-
Ahosohyira ne Ɛho SɛnkyerɛnneƆwɛn-Aban—1982 | April 1
-
-
6, 7. So wɔwoo Yesu wɔ Israel asɔfo busua no mu, na ɔkwan bɛn so na na obetumi abɛyɛ ɔsɔfo panyin?
6 Esiane sɛ na Yesu yɛ Onyankopɔn Ba nti, na enhia sɛ ɔbɛyɛ Lewi abusua anaasɛ Aaron asɔfo busua no muni ansa na wabɛyɛ Onyankopɔn sɔfo. Na ɛno betumi ayɛ yiye esiane Yehowa Nyankopɔn nhyehyɛe ahorow a ɛyɛ nwonwa no nti. Onyankopɔn honhom kaa ɔhene Dawid ma ɔhyɛɛ nkɔm faa saa aseni nuonyamfo a na ɛsɛ sɛ ɔyɛ kɛse sen n’agyanom ahemfo a wodii kan no ho: “[Yehowa] asɛm a osee me Wura ni: Tra me nifa kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso. Wo tumidi poma no, [Yehowa] fi Sion bɛteɛ. ‘Di hene w’atamfo mfinimfini!’ Wo man beyi wɔn yam koraa aba wo kõda no, adurade kronkron mu, wo mmerante asafo ba ma wo sɛ obosu fi adekyee yam. [Yehowa] aka ntam, na ɔrennu ne ho: Woyɛ daapem sɔfo, Melkisedek dibea so.”—Dwom 110:1-4.
-
-
Ahosohyira ne Ɛho SɛnkyerɛnneƆwɛn-Aban—1982 | April 1
-
-
Sɛnkyerɛnne Ma Wɔn A’Woyi Wɔn Yam Koraa De Wɔn Ho Ma’
8. Dɛn nti na eyi ne Kristo “kõda” no, na ɔkwan bɛn na wɔn a mprempren woyi wɔn yam koraa de wɔn ho ma no fa so yɛ eyi?
8 Afei saa ɔhene ne Ɔsɔfo Panyin, Yesu Kristo yi, asuafo no ‘yi wɔn yam koraa de wɔn ho ma’ wɔ ne “kõda no.” Wohyira wɔn ho so ma Yehowa Nyankopɔn wɔ saa ɔhene ne ɔsɔfo Panyin no din mu, wɔbɔ wɔn asu wɔ nsu mu de yɛ saa ahosohyira yi ho sɛnkyerɛnne. Eyinom ne wɔn a ɛsɛ sɛ awiei koraa no wɔsɔw wɔn dodow ano wie ansa na “ahohiahia kɛse” no apae agu no. Wɔne wɔn ahokafo “nnipakuw kɛse” no ‘yi wɔn yam koraa de wɔn ho ma’ sɛ obosu wɔ Onyankopɔn nkwagye asɛm a ɛma abotɔyam no a wɔde kɔma nkurɔfo mu.—Adiyisɛm 7:2-4, 9, 10, 14.
-