Yerusalem ne Salomo Asɔrefie No
WƆFRƐƐ no “ahoɔfɛ a ewie pɛyɛ mu” ne “ɔhenkɛse kurow no.” (Dw. 48:2; 50:2; Kwa. 2:15) Ná Yerusalem ne Onyankopɔn man no ahenkurow. (Dw. 76:2) Bere a Dawid gyee kurow no fii Yebusifo nsam na ɔde yɛɛ n’ahenkurow no akyi na wɔbɛfrɛɛ no “Dawid kurow” anaa “Sion” tiawa.—2 Sam. 5:7.
Ɛwom sɛ Yerusalem nna baabi pa de, nanso egyee din esiane sɛ Onyankopɔn maa ne din traa hɔ nti. (Deut. 26:2) Na ɛyɛ ɔman no som ne ɛsodifo asoɛe.
Yerusalem da Yudea mmepɔw no mfinimfini na ɛwɔ soro mita 750. Bible ka ne “korɔn” ho asɛm na ɛka asomfo no ho asɛm sɛ ‘wɔforo’ kɔ mu, sɛnea mfitiase kasa a wɔde dii dwuma no kyerɛ no. (Dw. 48:2, NW; 122:3, 4) Ná abon atwa tete kurow no ho ahyia: Hinom Bon da atɔe ne anafo fam, na Kidron osubon no da apuei fam. (2 Ahe. 23:10; Yer. 31:40) Gihon nsuaniwaa a ɛwɔ Kidron Bon mu ne En-Rogel a ɛda anafo fam no ma wonyaa nsu pa, na na ɛho hia titiriw wɔ bere a atamfo de ntua aba wɔn so no.—2 Sam. 17:17.
Wɔayɛ Dawid Kurow no kɔla kɔkɔɔ wɔ mfonini a ɛwɔ kratafa 21 no so. Wɔ Dawid ne Salomo nniso mu no, kurow no trɛw kɔɔ atifi fam koduu Ofel (ahabammono) ne Bepɔw Moria (bruu) so. (2 Sam. 5:7-9; 24:16-25) Salomo sii asɔrefie kɛse bi maa Yehowa wɔ saa bepɔw no so. Yɛ asomfo pii a na wɔsen kɔ ‘Yehowa bepɔw’ no so kodi afe afe afahyɛ no ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ! (Sak. 8:3) Akwan a wɔayɛ ho mfonini wɔ kratafa 17 no na ɛmaa wotumi tutuu akwan a ɛte saa no.
Ná Salomo asɔrefie a wɔde sika kɔkɔɔ ne aboɔden abo asiesie no no yɛ adan a wɔasisi a ɛho ka sõ sen biara no mu biako. Nea ɛho hia sen saa no, Yehowa na ɔde ne nsusuwso no mae. Sɛnea wuhu wɔ mfonini no so no, na abangua akɛse ne adwumayɛ adan wɔ asɔrefie no ho. Ɛfata sɛ wusua ho nsɛm.—1 Ahe. 6:1–7:51; 1 Be. 28:11-19; Heb. 9:23, 24.
[Ase hɔ asɛm]
a Ɔhene Hesekia siw nsuaniwa yi twaa asase ase kwan bi kɔtoo ɔtare bi a ɛwɔ atɔe fam mu.—2 Be. 32:4, 30.
[Nsɛm a Wɔahyehyɛ/Mfonini wɔ kratafa 21]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Yerusalem/Salomo Asɔrefi
ASƆREFIE NO MPƆTAM WƆ SALOMO BERE SO
Asɔrefie No Afã Horow
1. Kronkron mu Kronkronbea
2. Kronkronbea
3. Abrannaa
4. Boas
5. Yakin
6. Kɔbere Afɔremuka
7. Ogu Po
8. Nsugye Nnaka
9. Mpiakyiri
10. Adidibea
11. Emu Fam Abangua
ASƆREFIE NO SIBERE
Bepɔw Moria
Adidibea
Nsugye Nnaka
Mpiakyiri
Kronkron mu Kronkronbea
Boas
Kronkronbea
Abrannaa
Kɔbere Afɔremuka
Yakin
Emu Fam Abangua
Nsugye Nnaka
Ogu Po
Ofel
Mprae So?
Nsu Pon?
DAWID KUROW
Bepɔw Sion
Dawid Ahemfie
Nsuaniwa Pon
Manase Ɔfasu?
Hananeel Abantenten
Mea Abantenten
Nguan Pon
Nneduadan Pon
Mprae So (Mifkad Pon)
Apɔnkɔ Pon
KIDRON BON
Akyi Fasu?
Gihon
Asase ase nsuka a wotuu akyiri yi
TYROPOEON BON
Sumina (Anwemfo) (Tiafi)
En-Rogel
Obon Pon
HINOM BON
Twea Pon
Afononoo Abantenten
Ɔfasu Tɛtrɛtɛ
Efraim Pon
Abangua Kɛse
Ɔpon Dedaw No
Atifi Fam Ɔfasu a Edi Kan
ƆFÃ A ƐTO SO ABIEN
Mpataa Pon
[Mfonini]
Ofel
Farao Babea Dan
Salomo Ahemfie
Lebanon Kwae Dan
Adum Abrannaa
Ahengua Abrannaa
Bepɔw Moria
Abangua Kɛse
Asɔrefie
[Mfonini wɔ kratafa 20]
Beae a na “Dawid kurow” no wɔ na ɛwɔ anim no. Ná asɔrefie no si beae a asase no da fam (akyiri hɔ)
[Mfonini wɔ kratafa 20]
Tete “Dawid Kurow” no ne Salomo asɔrefie no a wɔde kɔmputa ayɛ