-
Hena Na Obetumi Agye Wɔn A Wɔresu Hwehwɛ Mmoa No?Ɔwɛn-Aban—2010 | August 15
-
-
14, 15. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesu nim sɛnea nnipa te nka, na “obegye ohiani a osu frɛ no”?
14 Nnipa abɔnefo asɛm yɛ mmɔbɔ, na wohia mmoa denneennen. Nanso, anidaso wɔ hɔ ma yɛn. (Monkenkan Dwom 72:12-14.) Yesu a ɔne Solomon Ɔkɛseɛ no te yɛn ase, efisɛ onim sɛ yɛtɔ sin. Bio nso, trenee nti na Yesu huu amane na Onyankopɔn maa ɔno ankasa faa sɔhwɛ mu. Hwɛ sɛnea Yesu ho yeraw no araa maa “ne ho fifiri yɛe sɛ mogya a ɛresosɔ gu fam”! (Luka 22:44) Akyiri yi, bere a na ɔsɛn asɛndua so no, ɔteɛɛm sɛ: “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woapa me?” (Mat. 27:45, 46) Amane biara a Yesu hui ne mmɔden biara a Satan bɔe sɛ ɔbɛma watwe ne ho afi Yehowa ho nyinaa akyi no, Yesu dii nokware maa Yehowa Nyankopɔn.
-
-
Hena Na Obetumi Agye Wɔn A Wɔresu Hwehwɛ Mmoa No?Ɔwɛn-Aban—2010 | August 15
-
-
16. Dɛn nti na Solomon tumi tee ne manfo ase?
16 Esiane sɛ na Solomon wɔ nyansa ne nhumu nti, akyinnye biara nni ho sɛ na ‘ɔbrɛfo asɛm yɛ no mmɔbɔ.’ Sɛ ɛno da nkyɛn a, nsɛm a ɛyɛ awerɛhow ne ahometew sisii wɔ n’asetena mu. Ne nuabarima Amnon too ne nuabea Tamar mmonnaa, na Solomon nuabarima Absalom ma wokum Amnon wɔ bɔne a ɔyɛe no ho. (2 Sam. 13:1, 14, 28, 29) Absalom tuu Dawid fii n’ahengua so, nanso wantumi annye ahenni no amfi Dawid nsam, na Yoab kum Absalom. (2 Sam. 15:10, 14; 18:9, 14) Akyiri yi, Solomon nuabarima Adoniya bɔɔ mmɔden sɛ obesi ne ho hene. Sɛ otumi sii ne ho hene a, akyinnye biara nni ho sɛ, anka obekum Solomon. (1 Ahe. 1:5) Nea ɛma yehu sɛ na Solomon nim amane a nnipa hu no da adi wɔ asɛm a ɔkae wɔ mpae a ɔbɔ de hyiraa Yehowa asɔrefie no so no mu. Ɔhene no bɔɔ mpae maa ne manfo sɛ: “Obiara nim ne haw ne ne yaw . . . [Yehowa] fa bɔne kyɛ na ma onipa biara sɛnea n’akwan te.”—2 Be. 6:29, 30.
17, 18. Ɛyaw bɛn na Onyankopɔn asomfo binom agyina ano, na dɛn na aboa wɔn ma wɔatumi ayɛ saa?
17 Ebetumi aba sɛ ‘ɛyaw a yedi’ no fi nneɛma bi a yɛayɛ atwam wɔ yɛn asetena mu. Marya a ɔyɛ Yehowa Dansefo a wadi boro mfe 30 no kyerɛwee sɛ: “Mewɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ mema m’ani gye, nanso sɛ mekae nneɛma a mayɛ atwam wɔ m’asetena mu a, ɛma m’ani wu na ɛyɛ me abofono. Ɛma me werɛ how paa, na misu te sɛ nea nnɛra yi ara na nsɛm no sisii. Nsɛm a me werɛ ntumi mfi no da so ara hyɛ me so ma mete nka sɛ me so nni mfaso, na ɛma m’ahonim bu me fɔ.”
18 Onyankopɔn asomfo pii te nka saa ara, nanso dɛn na ebetumi aboa wɔn ma wɔanya ahoɔden de agyina ano? Mary ka sɛ: “Seesei nnamfo pa a manya ne asafo no mufo ma m’ani gye. Mebɔ mmɔden nso sɛ mede m’adwene besi nneɛma a Yehowa ahyɛ ho bɔ sɛ ɛbɛba daakye no so, na mewɔ ahotoso sɛ me sufrɛ bɛdan me anigye.” (Dw. 126:5) Ɛho hia sɛ yenya Onyankopɔn Ba no a wapaw no sɛ Sodifo no mu ahotoso. Wɔhyɛɛ ne ho nkɔm sɛ: “Ɔbrɛfo ne ohiani asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ, na obegye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu, na wɔn mogya bo bɛyɛ den n’ani so.” (Dw. 72:13, 14) Hwɛ sɛnea saa asɛm yi yɛ awerɛkyekye fa!
-