Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 9/15 kr. 32
  • Ná Wonim Onyankopɔn Din

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ná Wonim Onyankopɔn Din
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 9/15 kr. 32

Ná Wonim Onyankopɔn Din

NHOMA a edi kan a wonim sɛ wɔkyerɛw tintimii wɔ Engiresi Amerika atubra aman mu no ne Bay Psalm Book no. Stephen Daye na otintimii nea edi kan no wɔ Massachusetts Bay Colony wɔ afe 1640 mu. Na Bible mu anom nhoma no a wɔakyerɛ ase afi Hebri mu akɔ Engiresi kasa a wɔka na wɔkyerɛw saa bere no wɔ saa nhoma a edi kan no mu.

Bay Psalm Book nhoma no mu ade titiriw ne din kronkron no a wɔde dii dwuma wɔ nkyekyem ahorow bi mu no. Enti, na obiara a ɔkenkan saa nhoma no bɛyɛ mfe 350 a atwam ni tɔnn no mu no betumi ahu yɛn Bɔfo no din. Sɛ nhwɛso no, Dwom 83:17, 18 kenkan wɔ saa nkyerɛase no mu sɛ: “Ma wɔn anim ngu ase na wɔnhaw yiye daa: yiw, ma wɔn ani nwu, na wɔn ase ngu. Na nnipa ahu sɛ; wo a wo din de IEHOWA no nkutoo ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.”

Nokwarem no, ɔsorosoroni Nyankopɔn no hwehwɛ pii afi yɛn hɔ sen hu a yebehu sɛ ne din de Yehowa (Iehowa) kɛkɛ. Dwom 1:1, 2 ka wɔ Bay Psalm Book no mu sɛ: “onipa a wɔahyira no” nnantew abɔnefo afotu mu, “na mmom Iehowa mmara na ɛsɔ n’ani.” New England Psalms a wɔsan yɛe wɔ 1648 mu no ka sɛ: “Na mmom ɔde n’anigye nyinaa gyina Yehowa mmara so.”

Afeha 20 yi mu New World Translation of the Holy Scriptures no kenkan wɔ ha sɛ: “Anigye ne onipa a ɔnnantew abɔnefo afotu mu, na onnyina nnebɔneyɛfo kwan so, na ɔntra fɛwdifo trabea. Na Yehowa mmara na ɛsɔ n’ani, na ɔkenkan ne mmara brɛoo awia ne anadwo.”

Sɛ obi ani begye ankasa a, ɛsɛ sɛ ɔpow abɔnefo afotu. Ɛnsɛ sɛ osuasua abɔnefo, na ontumi ne fɛwdifo a wonsuro Onyankopɔn mmɔ. Nea ɛka ho bi nso ne sɛ ehia sɛ ɔkwati nnipa a wɔn afotu ne wɔn abrabɔ betumi adaadaa no ma wabɔ aguaman, wanom nnubɔne, na wayɛ nneɛma afoforo a ɛne Onyankopɔn mmara nhyia. Yiw, nokware anigye gyina nokware Nyankopɔn a ne din de Yehowa no ho adesua, ne ne mmara a wɔada no adi wɔ Bible no mu a yɛde bedi dwuma no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena