Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Abɔde Ka Onyankopɔn Anuonyam Kyerɛ!
    Ɔwɛn-Aban—2004 | June 1
    • 7 Nanso, egye nhumu na ama yɛahu sɛ ɔsoro reyi Onyankopɔn ayɛ. “Ɛnyɛ ɔkasa, na ɛnyɛ nsɛm a wɔteɛ.” (Asante Twi Bible) Nanso, adanse a ɔsoro de ma a ɔkasa nnim no yɛ adanse a emu yɛ den. “Ɔsoro susuhama du asase nyinaa so, na ne nsɛm du wiase ano.” (Dwom 19:3, 4) Ɛte sɛ nea ɔsoro atow ‘susuhama’ sɛnea ɛbɛyɛ a adanse a ɔkasa nnim no bedu asase so baabiara.

      8, 9. Owia no ho nsɛm a ɛyɛ nwonwa no bi ne dɛn?

      8 Dawid toa so kyerɛkyerɛ Yehowa abɔde a ɛyɛ nwonwa foforo mu sɛ: “Wasi ntamadan ama owia ɔsoro hɔ. Na ofi adi sɛ ayeforokunu a ofi ne pia mu, ɔde ahosɛpɛw tu ne kwan sɛ ɔbran. N’adifi wɔ ɔsoro ano, na ne kyini kodu ano hɔ, na biribiara nkora ne ho mfi ne hyew ano.”—Dwom 19:4-6.

  • Abɔde Ka Onyankopɔn Anuonyam Kyerɛ!
    Ɔwɛn-Aban—2004 | June 1
    • 10. (a) Ɔkwan bɛn so na owia no di ne “ntamadan” mu akɔneaba? (b) Ɔkwan bɛn so na etu mmirika sɛ “ɔbran”?

      10 Odwontofo no ka owia no ho asɛm wɔ sɛnkyerɛnne kwan so sɛ “ɔbran” a ofi asase ano kɔ asase ano adekyee na ɔkɔda ne “ntamadan” mu anadwo. Bere a saa nsoromma kɛse no kɔtɔ asase ano sɛnea nnipa hu no no, ɛte sɛ nea ɔrekɔda ne “ntamadan” mu. Ɛte sɛ nea epue mpofirim na ɛhyerɛn sɛ “ayeforokunu a ofi ne pia mu” pue anɔpa. Sɛ oguanhwɛfo no, na Dawid nim sɛnea anadwo awɔw ano yɛ den fa. (Genesis 31:40) Ɔkaa sɛnea na owia no bɔ ma ne ho bae no na ɛma ɛhɔnom asase no so yɛ hyew ntɛm ara no ho asɛm. Ɛda adi sɛ na owia no mmrɛe wɔ n’akwantu a efi epuei kɔ atɔe no mu, na mmom na ɛte sɛ “ɔbran” a wayɛ krado sɛ ɔbɛsan atoa “n’akwantu” so.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena