Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 9/1 kr. 32
  • Kanea a ɛbɛkyerɛ wo kwan wɔ asetra kwan so

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kanea a ɛbɛkyerɛ wo kwan wɔ asetra kwan so
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 9/1 kr. 32

Kanea a ɛbɛkyerɛ wo kwan wɔ asetra kwan so

‘YEHOWA, mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam. Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.’ (Yeremia 10:23) Odiyifo Yeremia kaa asɛm yi de kyerɛe sɛ adesamma ntumi nkyerɛ wɔn ho kwan yiye wɔ asetra mu a mmoa nka ho. Ɛhe na yebetumi anya mmoa a ɛte sɛɛ yi? Odwontofo no ma mmuae wɔ mpae a ɔbɔɔ Yehowa Nyankopɔn no mu: “W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.”—Dwom 119:105.

Wɔn a wosua Onyankopɔn Asɛm, Kyerɛw Kronkron no, na wɔde nea ɛka di dwuma no bɛyɛ te sɛ obi a ofi akwantu bi ase anɔpatutuutu. Mfitiase no, ontumi nhu ade yiye efisɛ esum wom. Nanso sɛ owia fi ase pue a, ohu ade nkakrankakra. Awiei koraa no, owia no hyerɛn yiye. Ohu biribiara yiye. Mfatoho a ɛte sɛɛ yi kae yɛn Bible mu bɛ bi: “Treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kodu awia ketee.”—Mmebusɛm 4:18.

Na wɔn a wɔpo Onyankopɔn akwankyerɛ no ɛ? Bible no ka sɛ: “Abɔnefo kwan te sɛ esum kabii, wonnim nea wohintiw.” (Mmebusɛm 4:19) Yiw, abɔnefo te sɛ onipa a ohintiw wɔ esum mu. Yiye a ɛte sɛ nea wodi no mpo tra hɔ bere tiaa bi, efisɛ ‘nyansa ne nhumu ne afotu bi nni hɔ a ɛne Yehowa di asi.’—Mmebusɛm 21:30.

Ɛno nti, di Onyankopɔn Asɛm, Bible no akwankyerɛ akyi. Sɛ woyɛ saa a, wubehu nokware a Mmebusɛm 3:5, 6 yɛ no: ‘Fa wo koma nyinaa bata Yehowa ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena