Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 11/1 kr. 3-6
  • Awerɛkyekye Ma Wɔn a Wɔhyɛ Wɔn So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awerɛkyekye Ma Wɔn a Wɔhyɛ Wɔn So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Teteni Bi a Osuaa Nhyɛso Ho Ade
  • Nhyɛso Bɛba Awiei Nnansa Yi Ara
  • Obi Wɔ Hɔ a Odwen Yɛn Ho Ankasa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nkɔmmɔbɔ Asɛmti
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Nkɔmmɔbɔ Asɛmti
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Monkyekye Wɔn A Wɔn Werɛ Ahow Werɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 11/1 kr. 3-6

Awerɛkyekye Ma Wɔn a Wɔhyɛ Wɔn So

WOAHYƐ no nsow wɔ wo nkwa nna nyinaa mu sɛ wɔakɔ so atĩ nsɛmfua bi mu wɔ atesɛm nkrataa nsɛmti mu mpɛn pii? So nsɛmfua te sɛ ɔko, nsɛmmɔnedi, asiane, ɔkɔm, ne amanehunu no kenkan afono wo? Nanso asɛmfua biako bi ayera wɔ atesɛm nkrataa amanneɛbɔ ahorow mu. Ɛnso ɛyɛ asɛmfua a egyina hɔ ma biribi a adesamma hia no kɛse. Asɛmfua no ne “awerɛkyekye.”

“Sɛ wobɛkyekye obi werɛ” no kyerɛ sɛ “wobɛma obi denhyɛ ne anidaso,” na “woadwudwo” obi “awerɛhow anaa ne haw ano.” Esiane basabasayɛ a wiase no afa mu wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu nti, anidaso ne awerɛhodi a wobedwudwo ano ho hia kɛse. Ɛyɛ nokware, ɛnnɛ yɛn mu bi nya asetrade pii mu anigye sen nea yɛn nananom asusuw ho pɛn sɛ ebetumi aba biara. Nyansahu mu nkɔso titiriw na ɛde eyinom aba. Nanso nyansahu ne mfiridwuma nkyekyee yɛn werɛ wɔ nneɛma a ɛde ɔhaw ba no nyinaa a ebeyi afi adesamma so no mu. Dɛn ne saa nneɛma a ɛde ba no?

Mfehaha pii a abɛsen kɔ no, onyansafo Salomo kaa ade titiriw biako a ɛde amanehunu ba ho asɛm bere a ɔkae sɛ: “Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Nyansahu ne mfiridwuma ntumi nyii ɔpɛ a onipa wɔ sɛ obedi ne yɔnko nnipa so no mfii hɔ. Wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no, eyi de katabaako nniso a nhyɛso wom aba aman mu na ɛde amanaman ntam akodi a ɛyɛ hu aba.

Efi 1914 mu no, akodi ama wɔakunkum nnipa bɛboro ɔpepem ɔha. Susuw sɛnea akontaabu yi kyerɛ nnipa ahoyeraw a aba no ho hwɛ—mmusua ɔpepem pii a wodi awerɛhow a wohia awerɛkyekye. Na sɛ atɔfowu da nkyɛn a, akodi de amanehunu afoforo nso ba. Wiase ko a ɛto so abien no baa awiei no, na aguanfo bɛboro ɔpepem 12 na wɔwɔ Europa. Wɔ nnansa yi mfe mu no, nnipa bɛboro ɔpepem biako ne fã na woguan fii beae a wɔreko wɔ Asia Kesee fam Apuei. Akodi a ɛrekɔ so wɔ Balkan aman mu no ama nnipa bɛboro ɔpepem abien aguan afi wɔn afie mu—pii fam no, ɛma wɔkwati “mmusuakuw asetɔre.”

Akyinnye biara nni ho sɛ aguanfo hia awerɛkyekye, titiriw wɔn a woguan fi wɔn afi mu a wonni hwee sɛ wɔn agyapade a wotumi kura nkutoo, a wonhu nea wɔnkɔ anaa nea daakye bɛkyerɛ ama wɔne wɔn mmusua. Nnipa a wɔte saa no ka wɔn a nhyɛso ama wɔayɛ mmɔbɔ no ho; wohia awerɛkyekye.

Wɔ asase so mmeae a ɛhɔ dwo no, ɛkame ayɛ sɛ wiase sikasɛm afa ɔpepem pii nnommum. Ɛyɛ nokware sɛ ebinom wɔ honam fam nneɛma pii. Nanso dodow no ara na da biara da wɔbrɛ ansa na wɔanya wɔn asetrade. Pii hia afi a eye na wɔatra mu. Nnipa bebree nni adwuma. Afrika atesɛm krataa bi aka ato hɔ sɛ: “Wiase no behyia adwuma a wonnya nyɛ ho nsɛnnennen a ebi mmaa da, a ebedu afe 2020 no, na nnipa foforo bɛboro ɔpepepem 1.3 rehwehwɛ adwuma.” Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a sikasɛm ma wohyia nhyɛso no hia “denhyɛ ne anidaso”—awerɛkyekye.

Ahoyeraw tebea no ma ebinom dan nsɛmmɔnedifo. Nokwarem no, eyi de ahokyere na ɛba wɔn a wonya wɔn no so, na nsɛmmɔnedi a akɔ soro no ma nhyɛso no yɛ kɛse. Asɛmti bi a nnansa yi epuei wɔ Johannesburg, South Africa, atesɛm krataa The Star mu no kenkan sɛ: “Da koro asetra wɔ ‘ɔman a wodi awu wom sen biara wɔ wiase mu.’” Asɛm no kaa nea ɛkɔɔ so wɔ Johannesburg ne hɔ mpɔtam a ɛtaa si ho asɛm. Wɔ saa da biako no, wodii nnipa baanan awu na wogyee nnipa baawotwe kar wɔ kwan so. Wɔbɔɔ adewia dunson ho amanneɛ wɔ wɔn a wonni sika pii atrae. Bio nso, wɔde akode bɔɔ korɔn pii. Sɛnea atesɛm krataa no kyerɛ no, polisifo kaa eyi ho asɛm sɛ “da a basabasayɛ amma kɛse.” Ɛyɛ nea ntease wom sɛ wɔn a wodii wɔn awu no mmusua ne wɔn a wokowiaa wɔn wɔ wɔn afie ne kar mu no te nhyɛso nka kɛse. Wohia awerɛhyem ne anidaso—awerɛkyekye.

Wɔ nsase bi so no, awofo binom tɔn wɔn mma ma wosi tuutuu. Wɔbɔ amanneɛ sɛ tuutuufo ɔpepem abien na ɛwɔ Asia man biako a nsrahwɛfo taa de wɔn ho hyɛ “nna ho akwantu” mu mu, na wɔtɔɔ wɔn mu pii anaa wowiaa wɔn bere a na wɔyɛ mmofra no. Nnipa bi wɔ hɔ a wohyia nhyɛso sen eyinom a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ yi? Ɛreka saa guadi bɔne yi ho asɛm no, Time nsɛmma nhoma bɔɔ 1991 Asia Kesee fam Apuei mmea ahyehyɛde ahorow no nhyiam bi ho amanneɛ. Wobuu akontaa wɔ hɔ sɛ “na wɔatɔn mmea ɔpepem 30 wɔ wiase nyinaa fi 1970 mfe no mfinimfini.”

Nokwarem no, wɔnntɔn mmofra nkɔ tuutuusi mu ansa na wɔahu amane. Wɔyɛ wɔn mu bebree basabasa anaa wɔn awofo ne wɔn abusuafo mpo to wɔn mmonnaa wɔ wɔn ankasa afie mu. Mmofra a wɔte saa di nkate fam yaw bere tenten. Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ́ wɔn a wohyia nhyɛso no, wohia awerɛkyekye.

Teteni Bi a Osuaa Nhyɛso Ho Ade

Ɔhene Salomo ho dwiriw no wɔ nea nnipa nhyɛso adu no ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mesan mehwɛɛ nhyɛso a ɛwɔ owia ase no nyinaa, na hwɛ, wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nusu, na wonni ɔwerɛkyekyefo bi, na nhyɛsofo nsam den no mu no, wonni ɔwerɛkyekyefo bi!”—Ɔsɛnkafo 4:1.

Sɛ ɔhene nyansafo no hui wɔ mfe 3,000 a atwam ni sɛ na wɔn a wɔhyɛ wɔn so no hia ɔwerɛkyekyefo denneennen a, ɛnde dɛn na anka ɔbɛka nnɛ? Nanso na Salomo nim sɛ ɔdesani a ɔnyɛ pɛ biara, a nankasa ka ho, ntumi mma nnipa awerɛkyekye a wohia no. Ná wohia obi a ɔkorɔn sen wɔn na wabegu nhyɛsofo no tumi no. Obi a ɔte saa wɔ hɔ?

Wɔ Bible no mu no, Dwom 72 ka nnipa nyinaa werɛkyekyefo kɛse bi ho asɛm. Salomo agya, Ɔhene Dawid, na ɔkyerɛw dwom no. Dwom no atifi asɛm kenkan sɛ: “Salomo de.” Ɛda adi sɛ Ɔhene Dawid a na ne mfe akɔ anim no na ɔkyerɛw maa Onii a obedi n’ahengua no. Sɛnea dwom no ka no, na Onii ko no beyi nhyɛso afi hɔ daa. “Ɔtreneeni besi frɔmm, ne bere so, na asomdwoe pii bɛba akodu sɛ ɔsram nni hɔ bio. Obedi hene afi po so akosi po so, . . . akosi asase ano.”—Dwom 72:7, 8.

Ɛda adi sɛ bere a Dawid kyerɛw saa nsɛm yi no, na ne ba Salomo ho adwene na ɛwɔ ne tirim. Nanso Salomo behui sɛ enni ne tumi mu sɛ ɔbɛsom adesamma wɔ ɔkwan a wɔkaa ho asɛm wɔ dwom no mu no so. Ná obetumi ama dwom no mu nsɛm abam wɔ ɔkwan ketewaa bi so ama ɔman Israel, na ɛnyɛ wiase nyinaa na ebenya mu mfaso. Ɛda adi sɛ nkɔmhyɛ kwan so dwom a efi honhom mu yi twee adwene sii obi a ɔkorɔn koraa sen Salomo so. Ɔne hena? Ná ɛnyɛ obiara sɛ Yesu Kristo.

Bere a ɔbɔfo bi bɔɔ Yesu awo ho amaneɛ no, ɔkae sɛ: “Yehowa Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no.” (Luka 1:32, NW) Bio nso, Yesu kaa n’ankasa ho asɛm sɛ “nea ɔsen Salomo.” (Luka 11:31) Efi bere a wonyanee Yesu ma ɔkɔtraa Onyankopɔn nifa so no, watra soro, wɔ beae a obetumi ama Dwom 72 mu nsɛm no abam. Bio nso, ne nsa aka tumi ne ahoɔden afi Onyankopɔn hɔ a ɔde bebubu wɔn a wɔhyɛ nnipa so no kɔndua mu no afi Onyankopɔn nkyɛn. (Dwom 2:7-9; Daniel 2:44) Enti Yesu ne onii a ɔbɛma nsɛm a ɛwɔ Dwom 72 no abam.

Nhyɛso Bɛba Awiei Nnansa Yi Ara

Dɛn na eyi kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ, nnipa nhyɛso nyinaa befi hɔ ampa. Yesu hyɛɛ amanehunu ne nhyɛso a ebi mmaa da a yehu wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no ho nkɔm sɛ sɛnkyerɛnne a ɛbɛhyɛ “nneɛma nhyehyɛe no awiei” agyirae. (Mateo 24:3, NW) Nneɛma a ɔhyɛɛ ho nkɔm no bi ne sɛ: “Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so.” (Mateo 24:7) Saa nkɔmhyɛ no fã no nyaa ne mmamu bɛyɛ bere a wiase ko a edi kan no pae gui wɔ 1914 mu no. Yesu de kaa ho sɛ: “Na sɛ amumɔyɛ rebɛdɔɔso nti, wɔn mu dodow no ara dɔ ano bedwo.” (Mateo 24:12) Amummɔyɛ ne nitan de awo ntoatoaso abɔnefo ne nhyɛsofo na aba. Enti bere a Yesu Kristo de ne ho begye nsɛm mu sɛ asase so Hene foforo no abɛn. (Mateo 24:32-34) Dɛn na ɛno bɛkyerɛ ama nnipa a wɔhyɛ wɔn so a wɔwɔ Yesu Kristo mu gyidi na wobu no sɛ adesamma Werɛkyekyefo a Onyankopɔn apaw no?

Ma yɛnkenkan Dwom 72 no mu nsɛm foforo a enyaa mmamu wɔ Kristo Yesu so no mfa mmua saa asɛmmisa no: “Obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu, na wɔn mogya bo ayɛ den n’anim.” (Dwom 72:12-14) Enti Onyankopɔn Hene a wapaw no, Yesu Kristo, bɛhwɛ sɛ obiara renhu amane esiane nhyɛso nti. Ɔwɔ tumi a ɔde bɛma nsisi nyinaa aba awiei.

Ebia obi bɛka sɛ, ‘Ɛyɛ asɛm a ɛyɛ dɛ, nanso seesei nso ɛ?’ Awerɛkyekye bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔrehu amane nnɛ no? Nokwarem no, awerɛkyekye wɔ hɔ ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no. Nsɛm abien a edidi so wɔ nsɛmma nhoma yi mu no bɛkyerɛ sɛnea ɔpepem pii renya awerɛkyekye denam abusuabɔ a emu yɛ den a wɔne nokware Nyankopɔn, Yehowa, ne ne Ba a ɔdɔ no, Yesu Kristo, nya no so. Abusuabɔ a ɛte saa betumi akyekye yɛn werɛ wɔ saa nhyɛso bere yi mu na ebetumi de obi akɔ daa nkwa a nhyɛso nnim mu. Yesu kae wɔ mpae a ɔbɔɔ Onyankopɔn mu sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”—Yohane 17:3.

[Mfonini wɔ kratafa 4, 5]

Onipa biara renhyɛ ne yɔnko so wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena