-
Ma Yehowa Daapem Abasa No Nwowaw WoƆwɛn-Aban—1991 | October 1
-
-
15. Dɛn ne Dawid nsɛm a ɛwɔ Dwom 19:7-13 no mu nsɛntitiriw?
15 Ɛwom sɛ yɛdɔ Yehowa mmara de, nanso ɛtɔ mmere bi a, yedi mfomso. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi haw yɛn, sɛnea ɛyɛɛ Dawid a na Onyankopɔn mmara, nkaesɛm, ahyɛde, ne atemmude ahorow yɛ no akɔnnɔ sen sika amapa no. Ɔkae sɛ: “W’akoa nam so hu ade, ɛsodi mu wɔ akatua pii. Hena na ohu n’ankasa ne mfomso mu? Me bɔne a ahintaw me, fa firi me. Nso bɔ w’akoa ho ban ɔboayɔ bɔne ho, na anhyɛ me so. Ɛno na medi bem, na me ho afi amumɔyɛ kɛse ho.” (Dwom 19:7-13) Momma yɛnhwehwɛ nsɛm yi mu.
-
-
Ma Yehowa Daapem Abasa No Nwowaw WoƆwɛn-Aban—1991 | October 1
-
-
17. Ɔkwan bɛn so bɔne a wɔde hintaw no betumi aka obi, nanso ɔkwan bɛn so na obetumi anya fafiri ne ahotɔ?
17 Bɔne a wɔde hintaw betumi ahaw yɛn. Sɛnea Dwom 32:1-5 kyerɛ no, Dawid bɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne bɔne behintaw, nanso ɔkae sɛ: “Mimuaa m’ano no, me nnompe gurowee, m’apini a misii daa nyinaa nti. Na awia ne anadwo wo nsa yɛɛ me so duru, me mu nsu twee, na mikisae sɛ awia bere mu.” Mmɔden a Dawid bɔe sɛ ɔbɛhyɛ n’ahonim a ebu no fɔ so no maa ogurowee, na ahohia maa n’ahoɔden so tewee te sɛnea dua bi mu nsu yow wɔ ɔpɛ anaa ahohuru bere mu ɔhyew mu no. Ɛda adi sɛ ɛhaw no wɔ adwenem ne honam fam na n’ani anye esiane sɛ wanka ne bɔne nti. Na ne bɔne a ɔbɛka akyerɛ Onyankopɔn no nkutoo na ɛbɛma wanya fafiri ne ahotɔ. Dawid kae sɛ: “[Anigye] ne nea wɔde ne mmarato afiri no, na wɔakata ne bɔne so. . . . Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo, na mankora m’amumɔyɛ so. Mekae sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ [Yehowa]. Na wo na wuyii me bɔne so mmusu.” Mmoa a Kristofo mpanyimfo fi ɔdɔ mu de ma no betumi aboa obi ma ne ho atɔ no.—Mmebusɛm 28:13; Yakobo 5:13-20.
-