-
Adɛn Nti Na Onyankopɔn Bɔɔ Yɛn Baa Wiase?Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
ADESUA 25
Adɛn Nti Na Onyankopɔn Bɔɔ Yɛn Baa Wiase?
Bible ka sɛ nnipa nkwa ‘nna yɛ tiaa na ɔhaw ahyɛ mu ma.’ (Hiob 14:1) Nanso wohwɛ a, Onyankopɔn bɔɔ yɛn sɛ yemmedi nna kakraa bi wɔ asaase yi so na yenhu amane anaa? Sɛ ɛnyɛ n’adwene ne no a, ɛnde dɛn nti paa na ɔbɔɔ yɛn? Wohwɛ a, nea enti paa a Onyankopɔn bɔɔ yɛn no bɛba mu anaa? Wuhu nea Bible aka afa saa asɛm yi ho a, ɛbɛkyekye wo werɛ paa. Ma yɛnhwɛ.
1. Asetena bɛn na Yehowa pɛ sɛ yenya?
Yehowa pɛ sɛ yenya asetena papa paa. Nnipa mmienu a Yehowa dii kan bɔɔ wɔn ne Adam ne Hawa. Bere a ɔbɔɔ wɔn wiei no, ɔde wɔn kɔtenaa paradise fɛfɛɛfɛ bi mu. Ɛno na wɔfrɛ no Eden turo no. Afei “Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asaase so ma na munnya so tumi.’” (Genesis 1:28) Ná Yehowa pɛ sɛ wɔwo, wɔhwɛ ma asaase so baabiara dan paradise, na wɔhwɛ mmoa no so. Nea na Yehowa pɛ ara ne sɛ nnipa nyinaa benya apɔwmuden, na wɔatena ase daa.
Ɛwom, nneɛma ankɔ sɛnea Onyankopɔn pɛ,a nanso nea enti a ɔbɔɔ yɛn no nsesae. (Yesaia 46:10, 11) Ɔda so ara pɛ sɛ nnipa a wɔn aso yɛ mmerɛw tena asaase so daa a owu, yare, anaa biribi foforo biara nteetee wɔn.—Kenkan Adiyisɛm 21:3, 4.
2. Yɛbɛyɛ dɛn abɔ yɛn bra ama asi yɛn yiye nnɛ?
Sɛnea Yehowa bɔɔ yɛn nti, yehia ‘n’akwankyerɛ.’ Ɛno nti, ɛyɛ a yɛn ani gye ho sɛ yebehu no yiye na yɛasom no. (Kenkan Mateo 5:3-6.) Ɔpɛ sɛ yɛbɛn no na yɛne no fa adamfo, ‘yɛnantew n’akwan so, na yɛdɔ no.’ Afei nso, ɔpɛ sɛ yefi ‘yɛn koma nyinaa mu’ som no. (Deuteronomium 10:12; Dwom 25:14) Sɛ yetumi yɛ saa a, ɛmfa ho sɛ yɛwɔ ɔhaw ahorow mpo no, yɛn ani begye paa. Sɛ yɛsom Yehowa a, ɛma yehu nea enti a yɛbaa wiase, na ɛma yɛbɔ bra yiye.
SUA PII KA HO
Ɔfã yi bɛboa wo ama woahu sɛ, sɛnea Yehowa siesiee asaase no maa yɛn no kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn paa. Afei nso, nea enti a yɛbaa wiase no, wubehu nea Bible ka fa ho.
3. Yehowa pɛ sɛ nnipa nya asetena papa paa
Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.
Adɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ yɛn asaase fɛfɛɛfɛ yi?
Monkenkan Ɔsɛnkafo 3:11. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Dɛn na kyerɛwsɛm yi ma wuhu fa Yehowa ho?
4. Nea enti a Yehowa bɔɔ nnipa no nsesae
Monkenkan Dwom 37:11, 29 ne Yesaia 55:11. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Yɛyɛ dɛn hu sɛ nea enti a Yehowa bɔɔ yɛn no nsesae?
Sɛ ɔdan bi asɛe mpo a, yebetumi asiesie ama ayɛ yiye. Asaase yi nso, nnipa asɛe nneɛma pii wɔ so, nanso ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛma asan asi ne dedaw mu, na ɔde ama wɔn a wɔdɔ no
5. Sɛ yɛsom Yehowa a, ɛma yehu nea enti paa a yɛwɔ wiase
Sɛ yehu nea enti a yɛbaa wiase a, ɛma yɛn ani gye. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.
Bere a Terumi huu nea enti a Onyankopɔn bɔɔ nnipa no, ɛboaa no sɛn?
Monkenkan Ɔsɛnkafo 12:13. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Yehowa ayɛ bi ama yɛn paa. Wohwɛ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn no?
OBI BETUMI ABISA SƐ: “Yɛbaa wiase koraa bɛyɛɛ dɛn?”
Obi bisa saa a, wubeyi ano sɛn?
NEA YƐASUA
Yehowa pɛ sɛ yɛtena ase daa wɔ asaase so a yare, owu, anaa biribi foforo biara nteetee yɛn. Sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu som Yehowa a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam, efisɛ yenim sɛ yɛde yɛn abrabɔ reyɛ nea ɛfata.
Ntimu
Dɛn nti paa na Yehowa bɔɔ Adam ne Hawa?
Yɛyɛ dɛn hu sɛ nea enti a Onyankopɔn bɔɔ nnipa no nsesae?
Dɛn na woyɛ a ɛbɛma asi wo yiye wɔ abrabɔ mu?
YƐ NHWEHWƐMU
Kenkan saa asɛm yi, na wubehu adanse a ɛkyerɛ sɛ na Eden turo no wɔ hɔ ankasa.
“Eden Turo No—Ɛyɛ Anansesɛm Anaa Na Ɛwɔ Hɔ Ankasa?” (Ɔwɛn-Aban)
Kenkan asɛm yi, na wubehu nea enti a yebetumi aka sɛ asaase no rensɛe da; ɛbɛwɔ hɔ daa.
Dɛn nti na yɛwɔ wiase? Kenkan saa asɛm yi, na wubehu mmuae a Bible no de ma.
Ná papa bi adwene yɛ no sɛ odi yiye na onhia hwee. Nanso sɛɛ na biribi ayera wɔ n’asetena mu. Hwɛ video yi, na wubehu sɛ akyiri yi obehuu nea na ayera wɔ n’asetena mu no.
a Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ nea enti a nneɛma ankɔ sɛnea Yehowa pɛ.
-
-
Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
2. Henanom na wɔne Yesu bedi ade?
Ɛnyɛ Yesu nko ara na obedi ade. Onyankopɔn ayi nnipa bi afi “abusua ne kasa ne nkurɔfo ne ɔman biara mu . . . na wɔbɛyɛ ahemfo na wɔadi asaase so.” (Adiyisɛm 5:9, 10) Nnipa dodow sɛn na wɔne Kristo bedi ade? Nea enti a yɛrebisa saa ne sɛ, efi bere a ɔbaa asaase so besi nnɛ, nnipa bebree abɛyɛ n’akyidifo. Enti wɔn nyinaa na wɔbɛkɔ soro ne no akodi ade anaa? Daabi. Wɔn mu 144,000 pɛ na wɔbɛkɔ akɔka ne ho ne no adi ade. (Kenkan Adiyisɛm 14:1-4.) Kristofo a aka nyinaa bɛtena asaase so, na Onyankopɔn Ahenni no adi wɔn so.—Dwom 37:29.
-
-
Dɛn Na Onyankopɔn Ahenni No Bɛyɛ?Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
Dɛn Na Onyankopɔn Ahenni No Bɛyɛ?
Sɛnea yɛabehu no, Onyankopɔn Ahenni no afi ase redi tumi wɔ soro, na ɛrenkyɛ koraa, ɛbɛba abɛsesa nneɛma pii wɔ asaase so. Nneɛma pa a Ahenni no bɛyɛ ama yɛn no, yebesusuw bi ho wɔ adesua yi mu.
1. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Ahenni no bebu atɛntrenee, na ama obiara anya asomdwoe wɔ asaase yi so?
Armagedon ko no mu no, Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni so Hene no bɛsɛe abɔnefo, na wayi nnipa aban nyinaa afi hɔ. (Adiyisɛm 16:14, 16) Bible hyɛ yɛn bɔ sɛ: “Aka kakraa bi na nnebɔneyɛfo nni hɔ bio.” Armagedon ko no bɛma saa asɛm no aba mu. (Dwom 37:10) Yesu nam Ahenni no so bebu atɛntrenee, na wama asomdwoe ahyɛ asaase so ma.—Kenkan Yesaia 11:4.
2. Sɛ obiara a ɔwɔ asaase so yɛ nea Onyankopɔn pɛ a, wohwɛ a asetena bɛyɛ sɛn?
Sɛ Onyankopɔn Ahenni no bedi asaase so a, ‘asaase no bɛba abɛyɛ atreneefo dea, na wɔbɛtena so daa.’ (Dwom 37:29) Wo de, fa no sɛ obiara a ɔwɔ asaase so yɛ nneɛma pa nko ara, obiara dɔ Yehowa ne ne yɔnko nipa, na yare ne owu nni hɔ. Wohwɛ a, anka asetena bɛyɛ sɛn?
3. Sɛ wɔsɛe abɔnefo wie a, dɛn na Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ?
Sɛ wɔsɛe abɔnefo wie a, Yesu bedi ade mfe 1,000. Saa bere no, ɔne wɔn a wɔne no bedi ade a wɔn dodow yɛ 144,000 no bɛboa nnipa a wɔwɔ asaase so ama wɔade wɔn ho afi bɔne ho. Ɛntɔ ara sɛ mfirihyia 1000 no bɛba awiei no, na asaase nyinaa adan paradise. Saa bere no, nnipa nyinaa ani begye, efisɛ wɔde Yehowa mmara bɛyɛ adwuma. Ɛno akyi no, Yesu bɛsan de Ahenni no ama ne Papa, Yehowa. Efi saa bere no rekɔ no, Yehowa ‘din ho bɛtew,’ na obiara nni hɔ a obegu ne din ho fĩ bio. (Mateo 6:9, 10) Obiara bɛba abehu sɛ Yehowa yɛ Sodifo papa a odwen ne nkurɔfo ho. Afei Yehowa bɛsɛe Satan, abɔfo bɔne no, ne obiara a ɔbɛsɔre atia ne tumidi. (Adiyisɛm 20:7-10) Nneɛma pa ne nhyira a Onyankopɔn Ahenni no de bɛba asaase so no, ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.
SUA PII KA HO
Nneɛma a Bible ahyɛ bɔ sɛ yɛn nsa bɛka daakye no, ɔfã yi bɛboa yɛn ama yɛahu nea enti a yebetumi agye adi sɛ, Onyankopɔn nam n’Ahenni no so bɛyɛ ama yɛn.
4. Onyankopɔn Ahenni beyi nnipa aban nyinaa afi hɔ
Bible ka sɛ: “Onipa di onipa so ma ewie no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Ɔbrɛ ne amanehunu a nnipa aban akɔfa aba nyinaa, Yehowa nam n’Ahenni no so beyi afi hɔ.
Monkenkan Daniel 2:44 ne 2 Tesalonikafo 1:6-8. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Nnipa aban ne wɔn akyitaafo nyinaa, dɛn na Yehowa ne ne Ba Yesu de bɛyɛ wɔn?
Wohwɛ nea woasua afa Yehowa ne Yesu ho no a, wohwɛ a, sɛ wɔrebu nnipa atɛn a, wobebu atɛnkyea anaa wobebu atɛntrenee? Adɛn nti na woreka saa?
5. Yesu yɛ Ɔhene a ɔfata
Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene no bɛyɛ nneɛma pii de aboa nnipa a wɔbɛtena asaase so no. Hwɛ VIDEO yi, na wubehu sɛ, Yesu adi kan ayɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔboa nnipa. Wobɛsan ahu sɛ, Onyankopɔn ama no tumi a ɔde bɛyɛ saa.
Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔyɛɛ nneɛma bi a ɛbɛma yɛahu nea Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ daakye. Nhyira a edidi so yi mu nea ɛwɔ he na worehwɛ kwan denneennen? Nhyira biara a wubedu so no, ɛyɛ a kenkan kyerɛwnsɛm a ɛka ho no.
BERE A YESU WƆ ASAASE SO NO . . .
SEESEI YESU WƆ SORO, NA DAAKYE . . .
ɔmaa mframa denneennen bi a ɛrebɔ gyaee.—Marko 4:36-41.
obesiesie asaase no ama asan asi ne dedaw mu.—Yesaia 35:1, 2.
ɔyɛɛ anwonwade ma nnipa pii nyaa aduan dii.—Mateo 14:17-21.
obeyi ɔkɔm afi hɔ.—Dwom 72:16.
ɔsaa ayarefo pii yare.—Luka 18:35-43.
obeyi yare nyinaa afi hɔ, na obiara benya apɔwmuden.—Yesaia 33:24.
onyanee awufo.—Luka 8:49-55.
obenyan wɔn a wɔawuwu no, na obeyi owu nso afi hɔ.—Adiyisɛm 21:3, 4.
6. Onyankopɔn Ahenni no de nhyira pii bɛbrɛ yɛn
Ná Yehowa pɛ sɛ nnipa nya asetena papa paa, wɔn ani gye, na wɔtena ase daa wɔ paradise asaase so. Ahenni no na ɛbɛma nnipa anya saa asetena no. Nneɛma a Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama nnipa no, ɔnam ne Ba Yesu so bɛma yɛn nsa aka. Hwɛ VIDEO yi, na wubehu adwuma a Yesu reyɛ, na ama yɛn nsa aka saa nhyira no.
Monkenkan Dwom 145:16. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Kyerɛwsɛm yi ma yehu sɛ Yehowa bɛma ‘ɔteasefo biara anya nea ohia nyinaa.’ Wei ma wote nka sɛn?
EBINOM KA SƐ: “Sɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa yɛ baako a, anka wobetumi ayi wiase haw afi hɔ.”
Ɔhaw ahorow bɛn na Onyankopɔn Ahenni no beyi afi hɔ a nnipa aban rentumi nyi mfi hɔ da?
NEA YƐASUA
Nneɛma a Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, ɔnam n’Ahenni no so bɛyɛ ne nyinaa. Obesiesie asaase no ama ayɛ paradise, na ɔde ama apapafo atena so, na wɔbɛsom no afebɔɔ.
Ntimu
Sɛn na Onyankopɔn Ahenni no bɛma Yehowa din ho atew?
Nhyira ahorow a Bible ahyɛ bɔ sɛ yɛn nsa bɛka no, adɛn nti na yebetumi agye adi sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛma ne nyinaa abam?
Nhyira a Ahenni no de bɛba no, emu nea ɛwɔ he na worehwɛ kwan denneennen?
YƐ NHWEHWƐMU
Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea Armagedon kyerɛ ankasa.
Yesu kaa sɛ “ahohiahia kɛse” bi bɛba. Sɛ saa bere no du a, nneɛma bɛn na ebesisi? Kenkan saa asɛm yi, na wubehu.
Nhyira a Onyankopɔn Ahenni no de bɛba daakye no, hwɛ sɛnea mmusua betumi abom adwinnwen ho.
Kenkan asɛm a yɛato din “Ná Nsɛm Pii Kyere M’adwene” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no, na wubehu sɛnea ɔbarima bi a na ɔyɛ ɔmammɔfo nyaa ne nsɛmmisa ho mmuae.
-