Bɛn Yehowa
“Munkura mpaebɔ mu ara.”—ROMAFO 12:12.
1. Yehowa apɛde wɔ mpaebɔ ho ne dɛn, na nkuranhyɛ bɛn na ɔsomafo Paulo de ma wɔ mpaebɔ ho?
YEHOWA ne “Onyankopɔn” a ɔma ne nkurɔfo anokwafo nyinaa “anidaso.” Sɛ “mpaebɔ Tiefo” no, otie wɔn adesrɛ a wɔde bisa mmoa na wɔanya anidaso a ɛyɛ anigye a ɔde si wɔn anim no. (Romafo 15:13; Dwom 65:2) Na ɔnam n’Asɛm Bible no so hyɛ ne nkoa nyinaa nkuran sɛ wɔmmra ne nkyɛn bere biara a wɔpɛ. Ɔwɔ hɔ bere nyinaa, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ obetie nea ɛwɔ wɔn komam tɔnn. Nokwarem no, ɔhyɛ wɔn nkuran sɛ ‘wonkura mpaebɔ mu ara’ na ‘wonnnyae mpaebɔ da.’a (Romafo 12:12; 1 Tesalonikafo 5:17) Nea Yehowa pɛ ne sɛ Kristofo nyinaa bɛba ne nkyɛn daa wɔ mpaebɔ mu, na wɔaka nea ɛwɔ wɔn komam nyinaa akyerɛ no, na wɔyɛ saa wɔ ne Dɔba Yesu Kristo din mu.—Yohane 14:6, 13, 14.
2, 3. (a) Dɛn nti na Onyankopɔn tu yɛn fo sɛ ‘yenkura mpaebɔ mu ara? (b) Awerɛhyem bɛn na yɛwɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ yɛbɔ mpae?
2 Dɛn nti na Onyankopɔn de afotu yi ma yɛn? Efisɛ asetra mu ahokyere ne asɛyɛde ahorow betumi ama yɛn ho akyere yɛn araa ma yɛn werɛ befi sɛ yɛbɛbɔ mpae. Anaasɛ ebia ɔhaw ahorow bebunkam yɛn so na ama anidaso no mu anigye a yɛwɔ no agyae na yɛagyae mpaebɔ nso. Esiane eyinom nti, yehia nkaebɔ a ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛbɔ mpae na atwe yɛn abɛn Yehowa yɛn Nyankopɔn a ɔne yɛn mmoa ne yɛn awerɛkyekye fibea no yiye.
3 Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.” (Yakobo 4:8) Yiw, yɛ a yɛyɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ nyinaa akyi no, Onyankopɔn nni sorosoro dodo anaasɛ akyirikyiri a ɔrente nsɛm a yɛka kyerɛ no no. (Asomafo no Nnwuma 17:27) Afei nso, ɔnyɛ obi a ɔyɛ anibiannaso a onnwen yɛn ho. Odwontofo no se: “[Yehowa] ani wɔ treneefo so, na n’aso tie wɔn sufrɛ.”—Dwom 34:15; 1 Petro 3:12.
4. Yebetumi akyerɛkyerɛ mpaebɔ a Yehowa tie yiye no mu dɛn?
4 Yiw, Yehowa se yɛmmɔ no mpae. Yebetumi de eyi atoto nhyiam bi a nnipa dodow bi bom kasa ho. Wowɔ hɔ na woretie afoforo sɛ wɔkasa. Wo fam de ne sɛ wobɛhwɛ wɔn. Nanso obi dan n’ani kyerɛ wo, ɔbɔ wo din, na ɔka ne nsɛm no kyerɛ wo. Eyi twe w’adwene wɔ ɔkwan soronko bi so. Saa ara nso na Onyankopɔn yɛ aso ma ne nkurɔfo bere nyinaa wɔ baabiara a ebia wɔwɔ no. (2 Beresosɛm 16:9; Mmebusɛm 15:3) Enti otie yɛn nsɛm, na bere a ɔhwɛ yɛn no, ɔbɔ yɛn ho ban na ɔkyerɛ yɛn ho anigye. Nanso, sɛ yɛbɔ Onyankopɔn din wɔ mpaebɔ mu a, ɛtwe n’adwene na afei ɔtwe adwene si yɛn so wɔ ɔkwan a emu da hɔ so. Yehowa nam ne tumi so betumi ahu onipa adesrɛ a ahintaw wɔ ne koma ne n’adwene mu a ɔnkae no. Onyankopɔn ma yɛn awerɛhyem sɛ ɔbɛbɛn wɔn a wofi komam bɔ ne din na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛbɛn no no nyinaa.—Dwom 145:18.
Yɛ ho Ade Sɛnea Onyankopɔn Atirimpɔw Te
5. (a) Dɛn na afotu a ese “munkura mpaebɔ mu ara no kyerɛ wɔ mpaebɔ ho? (b) Onyankopɔn bua mpaebɔ dɛn?
5 Afotu a ese ɛnsɛ sɛ yegyae mpaebɔ no kyerɛ sɛ ɛtɔ bere bi a, Yehowa bɛma yɛakɔ so abɔ asɛm bi ho mpae kakra ansa na yɛahu sɛ wama ho mmuae. Ebia yɛbɛbrɛ mpo wɔ srɛ a yɛsrɛ Onyankopɔn hɔ ɔdom anaasɛ adɔe a ɛte sɛ nea yehia kɛse nanso ɛmma ntɛm no mu. Enti Yehowa Nyankopɔn bisa yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ na mmom yɛnkɔ so mmɔ mpae. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so koto srɛ no wɔ nea ɛhaw yɛn no ho, na yenya ahotoso sɛ ɔwɔ obu ma yɛn mpaebɔ na obedi yɛn ahiade ankasa ho dwuma, na ɛnyɛ nea ebia yedwen ho kɛkɛ no. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa Nyankopɔn ma yɛn adesrɛ ne n’atirimpɔw kari pɛ. Sɛ nhwɛso no, yɛn adesrɛ betumi aka afoforo. Yebetumi de asɛm no atoto agya bi a ne babarima bisa no sɛ ɔntɔ baesekre mma no no ho. Agya no nim sɛ, sɛ ɔtɔ baesekre no ma saa ne babarima no a, ne babarima foforo a waka no nso bɛpɛ sɛ onya bi. Esiane sɛ ebia na obiako no sua dodo sɛ obenya baesekre nti, ebia agya no besi gyinae sɛ ɔrentɔ wɔ saa bere pɔtee no mu. Saa ara nso na esiane n’atirimpɔw ne bere a wahyɛ ama nneɛma nti, yɛn soro Agya no na ɔkyerɛ nea eye sen biara ma yɛne afoforo.—Dwom 84:8, 11; fa toto Habakuk 2:3 ho.
6. Mpaebɔ ho bɛ bɛn na Yesu bui, na dɛn na mpaebɔ mu a yebekura no kyerɛ?
6 Nea ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow ne bɛ a Yesu bui sɛ ehia sɛ n’asuafo ‘bɔ mpae daa a wɔmmrɛ ho’ no. Okunafo bi a ontumi mma wommu atɛntrenee mma no kɔɔ so srɛɛ ɔtemmufo a ɔyɛ onipa kosii sɛ awiei koraa no obuu atɛntrenee maa no. Yesu de kaa ho sɛ: ‘Na Onyankopɔn remmu ntɛn nnye wɔn a wapaw wɔn no?’ (Luka 18:1-7) Mpae a yɛbɛkɔ so abɔ da yɛn gyidi, Yehowa mu ahotoso a yɛwɔ, ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛbɛn no de yɛn adesrɛ ato n’anim na yɛagyaw nea ebefi mu aba no ama no no adi.—Hebrifo 11:6.
Yehowa a Yɛbɛbɛn No ho Nhwɛso Ahorow
7. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Habel gyidi wɔ Yehowa a yɛbɛbɛn no no mu?
7 Mpae a Onyankopɔn nkoa bɔe ho kyerɛwtohɔ pii wɔ Bible no mu. “Wɔakyerɛw” eyinom “ama yɛn kyerɛkyerɛ sɛ yɛmfa boasetɔ ne kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so nnya anidaso.” (Romafo 15:4) Sɛ yesusuw wɔn a wɔbɛn Yehowa no mu binom nhwɛso ahorow no ho a, ɛhyɛ yɛn anidaso no mu den. Habel bɔɔ Onyankopɔn afɔre a ɛsɔ n’ani, na ɛwom sɛ wɔanka sɛ ɔbɔɔ mpae de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ ɔsrɛɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu sɛ onnye n’afɔrebɔ no ntom. Hebrifo 11:4 se: “Gyidi na Habel de bɔɔ afɔre a ɛso kyɛn Kain de maa Onyankopɔn. Ɛno so na ɔnam nyaa adanse sɛ ɔteɛ.” Na Habel nim Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no, nanso sɛ yɛde toto nea yenim mprempren no ho a, na nea onim no sua. Nanso, Habel de nimdeɛ a na ɔwɔ no dii dwuma. Ɛnnɛ nso, afoforofo a wɔwɔ Onyankopɔn nokware no ho anigye no mu binom nni nimdeɛ pii. Nanso wɔbɔ mpae, na wɔde nimdeɛ a wɔwɔ no pii di dwuma sɛnea Habel yɛe no. Yiw, wɔyɛ ade wɔ gyidi mu.
8. Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ Abraham bɛn Yehowa, na asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?
8 Na Onyankopɔn akoa nokwafo foforo ne Abraham, “gyidifo nyinaa agya.” (Romafo 4:11) Ɛnnɛ, yehia gyidi sen bere biara a atwam, na ehia sɛ yɛbɔ mpae wɔ gyidi mu sɛnea Abraham yɛe no. Genesis 12:8 se osii afɔremuka “maa [Yehowa] . . . , na ɔfrɛɛ Yehowa din.” Na Abraham nim Onyankopɔn din na ɔde dii dwuma wɔ mpaebɔ mu. Ɔde koma pa bɔɔ mpae mpɛn pii, na ɔfrɛɛ “[Yehowa] a ɔyɛ daa Nyankopɔn din.” (Genesis 13:4; 21:33) Na Abraham de gyidi frɛ Onyankopɔn, na ɛno ma onyaa din. (Hebrifo 11:17-19) Mpaebɔ boaa Abraham ma ɔkɔɔ so nyaa Ahenni anidaso no mu anigye kɛse. So yɛredi Abraham nhwɛso a ɛne mpae a wannyae bɔ no akyi?
9. (a) Dɛn nti na Dawid mpaebɔ ahorow no so wɔ mfaso pii ma Onyankopɔn nkurɔfo nnɛ? (b) Dɛn na ebetumi afi mpae a yɛbɛbɔ te sɛ nea Dawid yɛe na ama wabɛn Yehowa no mu aba?
9 Na Dawid yɛ nhwɛso titiriw wɔ mpae a wonnyae bɔ no mu, na ne nnwom kyerɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔka wɔ mpaebɔ mu. Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn nkoa betumi abɔ mpae abisa nneɛma te sɛ nkwagye anaasɛ ogye (3:7, 8; 60:5), akwankyerɛ (25:4, 5), ahobammɔ (17:8), bɔne fafiri (25:7, 11, 18), ne koma a emu tew (51:10). Bere a Dawid te nka sɛ wahaw no, ɔbɔ mpae sɛ: “Ma w’akoa kra ani nnye.” (86:4) Yebetumi abɔ mpae saa ara de abisa anigye koma, efisɛ yenim sɛ Yehowa pɛ sɛ yenya yɛn anidaso no mu anigye. Dawid bɛn Yehowa na ɔbɔɔ mpae sɛ: “Me kra bata wo ho di w’akyi, wo nsa nifa so me mu.” (63:8) So yɛbɛbɛn Yehowa te sɛ Dawid? Sɛ yɛyɛ saa a, ɔno nso begyina yɛn akyi.
10. Nsusuwii a ɛnteɛ bɛn na odwontofo Asaf nyae bere bi, na dɛn na ohui?
10 Sɛ yɛbɛbɛn Yehowa a, ɛsɛ sɛ yɛkwati twe a yɛbɛtwe abɔnefo ho ninkunu, esiane hwee a ɛmfa wɔn ho ne wɔn honam fam ade dodowpɛ nti. Odwontofo Asaf tee nka bere bi sɛ mfaso nni so sɛ ɔbɛsom Yehowa, efisɛ abɔnefo “ho dwo wɔn daa.” Nanso, ohui sɛ ne nsusuwii no nteɛ na abɔnefo gyina “nea ɛhɔ yɛ toro.” Ohui sɛ biribiara nni hɔ a eye sen Yehowa a ɔbɛbɛn no no, na ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛɛ se: “Na me de, mɛtra wo nkyɛn daa yi, woaso me nsa nifa mu. Na hwɛ, wɔn a wofi wo nkyɛn kɔ akyiri no bɛyera. . . . Na me de, Onyankopɔn nkyɛn tra ye ma me, mede [Amansan Hene Yehowa] mayɛ me guandɔbea, na maka wo nnwuma nyinaa.” (Dwom 73:12, 13, 18, 23, 27, 28) Sɛ anka yɛbɛtwe abɔnefo, nnipa a wonni anidaso asetra a ɛkyerɛ sɛ hwee mfa wɔn ho no ho ninkunu mmom no, momma yensuasua Asaf denam Yehowa a yɛbɛbɛn no no so.
11. Dɛn nti na Daniel yɛ Yehowa a yɛbɛbɛn no ho nhwɛso pa, na yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua no?
11 Daniel kuraa mpaebɔ mu denneennen, wɔ asiane a ɛne agyata amoa a wɔde no bɛto mu esiane sɛ obuu n’ani guu mpaebɔ a aban no barae no so nti no mpo mu. Nanso Yehowa ‘somaa ne bɔfo ma obemuamuaa agyata no ano,’ na ogyee Daniel. (Daniel 6:7-10, 22, 27) Wohyiraa Daniel pii wɔ mpaebɔ a okuraa mu no ho. So yɛn nso yekura mpaebɔ mu, ne titiriw bere a yehyia ɔsɔretia wɔ yɛn Ahenni no ho asɛnka no mu no?
Yesu, Yɛn Nhwɛsofo
12. (a) Wɔ Yesu som adwuma no mfiase no, nhwɛso bɛn na ɔyɛe wɔ mpaebɔ ho, na ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi anya eyi mu mfaso? (b) Dɛn na Yesu mpaebɔ nhwɛso no da no adi wɔ mpaebɔ ho?
12 Efi Yesu asase so som adwuma no mfiase pɛɛ na wohui sɛ ɔbɔ mpae. Mpae a ɔbɔe bere a na wɔrebɔ no asu no yɛ nhwɛso pa ma wɔn a wɔrebɔ wɔn asu wɔ nnɛ bere yi mu. (Luka 3:21, 22) Obi betumi abɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa no ma ɔnyɛ nea nsu mu asubɔ yɛ ho nsɛnkyerɛnne no. Yesu boaa afoforo nso ma wɔkɔɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. Bere bi a na Yesu wɔ baabi rebɔ mpae no, n’asuafo no mu biako ka kyerɛɛ no wɔ ɛno akyi sɛ: “Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ.” Afei Yesu kae nea wɔtaa frɛ no mpaebɔ nhwɛso, a emu nsɛmti a ɛyɛ nnidiso nnidiso no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde Onyankopɔn din ne n’atirimpɔw di kan no. (Luka 11:1-4) Enti, wɔ yɛn mpaebɔ mu no, ehia sɛ yehu nea ɛho hia yiye na yɛkari pɛ, na ɛnyɛ sɛ yebebu yɛn ani agu “nneɛma a eye koraa” no so. (Filipifo 1:9, 10) Ɛwom, ɛtɔ mmere bi a, yehia ade titiriw bi anaasɛ ɛsɛ sɛ yedi ɔhaw pɔtee bi ho dwuma. Te sɛ Yesu no, Kristofo betumi akɔ Onyankopɔn anim wɔ mpaebɔ mu akobisa ahoɔden a wɔde bɛyɛ nnwuma bi anaasɛ ɛbɛma wɔagyina sɔhwɛ anaasɛ asiane ahorow pɔtee bi ano. (Mateo 26:36-44) Nokwarem no, obi ankasa mpaebɔ betumi ayɛ nea ɛfa asetra mu afã biara ho.
13. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛɛ sɛnea mpae a yɛbɛbɔ ama afoforo no ho hia?
13 Yesu nam ne nhwɛso pa no so kyerɛɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛbɔ mpae ma afoforo no. Na onim sɛ wɔbɛtan n’asuafo na wɔataa wɔn te sɛ nea wɔyɛɛ no no mpo. (Yohane 15:18-20; 1 Petro 5:9) Enti ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ ‘onyi wɔn mfi ɔbɔne no ho nsie.’ (Yohane 17:9, 11, 15, 20) Esiane sɛ na onim sɛ sɔhwɛ titiriw da Petro anim nti, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Masrɛ mama wo, na wo gyidi ansa.” (Luka 22:32) Hwɛ mfaso a ɛyɛ sɛ yɛn nso yɛbɛkɔ so abɔ mpae ama yɛn nuanom, na yɛadwen afoforo ho nso, na ɛnyɛ yɛn haw ahorow ne anigyede nkutoo ho!—Filipifo 2:4; Kolosefo 1:9, 10.
14. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesu bɛn Yehowa yiye wɔ n’asase so som adwuma no nyinaa mu, na yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua no?
14 Wɔ Yesu som adwuma no nyinaa mu no, okuraa mpaebɔ mu, na ɔbɛn Yehowa. (Hebrifo 5:7-10) Wɔ Asomafo no Nnwuma 2:25-28 no, ɔsomafo Petro fa Dwom 16:8 mu asɛm de ka Awurade Yesu Kristo ho asɛm sɛ: “Dawid kaa ne ho asɛm sɛ: Mihuu [Yehowa] m’anim daa, efisɛ ɔwɔ me nifa na manhim.” Yebetumi abɔ mpae saa ara. Yebetumi abɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa yɛn, na yebetumi akyerɛ Yehowa mu ahotoso denam tra a yɛbɛma watra yɛn adwenem bere nyinaa no so. (Fa toto Dwom 110:5; Yesaia 41:10, 13 ho.) Ɛno ansa na yebekwati ɔhaw ahorow nyinaa, efisɛ Yehowa bɛwowaw yɛn, na yenhinhim da.
15. (a) Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ dɛn ho mpae? (b) Kɔkɔbɔ bɛn na wɔde ma yɛn wɔ yɛn aseda ho?
15 Momma yɛnna Yehowa ase bere nyinaa wɔ ne papa a ɔyɛ yɛn no ho, yiw, “Onyankopɔn dom a aboro so” a akyɛde a ɛne ne Ba a ɔde no mae sɛ agyede wɔ yɛn bɔne ahorow ho no ka ho. (2 Korintofo 9:14, 15; Marko 10:45; Yohane 3:16; Romafo 8:32; 1 Yohane 4:9, 10) Nokwarem no, momma yɛmfa Yesu din so ‘nna agya Onyankopɔn ase daa ade nyinaa so.’ (Efesofo 5:19, 20; Kolosefo 4:2; 1 Tesalonikafo 5:18) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamma aseda a yɛde bɛma wɔ nea yɛwɔ ho no ansɛe, esiane sɛ yɛde yɛn adwene nyinaa asi nea yenni anaa sɛnea yɛn haw ahorow te so nti.
Yɛn Nnesoa a Yɛbɛdan Ato Yehowa So
16. Sɛ biribi haw yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
16 Mpaebɔ mu a yekura kyerɛ sɛnea yɛn ahofama mu dɔ te. Sɛ yɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn a, enya yɛn so nkɛntɛnso pa ansa na yɛanya mmuae no afi ne hɔ mpo. Sɛ biribi haw yɛn adwene a, yebetumi abɛn Yehowa denam afotu yi a yebedi so no so: “Dan w’adesoa to [Yehowa] so, na obeso wo mu.” (Dwom 55:22) Yɛnam yɛn nnesoa nyinaa—dadwen, ɔhaw, huammɔdi, ehu, ne ade—a yɛbɛdan ato Onyankopɔn so, ne mu gyidi koraa a yɛwɔ no so nya komam odwo, “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so.”—Filipifo 4:4, 7; Dwom 68:19; Marko 11:24; 1 Petro 5:7.
17. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya Onyankopɔn asomdwoe?
17 So Onyankopɔn asomdwoe yi ba mpofirim? Ɛwom sɛ ebia yebenya ahotɔ bi ntɛm ara de, nanso nea Yesu kae wɔ mpaebɔ a yɛde bisa honhom kronkron no ho no yɛ nokware wɔ ha: “Monkɔ so mmisa, na wɔbɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mpem, na wobehiɛ mo.” (Luka 11:9-13, New World Translation) Esiane sɛ yɛnam honhom kronkron no so na yɛtow yɛn dadwen kyene nti, ehia sɛ yɛkɔ so bisa Onyankopɔn asomdwoe ne ne mmoa wɔ yɛn haw ahorow ho. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ sɛ yɛkɔ so bɔ mpae a, yebenya ahotɔ ne komam asomdwoe a yɛhwehwɛ no.
18. Dɛn na Yehowa yɛ ma yɛn, sɛ yennim dekode pɔtee a ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae wɔ tebea bi mu a?
18 Nanso, sɛ yennim dekode pɔtee a ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae nso ɛ? Mpɛn pii no yentumi nna yɛn apinisi adi, efisɛ yɛnte yɛn tebea no ase nwie, anaasɛ yentumi nhu nea ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ Yehowa. Ɛha na honhom kronkron no betumi adi ama yɛn. Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛnea yɛbɛbɔ mpae a ɛsɛ no, yennim, nanso honhom no ara de ɔpene a enni kabea di ma yɛn.” (Romafo 8:26) Ɔkwan bɛn so? Tebea a yɛwom no ho nkɔmhyɛ ahorow a efi honhom mu ne ho mpaebɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu. Ɔma eyinom di ma yɛn, sɛ yɛbɛka no saa a. Sɛ yenim nea ɛkyerɛ wɔ yɛn asɛm no mu nkutoo a, ogye eyinom tom sɛ nea yɛbɛbɔ mpae abisa, ma enti odi ho dwuma.
Mpaebɔ ne Anidaso Bɛtra Hɔ
19. Dɛn nti na mpaebɔ ne anidaso bɛtra hɔ daa?
19 Mpae a yɛbɔ yɛn soro Agya no bɛkɔ so daa, ne titiriw wɔ wiase foforo no ne emu nhyira horow nyinaa ho aseda mu. (Yesaia 65:24; Adiyisɛm 21:5) Yɛbɛkɔ so annya anidaso mu anigye nso, efisɛ anidaso bi bɛtra hɔ daa. (Fa toto 1 Korintofo 13:13 ho.) Yentumi nsusuw nneɛma afoforo a Yehowa bɛyɛ bere a wagyae ne Homeda a n’ankasa de ama ne ho wɔ asase ho no di no ho mpo. (Genesis 2:2, 3) Obedi kan ayɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a ɔdɔ wom ato hɔ atwɛn ne nkurɔfo, na wobenya nneɛma pa daakye wɔ n’apɛdeyɛ mu daapem.
20. Ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ dɛn, na dɛn ntia?
20 Esiane sɛ anidaso a ɛyɛ anigye a ɛte sɛɛ yi da yɛn anim nti, ɛmmra sɛ yɛn nyinaa nam mpaebɔ so bɛbɛn Yehowa daa. Ɛmmra sɛ yɛrennyae aseda a yɛde ma yɛn soro Agya no wɔ nhyira a yenya nyinaa no ho da. Bere a ɛsɛ mu no, yɛde anigye benya nea yɛhwɛ kwan no, ma atra nea yesusuwii anaasɛ yɛhwɛɛ kwan no, efisɛ Yehowa betumi ‘ayɛ ade nyinaa ma aboro so akyɛn nea yɛsrɛ anaasɛ yesusuw.’ (Efesofo 3:20) Esiane eyi nti, momma yɛmfa ayeyi ne nkamfo ne aseda mma Yehowa yɛn Nyankopɔn, “mpaebɔ Tiefo” no daadaa!
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛnea Webster’s New Dictionary of Synonyms kyerɛ no, “Ɛkame ayɛ sɛ kura mu kyerɛ su pa bere nyinaa; ɛkyerɛ pene a obi mpene sɛ ɔbɛma nkogudi, adwenem naayɛ, anaasɛ nsɛnnennen abu n’abam, ne biribi a ɔkɔ so di akyi a onhinhim.”
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn nti na ehia sɛ yɛkɔ so bɔ mpae?
◻ Dɛn na yesua fi wɔn a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba mpaebɔ nhwɛso ahorow no mu?
◻ Dɛn na Yesu nhwɛso no kyerɛkyerɛ yɛn wɔ mpaebɔ ho?
◻ Ɔkwan bɛn nso na yebetumi adan yɛn nnesoa ato Yehowa so, na dɛn na ebefi mu aba?
[Mfonini wɔ kratafa 17]
Daniel kuraa mpaebɔ mu wɔ agyata amoa mu a wɔde no bɛto ho ahunahuna nyinaa akyi