Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 8/15 kr. 25-28
  • Mfaso a Yebenya Wɔ “Ɔsoro Aduan” Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mfaso a Yebenya Wɔ “Ɔsoro Aduan” Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kristofo Nya Nea Ɛtoo Israelfo no Mu Asuade
  • “Mana” a Ɛma Daa Nkwa
  • Nea “Mana a Ahintaw” no Kyerɛ
  • Aduan Foforo
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • “Nkwa Abodoo” a Ɛwɔ Hɔ Ma Nnipa Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nkwa Paanoo No Woaka Ahwɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 8/15 kr. 25-28

Mfaso a Yebenya Wɔ “Ɔsoro Aduan” Mu

BERE a woyii Israelfo fii Misraim anwonwakwan so akyi bere tiaa bi no, wɔkyerɛe ankasa sɛ wonni gyidi wɔ wɔn Gyefo, Yehowa mu. Ne saa nti, Yehowa ma wokyinkyinii Sinai sare so mfirihyia 40. Saa bere no nyinaa mu no, Israelfo no ne ahohɔ “afrafrafo pii” a wɔbɛkaa wɔn ho no didii, na ‘wɔnomee.’ (Exodus 12:37, 38) Dwom 78:23-25 ka nea ɛyɛe a eyi bae no kyerɛ yɛn sɛ: ‘Yehowa hyɛɛ wim tɔnn ɔsoro, na ohiɛɛ ɔsoro apon, na ɔtɔɔ mana guu wɔn so sɛ wonni, na ɔde soro aduan maa wɔn. Atumfoɔ aduan na onipa dii, ɔmaa wɔn aduan di mee.’

Mose a odii mana no bi no kaa aduan soronko yi ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ, anɔpa no, ‘obosu gui, na biribi nkorowankorowa nketenkete guguu sare no ani, nketenkete te sɛ fam bosu nkyenkyenee. Na Israelfo no hui no, wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Man hu? [a wɔ Hebri mu no, ase ne: Ɛdɛn ni?]’ Ebia saa asɛmfua yi mu na Israelfo no nyaa asɛm “mana,” edin a wɔde frɛɛ aduan no fii. Mose kae sɛ: “Ɛte sɛ yisa aba fitaa, na ne dɛ te sɛ tetare a ɛwo wɔ mu.”—Exodus 16:13-15, 31, NW ase hɔ asɛm.

Na mana no nyɛ aduan bi a ɛba ara kwa, sɛnea ebia ebinom kyerɛ no. Tumi a ɛboro nnipa de so na ɛyɛɛ ho nhyehyɛe. Sɛ nhwɛso no, na enni beae anaa bere pɔtee bi a ɛba. Sɛ ade kye so a, na ɛdɔre mmoaa na efi ase bɔn; nanso mmɔho a abusua biara tasee wɔ da a edi dapɛn Homeda no anim no ansɛe, enti na wobetumi adi no Homeda no—ɛda a mana biara antɔ no. Akyinnye biara nni ho sɛ, na mana no yɛ nsiesiei a ɛyɛ nwonwa.—Exodus 16:19-30.

“Atumfoɔ” anaa “abɔfo” din a wɔbɔ wɔ Dwom 78 no kyerɛ sɛ Yehowa de abɔfo na edii dwuma wɔ mana no siesie mu. (Dwom 78:25, NW ase hɔ asɛm) Sɛnea ɛte biara no, na nkurɔfo no wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ wɔda Onyankopɔn ase wɔ n’ayamye ho. Nanso, wɔn mu pii yii Nea ogyee wɔn fii Misraim nkoasom mu no bonniayɛ. Sɛ yɛannwennwen Yehowa papayɛ ho a, ebia yɛn nso yebebu yɛn ani agu ne nsiesiei ahorow so, anaasɛ yɛbɛyɛ bonniayɛ. Enti yebetumi de aseda ama Yehowa sɛ ɔde sɛnea ogyee Israelfo no ho kyerɛwtohɔ ne ɛho nsɛm foforo ama yɛn sɛ “afotu.”—Romafo 15:4.

Kristofo Nya Nea Ɛtoo Israelfo no Mu Asuade

Bere a Yehowa maa Israelfo mpem mmiɛnsa mana no, na osusuw wɔn ho kɔ akyiri sen honam fam ahiade ara a ɔde bɛma wɔn. Ɔpɛe sɛ ‘ɔbrɛ wɔn ase na ɔsɔ wɔn hwɛ’ na watew wɔn ho akyerɛ wɔn nea eye ma wɔn. (Deuteronomium 8:16; Yesaia 48:17) Sɛ wɔpenee so maa Yehowa tew wɔn ho kyerɛɛ wɔn nea eye a, anka ɔbɛma ‘wɔn nnepa wɔn akyiri nna no mu’ na wama wɔanya asomdwoe, adi yiye, na wɔanya anigye wɔ Bɔhyɛ Asase no so.

Ade biako a ɛho hia a na ɛsɛ sɛ wohu ne sɛ “ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na ade biara a efi [Yehowa, NW] anom so na onipa nam tra ase.” (Deuteronomium 8:3) Sɛ Onyankopɔn amfa mana amma nkurɔfo no a, anka wobewuwu—nokwasɛm a wogye tom ankasa. (Exodus 16:3, 4) Nea enti a Yehowa brɛɛ Israelfo komapafo no ase ne sɛ, wɔbɛkae daa sɛ ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho to ne so koraa. Na sɛ wonya du Bɔhyɛ Asase a nnepa ahyɛ so ma no so a, na ɛbɛyɛ den sɛ wɔn werɛ befi Yehowa, a wɔmfa wɔn ho nto ne so.

Te sɛ Israelfo no, ɛsɛ sɛ Kristofo kae bere nyinaa sɛ wɔde wɔn ho bɛto Nyankopɔn so ahwehwɛ asetra mu ahiade ahorow—wɔ honam fam ne honhom fam. (Mateo 5:3; 6:31-33) Bere a Yesu Kristo rebua Ɔbonsam wɔ ne sɔhwɛ ahorow no biako ho no, ɔfaa Mose nsɛm a ɛwɔ Deuteronomium 8:3, no kae sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ: Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi [Yehowa, NW] anom so.” (Mateo 4:4) Yiw, Nyankopɔn nokware asomfo nam Yehowa nsɛm a wɔkenkan fi N’asɛm mu no so nya ahoɔden. Afei nso, sɛ wohu mfaso ahorow a saa nsɛm yi ma wonya wɔ wɔn asetra mu bere a wɔne Onyankopɔn nantew na wɔde N’ahenni di kan no a, ɛhyɛ wɔn gyidi den.

Nnipa a wɔnyɛ pɛ betumi ahwere anisɔ a wɔwɔ ma asetra mu nneɛma a wɔn nsa ka daa no—sɛ mpo ɛyɛ nneɛma a ɛda Yehowa dɔ adi a. Sɛ nhwɛso no, mana a na efi beae a ɛkorɔn no maa Israelfo no ho dwiriw wɔn na wonyaa abotɔyam mfiase no, nanso bere kɔɔ so no wɔn mu pii nwiinwii. Wofi animtiabu mu kasakasae sɛ: “Aduan hunu yi afono yɛn,”—adeyɛ a na ɛkyerɛ sɛ wɔafi ase ‘retwe wɔn ho afi Onyankopɔn teasefo no ho.’ (Numeri 11:6; 21:5; Hebrifo 3:12) Enti, wɔn nhwɛso no yɛ ‘kɔkɔbɔ ma yɛn a wiase awiei bere ato yɛn yi.’—1 Korintofo 10:11.

Ɔkwan bɛn so na yebetumi atie kɔkɔbɔ ho sɛnnahɔ yi? Ɔkwan biako ne sɛ yɛremmu Bible nkyerɛkyerɛ anaa nsiesiei ahorow a yenya fi akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no hɔ no adehunu bi ara kwa. (Mateo 24:45) Sɛ yenya bu Yehowa akyɛde ahorow sɛ adehunu anaa yɛyɛ ho anibiannaso a, abusuabɔ a ɛda yɛne ne ntam no ano fi ase adwo.

Ntease wom sɛ, Yehowa mfa nnepa a ɛbɛma yɛn ani agye mpuapua yɛn bere nyinaa. Na mmom, ɔma hann pue wɔ N’asɛm no so nkakrankakra wɔ bere ne bere mu. (Mmebusɛm 4:18) Eyi ma ne nkurɔfo susuw nea wɔasua no ho na wɔde di dwuma. Bere a Yesu rekyerɛkyerɛ n’asuafo a wodi kan no, odii N’agya nhwɛso akyi. Sɛnea nkyerɛase ahorow bi kyerɛ no, ɔkyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Asɛm mu kyerɛɛ wɔn sɛnea na “wobetumi atie” anaasɛ “wɔbɛte ase.”—Marko 4:33; fa toto Yohane 16:12 ho.

Hyɛ Anisɔ a Wowɔ Ma Onyankopɔn Nsiesiei Ahorow no Mu Den

Yesu nso tii nsɛm mu. Nokwarem no, ebia wobɛte asɛm bi ase wɔ w’adwenem—sɛ nhwɛso no, Bible nnyinasosm bi—nanso sɛ wode bɛto wo koma so na abɛyɛ wo Kristofo “nipasu foforo” no fã de, ebia ebegye bere kakra, titiriw sɛ wiase akwan ne nneyɛe dedaw no agye ntini wɔ wo mu a. (Efesofo 4:22-24) Saa na na ɛte wɔ Yesu asuafo no fam bere a ɛho behiae sɛ wɔko tia ahantan na wonya ahobrɛase no. Na ɛsɛ sɛ Yesu kyerɛkyerɛ wɔn ahobrɛase ho ade wɔ mmere ahorow mu, na bere no mu biara mu no, ɔfaa ɔkwan foforo so kaa asɛm koro no ara ho asɛm sɛnea ɛbɛma asiane akɔ wɔn koma mu, sɛnea ɛbae wɔ bere bi akyi no.—Mateo 18:1-4; 23:11, 12; Luka 14:7-11; Yohane 13:5, 12-17.

Wɔ nnɛ mmere yi mu no, Kristofo nhyiam ahorow ne Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow no di Yesu nhwɛso akyi wɔ ntimu a wɔde di dwuma de kyerɛkyerɛ nsɛm mu yiye no mu. Enti momma yemmu eyi sɛ ɛyɛ ɔdɔ mu a Onyankopɔn fi dwen yɛn ho, na nea yenya no amfono yɛn, sɛnea mana fonoo Israelfo no. Nokwarem no, sɛ yefi ahobrɛase mu susuw Yehowa nkaesɛm a yɛn nsa ka daa no ho a, yɛbɛsow aba pa wɔ yɛn asetra mu. (2 Petro 3:1) Anisɔ a ɛte saa kyerɛ ankasa sɛ ‘yɛrenya Onyankopɔn Asɛm no mu ntease’ wɔ yɛn koma ne yɛn adwene mu. (Mateo 13:15, 19, 23) Eyi ho no, yɛwɔ odwontofo Dawid sɛ nhwɛso a ɛyɛ fɛ, ɛwom sɛ na onnya honhom mu nnuan a yenya no nnɛ no de, nanso ɔkaa Yehowa mmara ahorow ho asɛm sɛ, “ɛyɛ fremfrem sɛ ɛwo ne ahwerew mu nsu.”!—Dwom 19:10.

“Mana” a Ɛma Daa Nkwa

Yesu ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: ‘Mene nkwa abodoo. Mo agyanom dii mana sare so, nanso wowuwui. Mene abodoo a nkwa wɔ mu a misian mifii soro mebae no; sɛ obi di abodoo yi bi a, ɔbɛtra ase daa. Me honam ne abodoo a mede ma wiase no de gye wɔn nkwa.’ (Yohane 6:48-51, NW) Abodoo anaa mana ankasa ntumi mma daa nkwa. Nanso awiei koraa no, wɔn a wɔkyerɛ Yesu agyede afɔre no mu gyidi no benya daa nkwa.—Mateo 20:28.

Nnipa dodow a wonya Yesu agyede no mu mfaso no benya daa nkwa wɔ paradise asase so. Eyinom mu “nnipakuw kɛse” bi—a wɔyɛ ahɔho “afrafrafo pii” a wɔbɛkaa Israelfo no ho wɔ wɔn akwantu a wɔde firi Misraim no ho mfonini—benya nkwa wɔ “ahohiahia kɛse” a ebeyi amumɔyɛ afi asase so no mu. (Adiyisɛm 7:9, 10, 14; Exodus 12:38) Na wɔn a Israelfo no yɛɛ wɔn ho mfonini ankasa no nya nhyira kɛse. Ɔsomafo Paulo kaa eyinom a wɔn dodow yɛ 144,000, no ho asɛm sɛ wɔyɛ Onyankopɔn honhom fam Israel. Sɛ wowu a, wɔn akatua ne sɛ wobenya owusɔre a ɛkɔ nkwa mu wɔ soro. (Galatifo 6:16; Hebrifo 3:1; Adiyisɛm 14:1) Ɛhɔ no Yesu bɛma wɔn mana soronko bi.

Nea “Mana a Ahintaw” no Kyerɛ

Yesu a wɔanyan no no ka kyerɛ honhom fam Israelfo no sɛ: “Nea odi nkonim no, mɛmma no mana a ahintaw no bi.” (Adiyisɛm 2:17) Saa sɛnkyerɛnne kwan so mana a ahintaw yi ma yɛkae mana a Onyankopɔn hyɛɛ Mose sɛ ɔmfa ngu sika kuruwa a na esi apam adaka kronkron no mu no. Wɔde Adaka no sii ntamadan no Kronkron mu Kronkronbea hɔ. Wɔ hɔ no na obi ntumi nhu, wɔde siei sɛnea na ɛte no. Sɛ nkae ade a wɔde asie no, mana ho nhwɛso yi ansɛe bere a na ɛwɔ Adaka no mu no, enti na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne a egyina hɔ ma aduanma ho nhyehyɛe a ɛmma awiei da. (Exodus 16:32; Hebrifo 9:3, 4, 23, 24) Yesu nam mana a ahintaw a ɔde ma 144,000 no so hyɛ wɔn bɔ sɛ ɔde nkwa a owu nni mu na ɛmporɔw bɛma wɔn sɛ Onyankopɔn honhom mu mma.—Yohane 6:51; 1 Korintofo 15:54.

Odwontofo no kae sɛ: “Efisɛ wo [Yehowa] nkyɛn na nkwa nsuti wɔ.” (Dwom 36:9) Hwɛ sɛnea mana nsiesiei no fata—wɔ honam ne sɛnkyerɛnne kwan so nyinaa—sɛ ɛhyɛ saa nokwasɛm titiriw no mu den! Mana a Onyankopɔn de maa tete Israel, sɛnkyerɛnne kwan so mana a ɔnam Yesu honam so de mae maa yɛn, ne sɛnkyerɛnne kwan so mana a ahintaw a ɔde nam Yesu so ma 144,000, no kae yɛn sɛ, yɛn nkwa nyinaa gyina Onyankopɔn so. (Dwom 39:5, 7) Momma yemfi ahobrɛase mu nnye ntom bere nyinaa sɛ yɛn nkwa gyina ne so na yɛnkyerɛ ne nsiesiei no ho anisɔ daa. Sɛ yɛyɛ saa a, awiei koraa no, Yehowa ‘bɛma yɛadi yiye.’—Deuteronomium 8:16.

[Kratafa 26 mfonini]

Sɛ yebenya daa nkwa a, ɛsɛ sɛ adesamma nyinaa de wɔn ho to “nkwa abodoo a efi soro” no so

[Kratafa 28 mfonini]

Kristofo nhyiam ahorow nyinaa a yɛbɛkɔ no kyerɛ sɛ yɛwɔ anisɔ ma Yehowa nkaensɛm

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena