Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 10/1 kr. 4-6
  • Anigye Denam Abusuabɔ A Ɛsom Bo So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anigye Denam Abusuabɔ A Ɛsom Bo So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Biribi A ‘Eye Sen Nkwa’
  • Nea Ɛma Wotumi Nya Nkwa
  • Bere Tiaa Mu Anigye Ne Mfaso A Ɛkyɛ
  • Paw nea Nyansa Wom
  • Yehowa Adɔe So Mfaso A Yebenya
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Ma “Adɔe Mmara” Nhwɛ Wo Tɛkrɛma So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛda Ɔbɔadeɛ No Ase?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Wowɔ Ɔma Honhom?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 10/1 kr. 4-6

Anigye Denam Abusuabɔ A Ɛsom Bo So

“ƆKRAMAN a ɔte ase ye sen gyata a wawu.” (Ɔsɛnkafo 9:4) Ɔhene Salomo a ɔtraa ase tete no nam saa nsɛmfua kakraa bi no so kaa nokwasɛm titiriw bi a ɛne sɛ nkwa ho hia titiriw sen honam fam nneɛma biara anaa botae kɛse bi a ebia yɛn ani da so sɛ yebedu ho no. Sɛ yenni nkwa a, yerentumi nnya eyi mu biara mu mfaso. Yiw, nkwa ho hia wɔ anigye a yɛhwehwɛ no mu.

Biribi A ‘Eye Sen Nkwa’

Nanso, sɛnea nkwa som bo yi nyinaa akyi no, biribi wɔ hɔ a ɛsen ɛno mpo. Ebia wubebisa sɛ, ‘So ebetumi aba saa? Dɛn na ebetumi ayɛ nea ɛsom bo sen nkwa ankasa?’

Ɔhene Dawid a ɔtraa ase wɔ tete Israel no ma yɛn ho mmuae. Ɔrekasa akyerɛ Ɔbɔadeɛ, Yehowa Nyankopɔn no, ɔde anisɔ kɛse kae sɛ: “Na w’adɔe ye sen nkwa, mede m’ano meyi wo ayɛ.” (Dwom 63:3) Dawid asɛm a efi koma mu yi kyerɛ sɛ, sɛ́ wobenya Yehowa adɔe a egyina abusuabɔ pa a wɔne no nya so no yɛ nea ɛsom bo kɛse sen nkwa ankasa mpo. Dɛn nti na eyi te saa?

Nea Ɛma Wotumi Nya Nkwa

Fa no sɛ obi maa wo akyɛde, biribi a w’ani gyee ho ankasa. Ampa, w’ani begye kɛse sɛ wo nsa aka akyɛde no na ebia w’ani gyei kɛse sɛ wode bedi dwuma. Nanso, ampa, sɛ wo nsusuwii no antra akyɛde no ankɔ nea ɔde mae no so a, wobɛyɛ obi a onni ayɛ. So ɛnyɛ abusuabɔ a ɛda wo ne nea ade mae no ntam nti na ɔde akyɛde no maa wo? Sɛ saa abusuabɔ no nni ho a, anka worennya akyɛde biara ne anigye a efi mu ba no.

Saa ara na ɛte wɔ nkwa ho. Wɔ bo a ɛsom nyinaa akyi no, ɛsɛ sɛ yɛkae faako a yɛn nkwa fi bae ne sɛnea wɔama akɔ so atra ase no. Ɛda adi sɛ ɛnyɛ yɛn ankasa na yɛbɔe, na saa ara na yɛrentumi mma ɛnkɔ so ntra ase a nsiesiei ahorow a ɛyɛ nwonwa a Yehowa ayɛ wɔ asase so no nka ho. (Dwom 100:3; Asomafo no Nnwuma 14:17) Nokwasɛm ankasa a ɛyɛ sɛ yɛwɔ nkwa, ná akyinnye biara nni ho sɛ yɛn ani gye ho ara yiye no kyerɛ Ɔbɔadeɛ Kɛse, Yehowa Nyankopɔn no adɔe. So yentumi nhu nea enti a ɔhene Dawid fi ne koma nyinaa mu tee nka sɛ Onyankopɔn ‘adɔe ye sen nkwa’ no?

Ntease foforo wɔ hɔ a ɛma abusuabɔ pa a wɔne Ɔbɔadeɛ no nya yɛ nea ɛho hia kɛse sen wɔ a yɛwɔ nkwa ankasa no​—ɛno so na yɛn daakye gyina. Ma yɛnhwɛ sɛnea eyi te saa. So wunnye ntom sɛ nkwa yɛ nea etwam a wontumi nhu nea ebefi mu aba? Ebia obi de mfe pii bɛyɛ adwumaden sɛnea ɛbɛyɛ a obedu honam fam botae bi a osusuw sɛ ɛsom bo ho. Nanso ɛnkyɛ na owu ama biribiara a wanya no ayɛ ɔkwa. Te sɛ nea Ɔhene Salomo onyansafo no kae no: “Dɛn na onipa nya ne berɛ nyinaa ne ne koma mu dadwen a ɔde haw ne ho wɔ wiase no mu? Na ne nna nyinaa yɛ ayayade, na ne haw yɛ no awerɛhow, nso anadwo po ne koma ntɔ ne yam: eyi nso, ahuhude ne no.”​—Ɔsɛnkafo 2:22, 23; fa toto 2:3-11 ho.

Esiane eyi nti, ɛyɛ yɛn Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ ɔdɔ no atirimpɔw sɛ ɔbɛma wɔn a wɔdɔ no na wotie no no ade wɔn ho afi abasamtu ne ɔbrɛhunu a ɛwɔ hɔ ma yɛn nnɛ no mu. Yehowa nam bɔhyɛ a ɛyɛ nwonwa yi so ma yenya awerɛhyem, sɛ: “Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma.”​—Yesaia 65:22.

So Onyankopɔn adɔe a oyi adi yi nye nsen yɛn mprempren nkwa a ɛyɛ tiaa a wontumi nhu nea ebefi mu aba no? Yiw, sɛ́ wubenya n’adɔe na woatra ase wɔ saa Nhyehyɛe Foforo no mu na woanya asetra a ɛwɔ atirimpɔw mu anigye no betumi ayɛ botae a ɛsom bo sen biara ampa. Sɛ obi benya saa nhyira a ɛyɛ anigye yi a, ɛsɛ sɛ ɔsɔ Yehowa ani mprempren na ɔne no ne ne nkurɔfo nya abusuabɔ a emu yɛ den.

Bere Tiaa Mu Anigye Ne Mfaso A Ɛkyɛ

Esiane nea yɛaka ho asɛm no nti, ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ nea yɛbɛma agye yɛn adwene nyinaa ne nea yɛpɛ akyi a yebedi, sɛ́ ɛyɛ din a yebegye, ahonyade, adwuma, nhomasua, nea yɛn ani gye ho, anaa biribi foforo biara a yebu sɛ ɛsom bo wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu no. Bere a ebia botae ahorow yi renyɛ nea mfomso wɔ ho ankasa no, emu biara akyi a yebedi na ayɛ nea ɛho hia titiriw no betumi ama yɛabu yɛn ani agu asɛyɛde ahorow a yɛwɔ wɔ Ɔbɔadeɛ no anim no so. Awiei koraa no, yɛrensɔ n’ani na enti yɛrennya “nokware nkwa” no.​—1 Timoteo 6:19; Luka 9:24.

Yebetumi de ɔkwan a ɛte sɛɛ a yɛbɛfa so no atoto abofra a ogyae sukuukɔ na ɔkɔyɛ adwuma sɛ ɔpaani sɛnea ɛbɛyɛ a obenya sika adi ara kwa nti no ho. Ebia ɔbɛte nka sɛ afei de wade ne ho wɔ anohyeto ahorow a ɛwɔ sukuu mu no ho na ɔregye n’ani. Nanso so ɛnyɛ nea ɔde ne daakye yiyedi a ɛbɛkyɛ no resesa bere tiaa mu anigyedeɛ asɛm wɔ ho? Ɛnde, wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, so ɛnyɛ nea obi nhwɛ ade nkɔ akyiri bere a obu n’ani gu ɔne ɔbɔadeɛ no abusuabɔ so esiane sɛ onni adagyew koraa a ɔpɛ sɛ odu n’ankasa botae ahorow ho nti?

Wɔ adagyew a yɛn nyinaa nni akyi no, yɛtaa nya bere ne ahoɔden de yɛ nneɛma ahorow a yesusuw sɛ ɛho hia ankasa, so ɛnte saa? Enti, esiane sɛ na Yesu wɔ onipa su ho ntease a mfomso biara nni ho nti, ɔdaa no adi ma ɛfatae sɛ: “Na nea w’ademude wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.”​—Mateo 6:21.

Enti ‘ademude’ bɛn na wode wo koma ato so? Ebia wiase no mu anigyede ne afɛfɛde no bɛyɛ nea ɛtwetwe adwene kɛse. Nanso bisa wo ho sɛ: Bere tenten ahe na mfaso ahorow a wɔkyerɛ sɛ wonya fi nneɛma a ɛte sɛɛ mu no di? So ɛde ogye ankasa ba anaasɛ ɛyɛ bere tiaa mu ahosɛpɛw, te sɛ aduru a ɛde biribi a wɔmpɛ anaasɛ ɛyaw mpo ba akyiri yi?

Paw nea Nyansa Wom

Ade a ɛsom bo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesua wɔ nnipa a wɔtraa ase wɔ Lot bere so no ho. Yesu kae sɛ, “wodidii, wɔnomee, wɔtɔe, wɔtɔnee, woduae, na wɔtotoo adan.” Wɔ ɔkwan foforo so no, na wɔn ani abere redi nea wosusuwii sɛ ɛho hia no akyi a wɔansusuw Onyankopɔn apɛde ho. Dɛn na efii mu bae? “Na da a Lot fii Sodom kɔe no, na ogya ne sufre fi soro tɔe, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa.” Afei, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboa yɛn no, Yesu de kaa ho sɛ: “Saa ara na ɛbɛyɛ da a onipa ba no beyi ne ho adi no.”​—Luka 17:28-30.

Nneɛma ahorow nyinaa kyerɛ sɛ ‘saa da’ no adu. Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn susuw yɛn daa yiyedi ho nti, wakɔ so ara de ɔfrɛ no ama denam n’Asɛm no ne ne nkurɔfo a waboaboa wɔn ano wɔ aman nyinaa mu no so. Ɔfrɛ no mu asɛm ne sɛ yɛnsan mfi pɛsɛmenkominya nneɛma akyidi ho na yɛne no nsan mmɛbom. Ɛbɛyɛ nea nyansa nnim ampa sɛ yɛbɛma nneɛma a yɛn ani gye ho agye yɛn bere ne yɛn ahoɔden nyinaa araa ma yɛrennye ɔfrɛ a efi ɔdɔ mu yi so. Mmom no, sɛnea ɔsomafo Paulo kae no, ɛsɛ sɛ yehu gye a bere no gye ntɛmpɛ no: “Hwɛ, afei ne ɔdom bere, hwɛ, ɛnnɛ ne nkwagye da.”​—2 Korintofo 5:20; 6:2.

So wobɛka wɔn a wɔde anidaso a ɛyɛ anigye hyira wɔn a ɛne nkwa a wobenya wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei no mu akɔ trenee Nhyehyɛe Foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no mu no ho? Ɛno gyina nea wubu sɛ ɛho hia titiriw wɔ w’asetra mu mprempren ne nea woyɛ wɔ abusuabɔ pa a wo ne Onyankopɔn benya ho no so. Wowɔ hokwan sɛ wopaw nea wopɛ!

[Kratafa 5 mfoni]

Sɛ woda nea ɔde akyɛde no ma wo no ase a . . .

 . . . ɛnde ɔdemafo kɛse, Yehowa Nyankopɔn nso ɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena