-
Anigye A Basabasayɛ Wiase A Ɔdɔ Nni Mu Mfa HoƆwɛn-Aban—1984 | December 1
-
-
3. (a) So nea ɔkyerɛw Dwom 119 no fatae sɛ obenya anigye atitiriw a Yesu Kristo kaa ho asɛm no? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Kyerɛ sɛnea odwontofo no tee nka wɔ Mmara apam a Mose yɛɛ ne ntamgyinafo no ho.
3 Onipa a ɔfatae tete no sɛ obenya anigye horow a ɛte sɛɛ a na Yudafo Mesia, Yesu Kristo ada no adi no ne Yudani ɔkyerɛwfo a honhom kaa no ma ɔkyerɛw Dwom 119 a ɛyɛ Bible no mu dwom a ɛware sen biara no. Nea ɛne nea Yesu Kristo kyerɛe sɛ ɛbɛma obi anya anigye no hyia no, na odwontofo no ani kũ ne honhom mu nneɛma ho. Afei nso na odi awerɛhow, ɔyɛ obi a odwo, trenee ho kɔm ne sukɔm dee no, na ɔyɛ mmɔborohunufo, wɔbɔɔ no ahohora na wɔtaa no, na wodii atoro kaa nneɛma bɔne ahorow nyinaa bi tiaa no. Ɔkyerɛw dwom no mfehaha pii ansa na yɛn Bere Yi reba, bere a na Israel man no da so ara wɔ Mmara apam a odiyifo Mose yɛɛ ne ntamgyinafo wɔ Yehowa Nyankopɔn ne ɔman no ntam wɔ 1513 A.Y.B. mu wɔ Bepɔw Sinai ho no ase no. Nea ɛfata no, odwontofo no anhu mfomso biara wɔ saa apam no Mmara no ho, efisɛ Onyankopɔn na ɔde mae. Na onim yiye sɛ abosonsomfo aman a wɔatwa Israel asase no ho ahyia no nni biribi a wɔde bɛtoto saa ɔsoro mmara no ho. Obuu no sɛ biribi a ɛma hann sen biara, na ɔkae wɔ nkyekyem 105 ne 130 sɛ: “W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann. Wo nsɛm mu bue ma hann, ɛma nkwasea hu nyansa.”
-
-
Anigye A Basabasayɛ Wiase A Ɔdɔ Nni Mu Mfa HoƆwɛn-Aban—1984 | December 1
-
-
5. Ɔrefi Dwom 119 ase no, na ebetumi aba sɛ hena osuahu ahorow na na ɛwɔ ɔkyerɛwfo no adwene mu?
5 Akyinnye biara nni ho sɛ odwontofo no fi n’ankasa osuahu mu na ɔkyerɛwee, bere a ofii Dwom 119 ase sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ, na wɔnam Yehowa mmara so. Anigye ne wɔn a wɔhwɛ n’adansesɛm so, . . . na wɔnam n’akwan so. Wo na wode wo nsiesiei ahyɛ yɛn sɛ yenni so koraa. O, sɛ wɔateɛteɛ m’akwan, na midi w’ahyɛde so ɛ! Sɛ mehwɛ wo mmara nsɛm nyinaa a, ɛnde anka m’ani renwu. Mede koma a ɛteɛ mɛda wo ase sɛ meresua wo trenee atemmude no. Medi w’ahyɛde so, nnyaw me korakora.”—Dwom 119:1-8, New World Translation.
-
-
Anigye A Basabasayɛ Wiase A Ɔdɔ Nni Mu Mfa HoƆwɛn-Aban—1984 | December 1
-
-
7. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn mmara a yebehu na yɛanantew mu ho ba yɛn mfaso? (b) “Tora” no fa dɛn ho, nanso nhyehyɛe bɛn ase na Kristofo hu sɛ wɔwɔ?
7 Sɛ yɛde amanaman ntam mmara ne aman ahorow de a ɛwɔ “atoro agya,” Satan Ɔbonsam tumi a aniwa nhu ase no toto Yehowa mmara ho a, yɛne odwontofo no betumi abom aka sɛ: “Wo mmara yɛ nokware. [Yehowa], wo nso wobɛn, na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokware.” (Yohane 8:44; Dwom 119:142, 151) Enti ɛdenam ‘[Yehowa] mmara mu a yɛbɛnantew te sɛ odwontofo no so no, yɛbɛbɔ yɛn ho ban ofi wiase no kwammɔne a yɛbɛfa so na apira yɛn wɔ nipadua ne honhom mu no ho. Eyi ma yenya anigye. (Dwom 119:1) Ɛma yenya ɔsoro nhyira ne ɔdom. Eyi ka yɛn koma sɛnea Dwom 119:97, 126, 127 kyerɛ no. Ná odwontofo no wɔ Mose Mmara apam a na ekum “Tora” a ɛyɛ ɔsoro mmara a mmara mmiako mmiako ɔhaha pii na ɛwom no ase. Yehowa adansefo a wɔasra wɔn nnɛ no wɔ apam foforo (a Yesu Kristo ne no Ntamgyinafo) , no ase a ɛte sɛnea wɔakyerɛw “mmara” no wɔ “wɔn koma mu.” (Yeremia 31:31-34) Ɛdenam Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no a wosua so no, wohu apam foforo “mmara” ne n’ahyɛde horow no.
-