde ɔsoro nyinaa ase ahemman so ahenni ne tumi ne kɛseyɛ bɛma Ɔsorosoroni kronkronfo man; n’ahenni yɛ daa ahenni, na tumi nyinaa bɛsom no atie no.”—Dan. 7:18, 22, 27.
10, 11. (a) Sɛ ebia 144,000 no wɔ adedifo ne sɛ wɔyɛ “mmakan ma Onyankopɔn ne Oguammaa no” ho no, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔka? (b) Sɛ ahene no, adwene bɛn a wɔwɔ nti na ɛnsɛ sɛ wosuro 144,000 no?
10 Eyi kyerɛ sɛ Ɔsorosoroni Nyankopɔn no ahotefo 144,000 no ne Kristo bɛyɛ ahene mfirihyia apem a wonni adedifo. Wɔka eyinom ho asɛm sɛ: “Eyinom ne wɔn a wɔamfa mmea angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabun, wɔn na wodi oguammaa no akyi baabiara a ɔkɔ. Eyinom na wɔatɔ wɔn afi nnipa mu ayɛ wɔn mmakan ama Onyankopɔn ne oguammaa no.” (Adi. 14:4) Esiane sɛ wɔatɔ wɔn afi adesamma mu nti, kan no na anka wɔyɛ mmarima ne mmea ara kwa te sɛ adesamma a aka no nyinaa, nanso ɛnsɛ sɛ saa nokwasɛm yi ma asase sotefo a 144,000 yi bedi wɔn so no suro. Wɔabɛyɛ “ahotefo,” sɛnea ɛsɛ sɛ “mmakan ma Onyankopɔn ne oguammaa no” mu biara yɛ “kronkron” ɔkwan biara so no. So biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wosuro wɔ Yesu Kristo nniso no ho? Dabi! Na saa nso na biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ yesuro wɔ 144,000 a “wɔatɔ wɔn afi nnipa mu” no nniso ho. Wɔatie ɔsomafo Paulo afotu no: “Momma adwene a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ara ntra mo mu bi.” (Fil. 2:5) Afei, ɔsomafo Petro afotu a ɛwɔ 1 Pet. 4:1 no nso.
11 “Na afei, sɛ Kristo ahu amane ama yɛn ɔhonam mu yi, mo nso momfa adwenkoro no ara mmia mo ho, efisɛ nea wahu honam mu amane no agyae bɔneyɔ.”
12. (a) Ɛdefa Kristo ahemfo ahokafo no ho no, dɛn na Onyankopɔn hyɛ too hɔ? (b) Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na Yehowa Nyankopɔn dii kan susuw nniso yi mufo ho?
12 Ɛda adi sɛ 144,000 no hia sɛ wonya wɔn Kwankyerɛfo ne Ɔkyerɛkyerɛfo Yesu Kristo adwene, abrabɔ ne honhom mu suban no bi wɔ wɔn mu. Eyi yɛ nneɛma ahorow a Yehowa Nyankopɔn hwehwɛ fi wɔn hɔ a wahyɛ ato hɔ no mu biako. Ɛwom sɛ wanhyɛ nnipa mmiako mmiako a wofi adesamma mu a wɔyɛ wɔn a ɛsɛ sɛ wonya Yesu Kristo suban wɔ wɔn mu no anto hɔ de, nanso Onyankopɔn hyɛɛ dodow a ɛsɛ sɛ wɔyɛ no too hɔ—144,000. Ɔhyɛɛ sɛnea na ɔne wɔn bedi ne ɔsoro anuonyam gyinabea a ɔde bɛma wɔn no too hɔ. Esiane sɛ, efi bere a onipa tew atua wɔ Eden Turo no mu no Yehowa Nyankopɔn ani akũ ahenni a ebedi nneɛma nhyehyɛe foforo ma adesamma so no ho nti, ɔno na odii kan susuw nniso no mufo ho. Ɔdaa adwene yi adi wɔ ɔsoro gyinaesi a oyii no adi kyerɛɛ Satan Ɔbonsam, “ɔwɔ dedaw no” mu, sɛ: “Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woabɔ ne nantin.”—Gen. 3:15.
13, 14. (a) Ɛdefa Onyankopɔn baa no “aseni” no ho no, Yesu Kristo yɛ dɛn? (b) Dɛn na ɔsomafo Paulo kyerɛw no nkuranhyɛ so kɔmaa Kristofo a na wɔrebɔ mmɔden ama wɔn frɛ no adi mu no?
13 Nokwarem no, Yesu Kristo ne otitiriw ma Onyankopɔn baa no “aseni” no. Nanso asuafo anokwafo a wɔbɛka Kristo ho wɔ Ɔwɔ no ti a wɔbɛbɔ mu no nso ka ho. (Rom. 16:20) Enti, ɔrekasa akyerɛ asafo a wɔn a wɔafrɛ wɔn wom a wɔrebɔ mmɔden ama frɛ a wɔafrɛ wɔn no adi mũ na wontwa mu no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee nkuranhyɛ so, wɔ Romafo 8:28-32 sɛ:
14 “Na yenim sɛ, wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, ade nyinaa di boa wɔn ma ewie wɔn yiye, wɔn a wɔnam ne tirimbɔ no so afrɛ wɔn no. Na wɔn a ohuu wɔn siei no, wayi wɔn asi hɔ nso, sɛ wɔnsɛ ne Ba suban, na wayɛ anuonyam pii mu abakan; na wɔn a oyii wɔn too hɔ no, wafrɛ wɔn nso; na wɔn a ɔfrɛɛ wɔn no, wabu wɔn bem nso; na wɔn a obuu wɔn bom no, wahyɛ wɔn anuonyam nso. Na afei yebese eyinom ho dɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afã a, hena na ɔne yɛn bedi asi? Nea wankame n’ankasa ne ba, na mmom yɛn nyinaa nti oyii no mae no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa ade nyinaa nso nka no ho mmɛdom yɛn?”
15. (a) Sɛnea nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na nniso wɔ Ne hyehyɛe foforo no mu ne, ne ho behyia? (b) Ɛdenam nea Onyankopɔn bɛyɛ so no, ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔwɔ nniso yi mu bɛyɛ “trenee”?
15 Hyɛ no nsow sɛ, wɔn a wɔfrɛ wɔn no, sɛ wɔn mu biara te dɛn ara a, wɔyɛ wɔn a ‘ohuu wɔn siei, na wayi wɔn ato hɔ nso sɛ wɔnsɛ ne Ba no suban, na wayɛ anuanom pii mu abakan.’ Eyi hwehwɛ na esi so dua sɛ wɔn nyinaa bɛyɛ Kristo sɛso sɛ Onyankopɔn mma. Enti Onyankopɔn hyɛ too hɔ sɛ ɛsɛ sɛ Ne nneɛma nhyehyɛe foforo no nniso no yɛ nniso a biakoyɛ wom, ɛnyɛ nea emu apaapae, ɛnyɛ nea ɛne ne ho nhyia. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔwɔ saa nniso no mu yɛ “trenee.” Ɛno nti na ehia sɛ Onyankopɔn yɛ nsiesie titiriw, trenee nsiesie, sɛnea ɛbɛyɛ na wabu wɔn a wɔfrɛ wɔn yi “trenee,” na Ɔyɛ eyi denam Oguammaa Yesu Kristo mogya so. Sɛ ɔrenyan wɔn afi awufo mu a, Ɔbɛma wɔayɛ trenee te sɛ honhom abɔde a wɔyɛ pɛ ma ɛne wɔn trenee nipasu ahyia. (Rom. 5:1, 9; 8:1) Saafo yi a Onyankopɔn bu wɔn trenee mprempren esiane wɔn gyidi wɔ Yesu Kristo mogya mu nti no, Onyankopɔn de nidi ne anuonyam ma wɔn, a nhyira horow hokwan wɔ Ne som mu mprempren wɔ asase so ka ho. Ɔde daakye anuonyam wɔ Ahenni no mu si wɔn anim.
16. Ɔkwan bɛn na Yesu faa so kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ebia wiase yi mu amammuifo ne wɔn a ɛsɛ sɛ wosuasua wɔn?
16 Adesamma nyinaa betumi anya awerɛhyem sɛ wɔn a wonya Onyankopɔn dom na onyan wɔn ba Ahenni anuonyam mu no renni ahene te sɛ nea nnɛyi wiase nniso horow mu amammuifo yɛ no. Yesu amfa wiase yi amammuifo no ansi hɔ sɛ nhwɛso amma n’asuafo sɛ wonsuasua wɔn. Amammui mu apereperedi biara remmɛda n’ahokafo 144,000 no ntam wɔ ɔsoro ahenni no mu. Ɛrenyɛ sɛ nea yɛkenkan wɔ Luka 22:24-27, (Twi Bible Foforo) no mu no: “Akasakasa bi nso baa wɔn mu sɛ wɔn mu hena na wobebu no kɛse. Na osee wɔn sɛ: Wiase amanaman ahene di wɔn so ahensɛm na wɔn a wodi wɔn so tumi no, wɔfrɛ wɔn adɛɛfo. Na mo de, monnyɛ sa; na mmom, nea ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ sɛ akumaa; na nea ɔyɛ titiriw no nyɛ sɛ nea ɔsom. Na hena na ɔso, nea ɔte aduan ho anaasɛ nea ɔsom? Ɛnyɛ nea ɔte aduan ho? Na me de, mewɔ mo mu sɛ nea ɔsom.”
17. Bere a wɔsomaa no wiase yi mu no, dɛn nti na na Yesu yɛ Onyankopɔn Bɔfo a ɔfata ma adesamma?
17 Bɛyɛ mfe mpem abien a atwam ni no, wɔsomaa Onyankopɔn Ba no baa wiase, nanso ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛɛ amansɛmdifo a na ɔhwehwɛ nkurɔfo ma wɔato aba ama no anaa sɛ ɔbɛko atia amammui mu asɔretiafo, wɔ Israel man no mu mpo. Ɔbɛyɛɛ nea asase so ɔmammuifo biara ntumi nyɛ, a ɛne sɛ, ɔbɛka nkurɔfo, aman ne mmusuakuw nyinaa ne Onyankopɔn a na anka wɔne no nka no abom. Ɔbae sɛnea ɛbɛyɛ na wama adesamma ne Nkwamafo kɛse, Yehowa Nyankopɔn asan abenya abusuabɔ a asomdwoe ne biakoyɛ wom. Nea na eyi kyerɛ ma Onyankopɔn Ba no ne sɛ ɔde ne ho bɛbɔ afɔre. Wɔka ne ho asɛm ma ɛfata sɛ Ɔhemmɔfo fa ofi Onyankopɔn nkyɛn, a wɔsomaa no nnipa bi a wɔyɛ atamfo nkyɛn na wabɛsrɛ wɔn ma wɔne Onyankopɔn aka abom na wɔnam saa yɛ so aguan sɛe a ɔbɛsɛe wɔn.
18. Wɔn a wɔbɛyɛɛ Kristo asuafo no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ Onyankopɔn Hemmɔfo no ho? Nneɛma bɛn na efi mu bae?
18 Kristofo asuafo no ne wɔn a wogyee Ɔhemmɔfo a ofi Onyankopɔn nkyɛn yi ne ahemmɔfo adwuma a ɔbɛyɛe wɔ wɔn ho no toom. Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa saa asuafo a na wɔwɔ Roma no kae sɛ: “Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn kyerɛ, efisɛ, yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu kyɛɛ yɛn. Enti afei mmom a wɔabu yɛn bem ne mogya mu yi, wɔnam no so begye yɛn nkwa afi abufuw no mu. Na sɛ, yɛyɛ atamfo no, wɔnam ne Ba wu so apata yɛne Onyankopɔn ntam a, eyi mmom a wɔapata ama yɛn yi, wobegye yɛn nkwa, ne nkwa no mu. Na ɛnyɛ eyi nko, na yɛnam Awurade Yesu Kristo a yɛanya no mu mpata yi so hoahoa yɛn ho nso Onyankopɔn mu.”—Rom. 5:8-11.
‘Abɔfo A Wogyina Kristo Ananmu’
19. (a) Efi bere a Kristo kɔɔ soro no, ɔkwan bɛn so na abɔfodwuma no akɔ so wɔ adesamma mu? (b) Wiase amammui atumfoɔ no bu abɔfo a wofi Kristo mu no dɛn, na dɛn nti na ɛte saa?
19 Efi ne sorokɔ wɔ afe 33 Y.B. fefɛwbere mu no so reba no, Yesu nni asase so bio na wakɔ so ayɛ ahemmɔfo adwuma no. Enti ɛsɛ sɛ n’asuafo a wapata ama wɔn no yɛ ahemmɔfo adwuma no sɛ n’ananmusifo. Amammui sodifo ahorow ne wiase yi mu nniso horow no nnye asuafo yi ntom sɛ ahemmɔfo a wofi Nniso a Ɛkorɔn Sen Biara wɔ amansan yi mu no nkyɛn. Na Kristofo ahemmɔfo yi ne amammui ahemmɔfo a wɔwɔ amanaman no mu no nnka mmom nnyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛsakra ɔman mũ nyinaa denam apam biako a ɛnam amansɛmdi mu ahemmɔfo no so no so. Amammui sodifo ne nniso horow no hwɛ asuafo a wɔasoma wɔn no ɔhonam fam, sɛnea wonim wɔn dedaw no, na wɔnsoma ɔman ananmusifo nkɔ wɔn nkyɛn sɛnea wɔne Roma Katolek Asɔre a ɛwɔ Vatikan no ayɛ mfehaha pii no. Wobu asuafo a wonni abodin, wonni atade bi a ɛhyɛ wɔn nsow ne nkrataa ahorow a edi wɔn ho adanse yi, sɛ nnipa hunu bi ara kwa. Wommu eyinom sɛ wɔyɛ honhom abɔde foforo, a wɔwɔ biribi foforo de ma.
20. Ɛwom sɛ Roma annye no antom sɛ ɔhemmɔfo de, Paulo kaa n’ankasa ho asɛm dɛn bere a na ɔrekyerɛw krataa akɔma Efesofo no?
20 Esiane sɛ Roma Ahemman no annye ɔsomafo Paulo a na onnyina Yudafo ahenni no ananmu wɔ Yerusalem no antom sɛ Kristoni ɔhemmɔfo nti, so ɛno amma wanyɛ ɔhemmɔfo ankasa ma Ɔsorosoroni Nyankopɔn no Nniso anaa? Nanso, bere a Roma nniso no amfi nidi mu annye no antom mpo no, Paulo kaa n’ankasa ho asɛm saa bere a na ɔda afiase wɔ Roma no, na ɔka kyerɛɛ asafo a ɛwɔ Efeso Asia Kumaa no sɛ: “Monwɛn na montoa so ara nsrɛ mma ahotefo nyinaa ne me nso, sɛ, mibue m’ano a, wɔmma ne asɛm menka, na memfa nnam minyi asɛmpa no ahintasɛm menkyerɛ; ɛno ho bɔfo na meyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, na mayɛ mu nnam sɛnea ɛsɛ sɛ mekasa.”—Efe. 6:18-20.
21. Wɔ wɔn asɛyɛde ahorow ho dwumadi mu no, henanom nkyɛn na ahemmɔfo Kristofo yi kɔ?
21 Ɛnsɛ sɛ Kristoni a wɔasoma no no nya adwene a wiase yi mu amammui nniso horow a ɛtan Yehowa Nyankopɔn no wɔ no. Kristoni anya ne hemmɔfoyɛ no afi Onyankopɔn hɔ denam Kristo so, na ɛsɛ sɛ ohu asɛyɛde ahorow a anuonyam foforo a wɔde ama no no de to no so no. Esiane sɛ ɔnyɛ wiase hemmɔfo nti, ɔmfa ne dibea foforo no nkɔ amammui nniso horow no nkyɛn. Wɔ asɛm a ɛfa Onyankopɔn a wɔne no bɛka abom yi ho de, nniso horow no ntumi nni ho dwuma mma ɔman no nyinaa na wɔnsakra wɔn a wodi wɔn so no ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no. Ɛyɛ ankorankoro asɛm; ɛsɛ sɛ obiara si gyinae ma n’ankasa ho na odi ho dwuma. Ɛno nti na honhom fam ahemmɔfo no kɔ nkurɔfo nkyɛn tẽe, a wɔmmfa mfa wɔn amammui nniso horow no so no. Ɔreka gyinabea dedaw no a atwam ne ɛbo a wɔn asɛyɛde foforo no som no ho asɛm no, ɔsomafo Paulo ka asɛm no pefee sɛ:
22. Adwuma bɛn na abɔfo Kristofo no yɛ, na hena na wogyina n’ananmu, na dɛn na wotu wɔn a wɔapata ama wɔn no fo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ?
22 “Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔde foforo; nneɛma dedaw no atwam, hwɛ, nneɛma nyinaa ayɛ foforo. Na nneɛma yi nyinaa fi Nyankopɔn a ɔnam Kristo so apata aka yɛn abɔ n’ankasa ne ho na ɔde mpata som ama yɛn no; ɛne sɛ, Onyankopɔn wɔ Kristo mu repata aka wiase abɔ ne ho, na wammu wɔn mfomso angu wɔn so, na ɔde mpata asɛm no asi yɛn mu. Enti yɛyɛ abɔfo ma Kristo, te sɛ Onyankopɔn nam yɛn so tu mo fo; yegyina Kristo ananmu srɛ mo sɛ: momma wɔmfa mpata nka mo mmɔ Onyankopɔn ho. Efisɛ nea onnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Onyankopɔn trenee, ɔno mu. Na yɛn a yɛne no bom yɛ adwuma no tu mo fo nso sɛ munnnye Onyankopɔn dom no kwa.”—2 Kor. 5:1 kosi 6:1, Twi Bible Foforo.
23. Sɛ́ wɔyɛ abɔfo a wogyina Kristo ananmu no de anohyeto a emu yɛ duru bɛn na ɛto Onyankopɔn ananmusifo so?
23 Sɛ́ wɔyɛ ‘abɔfo a wogyina Kristo ananmu’ no de anohyeto ahorow a anibere wom brɛ Onyankopɔn ananmusifo a wɔyɛ abɔde foforo wɔ Kristo mu no. Anohyeto ahorow bɛn? Nea ɛte sɛ anohyeto ahorow a ɛda amammui aman no abɔfo no so no. Ɛnyɛ ɛnnɛ nko, na mmom wɔ Bible mmere so no, na abɔfo nni hokwan sɛ wɔde wɔn ho hyehyɛ aman a wɔasoma wɔn wɔ mu no amammuisɛm mu. (Luka 19:15, 27) Na wobetumi asrɛ ade afi amannɔne nniso horow no hɔ, anaasɛ wɔakasa atia mpo, nanso ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi saa aman no amammuisɛm ho koraa. Ɛsɛ sɛ wodi nokware ma wɔn ankasa man mu nniso na wɔde anidahɔ dwen n’ahiade ahorow ho bere a wɔresusuw amannɔne nniso horow ho no. Sɛ wɔanyɛ eyi a, wobetumi ayɛ wɔn a wonnye wɔn anaasɛ wɔn abodin ahorow no ntom, na wobetumi ayi wɔn afi asase so.
24. Ɛhe na ɔman a honhom mu ahemmɔfo yi bu no wɔ, nniso bɛn na wogyina n’ananmu, na wiase dwumadi ahorow bɛn na wɔtwe wɔn ho fi ho na wɔnam saa yɛ so ma wɔn ho tew?
24 144,000 no a wɔyɛ Kristo mfɛfo adedifo no gye tom sɛ, bere a wɔwɔ asase so no, wɔyɛ ‘abɔfo a wogyina Kristo ananmu.’ Ɛdenam Kyerɛw Kronkron no so no, wohu nea abɔfo a wɔyɛ no kyerɛ ankasa no pefee wɔ wɔne wiase a ɛtan Onyankopɔn no abusuabɔ fam. (Rom. 5:10) Wɔne ɔsomafo Paulo bom ka sɛ: “Yɛn man a yebu no wɔ soro; efi hɔnom nso na yɛtwɛn Agyenkwa a ɔyɛ Awurade Yesu Kristo.” (Fil. 3:20) Wɔ ɔtan wiase yi mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nokwaredi gyina hɔ ma ɔsoro ahenni a Awurade Yesu Kristo hyɛɛ wɔn sɛ wɔnka ho asɛm wiase nyinaa no. (Mat. 24:14) Honhom mu ahemmɔfo a wɔyɛ ma wiase bi a ɛtan wɔn no mma wɔn kwan sɛ wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ na wonnya kyɛfa denneennen wɔ aman horow no amammuisɛm mu wɔ wiase yi mu. Wɔrentumi mfa wɔn ho nhyɛ amammui abatow mu anaasɛ wonnnye wiase nniso mu dibea sɛnea wiase ɔhemmɔfo ntumi mpaapae ne nokwaredi mu na onnye amammui mu dibea wɔ ɔman foforo mu no. Wɔ saa kwan yi so no wɔma wɔn ho tew fi ɔbrasɛe ne mogyahwiegu ho asodi a ɛda ɔman biara a ɛyɛ saa wɔ asase so no ho.
25. Ɔkwan bɛn so na mfɛfo Ahenni adedifo 144,000 no twe wɔn ho fi som a wɔbɛsom “aboa” no ne ne “honi” no ne n’agyirae a wobenya wɔ wɔn moma ne wɔn nsa so no ho?
25 Ɛdenam eyi so no yebetumi anya nea ɔsomafo Yohane ka wɔ anokwafo 144,000 no a wɔbɛyɛ Kristo Ahenni ahokafo no bo anisɔ pii: “Mihuu wɔn a Yesu adanse ne Nyankopɔn asɛm nti wotwitwaa wɔn ti no akra ne wɔn a wɔankotow aboa no anaasɛ ne honi na wɔannye agyirae no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa so no; na wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirihyia apem.” (Adi. 20:4) Wɔ Onyankopɔn honhom no tumi ase no, wohu “aboa no” akontaahyɛde 666 no sɛ ɛyɛ Ɔbonsam wiase nyinaa amammui nhyehyɛe a ɔnam so yɛ “wi yi ase sodifo” no. Wohu sɛ, nnɛ no, amammui aboa no honi no yɛ amammui ahyehyɛde foforo, a ɛne Amanaman Nkabom no, nnipa ahyehyɛde ma asomdwoe ne dwoodwoo asetra ma wiase a ɛne Onyankopɔn nka no. Ɛyɛ wɔn ho a wɔbɛma atew afi amammuisɛm ahorow ne sɛnkyerɛnne kwan so “aboa no” apereperedi ho nkutoo so na wɔrennya aboa no agyirae no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa so.
26. Ɛwom sɛ wɔtwe wɔn ho fi “aboa” no som ne n’agyirae’ no ho de, dɛn na 144,000 no de ma “tumi a ɛwɔ anuonyam” a ɛwɔ wiase no, nanso wɔyɛ saa de kodu hefa?
26 144,000 no nyɛ nkoa anaasɛ asomfo mma “aboa no” ne n’amammui “honi” no. Wɔnna wɔn ho adi petee mu denam agyirae a wohu wɔ wɔn moma so te sɛ nkoa ma “aboa no” a ɛyɛ nnipa nniso a ɛhyɛ Satan Ɔbonsam tumi ase no. Wɔmmfa n’amammui “agyirae” no nnnɔ wɔn nsa so te sɛ nea wɔnam nkoayɛ ne ɔsom so de wɔn mmoa ma no na wɔne no nya adamfofa. Wɔyɛ osetie ma ɔsomafo Paulo afotu a ɛwɔ Romafo 13:1-7 no na wofi ahonim pa mu ‘brɛ wɔn ho ase ma tumi a ɛwɔ anuonyam’ a ɛwɔ wiase yi mu no, wotua tow ahorow na wɔde nidi a ɛtete saa ma. Nanso wɔn ho ase a wɔbrɛ yi nyɛ ɔkwan biara so, na mmom wɔ akwan horow bi so, ma biribi titiriw bi nti. Ɛdɛn? Eyi: bere a asase so tumi horow yi mmara horow ne ahyɛde horow ne ɔsorosoroni Nyankopɔn no mmara horow ne ahyɛde horow bɔ abira no, ɛnde ɛsɛ sɛ wofi ahonim pa mu di nhwɛso a Kristofo asomafo no yɛe wɔ Asennibea Kunini a na ɛwɔ Yerusalem no anim no akyi: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.” (Aso. 5:2) Eyi a wɔbɛyɛ nkutoo so na wɔnam betumi atew wɔn ho afi “aboa no” “agyirae” no ho na wɔada wɔn ho adi sɛ wɔfata sɛ wɔne Kristo di hene wɔ soro.
27. Sɛnea Adiyisɛm 22:4 kyerɛ no, agyirae bɛn na wohu wɔ 144,000 no moma so?
27 Enti anokwafo 144,000 no remfa pɛsɛmenkominya wiase amammui afĩde no nkɔ Kristo ɔsoro ahenni no mu. Sɛ́ ebia wonya agyirae bi wɔ wɔn moma so no, Adiyisɛm 22:3-5 ka wɔ Onyankopɔn nkoa anokwafo yi ho sɛ: “Ne nkoa bɛsom no, na wobehu n’anim, na ne din wɔ wɔn moma so. . . . Awurade Nyankopɔn bɛhyerɛn wɔn so; na wobedi ahene daa daa.”
Mfaso A Wobenya Sɛ Wɔyɛ Ahene Mfirihyia Apem
28. (a) Wɔ 144,000 no fam no, mfaso bɛn na ɛbɛyɛ ama wɔn sɛ wobedi ahene mfirihyia apem a wonhia adedifo? (b) Sɛ wogyaa Satan ne n’adaemone no a, dɛn na wɔbɛyɛ wɔ ɔsoro nniso no ho, na dɛn na ɛbɛba wɔn a wɔama wɔadaadaa wɔn no so?
28 Hokwan bɛn na ɛbɛyɛ ama wɔn sɛ wɔne Kristo bedi hene mfirihyia apem bere a wɔakyekyere Satan Ɔbonsam ne n’adaemone no atow wɔn agu bun no mu akyi! Eyi bɛma wɔanya bere pii de awie adwuma a Yehowa Nyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnyɛ no nkonimdi mu wɔ mfirihyia apem a edi kan wɔ Ne nneɛma nhyehyɛe foforo no mu no mu. Wɔn anaasɛ Yesu Kristo rennya adedifo biara a wɔbɛba abedi ahene na wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛsakra nneɛma a wɔawie no anaasɛ wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ nneɛma wɔ ɔkwan foforo so. Sɛnea Adiyisɛm 20:7-10 kyerɛ no, bere a wɔagyaa wɔn wɔ mfirihyia apem no awiei no mu no, Satan Ɔbonsam ne n’adaemone no bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛdan nneɛma ani. Wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe biribiara a wɔnam mfirihyia apem nniso no so ayɛ ma ahyɛ Onyankopɔn anuonyam na ayɛ nhyira ama nnipa no; nanso wɔrentumi. Nnipa biara a Satan betumi adaadaa wɔn no behu afei sɛ atua a wɔtew tia ɔsoro nniso no renkosi baabiara na ɛyɛ tiaa. Wɔbɛpopa Satan ne n’adaemone ne asase so atuatewfo yi afi ateasefo mu.
29. (a) Ɔkwan bɛn so na, wɔ mfirihyia apem no awiei no, nneɛma bɛkyerɛ sɛ soma a Onyankopɔn somaa ne Ba no anaasɛ ɔma obewui no anyɛ ɔkwa? (b) Dɛn nti na Kristo ne 144,000 no bedi ahurusi sɛ wɔanni ahene mfirihyia apem kwa?
29 Yesu Kristo ne n’Ahenni mfɛfo adedifo 144,000 mfirihyia apem ahenni no renyɛ ɔkwa. Adesamma a wɔbɛma wɔaba ɔdesani pɛyɛ mu wɔ asase so nyinaa paradise mu no bɛyɛ nokwasɛm a edi mu. Yiw, Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no ammewu kwa, na atirimpɔw nti a Onyankopɔn nam ɔdɔ so somaa no baa wiase yi mu no renni huammɔ. Wɔ anokwafo a wogye Onyankopɔn amansan tumidi tom a wɔde nokwaredi di sɔhwɛ a ɛba bere a wogyaa Satan kakra no mu nkonim no fam no, ɛbɛda no adi kɛse sɛ Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn, Ɔbɔadeɛ no betumi de mmarima ne mmea a wobekura wɔn mudi mu pintinn ama No no atra asase so. Esiane eyi nti wɔbɛfata sɛ ɔtemmufo Kɛse Yehowa Nyankopɔn bu wɔn trenee, na ɔde hokwan a wɔde bɛsom No asomdwoe ne anigye mu wɔ asase so Paradise mu daa daa bɛma wɔn. (Adi. 20:5) Nea efi ɔsoro atemmu ma adesamma yi mu ba no, Yesu Kristo ne n’ahemfo ahokafo 144,000 no bedi ahurusi na wobehu sɛ wɔn mfirihyia apem ahenni no de mfaso horow bae.
30. Ahene a wobedi akyi no, adwuma bɛn na 144,000 no ne Kristo bɛyɛ mfirihyia apem, na asemmisa bɛn na eyi ma ɛsɔre?
30 Nanso anuonyam anisoade a ɔsomafo Yohane hui no da no adi kyerɛ yɛn sɛ mfɛfo Ahenni adedifo 144,000 yɛ nea ɛsen sɛ wɔne Kristo di ahene mfirihyia apem no. Adiyisɛm 20:6 ka 144,000 a wonya kyɛfa wɔ “owusɔre a edi kan” yi ho asɛm sɛ “wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo.” Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔyɛ “asɔfo” nso mfirihyia apem? Dɛn na eyi de bɛba a ahene ara kwa a wɔbɛyɛ ntumi mfa mma? Yɛrente nsɛm a ɛfa mfirihyia apem a ɛreba no ho ase gye sɛ yɛhwehwɛ mu.