Wubeyi Yehowa Ayɛ?
“ONYANKOPƆN, sɛ wo din te no, saa na w’ayeyi te de kosi asase ano ano.” Eyi yɛ Kora mma no nkɔmhyɛ kwan so dwom bi mu nsɛm. (Dwom 48:10) Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo ɔpepem pii de dwonto kɛse reyi Onyankopɔn ayɛ na wɔreda ne din adi denam n’Ahenni no ho asɛmpa a wɔka no so. Ɛdenam eyi a wɔyɛ wɔ nsase ne nsupɔw 232 so wɔ kasa horow 300 mu so no, wɔredu “asase ano ano” ankasa.
Dɛn na ɛka nnipa a wofi aman ne asetra mu tebea ahorow mu, na wɔka kasa horow ma woyi Yehowa ayɛ? Onyankopɔn Asɛm Bible no ho anisɔ ne emu nokware nimdeɛ ne ade titiriw nti a wɔyɛ saa. Honhom mu nokware ama wɔade wɔn ho afi gyidi hunu ne nyamesom nkyerɛkyerɛ ahorow a edi nnipa so, te sɛ daa ayayade ho. (Yohane 8:32) Nokware no boa wɔn nso ma wonya Onyankopɔn su horow a ɛyɛ nwonwa te sɛ ne dɔ, tumi, nyansa ne n’atɛntrenee a mmɔborohunu wom no ho anisɔ. Onyankopɔn Ba koro, Yesu Kristo a ɔde no maa adesamma sɛ agyede afɔre no ho ntease a komapafo nya no ka wɔn ma wɔde ayeyi ne ɔsom ma Yehowa.
Sɛnea Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm kyerɛ no, ɔsoro nnwontofo bi teɛɛm sɛ: “[Yehowa], wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.” (Adiyisɛm 4:11) Ayeyi a ɛte saa no mfi asɛyɛde a obi te nka sɛ ɔwɔ ara kwa mu. Mmom no, efi osuro a ɔwɔ ma Yehowa.
Yi Onyankopɔn Ayɛ Denam Asɛmpa no a Wobɛka So
Sɛ obi yi Yehowa ayɛ a, na ɔredi Yesu Kristo, Onyankopɔn yeyifo panyin no nhwɛso fɛfɛ no akyi. Yesu anammɔn akyi a obi bedi no hwehwɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpaka adwuma a wɔyɛ no mu. (Mateo 4:17, 23; 24:14) Saa asɛnka adwuma yi abɛyɛ adwuma a ɛsen biara a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa de yi Yehowa ayɛ.
Saa asɛnka adwuma yi ho hia araa ma Bible da no adi pefee sɛ ɛbata nkwagye ho. Romafo 10:13-15 kenkan sɛ: “Obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa] din no benya nkwa. Na afei ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛfrɛ nea wonnye no nni? Nanso ɛbɛyɛ dɛn na wobegye nea wɔntee ne ho asɛm no adi? Nanso sɛ ɔsɛnkafo nni hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte? Nanso sɛ wansoma a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛka asɛm? Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nnepa ho asɛmpakafo no anan yɛ fɛ dɛn ara!”
Afe a etwaam no nkutoo no, Yehowa Adansefo de bɛboro nnɔnhwerew ɔpepepem biako na ɛyɛɛ asɛnka adwuma no. Na ade pa bɛn na efi Onyankopɔn a woyii no ayɛ yi mu bae! Nnipa bɛyɛ 314,000 de wɔn ho hyɛɛ ayeyifo dwonto no mu denam nsu mu asubɔ a wɔde yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne so.
Nanso dɛn na yebetumi aka wɔ nnipa bɛyɛ 12,288,917 a wɔbaa 1994 Kristo wu Nkaedi ase no ho? Wɔn mu bɛboro 7,000,000 na wonnya nyii Yehowa ayɛ sɛ asɛmpakafo. Nanso ba a wɔbaa adeyɛ titiriw yi ase no betumi akowie sɛ nnipa ɔpepem pii bio bɛba abɛka ayeyifo nnwontofo no ho. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa saa anigyefo yi ma wɔabeyi Yehowa ayɛ?
Mmoa a Ɛwɔ Hɔ
Ebia anigyefo pii wɔ ɔpɛ no sɛ wobeyi Yehowa ayɛ, nanso wɔte nka sɛ wonnu ahwehwɛde ahorow no ho. Mfaso wɔ so sɛ wɔbɛkae odwontofo no nsɛm yi: “Mema m’ani so makyerɛ mmepɔw no, ɛhe na me boa fi bɛba? Me boa fi [Yehowa], ɔsoro ne asase yɛfo no.” (Dwom 121:1, 2) Ɛda adi sɛ odwontofo no maa n’ani so kyerɛɛ Yerusalem mmepɔw no, beae a na Yehowa asɔrefi ne teokrase nniso wɔ. Yebetumi agyina eyi so aka ma afata sɛ mmoa a yehia na yɛde ayi Onyankopɔn ayɛ aka Ahenni ho asɛm no fi Yehowa ne n’ahyehyɛde no nkutoo hɔ.—Dwom 3:4; Daniel 6:10.
Ɛnnɛ, wɔn a wɔpɛ sɛ woyi Yehowa ayɛ no betumi ahwɛ mmoa a ɔdɔ wom kwan afi n’asase so ahyehyɛde no nkyɛn. Sɛ nhwɛso no, Yehowa Adansefo nam ofie Bible adesua a wɔne anigyefo yɛ a wonnye hwee so de mmoa ma. Saa ɔkyerɛkyerɛ nhyehyɛe no sen sua a wosua Bible nkyerɛkyerɛ kɛkɛ. Ɛboa osuani no ma onya nea ɔresua no ne ahyehyɛde a Yehowa de redi dwuma no ho anisɔ.
Nea ɛne eyi hyia no, Ɔdansefo a ɔreyɛ Bible adesua no bɔ mmɔden hwɛ hu sɛ ɛnyɛ adwene no mu nko na nokware a wahu no foforo no redu, na mmom koma no mu nso. Na ɛnsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no kwati sɛ ɔbɛkyerɛ osuani no ɔkwan a Yehowa nam so de N’ahyehyɛde no redi dwuma de adi N’atirimpɔw wɔ asase so no ho dwuma. Nhomawa Yehowa Adansefo—Wɔde Biakoyɛ Reyɛ Onyankopɔn Apɛde wɔ Wiase Nyinaa ne Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name video no aboa pii wɔ eyi yɛ mu.
Kristofo nhyiam ahorow nso boa wɔn a wɔbɛba abeyi Yehowa ayɛ no kɛse. Wɔ Bible adesua no mfiase pɛɛ no, ebia wɔbɛto nsa afrɛ osuani no sɛ ɔmmra Kristofo nhyiam horow. Bere rekɔ so no, obehu hia a ɛho hia sɛ ɔba asafo nhyiam no nyinaa na onya mu kyɛfa. (Hebrifo 10:24, 25) Ahwɛfo betumi de mmoa a ɛsom bo ama mfɛfo gyidifo ne wɔn a wɔbɛba abeyi Yehowa ayɛ no denam nhyiam horow a ɛma honhom mu denhyɛ na mfaso wɔ so a wobesiesie so.
Mommoa Mmofra na Wonyi Yehowa Ayɛ
Mmofra ka nnipa pii a wobetumi abɛyɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo daakye a enni akyiri no ho. Agyanom titiriw na wɔwɔ Bible mu asɛyɛde sɛ wɔbɛtete wɔn mma no “[Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Sɛ awofo a wɔsom Onyankopɔn tete mmofra nkumaa yiye a, wɔn mpo betumi anya ɔpɛ sɛ wobeyi Yehowa ayɛ.
Abeawa ketewa bi a ɔwɔ Argentina kɔɔ asafo mu mpanyimfo nkyɛn toaa so asram pii kɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔmmoa no sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi abɛfata sɛ Ahenni no ho ɔdawurubɔfo. Bere kɔɔ so no, n’awofo ne mpanyimfo no maa no kwan sɛ ɔmmɛyɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu. Ɔka Ahenni ho asɛm ma etu mpɔn dedaw wɔ afie mu. Ɛwom sɛ abeawa ketewa yi adi mfe anum pɛ, na onnim akenkan de, nanso ɔkae baabi a Bible kyerɛw nsɛm bi wɔ. Bere a wahu kyerɛwsɛm bi no, ɔsrɛ ofiewura no sɛ ɔnkenkan, na afei ɔkyerɛkyerɛ mu.
Ɛda adi pefee sɛ mpanyimfo ne awofo nyinaa betumi ayɛ mmoa pii denam nkuranhyɛ ne mmoa a wɔde bɛma wɔn a wɔrepere sɛ wobeyi Yehowa ayɛ no so.—Mmebusɛm 3:27.
Daa Abusuabɔ a Wo ne Yehowa Benya
Na sɛ w’ankasa nso ne Yehowa Adansefo abɔ bere kakra ni, nanso womfaa wo ho mmɔɔ wɔn wɔ wɔn asɛnka adwuma no mu nso ɛ? Ɛbɛyɛ mmoa sɛ wubebisa wo ho nsɛm a edidi so yi, ‘Migye di sɛ mahu nokware no, na Yehowa ne nokware Nyankopɔn koro pɛ no? Magye atom sɛ Onyankopɔn Ahenni no nkutoo ne adesamma haw ahorow ano aduru? Mapow atoro som ne wiase amammerɛ ne nneyɛe ahorow a etia Yehowa nyinaa? Mewɔ ɔdɔ kɛse ma Onyankopɔn ne ne trenee ahwehwɛde ahorow no?’ (Dwom 97:10) Sɛ wubetumi de nokwaredi abua sɛ yiw wɔ nsemmisa yi ho de a, dɛn na ɛmma wunyi Yehowa ayɛ?—Fa toto Asomafo no Nnwuma 8:36 ho.
Yehowa a wubeyi no ayɛ no hwehwɛ pii sen asɛmpa no a wobɛka. Sɛ woanya nokware nimdeɛ, gyidi a edi mũ, na worema w’asetra ne Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow ahyia a, ɛho hia sɛ wohyɛ wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no mu den. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam wo ho so a wubehyira ama no wɔ mpaebɔ mu na wode nsu mu asubɔ ayɛ ho sɛnkyerɛnne no so. Daa nkwa ne botae no. Enti, fa Yesu afotu yi di dwuma saa bere yi: “Monhyɛn ɔpon teateaa no mu; na ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw no ne nea ɛkɔ ɔsɛe mu no, na wɔn a wɔhyɛn mu no yɛ pii. Na ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wohu no sua.”—Mateo 7:13, 14.
Bere a seesei nneɛma nhyehyɛe no rebɛn n’awiei a ɛyɛ hu no, eyi nyɛ bere a ɛsɛ sɛ wotwentwɛn wo nan ase. Yɛ w’ade ntɛm na ama wo ne Yehowa anya abusuabɔ a ɛtra hɔ daa. Ampa, afei ne bere a ɛsɛ sɛ wubua yiw wɔ asemmisa a ɛne sɛ, Wubeyi Yehowa ayɛ? no ho.