Biako A Wɔne Amansan Ahyehyɛde No Bɔfo No Yɛ
“Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tra faako.”—DWOM 133:1.
1, 2. (a) Biribi a ɛhaw adwene bɛn na ɛbae bɛyɛ mfirihyia 6,000 a atwam ni? (b) Bible frɛ saa ɔwaefo yi dɛn, na ɔkwan bɛn so na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ ne ho sɛ Ɔsorosoroni no?
AMANSAN ahyehyɛde no Bɔfo no pɛ sɛ ɛyɛ nea ɛho tew, nea ɛteɛ, na ɛyɛ biako. Nanso bere a adesamma fii ase bae bɛyɛ mfirihyia 6,000 a atwam ni no akyi bere tiaa bi no, biribi a ɛhaw adwene bae wɔ amansan no mu. Eyi sii bere a ɔsɔretiafo bi a ɔwɔ tumi sen onipa twee ne ho fii ɔbɔadeɛ no ahyehyɛde no mu na ɔde n’ankasa ahyehyɛde a ɛde ne ho sii hɔ no.
2 Esiane sɛ ɔwaefo yi sɔre tiaa ne Bɔfo no nti, Bible no frɛ no Satan, a ɛkyerɛ “Ɔsɔretiafo.” Ɔne Yehowa, amansan Hene a ɔfata no, sɔretiafo panyin no. (Hiob 1:6, 7) Esiane sɛ n’ani bere sɛ ɔbɛyɛ ne ho sɛ ɔsorosoroni no na wanya n’ankasa ahyehyɛde nti, ɔsɔretiafo no rennyae mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛyɛ ne ho nhyehyɛeyɛfo ne onyame a ɔyɛ osidifo no. Enti Satan yɛɛ ne ho obi a ne ho yɛ anigye. Satan su no daa adi wɔ wiase ahenni ne kɛseyɛ dibea a “Babel hene” a ɔno na wɔde edin “nsoromma hyerɛnfo” ne “Lusifer” no frɛɛ no ma ɛfatae no fae no mu. (Yesaia 14:4, 12-14; King James Version; An American Translation) Ɛde besi nnɛ, ne wɔ hokwan a Yehowa ama mu no, Satan ne “wi yi ase nyame.”—2 Korintofo 4:4.
3. (a) Yehowa ahyehyɛde no fã bɛn na saa ɔsɔretiafo yi dii kan tow hyɛɛ so? (b) Dɛn na ɛmaa Ɔbonsam bɛyɛɛ adaemone no sodifo no?
3 Sɛnea ɛbɛyɛ a obedidi Yehowa ahyehyɛde no ase no, Satan dii kan tow hyɛɛ ne fã a ɛwɔ fam, Adam, nea wɔapaw no sɛ adesamma abusua no ti no so. (Genesis 3:1-24; Dwom 8:3-5; Romafo 5:12) Akyiri yi, abɔfo pii yɛɛ asoɔden na wogyaw wɔn “ankasa trabea,” anaa trabea a eye ma wɔn wɔ soro no, na wɔbɛfaa nnipa honam too wɔn ho so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛwareware na wɔne mmea a wɔn ho yɛ fɛ nanso wɔnyɛ pɛ no abom atra. (Yuda 6) Ná wɔfrɛ mma a wɔwowoo wɔn a wɔyɛ abran na wɔwɔ ahoɔden no Nefilim. Saa edin a na wogye di sɛ ɛkyerɛ “asehwefo” yi fata, efisɛ ɛda adi sɛ wɔnam basabasayɛ so maa adesamma a wɔnsɛ hwee no hwee ase. Bere a Nsuyiri no bae no, abɔfo asoɔdenfo no gyaw wɔn nipa tebea a wɔwom no na wɔsan kɔɔ honhom atrae bio. (Genesis 6:1-7:23) Wɔnam tew a wɔtew wɔn ho fii Yehowa ahyehyɛde no ho no so bɛyɛɛ wɔn ho adaemone, na Satan ɔbonsam bɛyɛɛ wɔn sodifo.—Deuteronomium 32:17; Dwom 106:37; Mateo 12:24; Luka 11:15-19.
4. Dɛn na nnipa a wonyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu no yɛe, nanso dɛn na Satan fii ase sɛ ɔbɛyɛ, na na n’atirimpɔw ne dɛn?
4 Wɔ saa kwan no so no, Satan de n’ahyehyɛde no fã a aniwa nhu, ahonhom a wɔsen nnipa de, no sii hɔ. Wɔn a wonyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu, Noa ne n’abusua, kɔɔ so ne Yehowa ɔsoro ahyehyɛde a aniwa nhu no yɛɛ biako. (Genesis 6:9; 8:18-21) Nanso Satan fii ase sɛ ɔbɛsɛe biakoyɛ a ɛwɔ ɔnokwafo Noa asefo mu no. Ná dɛn ne Ɔbonsam atirimpɔw? Ɛdɛn, sɛ́ obenya n’ahyehyɛde bɔne no fã a aniwa hu!
5. Ɔkwan bɛn so na May 1, 1921, Ɔwɛn-Aban no kyerɛe sɛ Satan wɔ ahyehyɛde?
5 Egyee bere pii bi ansa na Amanaman Ntam Bible Asuafo no rehu sɛ Satan wɔ ahyehyɛde. Nanso May 1, 1921, Ɔwɛn-Aban no kae sɛ: “Esiane sɛ na nea wayɛ dedaw no nnɔɔ no so nti, Satan daadaa eyinom a wofi soro no ma wɔne adesamma yɛɛ nneɛma a ɛmfata na ɔde basabasayɛ hyɛɛ asase so ma. Ɔde ahyehyɛde a onipa aniwa nhu, ne afei nso ahyehyɛde wɔ asase so a aniwa hu sisii hɔ, na wabɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn nhyehyɛe fã biara a wada no adi no sɛso a ɛyɛ atoro de.”
6. Dɛn na December 1, 1922, Ɔwɛn-Aban no kae wɔ Satan atirimpɔw ho?
6 Ná December 1, 1922, Ɔwɛn-Aban no asɛmti ketewaa bi ne “Satan Atirimpɔw” a ɛno ase na ɛkae pefee sɛ “Yɛwɔ nna bɔne mu mprempren. Ɔko no rekɔ so wɔ Satan ahyehyɛde no ne Onyankopɔn ahyehyɛde no ntam. Ɛyɛ ɔko a emu yɛ den. Satan rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe Awurade ahyehyɛde no adwene, na sɛ ebetumi a wasɛe mmabarima fi no mufo. Esiane eyi nti ɔfa ɔkwan biara a obetumi so.”
7, 8. (a) Ɔkwan bɛn so na hu a wohuu ahyehyɛde ahorow abien a ɛbɔ abira no boae? (b) Wɔ March 1, 1925, Ɔwɛn-Aban no mu no, dɛn na wɔkyerɛe sɛ ɛsɔre tia sɛnkyerɛnne kwan so “ɔbabanin” no?
7 Hu a wohuu ahyehyɛde ahorow abien a ɛbɔ abira no boa ma wɔkyerɛkyerɛɛ Bible nkyerɛkyerɛ ne nkɔmhyɛ ahorow pii mu. Sɛ nhwɛso no, wɔante Adiyisɛm ti 12 ase wɔ ɔkwan a ɛteɛ so kosii sɛ asɛm “Ɔman no Awo” no puei wɔ March 1, 1925 mu. Kyerɛwsɛm a na asɛmti no gyina so (Adiyisɛm 12:5) no kenkan sɛ: “Na ɔwoo ɔbabanin a ɔde dade poma rebɛyɛn amanaman nyinaa. Na wɔfaa ne ba no de no kɔɔ Onyankopɔn ne n’ahengua no nkyɛn.”
8 Wɔ kratafa 67 ne 68 no, asɛm yi kae sɛ:
“Dɛn na ayɛ ɔsoro nhyehyɛe no fã titiriw wɔ mmere no mu? . . . ahenni a Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ ho mpae no a wɔde asi hɔ. Ɛno kyerɛ wo a wɔwoo ɔman foforo a ebedi asase so mmusua nyinaa so na ahyira wɔn. . . . Dɛn na ayɛ tumi a ɛsɔre tia a ɛmma nkurɔfo nhu ɔman foforo a ɛwɔ anuonyam yi ne nhyira horow a ɛde bɛbrɛ wɔn no? . . . Satan Ɔbonsam ne n’ahyehyɛde no. . . . Ɔko no ankasa yɛ Onyankopɔn ne Ɔbonsam ntam de, yi a trenee ahenni no yi bɔne ne esum ahenni no fi hɔ na ɛde nokware ahenni no asi hɔ mmom. . . . Wɔ 1918 akyi no, Satan ahyehyɛde no afã horow a ɛyɛ sikasɛm, amammui ne nyamesom, ne titiriw no, nea etwa to no, pow Awurade no ne n’ahenni no pefee; na efi saa bere no na Onyankopɔn abufuw wɔ amanaman no so fii ase daa adi. Ɔko no akɔ so wɔ asase so fi saa bere no reba. Ansa na ɛno reba no, wɔkoo ɔko no wɔ soro.”
9. Wɔ 1925 mu no, wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ “ɔbea” a wɔka ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 12 no yɛ dɛn?
9 Wodii mfomso saa bere no susuwii sɛ Yesaia 66:7 ne Adiyisɛm 12:5 nyinaa kaa “ɔbabanin” koro no ara awo ho asɛm. Enti Ɔwɛn-Aban a yɛafa mu asɛm aka wɔ atifi hɔ no kae sɛ:
“Ɛte sɛ nea ɛda adi pefee sɛ ‘ɔbea’ no yɛ saa Sion no fã, Onyankopɔn ahyehyɛde, a ɛwo nniso anaa ɔman foforo a ɛde dade poma ne trenee bedi amanaman ne nkurɔfo a wɔwɔ asase so no so ho sɛnkyerɛnne. . . . (Galatifo 4:26) Wɔ ɔkwan foforo so no Sion anaa Yerusalem, Onyankopɔn ahyehyɛde no, ne ɛna a ɛwo ɔman, anaa nniso foforo no. Wɔn a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no yɛ ‘ɔbea no’ fã, na egyina hɔ ma no ampa. Ɔbea a ‘ofura awia’ no kyerɛ Sion a ɛwɔ soro no ne wɔn a wɔagye wɔn atom wɔ asase so a wɔwo Onyankopɔn ahyehyɛde no mu wɔ bere a Awurade no ba n’asɔrefi no. . . . Afei a ɔwɔ n’asɔrefi na ɔretwa asɔrefi kuw no ho hyia anaasɛ ɔde ne trenee batakari no reyɛ wɔn ho adwuma no, n’ahyehyɛde a ɛwo ɔman foforo a wɔfrɛ no ɔkwan foforo so sɛ Sion no hyerɛn sɛ owia.”
10. Dɛn na aba Satan ahyehyɛde no fã a ɛyɛ honhom mu de no so, na ɔsa bɛn na ɔretu mprempren?
10 “Ɔtweaseɛ” no a afei de na wɔate ase sɛ ɔne Satan Ɔbonsam ankasa no antumi ammene “ɔbabanin,” Mesia Ahenni a wɔwoo no wɔ soro wɔ Amanaman Mmere no awiei wɔ 1914 mu no. (Luka 21:24) Wɔ ɔko a edii akyi wɔ soro no mu no, wɔtow Satan ahyehyɛde no fã a ɛyɛ honhom mu de no kyenee asase so baabi a annya kwan bio sɛ ɛbɛkɔ soro na ɛde mpaapaemu aba wɔ hɔ. Afei de saa ahyehyɛde a wɔabrɛ no ase no de n’ani asi Yehowa amansan ahyehyɛde no fã a aniwa hu no so na n’ani abere retu “n’asefo nkae a wodi Onyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu Kristo adanse no so sa.”—Adiyisɛm 12:17.
Biakoyɛ Som
11. (a) Henanom na wobetumi de Paulo asɛm a ɛfa “ɔsoro Yerusalem” ho no adi dwuma wɔ wɔn ho nnɛ? (b) Dɛn na Dawid kae wɔ asase so Yerusalem a na Yehowa asɔrefi si hɔ no ho?
11 Wɔde Onyankopɔn sɛnkyerɛnne kwan so “ɔbea” no toto Yerusalem kurow a wɔpawee a wɔfrɛ no ɔkwan foforo so sɛ Sion no ho. Enti, afei yebetumi de Paulo asɛm a ɛfa “ɔsoro Yerusalem” a ɛde ne ho ho no adi dwuma wɔ “n’asefo nkae” a “ɔtweaseɛ,” Satan Ɔbonsam kɔ so ‘tu wɔn so sa’ no ho. (Galatifo 4:26) Wɔkyekyee asase so Yerusalem no a na ɛwɔ ahoɔden na na ɛtõatoa, mu yiye wɔ Dawid bere so, a ɔno na ɔkae sɛ: “M’ani gyei sɛ wosee me sɛ: Ma yɛnkɔ [Yehowa] fi. Yɛn nan begyinaa w’apon kɛse mu, Yerusalem. Yerusalem a wɔakyekyɛ no sɛ kurow a ɛtõatoam yiye. Ɛhɔ na mmusuakuw no nantew kɔ, Yah mmusuakuw,—sɛ wodii Israel adanse no,—sɛ wokoyi [Yehowa] din ayɛ.”—Dwom 122:1-4.
12. (a) Biakoyɛ bɛn na Dwom 122:1-4 no yɛ nea ɛfa ho nnɛ? (b) Yerusalem ne ntamadan kronkron a na ɛwom no nyaa afã bɛn wɔ Israel mmusuakuw no biakoyɛ no so?
12 Yehowa amansan ahyehyɛde no biakoyɛ ho mfonini fɛfɛ bɛn ara ni! Na biakoyɛ da adi titiriw wɔ ɔman no afahyɛ ahorow ase, bere a Israel mmusuakuw 12 no boom na wɔsom Yehowa biakoyɛ mu wɔ ntamadan kronkron no mu wɔ Yerusalem no. Na wɔ wɔn hene a ɔyɛ oguanhwɛfo Dawid bere so no, mmusuakuw no kɔɔ so yɛɛ biako a na ɛnyɛ honam fam abusuabɔ ahorow no ara nti, na mmom esiane wɔn Nyankopɔn no som ho nhyehyɛe a na wɔayɛ no nti titiriw. Yiw, na Yerusalem ne beae a wofi soro agye atom ama biakoyɛ som a wɔayɛ ho nhyehyɛe wɔ ɔsɔfo biako a wɔayi no afi Lewi abusuakuw mu ne Israel ɔsɔfo panyin a odi kan, Aaron, odiyifo Mose nuapanyin abusua mu no ase. Bio nso, na mmusuakuw 12 no nyinaa wɔ Mmara apam biako a eyii wɔn fii aman a wɔsom adaemone no nyinaa ho no ase.
13. Dɛn na Dawid kae wɔ biakoyɛ mu anigye a tete Israelfo nyae no ho?
13 Hwɛ sɛnea na eyinom nyinaa de biakoyɛ ba! Ɛkaa Onyankopɔn nkurɔfo boom sɛ ɔman ahyehyɛde biako de maa asomdwoe ne nhyira a wobenya. Dawid kaa no sɛɛ se: “Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tra faako. Ɛte sɛ mpampam ngo a esian gu bogyesɛ mu, Aaron bogyesɛ mu, esian fa ne ntade mmuano so. Ɛte sɛ Hermon bosu a esian gu Sion mmepɔw so: na ɛhɔ na [Yehowa] hyɛ nhyira, nkwa de kosi daa.”—Dwom 133:1-3.
14. (a) Henanom na wɔnam wɔn so retĩ Israel ɔman no biakoyɛ no mu nnɛ? (b) Wɔda honhom mu Israelfo no adi sɛ wogyinagyina he, na “dwom” bɛn na wɔto wɔ biakoyɛ mu?
14 Wɔretĩ ɔman no biakoyɛ a ɛkanyan no ma ɔkaa asɛm a efi koma mu yi mu nnɛ. Denam henanom so? Denam “Onyankopɔn Israel,” honhom mu Israelfo a Paulo ma yɛkae wɔn maame biako pɛ no, bere a ɔkae sɛ: “Na ɔsoro Yerusalem no de, ɛde ne ho, ɛne yɛn na” no so. (Galatifo 6:16; 4:26) Ɔmfa ne mma a ɔde honhom awo wɔn no nkɔ nkoasom mu wɔ Mmara apam no ase. Ɛwom sɛ wɔyɛ “Onyankopɔn Israel” no ho mfonini sɛ wɔyɛ mmusuakuw 12 de, nanso wɔde nsɔano koro no ara a ɛyɛ “Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔano” no sɔw emufo a wɔyɛ 144,000 no nyinaa ano, na wɔda wɔn nyinaa adi sɛ wogyinagyina ɔsoro “bepɔw Sion” biako no so. (Adiyisɛm 7:1-8; 14:1-4) Nnwontofo kuw bɛn ara na wɔka bom yɛ sɛɛ yi, bere a wɔde biakoyɛ to “Onyankopɔn akoa Mose dwom ne oguammaa,” Yesu Kristo, “dwom” no! (Adiyisɛm 16:3, 4; Yohane 1:29, 36) Saa “dwom” no ma Onyankopɔn ani gye na ɛkyerɛ nkonimdi!
15. (a) Wɔ nnwonto akyi no, wɔahyehyɛ 144,000 no ama dɛn bio? (b) Ɔkwan bɛn so na asɛmfua “ahyehyɛde” no ankasa kyerɛ biakoyɛ?
15 Wɔahyehyɛ 144,000 no ne wɔn Dwontofo Panyin, “oguammaa no,” ama nea ɛsen hyɛ a wɔde wɔn nnwonto no bɛhyɛ ɔsoro ma. Wɔn de no yɛ ahemfo ahyehyɛde a ɛsɛ sɛ edi tumi mfirihyia apem de tew Yehowa amansan tumidi no ho na ɛde nhyira abrɛ adesamma asoɔmmerɛwfo nyinaa. (Adiyisɛm 20:4-6) Asɛmfua “ahyehyɛde,” a asɛmfua a ɛne no bɔ abira ne “basabasayɛ” no fa nneɛma ho nhyehyɛe a wɔyɛ a emu biara wɔ n’afã a ɛfata na ɛwɔ adwuma a ɛyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ne nyinaa bɛbom ayɛ adwuma na ɛde mfaso biako aba ho. Enti, ahyehyɛde de biakoyɛ, nkabom, nhyehyɛe pa, ne asomdwoe ba—ɛnyɛ mpaapaemu.
16. Sɛnea Efesofo 4:8, 11-16 kyerɛ no, botae bɛn na wɔde sii hɔ bɛboro mfeha 19 a, atwam ni, na dɛn na wɔatumi ayɛ wɔ Yehowa Adansefo mu?
16 Wɔde Kristofo biakoyɛ botae no sii hɔ bɛboro mfeha 19 a atwam ni, bere a wɔde “akyɛde wɔ nnipa mu” no mae a ebinom yɛ asomafo, adiyifo, asɛmpakafo, nguanhwɛfo, ne akyerɛkyerɛfo no. Bere a wofii ase tintim Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no wɔ 1879 mu no, Onyankopɔn de honhom mu “nguanhwɛfo ne akyerɛkyerɛfo” nso mae. Nsiesiei yi na ɛde Yehowa Adansefo aba wɔn mprempren tebea a ɛyɛ “Onyankopɔn ba no ho gyidi ne ne hu biakoyɛ” no mu. (Efesofo 4:8, 11-16, NW) Hwɛ aseda ara a yɛde ma sɛ Yehowa ayɛ eyi wɔ wiase nyamesom mu ntawntawdi ne basabasayɛ wɔ mfehaha no nyinaa mu no akyi!
17. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Onyankopɔn wɔ nea ɛsen Kristofo a wɔasra wɔn no biakoyɛ ho adwene wɔ ne tirim, na ɛdefa eyi ho no, dɛn na Yesu ka too hɔ?
17 Ɛda adi sɛ na Onyankopɔn wɔ nea ɛsen Kristofo a wɔasra wɔn no biakoyɛ no ho adwene wɔ ne tirim, efisɛ “ɔma yehuu ne pɛ ahintasɛm, sɛnea n’anisɔ a ɔbɔɔ ne tirim no te a ɔde hwɛɛ bere a awie du no afisiesie a wɔbɛpata nneɛma nyinaa abom bio Kristo mu, nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so, wɔ no mu.” (Efesofo 1:9, 10) Ɛdefa eyi ho no, Yesu Kristo ka too hɔ sɛ: “Mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba, na wobetie me nne, na ayɛ kuw biako ne ɔhwɛfo biako.”—Yohane 10:16.
18. (a) Henanom na wɔka ‘asase so nneɛma’ a ɛsɛ sɛ woboaboa ano no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔdan adwene baa “nguan foforo” no so titiriw wɔ 1935 mu?
18 Saa “nguan foforo” yi ka ‘asase so nneɛma’ a ɛsɛ sɛ wɔboaboa ano no ho. Enti, wɔ Onyankopɔn honhom akwankyerɛ ase, bere a Yesu Kristo fii ase dii tumi wɔ 1914 mu no akyi bɛyɛ mfirihyia 21 no, wofii ase dan adwene baa “nguan foforo” no so titiriw. Wɔ Yehowa Adansefo nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Washington, D.C. ase wɔ 1935 mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ “nnipadɔm kɛse” no yɛ “nguan foforo” a awiei koraa no, Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo, bɛboaboa wɔn ano. (Adiyisɛm 7:9-17, KJ) So Yesu boaboaa “nguan foforo” bi ano wɔ saa nhyiam titiriw no ase? Yiw, efisɛ wɔ saa bere no mu no, nhyiamfo 840 huu wɔn ho sɛ Oguanhwɛfo Pa no aboaboa wɔn ano ma wogyee asubɔ de yɛɛ wɔn ho so a wɔahyira ama Yehowa Nyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne.
19. (a) Ɛde bedu mprempren no, “nnipadɔm kɛse” no dodow adu ahe? (b) Ɛdenam biako a wɔne Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no yɛ so no, “nnipadɔm kɛse” no ne hena na abɛyɛ biako, na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ dɛn?
19 Ɛno fii “nnipadɔm kɛse” a wɔyɛ “nnuan foforo” a wɔn dodow adu 2,800,000 dedaw no anoboaboa no ase. Ɛdenam biako a wɔne Yehowa ahyehyɛde no fã a aniwa hu a ɛno ne, “kuw ketewa” no nkaefo, no yɛ wɔ Oguanhwɛfo Pa, no “ban yi” mu so no, wɔne amansan ahyehyɛde no Bɔfo Kɛse no ayɛ biako. Na wɔasi wɔn bo sɛ wobekura saa biakoyɛ no mu wɔ daa nkwa a wobenya wɔ Paradise asase a Oguanhwɛfo Kɛse, Yehowa, de bɛma wɔn so no nyinaa mu.—Luka 12:32; 23:43.
20. Bere a nkaefo a wɔasra wɔn no ne “nnipadɔm kɛse” no susuw nea Oguanhwɛfo Kɛse no ayɛ fi 1914 no ho no, ɛka wɔn ma wɔka asɛm bɛn?
20 Bere a nkaefo a wɔasra wɔn no ne “nnipadɔm kɛse” a wɔn dodow rekɔ anim no susuw nea Oguanhwɛfo Kɛse no ayɛ wɔ amansan yi mu fi bere a Amanaman Mmere no baa awiei wɔ 1914 mu no nyinaa ho no, aseda a efi koma mu ka wɔn ma wɔbom to Haleluia dwom kɛse no: “Munyi [Yehowa] ayɛ! Munyi Nyankopɔn ayɛ, ne kronkronbea, munyi no ayɛ, ne tumi wi no mu. Munyi no ayɛ ne mmaninyɛ mu, munyi no ayɛ sɛ ne kɛse a ɛsõ no te. Munyi no ayɛ ntorobɛnto nne so, munyi no ayɛ bɛnta sanku ne sankuten so. Munyi no ayɛ mpintin ne asaw so, munyi no ayɛ asankuhan ne atɛntɛbɛn so. Munyi no ayɛ nsambɔ nnawuru a ɛnne sõ so, munyi no ayɛ nnawuta a egyigye dennen so. Momma nea ɛhome nyinaa nyi Yah ayɛ. Munyi [Yehowa] ayɛ!”—Dwom 150:1-6.
21. (a) Bere bɛn na “nea ɛhome nyinaa” be’ Yehowa ayɛ? (b) Hena na amansan ahyehyɛde no mufo nyinaa ne no bɛyɛ adwuma saa no, na atirimpɔw bɛn na wɔde bɛyɛ saa?
21 Ɛrenkyɛ “ɔsoro” ne “asase” a ɛwɔ hɔ mprempren no befi hɔ wɔ “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no” mu, na wɔde “ɔsoro foforo ne asase foforo” a wɔde bere tenten atwɛn no abesi hɔ pintinn. (2 Petro 3:7-13; Adiyisɛm 16:14, 16) Ampa, saa bere no de, “nea ɛhome nyinaa” a ebenya nkwa wɔ asase a wɔatew so yi so no beyi Yah, amansan nyinaa trenee ahyehyɛde no Bɔfo Kɛse no ayɛ. Saa ahyehyɛde no mufo a wɔwɔ soro ne wɔn a wɔwɔ asase so nyinaa beyi Yehowa ayɛ kɛse na wofi nokwaredi ne ɔdɔ mu ne no ayɛ adwuma de atew n’amansan tumidi ne ne din a ɛsen biara no ho daa daa. O, biakoyɛ kɛse bɛn ara na eyi nyinaa ka ho asɛm sɛɛ yi!
Wubebua Dɛn?
◻ Nneɛma bɛn na ɛkɔɔ so a ɛmaa Satan bɛyɛɛ adaemone no sodifo?
◻ Ɔkwan bɛn so na hu a wohuu ahyehyɛde ahorow abien a ɛsono emu biara no boae?
◻ Dwom 122:1-4 fa biakoyɛ bɛn ho nnɛ?
◻ Dɛn nti na wobetumi aka sɛ na Yehowa wɔ nea ɛsen Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no biakoyɛ ho adwene wɔ ne tirim?
◻ Bere bɛn na “nea ɛhome nyinaa” beyi Yehowa Nyankopɔn ayɛ?
[Kratafa 28 mfoni]
Yehowa nkurɔfo ne wɔn ho wɔn ho ne amansan ahyehyɛde no Bɔfo no ayɛ biako bere nyinaa
October Da Biara Daa Asɛm
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)