Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g21 nɔma 1 kr. 8-9
  • Afotusɛm a Ɛbɛma W’ani Agye Na Woanya Akomatɔyam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afotusɛm a Ɛbɛma W’ani Agye Na Woanya Akomatɔyam
  • Nyan!—2021
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yere Wo Ho Yɛ Adwuma
  • Di Nokware
  • Mma W’ani Mmmere Sika
  • Ma Onyankopɔn Nkyerɛkyerɛ Wo
  • Wobu Sika Sɛn?
    Nyan!—2015
  • Sika Yɛ Bɔne Nyinaa Ntini Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Sika
    Nyan!—2014
  • So Wotaa Gye Akyinnye Wɔ Sika Ho?
    Nyan!—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2021
g21 nɔma 1 kr. 8-9
Ɔbaatan bi ne ne ba a wɔwɔ India nam kurom. Baabi a wɔnam no, nkurɔfo gyinagyina sotɔɔ bi ho rehwɛ nneɛma a aba so, nanso wɔn de, ɛnyɛ hɔ koraa na wɔrehwɛ, efisɛ wɔn ani sɔ nea wɔwɔ.

Afotusɛm a Ɛbɛma W’ani Agye Na Woanya Akomatɔyam

Obiara nni hɔ a ɔmpɛ sɛ n’ani gye. Asigyafo, awarefo, mmofra ne mpanyimfo nyinaa pɛ sɛ wɔn ani gye na wɔn koma tɔ wɔn yam. Na wunim? Yɛn Bɔfo no nso pɛ sɛ yɛn ani gye na yɛn koma tɔ yɛn yam. Ɛno nti wama yɛn afotu pa a sɛ yɛde yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn ama yɛn ani agye.

Yere Wo Ho Yɛ Adwuma

“Ɔnyɛ adwumaden, na ɔmfa ne nsa nyɛ adwuma pa. Ɛno bɛma wanya biribi ama nea ahia no.”​—EFESOFO 4:28.

Yɛn Bɔfo no pɛ sɛ yenya adwuma ho adwempa, na ɔmpɛ sɛ yɛyɛ akwadworɔ. Adɛn ntia? Sɛ obi yere ne ho yɛ adwuma a, ɛma n’ani gye, ɛma otumi hwɛ ne ho ne n’abusua, na otumi nya bi mpo de boa afoforo a ahia wɔn. Afei nso, sɛ obi pɛ adwuma a, n’adwumawura nsi no fam. Obi a ɔte saa no, ɛyɛ a ɛyɛ den sɛ wobeyi no adi. Ɛno nti, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ, sɛ obi yɛ adwumaden a, mfaso a onya no ‘yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ.’​—Ɔsɛnkafo 3:13.

Di Nokware

“Yegye di sɛ yɛwɔ ahonim pa, efisɛ yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.”​—HEBRIFO 13:18.

Sɛ yedi nokware a, ɛma yɛn ani gye, yɛn asom dwo yɛn, na yɛda a na yɛada. Afei nso, ɛma afoforo gye yɛn di, na wonya obu ma yɛn. Wɔn a wonni nokware no de, wonni anigye biara, na wɔda a wontumi nna, efisɛ wɔn tiboa bu wɔn fɔ, na ɛyɛ a wosuro sɛ da koro wɔbɛkyere wɔn.

Mma W’ani Mmmere Sika

“Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu, mmom momma mo ani nsɔ nea mowɔ.”​—HEBRIFO 13:5.

Yehia sika de atɔ aduan ne nneɛma afoforo a yehia. Nanso “sikanibere” yɛ hu paa. Sɛ obi ani bere sika a, ɔde ne bere ne n’ahoɔden nyinaa di sika akyi. Wei tumi kɔfa ɔhaw pii brɛ no. Etumi ma n’aware gyigya, onnya bere mma ne mma, na etumi ma n’apɔwmuden ho ba asɛm. (1 Timoteo 6:9, 10) Ɛno da nkyɛn a, obi a n’ani bere sika no, ɛnyɛ den koraa sɛ ɔbɛfa kwatikwan so anya ne ho. Onyansafo bi kaa sɛ: “Ɔnokwafo benya nhyira pii, na nea ɔrepɛ ntɛm anya ne ho de, ɔremfa ne ho nni.”​—Mmebusɛm 28:20.

Ma Onyankopɔn Nkyerɛkyerɛ Wo

“Bɔ nyansa ne adwempa ho ban.”​—MMEBUSƐM 3:21.

Sɛ obi kɔ sukuu na osua ade yiye a, etumi boa no ma ɔbɛyɛ ɔpanyin pa anaa ɔwofo pa. Nanso sɛ obi kɔ sukuu kɔ akyiri a, ɛno nkyerɛ sɛ, sɛnea ɛte biara n’ani begye anaa ne nsa bɛka nea ohia biara. Sɛ ebesi yɛn yiye paa wɔ asetena mu a, ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn kyerɛkyerɛ yɛn. Wɔn a wɔma Onyankopɔn kyerɛkyerɛ wɔn no, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: ‘Nea wɔyɛ biara bewie yiye.’​—Dwom 1:1-3.

Mewɔ Anigye Ne Akomatɔyam

“Baabi a mete no, nnipa pii yere wɔn ho sɛ wɔbɛkɔ sukuu akɔ akyiri anya sika na wɔagye din. Nanso sɛ wɔn nsa ka saa nneɛma yi nyinaa mpo a, ɛmma wɔn ani nnye. Nanso me de, Bible no aboa me ama mahu nneɛma a ehia paa wɔ asetena mu. Mabehu sɛ, yehia sika de ayɛ nneɛma pii, nanso sika rentumi ntɔ anigye, na saa ara nso na ɛrentumi ntɔ ɔdɔ. Wei nti, memma sika ne adwuma nnye m’adwene. Bible no aboa me ama masisi gyinae pa. Wei ma m’ani gye, na ɛma me koma tɔ me yam.”​—Kishore.

Kishore.

Sua pii ka ho:

Sɛ wopɛ afotusɛm pii a ɛfa adwumasɛm, sikasɛm, ne nhomasua ho, kɔ jw.org. Wokɔ hɔ a, hwɛ BIBLE NKYERƐKYERƐ > ASOMDWOE NE ANIGYE.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena