‘Hena Na Ɔte Sɛ Yehowa Yɛn Nyankopɔn?’
“Hena na ɔte sɛ [Yehowa] yɛn Nyankopɔn a ne trabea wɔ ɔsoro?”—DWOM 113:5.
1, 2. (a) Yehowa Adansefo bu Onyankopɔn ne Bible no dɛn? (b) Nsemmisa bɛn na ɛfata sɛ yesusuw ho?
WƆAHYIRA Yehowa ayeyifo ampa. Hwɛ hokwan a ɛyɛ sɛ yɛyɛ nnipadɔm a wɔwɔ anigye yi mufo! Sɛ n’Adansefo no, yegye Onyankopɔn Asɛm Bible no mu afotu, mmara ahorow, nkyerɛkyerɛ, bɔhyɛ ne nkɔmhyɛ ahorow tom. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yesua ade fi Kyerɛwnsɛm no mu na “Yehowa akyerɛkyerɛ” yɛn.—Yohane 6:45.
2 Esiane obu a emu dɔ a Yehowa Adansefo wɔ ma Onyankopɔn nti, wobetumi abisa sɛ: “Hena na ɔte sɛ [Yehowa] yɛn Nyankopɔn?” (Dwom 113:5) Saa nsɛm a odwontofo no kae no kyerɛ gyidi. Nanso dɛn nti na Adansefo no wɔ gyidi a ɛte sɛɛ wɔ Onyankopɔn mu? Na ntease ahorow bɛn na wɔwɔ nti a woyi Yehowa ayɛ?
Gyidi ne Ayeyi Fata
3. Hallel Nnwom no yɛ dɛn, na dɛn nti na wɔfrɛ no saa?
3 Yehowa mu gyidi teɛ efisɛ ɔne Onyankopɔn a ɔda nsow no. Wɔasi eyi so dua wɔ Nnwom 113, 114, ne 115, a ɛka Hallel Nnwom asia no ho no. Sɛnea rabifo Hillel Sukuu no kyerɛ no, wɔtoo Dwom 113 ne 114 wɔ Yudafo Twam adidi no ase bere a wɔahwie bobesa kuruwa ma a ɛto so abien na wɔakyerɛkyerɛ nea afahyɛ no kyerɛ mu awie no. Wɔtoo Nnwom 115 kosi 118 bere a wɔahwie bobesa kuruwa ma a ɛto so anan akyi no. (Fa toto Mateo 26:30 ho.) Wɔfrɛ no “Hallel Nnwom” efisɛ na wɔde asɛm Haleluia!—“Munyi Yah Ayɛ!” di dwuma mpɛn pii.
4. Asɛm “Haleluia” no ase kyerɛ dɛn, na epue wɔ Bible no mu mpɛn ahe?
4 “Haleluia!” yɛ Hebri asɛm bi a epue mpɛn 24 wɔ Nnwom nhoma no mu a wɔde kasa foforo nkyerɛwde akyerɛw. Ne nkyerɛase bi a ɛwɔ Hela kasa mu a ɛka anigye a wonyae wɔ Babilon Kɛse, wiase nyinaa atoro som ahemman, no sɛe ne fi a Yehowa Nyankopɔn fii ase dii tumi sɛ Ɔhene ho ahurusidi no ho asɛm no pue mpɛn anan wɔ Bible no mmeae afoforo. (Adiyisɛm 19:1-6) Bere a afei yɛhwehwɛ Hallel Nnwom no mu abiɛsa mu no, yebetumi afa no sɛ yɛn ankasa reto nnwom yi de ayi Yehowa ayɛ.
Munyi Jah Ayɛ!
5. Dwom 113 bua asemmisa bɛn, na wɔde ahyɛde a ɛwɔ Dwom 113:1, 2 no ma henanom titiriw?
5 Dwom 113 bua asemmisa a ɛne sɛ, Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woyi Yehowa ayɛ? Ɛde ahyɛde a ese: “Munyi Yah ayɛ! [Yehowa] nkoa, munyi ayɛ, munyi [Yehowa] din ayɛ. Momma wonhyira [Yehowa] din mfi nnɛ nkosi daa” no na efi ase. (Dwom 113:1, 2) “Haleluia!” Yiw, “Munyi Yah ayɛ!” Wɔde saa ahyɛde no ma Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ “awiei bere” yi mu no titiriw. (Daniel 12:4) Efi nnɛ kosi daa no, wɔbɛkamfo Yehowa din wɔ asase nyinaa so. Mprempren, n’Adansefo pae mu ka sɛ Yehowa ne Nyankopɔn, Kristo di Hene, na wɔde Ahenni no asi hɔ wɔ soro. Satan Ɔbonsam ne n’ahyehyɛde no ntumi nsiw ayeyi a wɔde ma Yehowa yi ano.
6. Ɔkwan bɛn so na wɔreyi Yehowa ayɛ ‘fi owiapuei kosi n’atɔe’?
6 Wɔbɛto ayeyi dwom no akosi sɛ Yehowa bɛma wɔate wɔ asase nyinaa so. “Efi owiapuei kɔpem n’atɔe, [Yehowa] din sɛ ayeyi.” (Dwom 113:3) Eyi kyerɛ pii sen ɔsom a asase so abɔde binom de ma da biara kɛkɛ. Owia pue wɔ apuei fam na ɛtɔ wɔ atɔe fam, na ɛhyerɛn wɔ asase nyinaa so. Baabiara a owia hyerɛn no, ɛrenkyɛ nnipa a wɔagye wɔn afi atoro som ne Satan ahyehyɛde nkoasom mu nyinaa beyi Yehowa din ayɛ. Nokwarem no, mprempren Yehowa Adansefo a wɔasra wɔn ne wɔn a wɔbɛyɛ Yehowa Hene Yesu Kristo asase so mma no reto dwom yi a wɔrennyae to da no. Hwɛ hokwan a wɔwɔ sɛ wɔn a wɔto Yehowa ayeyi nnwom!
Obiara Ne Yehowa Nsɛ
7. Yehowa tumi mu nneɛma abien bɛn na wɔtwe adwene si so wɔ Dwom 113:4?
7 Odwontofo no de ka ho sɛ: “Wɔama [Yehowa] so amanaman nyinaa so, n’anuonyam tra ɔsoro.” (Dwom 113:4) Eyi twe adwene si Onyankopɔn tumi a ɛkorɔn no mu nneɛma abien so: (1) Yehowa, Opumpuni a ‘wɔama no so amanaman nyinaa so’ fam no, wɔte sɛ bokiti ho nsukoko a ɛresosɔ ne nsenia mu mfutumawa bi; (Yesaia 40:15; Daniel 7:18) (2) n’anuonyam so koraa sen ɔsoro a aniwa hu no, efisɛ abɔfo yɛ n’apɛde a ɛkyɛn so.—Dwom 19:1, 2; 103:20, 21
8. Dɛn nti na ɔkwan bɛn so na Yehowa brɛ ne ho ase hwɛ ɔsoro ne asase so nsɛm?
8 Esiane sɛ korɔn a Onyankopɔn korɔn no kanyan odwontofo no nti, ɔkae sɛ: “Hena na ɔte sɛ [Yehowa] yɛn Nyankopɔn a ne trabea ne ɔsoro, ɔbrɛ ne ho ase hwɛ fam, ɔsoro ne asase so?” (Dwom 113:5, 6) Onyankopɔn korɔn araa ma ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na wahu ɔsoro ne asase so nsɛm. Ɛwom sɛ obiara nkorɔn nsen Yehowa anaa ɔnhyɛ afoforo ase de, nanso ɔda ahobrɛase adi wɔ mmɔborohunu ne ayamhyehye a oyi adi kyerɛ abɔnefo a wɔba fam no mu. Yehowa Ba Yesu Kristo a ɔde no mae sɛ “bɔne ho mpata” maa Kristofo a wɔasra wɔn ne adesamma wiase no yɛ n’ahobrɛase a oyii adi kyerɛe.—1 Yohane 2:1, 2.
Yehowa Wɔ Ayamhyehye
9, 10. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ‘ma ohiani so ma ɔtra mmapɔmma nkyɛn’?
9 Odwontofo no resi Onyankopɔn ayamhyehye so dua no, ɔde ka ho sɛ Yehowa ‘rema ɔbrɛfo so afi mfutuma mu, na ɔma ohiani so fi sumina so, sɛ ɔma ɔtra mmapɔmma nkyɛn, ne man mu mmapɔmma. Ɔma ɔbaabonin nya ofi tra mu, na ɔyɛ ɔbaatan a n’ani gye. Munyi Yehowa ayɛ!’ (Dwom 113:7-9) Yehowa nkurɔfo wɔ gyidi sɛ obetumi agye ahiafo a wɔteɛ no, asakra wɔn tebea, na wama wɔanya wɔn ahiade ne nea wɔpɛ a ɛfata no. ‘Nea ɔkorɔn No ma ahobrɛasefo honhom ne wɔn a wɔabubu wɔn koma no so.’—Yesaia 57:15.
10 Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘ma ɔbrɛfo so na ɔma ɔtra mmapɔmma nkyɛn’? Sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a, ɔma ne nkoa dibea a anuonyam wom a ɛte sɛ adehye de. Ɔyɛɛ saa wɔ Yosef a ɔbɛyɛɛ Misraim aduan sohwɛfo asɛm no mu. (Genesis 41:37-49) Wɔ Israel no, na adehye, anaa nnipa a wodi tumi wɔ Yehowa nkurɔfo mu a wɔtra wɔn mu no yɛ hokwan a ɛsɛ sɛ wobu no sɛ ɛsom bo. Te sɛ nnɛ Kristofo mpanyimfo no, mmarima a wɔte sɛɛ no nyaa Onyankopɔn mmoa ne ne nhyira.
11. Dɛn nti na wobetumi aka sɛ Dwom 113:7-9 fa nnɛ bere yi mu Yehowa nkurɔfo ho titiriw?
11 Na ‘ɔbaabonin a ɔma ɔyɛ ɔbaatan a ɔwɔ anigye’ no nso ɛ? Onyankopɔn maa obonin Hana ɔbabarima—Samuel, a ɔde no mae sɛ ɔnyɛ N’adwuma no. (1 Samuel 1:20-28) Nea ehia titiriw no, fi Yesu so ne bere a ohwiee honhom kronkron guu n’asuafo so wɔ Pentekoste wɔ 33 Y.B. mu no, Onyankopɔn sɛnkyerɛnne kwan so ɔbea, ɔsoro Sion, no fii ase woo honhom mu mma. (Yesaia 54:1-10, 13; Asomafo no Nnwuma 2:1-4) Na sɛnea Onyankopɔn de Yudafo no san baa wɔn man mu bere a wɔkɔɔ nnommumfa mu wɔ Babilon akyi no, saa ara na ogyee “Onyankopɔn Israel” a wɔasra wɔn no nkaefo fii Babilon nnommumfa mu wɔ 1919 mu, na wahyira wɔn kɛse wɔ honhom fam araa ma Dwom 113:7-9 mu nsɛm abam wɔ wɔn so. (Galatifo 6:16) Sɛ́ Yehowa Adansefo anokwafo no, honhom fam Israel nkaefo ne wɔn ahokafo a wɔwɔ anidaso ahorow sɛ wɔbɛtra asase so no de anigye di Dwom 113 mu nsɛm a etwa to yi: “Munyi Yah ayɛ!” no ho dwuma.
Nsow a Yehowa Da no ho Adanse
12. Ɔkwan bɛn so na Dwom 114 kyerɛ sɛnea Yehowa da nsow?
12 Dwom 114 kyerɛ sɛnea Yehowa da nsow denam nsɛm a ɛda nsow a esisii wɔ Israelfo asetram a ɔkaa ho asɛm no so. Odwontofo no too dwom sɛ: “Israel fii Misraim, na Yakob fifo fii ananafo man mu no, Yuda yɛɛ ne kronkronbea, na Israel yɛɛ ne tumidibea.” (Dwom 114:1, 2) Onyankopɔn gyee Israel fii Misrifo a na wɔn kasa yɛ anana kasa ma wɔn no nkoasom mu. Yehowa nkurɔfo a ogyee wɔn a wɔfrɛ wɔn Yuda ne Israel wɔ anwensɛm mu nsɛdi mu no kyerɛ sɛ Onyankopɔn betumi agye ne nkoa a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa.
13. Ɔkwan bɛn so na Dwom 114:3-6 kyerɛ Yehowa tumi na ɛfa tete Israel osuahu ahorow ho?
13 Tumi a Yehowa di wɔ abɔde nyinaa so no da adi wɔ nsɛm yi mu sɛ: “Ɛpo hui, na eguanee, Yordan san n’akyi. Mmepɔw huruhuruwii sɛ adwennini, na nkoko yɛe sɛ nguammaa. Ɛpo, dɛn na ɛyɛ wo na wuguan, na wo Yordan nso, wosan w’akyi yi? Mo mmepɔw, sɛ muhuruhuruw sɛ adwennini, na mo nkoko, moyɛ sɛ nguammaa yi?” (Dwom 114:3-6) Ɛpo Kɔkɔɔ no ‘guanee’ bere a Onyankopɔn paee kwan wom maa ne nkurɔfo no. Saa bere no Israel hui sɛ Yehowa nsa kɛse no reyɛ ade atia Misrifo a wowuwui wɔ nsu a ɛresan n’akyi no mu no. (Exodus 14:21-31) Yordan Asubɔnten no ‘fii ase san n’akyi’ bere a wɔdaa ɔsoro tumi adi saa ara no, na ɛmaa Israelfo no nyaa kwan twa kɔɔ Kanaan. (Yosua 3:14-16) “Mmepɔw huruhuruwii sɛ adwennini” bere a Bepɔw Sinai tuu wusiw na ɛwosowee bere a wɔhyehyɛɛ Mmara apam no. (Exodus 19:7-18) Bere a odwontofo no dwom rebɛn awiei no, ɔdan nsɛm no nsemmisa, a ebia na ɔrekyerɛ sɛ Yehowa tumi a oyi kyerɛe no maa ehu kaa epo, asubɔnten, mmepɔw ne nkoko a nkwa nnim no.
14. Dɛn na wɔnam Yehowa tumi so yɛe wɔ Meriba ne Kades, na ɛsɛ sɛ eyi nya ne nkoa a wɔwɔ hɔ nnɛ no so tumi dɛn?
14 Odwontofo no da so ara reka Yehowa tumi ho asɛm no, ɔtoo dwom sɛ: “Asase, popo wɔ Awurade anim, Yakob Nyankopɔn anim. Ɔno na ɔdan ɔbotan ma ɛyɛɛ ɔtare, na atwerɛbo yɛɛ nsuaniwa.” (Dwom 114:7, 8) Sɛnkyerɛnne kwan so no, na odwontofo no nam saayɛ so kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ adesamma suro Yehowa, Awurade ne Amansan Hene no wɔ asase nyinaa so. Ná ɔne “Yakob” anaa Israel “Nyankopɔn,” sɛnea ɔyɛ honhom fam Israelfo ne wɔn asase so ahokafo Nyankopɔn no. Wɔ Meriba ne Kades wɔ sare no so no, Yehowa yii ne tumi adi kyerɛe denam anwonwa kwan so a ɔnam maa Israel nsu na “ɔdan ɔbotan ma ɛyɛɛ ɔtare, na atwerɛbo yɛɛ nsuaniwa” no so. (Exodus 17:1-7; Numeri 20:1-11) Nneɛma a ɛte sɛɛ a ɛma wɔkae Yehowa tumi a ɛyɛ hu ne sɛnea ɔyɛ n’Adansefo brɛbrɛ no ma wonya nneɛma pa gyina so de nya ne mu gyidi korakora.
Ɔnte Sɛ Ahoni Anyame No
15. Ɔkwan bɛn so na ebia wɔtoo Dwom 115?
15 Dwom 115 hyɛ yɛn nkuran sɛ yenyi Yehowa ayɛ na yɛmfa yɛn ho nto no so. Ɛkyerɛ sɛ ɔno na ɔde nhyira ne mmoa ma, na ɛkyerɛ sɛ ahoni so nni mfaso. Ebia wɔtoo dwom yi wɔ ɔkwan a ɛmaa afoforo gyee so so. Kyerɛ sɛ ebia obi too sɛ: “Mo a musuro [Yehowa], momfa mo ho nto [Yehowa] so.” Na ebia asafo no gyee so sɛ: “Wɔn boa ne wɔn kyɛm ne no.”—Dwom 115:11.
16. Nsonsonoe bɛn na wobetumi de ato Yehowa ne amanaman no ahoni ntam?
16 Ɛnsɛ sɛ wɔde anuonyam ma yɛn na mmom ɛsɛ sɛ wɔde ma Yehowa a ɔne adɔe, anaa nokware dɔ ne nokware Nyankopɔn no din. (Dwom 115:1) Ebia atamfo de fɛwdi bebisa sɛ: “Ɛhe . . . na wɔn Nyankopɔn wɔ?” Nanso Yehowa nkurɔfo betumi abua sɛ: “Yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro, na nea ɔpɛ nyinaa na ɔyɛ.” (Nkyekyem 2, 3) Nanso, amanaman no ahoni rentumi nyɛ hwee, efisɛ wɔyɛ dwetɛ ne sika ahoni a nnipa na wɔayeyɛ. Ɛwom sɛ wɔwɔ ano, aniwa, ne aso de, nanso wɔnkasa, wonhu ade, na wɔnte asɛm. Wɔwɔ hwene nanso wɔnte hua, wɔwɔ anan nanso wontumi nnantew, na wɔwɔ menewa de, nanso wontumi nyɛ nnyigyei biara. Wɔn a wɔyɛ ahoni a nkwa nnim na wɔde wɔn ho to wɔn so no nso bɛyɛ wɔn a nkwa nni wɔn mu saa ara.—Nkyekyem 4-8.
17. Esiane sɛ awufo ntumi nyi Yehowa ayɛ nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na anidaso bɛn na ɛsɛ sɛ yenya?
17 Afei wɔde afotu ma sɛ wɔmfa wɔn ho nto Yehowa so sɛ Ɔboafo Kyɛm a ɔbɔ Israel, Aaron asɔfo fi ne wɔn a wosuro Onyankopɔn nyinaa ho ban. (Dwom 115:9-11) Sɛ wɔn a wosuro Yehowa no, yɛwɔ obu a emu dɔ ma Onyankopɔn ne osuro pa a ɛremma yɛnyɛ nea n’ani nnye ho. Yɛwɔ gyidi nso sɛ “ɔsoro ne asase Yɛfo” no hyira n’asomfo anokwafo nso. (Nkyekyem 12-15) Ɔsoro na Onyankopɔn ahengua wɔ, nanso ɔyɛɛ asase no sɛ adesamma anokwafo ne asoɔmmerɛfo daa fie. Esiane sɛ awufo a wɔnkasa na wonnim hwee no rentumi nyi Yehowa ayɛ nti, ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ ateasefo no de ahofama ne nokwaredi a edi mu yɛ saa. (Ɔsɛnkafo 9:5) Yehowa ayeyifo nkutoo na wobenya daa nkwa na wɔatumi ‘ahyira Yah’ daa, na wɔaka ne ho asɛmpa “akosi daa.” Enti momma yɛne wɔn a wotie afotu a ɛne sɛ: “Munyi Yah ayɛ!” yi mfa nokwaredi nnyina pintinn.—Dwom 115:16-18.
Yehowa Su Horow a Ɛyɛ Nwonwa No
18, 19. Akwan bɛn so na Yehowa su horow ma ɔda nsow wɔ atoro anyame ho?
18 Esiane sɛ Yehowa nte sɛ ahoni a nkwa [PAGE 112]nni wɔn mu no nti, ɔne Onyankopɔn teasefo a ɔda su horow a ɛyɛ nwonwa adi no. Ɔyɛ ɔdɔ ho nhwɛso a edi mu ne “mmɔborohunu ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii.” (Exodus 34:6; 1 Yohane 4:8) Hwɛ sɛnea ɛsono no wɔ Kanaanfo nyame Molek tirimɔdenfo a wɔde mmofra bɔɔ afɔre maa no no ho! Wɔkyerɛ sɛ na onyame yi honi te sɛ onipa na ɔwɔ nantwinini ti. Wɔkyerɛ sɛ na wɔma ohoni no dɔ kɔkɔɔkɔ, na wɔto mmofra to ne nsa a wɔateɛm no so, na wɔtɔ ogyaframa no mu wɔ ase hɔ. Nanso Yehowa wɔ ɔdɔ ne mmɔborohunu araa ma nnipa a wɔde wɔn bɔ afɔre saa no ho adwene mpo mmaa ‘ne komam da.’—Yeremia 7:31.
19 Atɛntrenee a ɛyɛ pɛ, nyansa a enni ano, ne ade nyinaa so tumi nso ka Yehowa su atitiriw ho. (Deuteronomium 32:4; Hiob 12:13; Yesaia 40:26) Na anansesɛm mu anyame nso ɛ? Sɛ anka Babilon anyame ne anyamewa bebu atɛntrenee no, na wodi were. Na Misrifo anyame nyɛ anyansafo a wɔkyɛn so, na mmom wɔfaa wɔn sɛ wɔwɔ nnipa mmerɛwyɛ. Ɛno nyɛ nwonwa, efisɛ nnipa “hunu” a wose wɔyɛ anyansafo na wɔyɛɛ atoro anyame ne anyamewa no. (Romafo 1:21-23) Wose na Helafo anyame pam wɔn ho wɔn ho tiri so. Sɛ nhwɛso no, wɔ anansesɛm ahorow mu no, Seus de ne tumi dii dwuma ɔkwammɔne so denam n’agya Cornus a otuu n’ankasa n’agya Uranus agua so a otuu no agua so no so. Hwɛ nhyira a ɛyɛ sɛ yɛsom Yehowa, ɔteasefo ne nokware Nyankopɔn a oyi ɔdɔ, atɛntrenee, nyansa, ne tumi a ɛyɛ pɛ adi kyerɛ na yeyi no ayɛ!
Yehowa Fata Daa Ayeyi
20. Ntease ahorow bɛn na Ɔhene Dawid de mae wɔ Yehowa din a oyii n’ayɛ no ho?
20 Sɛnea Hallel Nnwom no kyerɛ no, Yehowa fata daa ayeyi. Saa ara nso na bere a Dawid ne ne mfɛfo Israelfo yii ntoboa sɛ wɔmfa nsi asɔrefi no, ɔkae wɔ asafo no anim sɛ: “Nhyira ne wo, [Yehowa], yɛn Agya Israel Nyankopɔn, fi daa kosi daa. Wo [Yehowa] na kɛseyɛ ne mmaninyɛ ne anuonyam ne nimdi ne aseda wɔ wo, na nea ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa wɔ wo. Wo, [Yehowa], na ahenni wɔ wo, na wo na woama wo ho so di ade nyinaa so ti. Na ahonya ne anuonyam fi w’anim, na wo na wudi ade nyinaa so, na wo nsam na ahoɔden ne mmaninyɛ wɔ, na nnipa nyinaa kɛseyɛ ne denhyɛ wɔ wo nsam. Na afei, yɛn Nyankopɔn, yɛn de, yɛda wo ase, na yeyi w’anuonyam din no ayɛ.”—1 Beresosɛm 29:10-13.
21. Adiyisɛm 19:1-6 de ɔsoro dɔm a wɔreyi Yehowa ayɛ no ho adanse bɛn na ɛma?
21 Wobehyira Yehowa ayi no ayɛ daa wɔ ɔsoro nso. Ɔsomafo Yohane tee sɛ ‘ɔsoro nkurɔfokuw kɛse pii’ ka sɛ: “Haleluia! nkwagye ne anuonyam ne nidi ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn de; efisɛ n’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ, sɛ obuu aguaman kɛse [Babilon Kɛse] a ɔde n’aguamammɔ asɛe asase no atɛn, na odii ne nkoa mogya ho were wɔ ne nsam.” Wɔka bio sɛ: “Haleluia!” Saa ara na “mpanyimfo aduonu anan ne ateasefo baanan no” kae. Ɛnne bi fi ahengua no mu kae sɛ: “Munyi yɛn Nyankopɔn ayɛ, mo a moyɛ ne nkoa ne mo a musuro no nyinaa, akɛse ne nketewa.” Afei Yohane ka kaa ho sɛ: “Na metee nne bi a ɛte sɛ nkurɔfokuw kɛse nne ne nsu bebree nne ne aprannaa a emu yɛ den nne sɛ: Haleluia! efisɛ [Yehowa] Nyankopɔn, Ade nyinaa so Tumfoɔ no, adi hene.”—Adiyisɛm 19:1-6.
22. Wobeyi Yehowa ayɛ dɛn wɔ ne wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no mu?
22 Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ ɔsoro dɔm yi Yehowa ayɛ! Wɔ ne wiase foforo a mprempren abɛn no mu no, anokwafo a wobenyan wɔn bɛka wɔn a wobenya nkwa wɔ nhyehyɛe yi awiei no ho na wɔayi Yah ayɛ. Mmepɔw atenten bɛmema wɔn ti so ato ayeyi nnwom ama Onyankopɔn. Nkoko a ɛso afifide yɛ frɔmm ne nnua a asow aba bɛto n’ayeyi nnwom. Abɔde biara a ɛte ase na ɛhome beyi Yehowa din ayɛ wɔ Haleluia nnwontofo kuw kɛse no mu! (Dwom 148) So wɔbɛte wo nne wɔ saa dɔm a wɔwɔ anigye no mu? Sɛ wo ne Yehowa nkurɔfo som wɔ nokwaredi mu a, wɔbɛte wo nne. Ɛsɛ sɛ ɛno yɛ w’atirimpɔw wɔ asetra mu, efisɛ hena na ɔte sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn?
Wubebua Dɛn
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yeyi Yehowa Nyankopɔn ayɛ?
◻ Akwan bɛn so na obiara ne Yehowa nsɛ?
◻ Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa wɔ ayamhyehye?
◻ Ɔkwan bɛn so na ɛsono Yehowa wɔ ahoni a nkwa nni wɔn mu ne atoro anyame ho?
◻ Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa benya daa ayeyi wɔ ɔsoro ne asase so?
[Mfonini wɔ kratafa 9]
Ná wɔto Hallel Nnwom no wɔ Twam adidi no ase