Mmofra a Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔakwati “Nnipakum Bebrebe” No
Dɛn na ɛma mmofra kyerɛ owu ho nsɛm ho anigye nnɛ saa? Mmarahyɛ baguani Henry Hyde, a ɔwɔ Illinois mantam mu wɔ U.S.A. no kae sɛ: “Mmofra yi nni honhom fam nimdeɛ biara ma enti wɔn ani gye nnipakum ne basabasayɛ ho mmom.”
OBI a ɔkenkan Time kyerɛwee sɛ: “Awofo ani a wɔmma enku mmofra ho, anigyede a basabasayɛ wom, ne abrabɔ ne honhom fam gyinabea pa a mmofra nni na ama nnipakum adi wɔn ti no.”
Ankonamyɛ nso yɛ ɔhaw titiriw biako a ɛrehaw mmofra. Ebinom te afie a awofo baanu no de bere pii yɛ adwuma da biara mu; afoforo nso ne ɔwofo biako pɛ na ɛte. Sɛnea amanneɛbɔ bi kyerɛ no, nnɔnhwerew bɛyɛ 3.5 na United States mmofra nkutoo de tra fie da biara a obiara nka wɔn ho, na nnɔnhwerew a ennu 11 na wɔn awofo nya ma wɔn dapɛn biara, na eyi nte sɛ mmofra a wɔtraa ase 1960 mfe no mu no. Nokwarem no, mmofra binom nnya wɔn awofo fekubɔ anaa wɔn nkuranhyɛ biara.
Nea Awofo Betumi Ayɛ
Esiane sɛ mmofra nni “honhom fam nimdeɛ” nti, ɔkwan bɛn so na awofo betumi aboa wɔn? Awofo a wɔn ani da hɔ nim sɛ wɔn mma hia anigyede a ɛfata ne wɔn ani a wɔbɛma aku wɔn ho daa nso. Sɛ awofo fi ɔdɔ mu kyerɛ wɔn mma ho anigye a, wobetumi ne wɔn asusuw nnwom, television so dwumadi, video, nhoma, sini a wɔhwɛ wɔ kɔmputa so, ne sini ahorow a ɛsɛ sɛ wɔpaw ho. Ɛwom sɛ ebia mmofra nna no adi mma afoforo nhu de, nanso wɔn mu pii ani gye wɔn awofo akwankyerɛ a wofi ɔdɔ mu de ma no ho. Wohia nneɛma ho nkyerɛkyerɛmu a edi mũ efisɛ wɔte wiase bi a wɔmfa akwankyerɛ pa biara mma mu. Ɛsɛ sɛ awofo te ase sɛ mmofra te wiase bi a nneɛma ayɛ hwanyann wom mu sen sɛnea na ɛte bere a na wɔyɛ mmofra no.
Awofo a wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn mma ho ban no ne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ daa, atie wɔn yiye, na wɔde kɔkɔbɔ ama wɔn afa asiane a ɛwɔ nneɛma a ɛrekɔ so nnɛ mu no ho. Mpɛn pii no sɛ awofo hyehyɛ mmara a ɛfata ma wɔn mma, hwɛ ma wɔde di dwuma na wɔda ntease ne ɔdɔ adi a, ɛsow aba pa.—Mateo 5:37.
Awofo a wɔyɛ Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔne wɔn mma bɛbɔ nkɔmmɔ daa, na wɔde Bible ho nhoma ne video ahorow adi dwuma de aboa wɔn.a Wɔmfa mmere a ɛtete saa no nka wɔn anim, na mmom, wosusuw honhom fam nneɛma a ɛma denhyɛ ho. Sɛ abusua no hyiam saa a, wotie ɔhaw anaa nsɛnnennen ahorow a wɔn mma hyia sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de akwankyerɛ a mmofra no mu biara hia ama.
Mmofra a wonnya honhom fam akwankyerɛ biara mfi wɔn awofo hɔ no betumi anya nkuranhyɛ afi Dwom 27:10 no mu sɛ: “M’agya ne me na agyaw me, na [Yehowa, NW] de, ogye me.” Ɔkwan bɛn so na Yehowa, mmɔborohunu Agya no boa mmofra? Nnipa pii anya mmoa afi Yehowa Adansefo asafo no mu, faako a wɔda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn na wonya wɔn nsɛnnennen ho mmuae. Josías, aberante a ohui sɛ ɛno yɛ nokware no, ka sɛ: “Yehowa ahyehyɛde no di ahiade titiriw ho dwuma. Ná mete nka sɛ asetra nni atirimpɔw biara. Ná minni atirimpɔw ne anidaso biara wɔ asetram. Hu a mihui sɛ menyɛ ankonam no sakraa m’asetra koraa. Mede anuanom a wɔwɔ asafo no mu no sii abusua a na mahwere no ananmu. Mmoa a mpanyimfo ne mmusua a wɔwɔ asafo no mu no de ma wɔ nkate fam no te sɛ sɛkyɛ.”
Nokwarem no, mmofra ne mpanyimfo pii atu mpɔn wɔ adwene ne honhom fam akwahosan mu denam Yehowa Adansefo asafo nhyiam ahorow a wɔkɔ no daa so. Nnipa asetra ho nimdefo Patricia Fortuny kaa saa nkɛntɛnso pa yi ho asɛm wɔ n’asɛm bi a ɔkyerɛwee a wɔato din Los Testigos de Jehová: una alternativa religiosa para enfrentar el fin del milenio (Yehowa Adansefo: Nyamesom Ahyehyɛde a Ɛboa Nkurɔfo Bere a Mfirihyia Apem no Rekɔ Awiei No) mu sɛ: “Yehowa Adansefo de nhyehyɛe a edi mũ a ɛfa da biara asetra ho, mmara pa a ɛkyerɛ nnipa nsusuwii ne nneyɛe kwan, ma.” “Nhyehyɛe a edi mũ” ne “mmara pa” a wɔka ho asɛm wɔ ha no yɛ nea egyina Bible so. Enti, ɛmfa ho sɛ Yehowa Adansefo hyia ɔhaw ne nhyɛso koro no ara a wɔn afipamfo hyia no bi no, nyansa a edi mu a ɛwɔ saa nhoma a akyɛ no mu no hyɛ wɔn den. Yiw, Adansefo no nya ahobammɔ wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ ne nnyinasosɛm a ɛwɔ Bible no mu no mu.
Bere a “Owu Nni Hɔ Bio”
Nkyerɛkyerɛ a wɔde ma wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa ahorow so no si so dua bere nyinaa sɛ Onyankopɔn ahyɛ wiase foforo a “trenee te mu” na “obi bi renyi wɔn hu” a ɛbɛba nnansa yi ara bi ho bɔ. (2 Petro 3:13; Mika 4:4) Afei, odiyifo Yesaia kyerɛw sɛ saa bere no, Onyankopɔn ‘bɛmene owu akosi daa, na Yehowa bɛpopa ani nyinaa so nusu.’ Owu kaa adesamma abusua no esiane onipa a odi kan, Adam, bɔne nti, nanso Onyankopɔn bɔhyɛ ne sɛ ɛrenkyɛ ‘owu befi hɔ koraa.’—Yesaia 25:8; Adiyisɛm 21:3, 4; Romafo 5:12.
Sɛ woyɛ abofra a wuhia mmoa a, yɛto nsa frɛ wo sɛ nya anidaso ne asetra mu atirimpɔw, denam Bible no a wubesua so. Ɛdenam Yehowa Adansefo mmoa so no, wubetumi anya anidaso sɛ mmere a eye sen biara no da so ara wɔ yɛn anim wɔ wiase foforo a ɔhyɛ ho bɔ no mu.—Adiyisɛm 21:4.
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na ɛyɛ Young People Ask—How Can I Make Real Friends? Video no. Mprempren ɛwɔ Engiresi kasa mu, na ɛde mmoa a mfaso wɔ so ma mmofra.
[Mfonini wɔ kratafa 9]
Ɛsɛ sɛ awofo gye bere tie wɔn mma na wohu wɔn haw ahorow
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]
“Yehowa Adansefo de nhyehyɛe a edi mũ a ɛfa da biara asetra ho ma”