Dɛn Ne W’asetram Ade Titiriw?
“Ma minhu ɔkwan a memfa so.”—DWOM 143:8.
1. Dɛn na Ɔhene Salomo kae wɔ nnipa dwumadi ne nea wotumi yɛ ho?
EBIA sɛnea obiara nim no, wo nso wunim sɛ nnwuma ne dadwen ahyɛ asetram ma. Sɛ wususuw ho a, wubetumi ahu sɛ emu bi ho hia. Nnwuma ne dadwen afoforo ho nhia ahe biara anaasɛ ɛyɛ nea mfaso nni so mpo. Eyi a wugye tom no kyerɛ sɛ wo ne anyansafo a wɔsen biara no mu biako, Ɔhene Salomo, yɛ adwene. Bere a osusuw asetram dwumadi ahorow ho fefeefe no, ɔkae sɛ: “Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.” (Ɔsɛnkafo 2:4-9, 11; 12:13) Dɛn na eyi kyerɛ ma yɛn nnɛ?
2. Asɛntitiriw bɛn na ɛsɛ sɛ nnipa a wosuro Onyankopɔn bisa wɔn ho, na nsɛmmisa a ɛne no wɔ abusuabɔ bɛn na ɛde ba?
2 Sɛ wopɛ sɛ ‘wusuro nokware Nyankopɔn, na wudi ne mmara nsɛm so’ a, bisa wo ho asɛm a anoyi yɛ den yi, ‘Dɛn ne m’asetram ade titiriw?’ Ampa, ebia ɛnyɛ da biara na wususuw saa asɛm no ho, nanso dɛn nti na wunsusuw ho seesei? Nokwarem no, ɛkae yɛn nsɛmmisa bi a ɛne no wɔ abusuabɔ te sɛ, ‘Ebetumi aba sɛ mede m’adwene si m’adwuma anaa honam fam nneɛma so dodo? Me fie, m’abusua, ne m’adɔfo ho hia me dɛn?’ Abofra betumi abisa sɛ, ‘Ɛhe na nhomasua gye m’adwene ne me bere kodu? Nokwarem, so adwuma a meyɛ de gyigye m’ani, agumadi, anaasɛ anigyede bi anaa nyansahu mu nimdeɛ ne ade a m’ani gye ho titiriw?’ Na ɛmfa ho mfe a yɛadi ne tebea a yɛwom no, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho ɔkwan a ɛfata so sɛ, ‘Onyankopɔn som ho hia me dɛn wɔ m’asetram?’ Ɛda adi sɛ wubegye atom sɛ ɛho hia sɛ yɛde nneɛma a mfaso wɔ so kɛse di kan wɔ yɛn asetra mu. Nanso ɔkwan bɛn so ne ɛhe na yebetumi anya mmoa a ɛbɛma yɛafi nyansam de adi kan?
3. Dɛn na nneɛma a ɛho hia a wɔde di kan no kyerɛ ma Kristofo?
3 “Ade titiriw” ntease ankasa ne biribi a edi ade foforo biara kan anaa nea ehia sɛ wosusuw ho kan. Sɛ́ woyɛ Yehowa Adansefo no mu biako anaasɛ woka Onyankopɔn Asɛm asuafo komapafo ɔpepem pii a wɔne wɔn bɔ fekuw no ho no, susuw nokwasɛm yi ho: “Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ no, na ɛbere wɔ hɔ ma adwuma nyinaa ɔsoro ase.” (Ɔsɛnkafo 3:1) Nea ɛka ɛno ho a ɛfata ne ɔdɔ mu a wubefi adwen w’abusua nkitahodi ho. (Kolosefo 3:18-21) Emu bi ne nsiesie pa a wonam honam fam adwuma so bɛyɛ ama wo fiefo. (2 Tesalonikafo 3:10-12; 1 Timoteo 5:8) Na nea ɛbɛyɛ na woasakra nneɛma mu no, wubetumi anya bere ama adwuma a wɔyɛ de gyigye ani, anaasɛ anigyede anaa ahomegye. (Fa toto Marko 6:31 ho.) Nanso, sɛ wususuw eyinom ho anibere so a, so wunhu sɛ eyinom mu biara nyɛ asetram ade titiriw? Biribi foforo wɔ hɔ a ɛho hia sen saa.
4. Ɔkwan bɛn so na Filipifo 1:9, 10 ne nneɛma a ɛho hia a yɛde bedi kan no wɔ abusuabɔ?
4 Ebia wugye tom sɛ Bible nnyinasosɛm ahorow a ɛde akwankyerɛ ma yɛn no yɛ mmoa a ɛsom bo a obi begyina so de nneɛma a ehia adi kan na wasisi gyinae nyansam. Sɛ nhwɛso no, wɔ Filipifo 1:9, 10 no, wɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wɔnkɔ so mmoro so ara nimdeɛ ne ntease nyinaa mu.’ Dɛn ntia? Ɔsomafo Paulo de kaa ho sɛ: “Na moasɔ nneɛma a eye koraa no ahwɛ.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) So nyansa nni eyi mu? Kristoni a ɔwɔ nhumu nam nokware nimdeɛ so betumi ahu nea ɛsɛ sɛ ɔde di kan—ade titiriw—wɔ asetram.
Ade Titiriw Ho Nhwɛsode
5. Bere a Kyerɛwnsɛm no reka nhwɛso a wɔayɛ ama Kristofo ho asɛm no, ɔkwan bɛn so na ɛkyerɛ nea na ɛyɛ Yesu asetram ade titiriw?
5 Yehu nimdeɛ ho ade bi a ɛsom bo wɔ ɔsomafo Petro nsɛm yi mu: “Eyi na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, efisɛ Kristo nso huu amane maa mo gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi.” (1 Petro 2:21) Yiw, sɛ yɛpɛ sɛ yehu nea ɛyɛ asetram ade titiriw a, yebetumi ahwehwɛ ɛho adwene a na Yesu Kristo wɔ no mu. Dwom 40:8 kaa ne ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ kwan so sɛ: “Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ nea wo, me Nyankopɔn, wopɛ, na wo mmara wɔ me komam.” Ɔkaa asɛnkoro no ara wɔ saa kwan yi so: “M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.”—Yohane 4:34; Hebrifo 12:2.
6. Sɛ yɛde Onyankopɔn apɛde di kan a, yɛbɛyɛ dɛn atumi anya mfaso sɛnea Yesu nyae no?
6 Hyɛ saa asɛntitiriw no nsow—Onyankopɔn apɛdeyɛ. Yesu nhwɛso no si nea ɛfata sɛ n’asuafo de yɛ wɔn asetram ade titiriw so dua, efisɛ ɔkae sɛ “nea wasua biribi ahu na ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfo.” (Luka 6:40) Na bere a Yesu nantew N’agya kwan so no, ɔdaa no adi sɛ “anika a ɛmee” wɔ Onyankopɔn apɛde a wɔde yɛ ade titiriw mu. (Dwom 16:11; Asomafo no Nnwuma 2:28) Wuhu nea ɛno kyerɛ no? Sɛ Yesu akyidifo paw Onyankopɔn apɛdeyɛ sɛ wɔn asetram ade titiriw a, wobenya “anika a ɛmee” ne nokware nkwa. (1 Timoteo 6:19) Enti nea enti a ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn apɛdeyɛ di kan wɔ yɛn asetram dɔɔso.
7, 8. Sɔhwɛ ahorow bɛn na Yesu hyiae, na dɛn na yebetumi asua afi eyi mu?
7 Bere a Yesu yɛɛ ne ho a ɔde ama sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde ho sɛnkyerɛnne no akyi pɛɛ na Ɔbonsam hwehwɛe sɛ ɔbɛtwe no afi ho. Ɔkwan bɛn so? Denam sɔ a ɔsɔɔ no hwɛe wɔ nneɛma abiɛsa mu so. Emu biara mu no, Yesu de Kyerɛwnsɛm no yii no ano fann. (Mateo 4:1-10) Nanso na sɔhwɛ afoforo retwɛn no—ɔtaa, fɛwdi, yi a Yuda beyi no ama, anototo, ne afei asɛndua so wu. Nanso, sɔhwɛ ahorow yi mu biara amma Onyankopɔn Ba nokwafo no anwae. Bere a tebea no mu yɛɛ den no, Yesu bɔɔ mpae sɛ: “Ɛnyɛ sɛnea mepɛ, na sɛnea wopɛ. . . . Wopɛ nyɛ.” (Mateo 26:39, 42) So ɛnsɛ sɛ nhwɛso a wayɛ agyaw yɛn yi ka yɛn mu biara koma ma ‘okura mpaebɔ mu’?—Romafo 12:12.
8 Yiw, Onyankopɔn akwankyerɛ boa ankasa, bere a yɛde nneɛma a ɛho hia di kan wɔ yɛn asetram no, titiriw sɛ yehyia nokware no atamfo ne wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn apɛdeyɛ no a. Kae sɛnea Ɔhene Dawid nokwafo no hwehwɛɛ akwankyerɛ bere a ohyiaa atamfo sɔretia no. Yebehu eyi bere a yesusuw Dwom 143 fã bi ho no. Ɛsɛ sɛ eyi boa yɛn ma yehu sɛnea yebetumi ahyɛ yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mu den, na ahyɛ yɛn den ma yɛakɔ so de Onyankopɔn apɛdeyɛ adi kan koraa wɔ yɛn asetram.
Yehowa Tie Yɛn Mpaebɔ na Obua
9. (a) Ɛwom sɛ na Dawid yɛ ɔdebɔneyɛfo de, nanso dɛn na ne nsɛm ne ne nneyɛe da no adi? (b) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw wɔ papayɛ mu?
9 Ɛwom sɛ na Dawid yɛ ɔdebɔneyɛfo a otumi wu de, nanso na ɔwɔ gyidi sɛ Yehowa bɛyɛ aso ama ne nkotɔsrɛ. Ofi ahobrɛase mu srɛe sɛ: “Awurade, [Yehowa, NW] tie me mpaebɔ, yɛ aso ma me nkotɔsrɛ, wo nokwaredi mu gye me so, wo trenee mu. Na mfa w’akoa nkɔ atemmu mu, na ɔteasefo biara renni bem w’anim.” (Dwom 143:1, 2) Na Dawid nim ne sintɔ, nanso na ne koma di mũ wɔ Onyankopɔn ho. Enti, na ɔwɔ ahotoso sɛ wobegye ne so wɔ trenee mu. So eyi nhyɛ yɛn nkuran? Ɛwom sɛ yɛtɔ sin wɔ Onyankopɔn trenee ho de, nanso yebetumi anya ahotoso sɛ, sɛ yɛn koma di mũ wɔ ne ho a, otie yɛn. (Ɔsɛnkafo 7:20; 1 Yohane 5:14) Bere a yekura mpaebɔ mu ara no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛde ‘papa bedi bɔne so nim’ wɔ saa nna bɔne yi mu.—Romafo 12:20, 21; Yakobo 4:7.
10. Dɛn nti na Dawid kɔɔ dadwen mu wɔ mmere bi mu?
10 Na Dawid wɔ atamfo te sɛ yɛn ara. Sɛ́ ɛyɛ bere a na Dawid reguan afi Saul anim, bere a wɔhyɛɛ no ma ɔno nkutoo kɔhwehwɛɛ guankɔbea, kɔɔ mmeae a ɛhɔ kɔ yɛ den, anaasɛ bere a atamfo guan ne ho bere a ɔyɛ ɔhene no, ɔkɔɔ dadwen ahorow mu. Ɔkaa sɛnea eyi kaa no no ho asɛm sɛ: “Ɔtamfo taa me kra, . . . ɔma metra sum mu . . . Na me honhom tɔ beraw me mu, me koma asen me yam.” (Dwom 143:3, 4) So woakɔ tebea bi mu ma woate nka saa pɛn?
11. Dadwen mmere bɛn na Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ hyia?
11 Atamfo nhyɛso, sikasɛm mu ahokyere ho sɔhwɛ ahorow, yare a emu yɛ den, anaa ɔhaw ahorow foforo a ɛhaw adwene ama Onyankopɔn nkurɔfo binom ate nka sɛ wɔapa abaw. Bere bi wɔ hɔ a wɔn nso koma sensen. Ɛte sɛ nea wɔn mu biara apaem aka sɛ: “Wo a woma yehuu amane bebree a ɛyɛ yaw, wobɛma yɛanya nkwa bio, . . . na woadan w’ani akyekye me werɛ.” (Dwom 71:20, 21) Ɔkwan bɛn so na wɔaboa wɔn?
Sɛnea Wogyina Atamfo Nnwuma Ano
12. Ɔkwan bɛn so na Ɔhene Dawid gyinaa asiane ne sɔhwɛ ahorow ano?
12 Dwom 143:5 kyerɛ nea Dawid yɛe bere a asiane ne sɔhwɛ akɛse baa ne so no: “Mekae tete nna, midwen wo nneyɛe nyinaa ho, misusuw wo nsa ano nnwuma ho.” Dawid kaee sɛnea Onyankopɔn ne N’asomfo dii nsɛm ne sɛnea ɔno ankasa nyaa ogye. Ɔdwennwen nea na Yehowa ayɛ esiane Ne din kɛse no nti no ho. Yiw, Dawid kɔɔ so dwennwen Onyankopɔn nnwuma ho.
13. Sɛ yehyia sɔhwɛ ahorow a, ɔkwan bɛn so na tete ne nnɛyi asomfo anokwafo nhwɛso ahorow bɛboa yɛn ma yɛagyina ano?
13 So yɛntaa nkae sɛnea Onyankopɔn ne ne nkurɔfo dii no? Yɛkae! Nea ɛka eyi ho ne kyerɛwtohɔ a ‘adansefo mununkum pii’ a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere reba no yɛe no. (Hebrifo 11:32-38; 12:1) Wɔhyɛɛ afeha a edi kan no mu Kristofo a wɔasra wɔn no nso nkuran sɛ ‘wɔnkae kan nna’ ne nea na wɔagyina ano no. (Hebrifo 10:32-34) Na nnɛ bere yi mu Onyankopɔn asomfo suahu ahorow te sɛ nea wɔaka ho asɛm wɔ Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom mu no nso ɛ?a Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ ɛno ne nhoma foforo mu no ma yetumi kae sɛnea Yehowa aboa ne nkurɔfo ma wɔagyina bara a wɔbara wɔn, afiasenna, basabasayɛfo nneyɛe, ne nnadeban ne nkoayɛ adwumayɛban mu no ano. Sɔhwɛ ahorow akɔ so wɔ nsase a ɔko asɛe hɔ te sɛ Burundi, Liberia, Rwanda, ne kan Yugoslavia, so. Esiane abusuabɔ a emu yɛ den a Onyankopɔn asomfo ne Yehowa wɔ nti, bere a ɔsɔretia bae no, wogyinaa ano. Ne nsa wowaw wɔn a wɔmaa n’apɛdeyɛ yɛɛ wɔn asetram ade titiriw no.
14. (a) Wowaw a Onyankopɔn wowaw obi wɔ tebea a ebetumi ne yɛn de adi nsɛ ho nhwɛso biako ne dɛn? (b) Dɛn na wusua fi saa nhwɛso no mu?
14 Nanso, ebia wobɛka sɛ wɔnyɛɛ wo atirimɔdensɛm saa da, na ɛnyɛ ade a wobɛte nka sɛ ebi bɛto wo da. Nanso ɛnyɛ tebea horow a ebia ebinom bu no sɛ ɛyɛ nwonwa mu nko na Onyankopɔn boa ne nkurɔfo bere nyinaa. Waboa ankorankoro pii a “wɔnyɛ soronko” wɔ tebea horow a “ɛnyɛ soronko” mu. Nhwɛso ahorow pii no mu biako pɛ ni: Penelope Makris asɛm a ɔka kyerɛe baa December 1, 1996, Ɔwɛn-Aban no mu. Kristofo mudi mu kura ho nhwɛso fɛfɛ bɛn ara ni! Wubetumi akae nneɛma a ogyinaa ano wɔ n’afipamfo nsam, sɛnea ɔne yare ahorow a emu yɛ den dii ako, ne mmɔden a ɔbɔe na ama wakɔ so ayɛ bere nyinaa som adwuma no? Na osuahu a mfaso wɔ so a onyae wɔ Mytilene no nso ɛ? Asɛm no ne sɛ, So wubu nhwɛso ahorow a ɛtete saa no sɛ ɛboa yɛn nyinaa ma yetumi de nneɛma a ɛho hia, Onyankopɔn apɛde di kan wɔ yɛn asetram?
15. Nneɛma a Yehowa ayɛ a ɛsɛ sɛ yedwennwen ho no bi ne dɛn?
15 Ɛhyɛ yɛn den ma yedwennwen Yehowa nnwuma ho sɛnea Dawid yɛe no. Yehowa nam ne Ba no wu, ne wusɔre, ne n’anuonyamhyɛ so yɛɛ nkwagye ho nsiesiei de dii n’atirimpɔw ho dwuma. (1 Timoteo 3:16) Ɔde ne soro Ahenni no asi hɔ, ayi Satan ne n’adaemone afi soro, na wahyehyɛ nokware som wɔ asase so ha bio. (Adiyisɛm 12:7-12) Wayɛ honhom fam paradise, na wama ne nkurɔfo anya nkɔso. (Yesaia 35:1-10; 60:22) Ne nkurɔfo redi adanse a etwa to seesei ansa na ahohiahia kɛse no apae agu. (Adiyisɛm 14:6, 7) Yiw, yɛwɔ nneɛma pii a yebetumi adwennwen ho.
16. Dɛn na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yennwen ho, na nkɛntɛnso bɛn na eyi benya wɔ yɛn so?
16 Onyankopɔn nsa ano adwuma a yɛbɛkɔ so adwennwen ho asen onipa de no bɛma yɛahu sɛ tumi a Yehowa de di dwuma no yɛ nea obiara ntumi nnyina ano. Nanso, saa nnwuma no nyɛ honam fam adebɔ nnwuma a ɛyɛ nwonwa a ɛwɔ soro ne asase so ha no nko. (Hiob 37:14; Dwom 19:1; 104:24) Nea ɛka n’adebɔ nnwuma ho ne gye a ogye ne nkurɔfo fi atamfo a wɔyɛ nhyɛso no nsam, te sɛ nea ɔyɛe ho nhwɛso wɔ ne tete nkurɔfo a ɔpaw wɔn no nsɛm mu no.—Exodus 14:31; 15:6.
Ɔkwan a Ɛsɛ sɛ Yɛfa so no a Yebehu
17. Na Yehowa yɛ paara ma Dawid dɛn, na ɔkwan bɛn so na eyi bɛma yɛanya awerɛhyem?
17 Dawid bɔɔ mpae hwehwɛɛ mmoa na nkwa nsu a ɛwɔ ne mu anyow: “Meteɛ me nsam mekyerɛ wo, wo ho sukɔm de me kra sɛ asase a awo. Awurade [Yehowa, NW], yɛ ntɛm gye me so, me honhom tɔ piti, nyi w’ani nhintaw me, na manyɛ sɛ wɔn a wosian kɔ amoa mu.” (Dwom 143:6, 7) Ná Dawid a ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo no gye tom sɛ Onyankopɔn nim ne tebea no. (Dwom 31:7) Ɛtɔ mmere bi a ebia yɛn nso yebehu sɛ yɛakɔ fam wɔ honhom fam. Nanso tebea no nyɛ nea anidaso biara nnim. Ebia Yehowa a ɔyɛ yɛn mpaebɔ tiefo no nam mpanyimfo a wɔwɔ dɔ, Ɔwɛn-Aban mu nsɛm, anaa asafo nhyiam mu nsɛm bi a ɛte sɛ nea wɔyɛ maa yɛn so bɛsan de yɛn aba tebea pa mu ntɛm.—Yesaia 32:1, 2.
18, 19. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yefi komam kotow srɛ Yehowa? (b) Dɛn na yebetumi anya mu ahotoso?
18 Yehowa mu ahotoso a yɛwɔ no ka yɛn ma yɛkotow srɛ no sɛ: “Ma mente w’adɔe . . ., na wo so na mede me ho meto. Ma minhu ɔkwan a memfa so.” (Dwom 143:8) So odii Onuawa Makris a ɔyɛɛ ankonam wɔ Greece supɔw bi so no huammɔ? So obedi wo huammɔ bere a woma n’apɛdeyɛ yɛ w’asetram ade titiriw no? Ɔbonsam ne n’adwumayɛfo bɛpɛ sɛ wobetwitware yɛn akwan mu wɔ Onyankopɔn Ahenni a yɛbɔ no dawuru no mu, anaasɛ wɔbɛma yɛagyae koraa. Sɛ́ yɛsom wɔ nsase a wɔma nokware som ho kwan so anaasɛ yɛsom wɔ baabi a wɔbrɛ no ase no, mpae a yɛde nokoro bɔ no ne Dawid adesrɛ no hyia sɛ: “Awurade [Yehowa, NW], yi me fi m’atamfo nsam. Wo nkyɛn na mede me ho makora.” (Dwom 143:9) Yɛn ahobammɔ wɔ honhom fam asiane mu gyina Ɔsorosoroni no hintabea a yɛbɛtra so.—Dwom 91:1.
19 Yɛn ahotoso wɔ ade a ɛyɛ titiriw ho no yɛ nea etim hɔ pintinn. (Romafo 12:1, 2) Ɛnde ko tia mmɔden a wiase no bɔ sɛ ɛde nea esusuw sɛ ɛyɛ ade a ɛho hia wɔ nnipa nneɛma nhyehyɛe mu bɛhyɛ wo so. Kɔ so ma w’asetram biribiara nna nea wunim sɛ ɛyɛ ade titiriw no adi—Onyankopɔn apɛdeyɛ.—Mateo 6:10; 7:21.
20. (a) Dɛn na yɛasua wɔ Dawid ho wɔ Dwom 143:1-9? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristofo da Dawid su adi nnɛ?
20 Dwom 143 nkyekyem akron a edi kan no si abusuabɔ a emu yɛ den a na Dawid ne Yehowa wɔ no so dua. Bere a atamfo twaa ne ho hyiae no, ɔkotow srɛɛ Onyankopɔn akwankyerɛ ntɛmso. Ɔdaa nea ɛwɔ ne komam adi hwehwɛɛ mmoa wɔ ɔkwampa a ɔmfa so ho. Ɛte saa ara nnɛ wɔ wɔn a wɔde honhom asra wɔn no nkaefo a wɔwɔ asase so ne wɔn mfɛfo no fam. Wobu wɔne Yehowa ntam abusuabɔ sɛ biribi a ɛsom bo bere a wɔkotow srɛ no hwehwɛ akwankyerɛ no. Wɔma Onyankopɔn apɛdeyɛ yɛ ade a ehia wɔn sen biara, ɛmfa ho nhyɛso a Ɔbonsam ne wiase no de ba.
21. Sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ afoforo nea ɛsɛ sɛ wɔma ɛyɛ wɔn asetram ade titiriw a, dɛn nti na ehia sɛ yɛyɛ nhwɛso pa?
21 Ehia sɛ nnipa ɔpepem pii a wɔne Yehowa Adansefo resua Bible no gye tom sɛ Onyankopɔn apɛdeyɛ ne ade titiriw. Yebetumi aboa wɔn ma wɔate eyi ase bere a yɛne wɔn resusuw Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no ti 13 a esi nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ osetie a yɛbɛyɛ wɔ Asɛm no ho so dua ho no.b Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wohu sɛ yɛreyɛ nea yɛrekyerɛkyerɛ wɔn no ho nhwɛso. Wɔ bere tiaa bi akyi no, wɔn nso bɛba abehu ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so. Bere a nnipa ɔpepem pii yi ankasa behu nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ wɔn asetram ade a ehia sen biara no, ɛbɛka wɔn mu pii ma wɔahyira wɔn ho so abɔ asu. Ɛno akyi no, asafo no betumi aboa wɔn ma wɔakɔ so anantew nkwa kwan no so.
22. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?
22 Nnipa pii gye tom ntɛm ara sɛ Onyankopɔn apɛde na ɛsɛ sɛ ɛyɛ wɔn asetram ade a ehia sen biara. Nanso, ɔkwan bɛn so na Yehowa kyerɛkyerɛ n’asomfo nkakrankakra ma wɔyɛ n’apɛde? Mfaso horow bɛn na eyi ma wonya? Yebesusuw saa nsɛmmisa yi ne nkyekyem titiriw bi, Dwom 143:10, ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wotintimii wɔ 1993 mu.
b Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii wɔ 1995 mu.
Wo Mmuae Ne Dɛn?
◻ Sɛ yɛde Filipifo 1:9, 10 di dwuma a, ɔkwan bɛn so na yebetumi de nneɛma a ɛho hia adi kan?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛɛ nea ɛyɛ n’asetram ade titiriw?
◻ Dɛn na yebetumi asua afi nea Dawid yɛe bere a na ɔwɔ sɔhwɛ mu no mu?
◻ Ɔkwan bɛn so na Dwom 143:1-9 boa yɛn nnɛ?
◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn asetram ade titiriw?
[Kratafa 10 mfonini]
Dawid nneyɛe daa no adi sɛ na ɔde ne ho to Yehowa so
[Asɛm Fibea]
Wɔhwɛɛ Illustrirte Pracht - Bibel/Heilige Schrift des Alten und Neuen Testaments, nach der deutschen Uebersetzung D. Martin Luther’s so na etintim bio