Fa Wo Ho Ma!
“Wo man beyi wɔn yam koraa aba, . . . wo mmerante asafo ba ma wo sɛ obosu fi adekyee yam.”—DWOM 110:3.
1, 2. Nea ɛne Dwom 110:3 hyia no, dɛn na Yehowa Adansefo reyɛ mprempren?
YEHOWA Hene, Yesu Kristo, di tumi mprempren! Ɔredi dwuma fi 1914 mu na wafi ase ‘redi hene n’atamfo mfinimfini’ dedaw. (Dwom 110:2) Wɔ nneɛma nhyehyɛe a ɛrekɔ n’awiei yi nna a edi akyiri a emu yɛ den yi mu no, momma wɔn a wofi wɔn pɛ mu atu wɔn ho ama nyinaa mfa wɔn ho mma Ɔhene no adwuma no, na wɔnyɛ saa a wɔntwentwɛn wɔn nan ase.
2 Eyi ara ne nea Yehowa Adansefo reyɛ. Nnipa a wɔyɛ adwumaden a wɔreba no ama wɔn dodow rekɔ anim na wɔreba te sɛ obosu fi adekyee yam. Odwontofo no asɛm a efi honhom mu yi renya mmamu mprempren: “Wo man beyi wɔn yam koraa aba, wo ko da no, adurade kronkron mu, wo mmerante asafo ba ma wo sɛ obosu fi adekyee yam.” (Dwom 110:3) Bere bɛn ara na yɛte mu yi!
3. Ɛdefa ɔsom ho no, honhom bɛn na ɛda adi bere nyinaa wɔ Yehowa asomfo mu? Fi kyerɛw nsɛm mu kyerɛ eyi.
3 Ho a wɔde bɔ afɔre honhom wɔ adwuma a wofi ɔpɛ mu yɛ mu ada adi wɔ Yehowa nokware asomfo mu bere nyinaa Enti bere a hokwan no bae sɛ ɔnsom sɛ obi a okura Onyankopɔn asɛm no, odiyifo Yesaia gyee so ntɛm ara sɛ: “Mini, soma me!” (Yesaia 6:8) Wɔ Yesu Galilea som adwuma no mfiase no, ɔkɔɔ Yudafo bi a wosuro Onyankopɔn nkyɛn na ɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ: ‘Mommra mmɛyɛ m’akyidifo.’ Wɔpenee so a wɔantwentwɛn wɔn nan aso na wogyaw wɔn tow-gyigye ne namyi adwuma no. (Mateo 4:18-22; Luka 5:27, 28) Mmea a wɔn koma pɛ de wɔn bere, mmɔdenbɔ ne honam fam nneɛma mae de maa Yesu ne n’asuafo no nyaa nea wohia. (Marko 15:40, 41; Luka 8:1-3) Yiw, bere a ɔsom kronn hokwan ahorow buei no, nnipa yi nyinaa de wɔn ho mae.
Wofi Wɔn Pɛ Mu De Wɔn Ho Mae
4. Paulo ne n’ahokafo no buu ‘Makedonia ɔfrɛ’ no dɛn?
4 Kristoni somafo Paulo nso de ne ho ma maa ɔsom a ɛhyɛ Yehowa anuonyam. Bere bi onyaa anisoadehu bi a emu na ohuu ɔbarima bi a ɔresrɛ no sɛ: “Twa bra Makedonia bɛboa yɛn.” So Paulo ne n’ahokafo no gyee ɔfrɛ no so? Yiw, wɔyɛɛ saa, efisɛ yɛkenkan sɛ: “Na ohuu anisoade no ara pɛ na yɛpɛe sɛ yɛkɔ Makedonia, efisɛ ɛyɛɛ yɛn ampa sɛ Onyankopɔn na afrɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asɛmpa no nkyerɛ wɔn.” Wɔde wɔn ho mae na Yehowa nso maa adwuma a wofi wɔn pɛ mu yɛe no yɛɛ yiye.—Asomafo no Nnwuma 16:8-40.
5. Dɛn na ebinom aka wɔ tete Kristofo no som ho?
5 Ná fi a wofi wɔn pɛ mu som yɛ tete Kristosom agyiraehyɛde. Wɔaka sɛ: “Ɛnyɛ mmoa nko na Tete Asɔre no de maa asɛmpatrɛwfo; ná ɛno ankasa yɛ asɛmpatrɛw adwuma. Ante nka sɛ, sɛ etua ka ahorow na ɛde anigye tie nsɛm a asɛmpatrɛwfo no ka wɔ yiye a wodi wɔ adwuma no mu ho a, na ayɛ ne fam de. Ná asɔre nketenkete yi ankasa ayɛ te sɛ nwowa dontwo ama asɛmpatrɛw no. Obiara tee nka sɛ Onyankopɔn afrɛ no sɛ ɔnka Asɛmpa no nkyerɛ.” (The Preaching Value of Missions, a ekura Helen Barrett Montgomery kasa ahorow) Ná Yesu akyidifo no yɛ asɛnkafo a wɔyɛ nnam. “Tete asɔre no ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma no di adanse sɛ wɔfaa asɛnka adwuma no aniberesɛm. Ná asɛnka adwuma ne ade titiriw.” (The Idea of the Laity a David Haney kyerɛwee) Na dɛn na efii ho a wɔde bɔ afɔre adwuma a Yesu akyidifo yɛe yi mu bae? “Ankyɛ na wotuu kwan kɔɔ Roma nkurow ne amansin ahorow mu. Bere tiaa mu no, Ahemman no mu nyinaa bɛyɛɛ nea nyamesom foforo no rekɔ so kɛse.” (Imperial Rome a Moses Hadas kyerɛwee) Yiw, ‘wɔkaa asɛmpa no wiase abɔde nyinaa mu’ efisɛ saa tete adansefo Kristofo no de wɔn ho mae!—Kolosefo 1:23; Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 1:6-8.
6. Yehowa nnɛyi adansefo ate nka dɛn wɔ Ahenni asɛnka adwuma no ho bere nyinaa?
6 Honhom a ɛte saa ara kɔ so wɔ Yehowa nnɛyi adansefo mu. Nea ɛne no hyia no, Watchtower a ɛbae July ne August 1881 no kae sɛ: “So woreka asɛm no? Yegye di sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛka kuw ketewa no ho gye sɛ asɛnkafo . . . Wɔamfrɛ yɛn, anaa wɔansra yɛn sɛ yemmegye anuonyam na yɛmpɛ ahonyade, na mmom sɛ yɛbɛma wɔde yɛn ayɛ adwuma na yɛaka asɛmpa no.” Adwene koro no ara daa adi wɔ mfe bi akyi. Wɔ nhyiam bia ɛyɛ anigye ase wɔ Cedar Point, Ohio, wɔ 1922 mu no, wɔka kyerɛɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔahyiam no sɛ: “Monsan nkɔ afuw no mu, O mo ɔsorosoroni Nyankopɔn no mma! Monhyɛ mo akotade! Mo ani nna hɔ, monwɛn, monyɛ adwuma, munnya akokoduru. Monyɛ adansefo anokwafo mma Awurade. Monkɔ mo anim wɔ ɔko no mu nkosi sɛ Babilon afã horow nyinaa bɛyɛ amanfo. Monka asɛm no wɔ baabiara. Etwa sɛ wiase no hu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn, ne sɛ Yesu Kristo yɛ ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade. Eyi ne nna nyinaa mu da no. Hwɛ, Ohene no di tumi! Moyɛ n’adawurubɔfo. Enti, mommɔ, mommɔ, mommɔ ɔhene ne n’ahenni no ho dawuru.” Ahenni dawurubɔ adwuma a ɛte saa na Yehowa Adansefo de anigye ne nnamyɛ kɔ so de wɔn ho ma.
Wodi Ahiade Kɛse Ho Dwuma
7. Dɛn ne bere nyinaa asɛnkafo a wodii kan no osuahu, na wɔtee nka dɛn wɔ wɔn som ma Yehowa no ho?
7 Yehowa asomfo pii de wɔn ho ama bere nyinaa asɛnka adwuma no. Mfe a atwam no mu no ebinom somee sɛ colporteurs (mprempren wɔfrɛ wɔn akwampaefo) , na na asetra nyɛ mmerɛw mma wɔn. Ɔdansefo bi a ne mfe akɔ anim kae sɛ: “Yiw, na yɛma akwampaefo yɛ nkurow akɛse ne nketewa mu adwuma saa bere no. Ɛtɔ bere bi a wɔtɔn [Bible nhoma ahorow] gye afum aduan, nkokɔ, samina ne biribiara a wɔn ankasa hia anaa wɔtɔn ma afoforo. Wɔ mmeae a nnipa nni hɔ kɛse no, ɛtɔ bere bi a wɔne akuafo ne nnipa a wɔyɛn nguan, anantwi ne ade na ɛtra anadwo no nyinaa, na ɛtɔ bere bi mpo a, wɔda sare adan ahorow mu . . . Anokwafo yi kɔɔ so mfe pii kosii sɛ onyin amma wɔantumi bio.” Ná ebinom yɛ mmofra bere a wofii bere nyinaa som adwuma yi ase no. Ampa, na wɔn adwuma no yɛ den nanso wɔde wɔn ho mae na ɛyɛɛ wɔn anigye sɛ wɔbɛsom. Sɛnea wɔn mu biako kae no, ose: “Ná yɛyɛ mmofra na na yɛn ani gye wɔ adwuma no mu, ná ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛde yɛn ahoɔden bɛsom Yah.”
8. Ɔsom adwuma bɛn na Yehowa nkurɔfo pii de wɔn ho ama?
8 Wɔ mfe pii mu ne wɔ akoko-akoko, aduankɔm, asasewosow ne nneɛma afoforo a akɔ so a ɛso bi nni a ɛka bom yɛ Kristo “ba a waba” Ahenni tumi mu fi 1914 no ho “sɛnkyerɛnne” no mu no, Yehowa nkurɔfo asi wɔn bo wɔ asɛmpa no ka mu. (Mateo 24:3-14) Nea ɛyɛ anigye no, nnipa pii de wɔn ho ama bere nyinaa som adwuma no, na hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ wɔayɛ saa!
9. (a) Wɔ February 1, 1943 mu no, dwumadi titiriw bɛn na wofii ase wɔ Yehowa Adansefo abakɔsɛm mu? (b) Ɛyɛɛ dɛn na ɛyɛɛ yiye sɛ wobebue Gilead Sukuu na wɔde adi hia a amanaman ntam ntrɛwmu ho hia wɔ Ahenni asɛnka adwuma no mu no ho dwuma?
9 Ná Wiase Ko II rekɔ so denneennen wɔ February 1, 1943 mu. Nanso wɔ saa awɔw da no mu, wɔ Kingdom Farm a ɛbɛn South Lansin, New York no, dwumadi titiriw bi fii ase wɔ Yehowa Adansefo abakɔsɛm mu. Mmarima ne mmea aduanan akron—wɔn nyinaa yɛ akwampaefo—fii asram anum ntetee bi ase saa bere no wɔ Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu no mu. Ná ntetee yi bɛma wɔde wɔn ho ama asɛmpatrɛw adwuma no wɔ nsase afoforo so. Esiane sɛ ɔko no amma anyɛ yiye sɛ wɔde asɛmpatrɛwfo bɛkɔ Europa ne Asia nti, wɔde akuw a edi kan no mufo a wowiee Gilead Sukuu no kɔɔ Cuba, Mexico, Costa Rica, Puerto Rico, Canada ne Alaska. Wotumi dii hia a na amanaman ntam ntrɛwmu ho hia wɔ Ahenni asɛnka adwuma no mu no ho dwuma esiane sɛ akwampaefo a wɔyɛ adwumaden de wɔn ho mae nti.
Nea Gilead Sukuu Atumi Ayɛ
10. Ahenni nkɔso ho nhwɛso ahorow bɛn na wɔaka ho asɛm fi bere a asɛmpatrɛwfo a wɔanya Gilead ntetee dii kan kɔɔ nsase binom so no?
10 Adesuafo a wɔn dodow bɛyɛ 6,000 a wɔyɛ akuw ahorow 76 awie Gilead Sukuu a mprempren ɛwɔ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ wiase nyinaa no ti wɔ Brooklyn, New York no. Sukuu no tu a etu mpɔn no yɛ nea mfomso biara nni ho. Sɛ nhwɛso no, bere a Gilead asɛmpatrɛwfo a wodi kan no duu Brazil wɔ 1945 mu no, na nnipa 394 pɛ na wɔreyɛ Ahenni asɛnka adwuma no wɔ saa ɔman no mu. Ɛnnɛ wɔn dodow boro 148,000. Bere a Gilead adesuafo a wodi kan no duu Japan wɔ 1949 mu no na Ahenni adawurubɔfo a wofi hɔ a wobu wɔn som ho akontaa yɛ baasa pɛ wɔ saa Apuei Fam asase no so. Mprempren dodow a wɔboro 86,000 wɔ hɔ!
11. Efi bere a wobuee Gilead Sukuu wɔ 1943 mu no, dɛn na aba a ɛfa Ahenni nkɔso ho wɔ wiase nyinaa?
11 Na Ahenni nkɔso wɔ wiase nyinaa nso ɛ? Wiɛ, bere a Gilead Sukuufo kuw a wodi kan no nyaa wɔn ntetee wɔ 1943 mu no, na Ahenni adawurubɔfo 126,329 pɛ na wɔreka asɛm no wɔ nsase 54 so wɔ wiase nyinaa. Ɛnnɛ, asɛmpa no ho adawurubɔfo a wɔn dodow sen biara a wɔyɛ 2,652,323 reka asɛm no wɔ nsase horow 205 so. Wɔ ɔkwan a ɛsõ so no, nkɔso kɛse yi aba esiane Gilead adesuafo no adwuma pa nti.
12. Ɔkwan bɛn so na Sakaria 8:23 renya mmamu?
12 Wɔ nsase pii a wɔde adesuafo yi kɔɔ so sɛ ahemmɔfo ma Kristo no so no, wohui sɛ adu bere a ɛsɛ sɛ wɔyɛ otwa adwuma wɔ hɔ. (Mateo 9:37, 38; 2 Korintofo 5:20) Wɔ nsase binom a na nnipa kakraa bi na wɔwɔ hɔ so no, ɛnnɛ nnipa ɔhaha, mpempem ne mpo mpem dudu pii abɛka Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no ho na wɔka sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.” (Sakaria 8:23) Yiw, na sɛnea ɛbɛyɛ a wiase nyinaa Ahenni dawurubɔ no bɛkɔ so ara no, “nnipakuw kɛse” a wɔredɔɔso yi de wɔn ho rema.—Adiyisɛm 7:9.
Ɛyɛ Wɔn Anigye Sɛ Wɔde Wɔn Ho Mae
13. (a) Asɛm bɛn na ɔsɛmpatrɛwfo biako a ɔde ne ho maa Yehowa som adwuma a wɔyɛ no kɛse kae? (b) Asemmisa bɛn na ɛho hia sɛ yesusuw ho?
13 Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa hyira wɔn a woyi ɔpɛ pa ne ahofama honhom adi no, na ɛyɛ wɔn anigye sɛ wɔde wɔn ho ama ama dwumadi kɛse a eyi Onyankopɔn ayɛ. Sɛ nhwɛso no, onuawa ɔsɛmpatrɛwfo bi kyerɛwee sɛ: “Migyaee m’adwuma, na mannyaw biribiara a ɛbɛma masan m’akyi bio, na September, 1930 mu, wɔ sikasɛm mu ahokyere kɛse no mu pɛɛ na mifii ase tuu nkwa ho mmirika no ankasa [sɛ ɔkwampaefo]. Ayɛ m’anigye kɛse bere nyinaa sɛ meyɛɛ saa . . . Ɛkyerɛ Yehowa papayɛ a wɔka hwɛ ne to a wɔto n’ayeyi nnwom da biara na ɛma wonya asomdwoe na wɔnam so hyia nea ɛba biara.” (Dwom 34:8) So wubetumi de wo ho ama hokwan a ɛne akwampae anaa asɛmpatrɛw adwuma no?
14. Ɔkwan bɛn so na Sodikuw muni biako ada ne nkate adi wɔ bere nyinaa som adwuma no ho?
14 Wɔ ne mfirihyia 21 a edi kan wɔ bere nyinaa som adwuma no mu akyi no, Gilead asɛmpatrɛwfo a wodi kan no mu biako a ɔwɔ Japan kyerɛwee wɔ 1960 mu sɛ: “Ɛyɛ mfe a anigye ne osuahu ahorow ayɛ mu ma a asetra mu mfirihyia ɔha ara kwa rentumi mma wunnya!” Ɛnnɛ, wɔ mfirihyia 24 bi akyi no, onua yi anigye no da so ara yɛ kɛse bere a ɔsom sɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no.
15. (a) Mfe pii wɔ Betel som adwuma mu akyi no, dɛn na ebinom aka? (b) Asemmisa a ɛkanyan adwene bɛn na eyi ma ɛsɔre?
15 Wɔ mfe pii a ɔde asom wɔ ɔwɛn Aban Asafo no ti sɛ ɔhokwafo akyi no, onua biako kae sɛ: “Minnuu me ho wɔ ɔkwan a mepawee sɛ mɛfa so wɔ me mpanyimmere mfiase no ho. . . . Anigye a ɛyɛ sɛ mihu sɛ nsɛmma nhoma ne nhoma afoforo ɔpepem pii a ekura Onyankopɔn Asɛm no mu trɛw kɔ asase ano nyinaa no ankasa yɛ nhyira kɛse.” Onuawa bi ai wasom wɔ Brooklyn Betel fi 1920 mfe no mu kae bere bi sɛ: “Minhu nsɛmfua a mede bɛka akomatɔyam ne anigye a manya no ho asɛm.” Na bere a ɔde mfe pii asom wɔ Betel akyi no, onua biako kae sɛ: “Ampa manya asetra a ɛyɛ anigye na mfaso ne nhyira wom.” So wo nso wubetumi de wo ho ama ɔsom adwuma a anigye wom wɔ Betel?
Nya Yehowa Mu Gyidi Na Gye Ɔfrɛ No So
16. Dɛn na anuanom baanu a wɔn mfe akɔ anim aka wɔ adwuma a efi Yehowa ahyehyɛde no hɔ a wobegye atom ho?
16 Onua panyin bi a mprempren ɔresom wɔ Papua New Guinea kyerɛwee bere bi sɛ: “Saa [mfe a mede ayɛ bere nyinaa som adwuma] yi ayɛ mfe a eye sen biara, nea anigye wom sen biara . . . Hwɛ nyansa a ɛwom sɛ mitiee Awurade bɔhyɛ a ɛwɔ Mateo 6:33 no! Hwɛ nyansa ara na ɛwom sɛ midii Awurade akwankyerɛ akyi sɛnea wada no adi denam n’ahyehyɛde no so no!” Onua bi a ofi Britania a ɔde ne bere nyinaa asom wɔ India fi 1920 mfe no mu kaa no yiye sɛ: “Wiase no nyinaa abɛyɛ beae ketewaa bi mprempren. [Yehowa asomfo] wɔ asase biara so na wɔn a wɔwɔ ɔman biako mu no wɔ ɔdɔ te sɛ afoforo no ara. Ɛnkyɛ na tebea horow a ɛwɔ amannɔne nsase so no akokwaw obi. Ɛno ara ne sɛ obi bɛyɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ, na afei wahwehwɛ Yehowa honhom no na ama watumi adi akwanside ahorow so. Afotu a mede ma ne sɛ, Gye adwuma a efi Yehowa ahyehyɛde no hɔ bere nyinaa na fi anigye mu yɛ w’adwene sɛ wobɛyɛ.”
17. (a) Wɔ asafo mu adawurubɔfo fam no, ɔsom ma Yehowa a enya nkɔso anaa wɔtrɛw mu hokwan ahorow bɛn na ɛwɔ hɔ? (b) Bere a Paulo huu ‘ɔpon kɛse a ɛkɔ adwumayɛ mu’ no, ɔde ne ho mae dɛn?
17 Sɛ́ asafo mu ɔdawurubɔfo a ɔwɔ abusua ne Kyerɛwsɛm mu asɛyɛde ahorow pii no, ebia wubebisa sɛ, ‘Ahe na metumi ayɛ?’ Obi foforo biara rentumi nka nkyerɛ wo. Nanso wubetumi abɔ Yehowa mpae aka akyerɛ no sɛ ɔmfa wo nyɛ adwuma kɛse sɛnea ebetumi wɔ ne som kronn mu. Ebia wubetumi ama bere dodow a wode yɛ asɛnka adwuma bere nyinaa no akɔ anim. Sɛ wunni ofie Bible adesua a wo ne onigyefo bi yɛ a, ebia wubetumi ayɛ bi ho nhyehyɛe. Na yɛn nyinaa betumi ama sɛnea ɔsom a yɛde ma Yehowa no te anya nkɔso, sɛ yɛde afotu a ɛwɔ n’Asɛm mu ne nea n’ahyehyɛde de ma no di dwuma a. Afei nso sɛ woyɛ ɔpanyin a wɔapaw no a, ebia wobehia wo honhom mu mmoa kɛse wɔ asafo foforo mu. Sɛ w’abusua no tu kɔ faako a mmoa ho hia kɛse ampa a, ebia wo, wo yere ne wo mma benya anigye kɛse bere a muhu wɔn a wɔte sɛ nguanten no na moboa wɔn no. Bere bi akyi no ebia mubenya hokwan aboa ma wɔahyehyɛ asafo foforo, anaa ebia mubenya nhyira afoforo pii a ɛsen nea mohwɛ kwan koraa. Bere a ɔsomafo Paulo hui sɛ ‘wɔabue ɔpon kɛse a ɛkɔ adwumayɛ mu’ no, ne ho peree no sɛ ɔbɛtrɛw ne som a ɔde yi Yehowa ayɛ no mu. (1 Korintofo 16:9; 2 Korintofo 2:12; Kolosefo 4:2-4) So wote nka saa?
18. (a) Sɛ ɔpon a ɛkɔ Kristofo adwuma a wɔtrɛw mu mu bue ma wo a, dɛn na wɔhyɛ ho nyansa? (b) Sɛ wode wo ho ma a, dɛn na ebefi mu aba?
18 Afei, sɛ wɔde Yehowa som hokwan si w’anim a, dɛn na wobɛyɛ? So wobɛtwentwɛn wo nan ase, anaasɛ wubeyi ho a wɔde bɔ afɔre honhom adi? Ampa, ɛsɛ sɛ wubu ho akontaa hwɛ. (Luka 14:27-30) Nanso sɛ ɔpon a ɛyɛ Kristofo adwuma a wɔtrɛw mu bue ma wo a, bɔ Yehowa mpae. Ka eyi ho asɛm pɔtee wɔ mpaebɔ a ɛte sɛɛ mu na hwehwɛ n’akwankyerɛ. (Dwom 37:5; Filipifo 4:6, 7) Afei, sɛ ne honhom kronkron no ka wo sɛ gye hokwan bi tom a, pene saa akwankyerɛ no so na yɛ ade wɔ gyidi mu wɔ wo soro Agya no mu. Sɛ wode wo ho bɔ afɔre wɔ ɔkwan a ɛma Ahenni nneɛma nya nkɔso so a, akyinnye biara nni ho sɛ wubenya nhyira. Na kae sɛ, “[Yehowa] nhyira na ɛyɛ ɔdefo, na ɔbrɛ adwuma mfa bi nka ho.” (Mmebusɛm 10:22; Malaki 3:10) Yiw, nhyira kɛse a wonhwɛ kwan bɛyɛ wo de ampa, sɛ wode wo ho ma a!
Wubebua Dɛn?
□ Nea ɛne Dwom 110:3 hyia no, dɛn na Yehowa Adansefo reyɛ mprempren?
□ Yehowa nnɛyi asomfo bu Ahenni asɛnka adwuma no dɛn?
□ Efi bere a wobuee Gilead Sukuu wɔ 1943 mu no, dɛn na aba wɔ wiase nyinaa Ahenni nkɔso mu?
□ Hokwan ahorow bɛn na ɛwɔ hɔ ma Yehowa som a wɔma enya nkɔso anaa wɔtrɛw mu?
□ Sɛ ɔpon a ɛkɔ Ahenni adwuma a wɔtrɛw mu mu bue ma wo a, ɛsɛ sɛ woyɛ w’ade dɛn?
[Kratafa 28 mfoni]
Bere a Paulo nsa kaa ‘Makedonia ɔfrɛ’ no, ɔne n’ahokafo no de wɔn ho ma maa adwuma a eyi Yehowa ayɛ
[Kratafa 30 mfoni]
Gilead Sukuu adesuafo kuw a wodi kan, July 1943. Akwampaefo a wɔyɛ adwumaden yi de wɔn ho ma maa Ahenni adwuma a wɔyɛ no kɛse