“Yesu Kristo ne Awurade” Ɔkwan Bɛn so ne Bere Bɛn?
“AWURADE ka kyerɛɛ m’Awurade sɛ, Tra me nifa, kosi sɛ mɛyɛ w’atamfo wo nan ase ntiaso.” Eyi yɛ Dwom 110:1 nkyerɛase a ɛwɔ King James Version mu. Hena ne “AWURADE” a wɔka ne ho asɛm wɔ ha yi, na hena na ɔne no rekasa?
Hebri nkyerɛwee yi nkyerɛase a edi mũ sen eyi bua asemmisa a edi kan no ntɛmntɛm. “Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ m’Awurade ne sɛ: . . . ” Enti, “AWURADE” no ne ade nyinaa so tumfoɔ, Yehowa ankasa. Ɛwom sɛ King James Version ma edin kronkron no da nsow denam nkyerɛwde “AWURADE” a ɛde di dwuma mmom sen sɛ ɛbɛyɛ no “Awurade” de, nanso ɛnyɛ ɛno na edii kan de abodin a ɛmma ntease mma yi dii dwuma, efisɛ tete Helafo Septuagint, a wɔkyerɛɛ ase fii Hebri kasa mu a wɔyɛɛ no akyiri yi no de “Awurade” gyinaa hɔ maa Yehowa. Dɛn ntia? Efisɛ wɔde abodin “Awurade” sii Onyankopɔn din, Tetragrammaton (יהוה) no ananmu. Ɔbenfo A. E. Garvie ka sɛ: “Ade a ɛyɛ mmerɛw sɛ wobetumi de akyerɛ nea enti a na wɔde abodin Awurade [kyʹri·os] no di dwuma ne sɛ na wɔde saa abodin no mmom di dwuma wɔ Yudafo hyiadan mu sen apam din Yahweh [Yehowa] no, bere a wɔkenkan Kyerɛwnsɛm no.”
Bible no da Yehowa adi sɛ “Awurade Nyankopɔn.” (Genesis 15:2, 8; Asomafo no Nnwuma 4:24; Adiyisɛm 6:10) Wɔsan frɛ no “[nokware] Awurade” ne “Awurade, asase nyinaa wura no.” (Exodus 23:17; Yosua 3:13; Adiyisɛm 11:4) Ɛnde hena ne “Awurade” a ɔka ho a Dwom 110:1 ka ne ho asɛm no, na ɛyɛɛ dɛn na Yehowa buu no sɛ “Awurade”?
Yesu Kristo sɛ “Awurade”
Nsɛmpa anan no, titiriw Luka ne Yohane, frɛ Yesu “Awurade.” Wɔ yɛn bere mu afeha a edi kan mu no, na wɔde saa abodin no kyerɛ obu ne nidi, te sɛ “Owura.” (Yohane 12:21; 20:15, Kingdom Interlinear) Wɔ Marko Asɛmpa no mu no, asɛmfua “Ɔkyerɛkyerɛfo,” anaa Rab·boʹni na na wɔtaa de frɛ Yesu. (Fa Marko 10:51 toto Luka 18:41 ho.) Ná Saul asɛm a obisae wɔ Damasko kwan so sɛ “Ɛyɛ wo hena, [Awurade]?” no nso yɛ obu kwan a wɔfa so bisa asɛm yi ara. (Asomafo no Nnwuma 9:5) Nanso bere a Yesu akyidifo no behuu wɔn Wura no, ɛda adi sɛ na abodin a ɛne “Awurade,” a wɔde dii dwuma no sen obu kɛkɛ a wɔde kyerɛ.
Wɔ Yesu wu ne ne sɔre akyi a na onnya nkɔɔ soro no, oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo no, na ɔkaa asɛm a ɛyɛ nwonwa yi: “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.” (Mateo 28:18) Afei wɔ Pentokoste da no, Petro nam honhom kronkron a wohwiee guu wɔn so no akwankyerɛ ase twee adwene sii Dwom 110:1 so kae sɛ: “Enti ma Israel fi nyinaa nhu ampa sɛ Onyankopɔn de Yesu yi ara a mosɛn no no ayɛ Awurade ne Kristo.” (Asomafo no Nnwuma 2:34-36) Esiane sɛ Yesu dii nokware kosii owu yayaw mu wɔ asɛndua ho nti, wonyanee no, na wɔmaa no akatua a ɛsen biara. Afei ɔkɔɔ soro a na wɔama no tumi sɛ Awurade.
Ɔsomafo Paulo nam nsɛm yi a ɔkyerɛwee yi so yɛɛ Petro nsɛm no nsɛmmoa sɛ Onyankopɔn ‘de Kristo traa ne nifa ɔsoro, panyinni ne tumidi ne ahoɔden ne wurayɛ nyinaa so, ɛne din a wɔde to, ɛnyɛ wi yi ase ha nko, na mmom wiase a ɛreba no nso mu.’ (Efesofo 1:20, 21) Yesu wurayɛ no tra wurayɛ nyinaa so, na ɛbɛtoa so de akɔ wiase foforo no mu. (1 Timoteo 6:15) Wɔmaa no so “kɛse,” maa no “din a edi din nyinaa so,” sɛnea ɛbɛyɛ a obiara begye atom sɛ “Yesu Kristo ne Awurade mma Agya Onyankopɔn anuonyam.” (Filipifo 2:9-11) Saa kwan no so na Dwom 110:1 fã a edi kan no nyaa ne mmamu, maa “abɔfo ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi” bɛhyɛɛ Yesu wurayɛ no ase.—1 Petro 3:22; Hebrifo 8:1.
Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, Yehowa nkutoo na wɔde asɛm “awurade mu Awurade” ka ne ho asɛm. (Deuteronomium 10:17; Dwom 136:2, 3) Nanso honhom kaa Petro ma ɔkaa Kristo Yesu ho asɛm sɛ: “Ɔne nnipa nyinaa wura [anaa, “Yɛn nyinaa Awurade,” Goodspeed].” (Asomafo no Nnwuma 10:36) Nokwarem no, ɔyɛ “awufo ne ateasefo wura.” (Romafo 14:8, 9) Kristofo gye tom koraa sɛ Yesu Kristo ne wɔn Awurade ne wɔn Wura, na wofi wɔn pɛ mu kyerɛ obu ma no sɛ ne nkoa a ɔde ne mogya a ɛsom bo sen biara no atɔ wɔn. Na Yesu Kristo adi ade sɛ ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade wɔ n’asafo no so fi Pentekoste 33 Y.B. mu. Nanso afei, efi 1914 no, wɔama no tumi sɛ onni hene sɛ Awurade a wɔde ‘n’atamfo bɛyɛ ne nan ase ntiaso.’ Afei bere dui sɛ ‘obedi hene wɔ wɔn mfinimfini’ a ne nyinaa yɛ Dwom 110:1, 2 mmamu.—Hebrifo 2:5-8; Adiyisɛm 17:14; 19:16.
Ɛnde ɛsɛ sɛ yɛte Yesu nsɛm a ɔkae ansa na ɔrewu ma wɔanyan no a ese “m’agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa” no ase dɛn? (Mateo 11:25-27; Luka 10:21, 22) Ná eyi nyɛ nsɛm a wotumi de di dwuma ma obiara te sɛ nea yɛaka ho asɛm dedaw no. Wɔ Mateo ne Luka nyinaa no, nsɛm afoforo a ɛka ho no da no adi sɛ na Yesu reka nimdeɛ a wɔde asie wiase anyansafo, nanso wɔnam ne so ayi no adi akyerɛ esiane sɛ ‘onim’ Agya no yiye nti. Bere a wɔbɔɔ Yesu asu wɔ nsu mu na wɔwoo no sɛ Onyankopɔn honhom mu Ba no, otumi kaee ne kan soro asetra ne ɛhɔ nimdeɛ no nyinaa, nanso eyi yɛ soronko wɔ ne wurayɛ a akyiri yi obenyae no ho.—Yohane 3:34, 35.
Yesu Kristo a Wɔda no Adi sɛ Awurade
Hela Kyerɛwnsɛm no nkyerɛase ahorow bi ma asɛnnennen bi sɔre bere a wɔkyerɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm a ɛfa “AWURADE,” Yehowa Nyankopɔn ho pefee no. Sɛ́ nhwɛso no, fa Luka 4:19 toto Yesaia 61:2 ho wɔ King James Version anaa The New Jerusalem Bible no mu. Ebinom ka sɛ Yesu gyee abodin a ɛne “Awurade” no fii Yehowa hɔ, na afei nso na Yesu a ɔwɔ ɔhonam mu no yɛ Yehowa ankasa, nanso eyi yɛ adwenkyerɛ a enni Kyerɛwnsɛm mu nnyinaso. Kyerɛwnsɛm no da no adi pefee sɛ Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba Yesu Kristo yɛ nnipa baanu a ɛsono wɔn mu biara. Yesu yii n’Agya din adi kyerɛe, na ogyinaa n’ananmu.—Yohane 5:36, 37.
Wɔ nhwɛso a edidi so yi mu no, hwɛ sɛnea Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm a wɔafa aka no pue wɔ Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Wɔka Yehowa Nyankopɔn ne Nea Wasra no, anaa Mesia no ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma 4:24-27, a ɛyɛ asɛm a wɔfa fii Dwom 2:1, 2. Ɛda adi pefee sɛ nsɛm a ɛwɔ Romafo 11:33, 34 no fa Onyankopɔn, nyansa ne nimdeɛ nyinaa Fibea no ho, na wɔfaa asɛm no fii Yesaia 40:13, 14. Bere a Paulo rekyerɛw Korintofo asafo no, otĩ saa asɛm a ɔfa kae no mu sɛ, “Hena na ohuu [Yehowa] adwene” na afei ɔde ka ho sɛ: “Na yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene.” Awurade Yesu daa Yehowa adwene a ɛfa nneɛma a mfaso wɔ so pii ho kyerɛɛ n’asuafo no.—1 Korintofo 2:16.
Ɛtɔ da bi a, na kyerɛwsɛm bi a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no fa Yehowa ho, nanso esiane sɛ Ɔde ahoɔden ne tumi hyɛ afoforo nsa nti, enya mmamu wɔ Yesu so. Sɛ́ nhwɛso so, Dwom 34:8 to nsa frɛ yɛn sɛ “monka nhwɛ na munhu sɛ [Yehowa] ye.” Nanso Petro de di dwuma wɔ Awurade Yesu Kristo ho bere a ɔka sɛ: “Bere a moaka ahwɛ sɛ Awurade yam ye.” (1 Petro 2:3) Petro fa nnyinsosɛm bi na ɔkyerɛ sɛnea ɛyɛ nokware wɔ Yesu Kristo nso ho. Kristofo nam Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho nimdeɛ a wobenya na wɔde adi dwuma so betumi anya nhyira pii afi Agya no ne ne Ba no nyinaa hɔ. (Yohane 17:3) Sɛnea Petro de asɛm no dii dwuma no mma Amansan Hene Yehowa ne Awurade Yesu Kristo mmɛyɛ nipa biako.—Hwɛ New World Translation Reference Bible no ase hɔ asɛm a ɛwɔ 1 Petro 2:3 no.
Ɔsomafo Paulo ma nsonsonoe a ɛda Onyankopɔn ne ne Ba, Yesu Kristo ntam no da adi pefee bere a ɔka eyi no: “Onyankopɔn biako pɛ na yɛwɔ, Agya no a nneɛma nyinaa fi no mu, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no, ne Awurade biako, Yesu Kristo a wɔnam no so yɛ nneɛma nyinaa, na yɛn nso yɛnam no so wɔ hɔ no.” (1 Korintofo 8:6; 12:5, 6) Bere a Paulo rekyerɛw krataa akɔma Kristofo asafo a ɛwɔ Efeso no, ɔdaa “Awurade biako” no, Yesu Kristo, adi sɛ ɔyɛ soronko koraa wɔ “yɛn nyinaa Nyankopɔn ne Agya” no ho.—Efesofo 4:5, 6.
Yehowa Yɛ Ade Nyinaa So Tumfoɔ
Efi 1914 no, nsɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 11:15 no abam: “Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade [Yehowa Nyankopɔn] ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.” The New International Dictionary of New Testament Theology (Po 2, kratafa 514) se: “Bere a Kristo adi biribiara so tumi no (1 Kor. 15:25), ɔbɛbrɛ ne ho ase ahyɛ Agya Nyankopɔn no ase. Saa na Yesu wurayɛ no bedu ne botae ho, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa mu ade nyinaa (1 Kor. 15:28).” Wɔ Mfirihya Apem Nniso no awiei no, Kristo Yesu san de ahoɔden ne tumi a n’Agya de maa no no hyɛ ne nsa. Enti, wɔde anuonyam ne ɔsom nyinaa ma Yehowa, “yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn” no ma ɛfata.—Efesofo 1:17.
Ɛwom sɛ mprempren Yesu yɛ awurade mu Awurade de, nanso wɔmfrɛɛ no anyame mu Nyankopɔn da. Yehowa da so yɛ ade nyinaa so tumfoɔ. Saa kwan yi so no, Yehowa bɛyɛ “ade nyinaa mu ade nyinaa.” (1 Korintofo 15:28) Yesu wurayɛ no ma no dibea a ɛfata sɛ Kristofo Asafo no Ti. Ɛwom sɛ ebia yebetumi anya “awurade” pii a wɔwɔ tumi ne dibea a ɛkorɔn wɔ wiase yi mu de, nanso yɛde yɛn werɛ hyɛ onii a ɔyɛ awurade mu Awurade no mu. Nanso, Yesu Kristo dibea a ɛkorɔn a ɔwɔ no nyinaa akyi no, ɔda so ara hyɛ n’Agya ase, “na Onyankopɔn adi obiara so tumi.” (1 Korintofo 15:28, The Translator’s New Testament) Hwɛ ahobrɛase ho nhwɛso fɛfɛ a Yesu ayɛ a ɛsɛ sɛ n’asuafo no suasua, bere a wogye no tom sɛ wɔn Awurade mpo no!
[Kratafa 30 adaka]
“Sɛ Apam Foforo no Akyerɛwfo ka Onyankopɔn ho asɛm a, wɔkyerɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’Agya. Sɛ wɔka Yesu Kristo ho asɛm a, wɔnkyerɛ anaa wonsusuw sɛ ɔyɛ Onyankopɔn. Ɔyɛ Onyankopɔn Kristo, Onyankopɔn Ba, Onyankopɔn Nyansa, Onyankopɔn Asɛm. Sɛ obi kenkan Yohane Asɛmpa no Nnianim Nsɛm a ɛne Nicaea Nkyerɛkyerɛ no di nsɛ kɛse no mpo a, ɛsɛ sɛ osusuw sɛnea [Yohane] Asɛmpa mũ no nyinaa da no adi pefee sɛ obiako hyɛ ɔfoforo ase no ho; na asɛmfua [the·osʹ] a adekyerɛsɛm bi nni anim a wɔde di dwuma wɔ Nnianim Nsɛm no mu no ntwe adwene nsi biribi pɔtee bi so wɔ Hela kasa mu te sɛ nea ɛreyɛ wɔ Engiresi kasa mu no.”—“The Divinity of Jesus Christ,” a John Martin Creed kyerɛwee.