Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 9/1 kr. 25-30
  • Sɔhwɛ Ne Nyiyim Wɔ Nnɛ Bere Yi Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɔhwɛ Ne Nyiyim Wɔ Nnɛ Bere Yi Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɔhwɛ Ahorow A Emu Yɛ Den Bere
  • Ahyehyɛde No Mu Nsakrae Ahorow
  • Asɛnka Adwuma No
  • Ahyehyɛde No Mu Nsakrae Ahorow
  • Nneyɛe Ahorow A Ɛho Ntew A Wogyae
  • Sɔhwɛ Ne Nyiyim Bere
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nokware Awurade Reba Abebu Ntɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Wo Ne Yehowa Ahyehyɛde No Mmɔ Anan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • “Momfa Ntotoso Du Du No Nyinaa Mmra Adekora Dan Mu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 9/1 kr. 25-30

Sɔhwɛ Ne Nyiyim Wɔ Nnɛ Bere Yi Mu

“Hena na obetumi ne ba da no, na ɔrebeyi ne ho adi no, hena na obegyina?”​—MALAKI 3:2.

1. Bere a Yehowa baa honhom mu asɔrefi hɔ wɔ nnɛ bere yi mu no, dɛn na ohui, na ɛma asemmisa bɛn na ɛsɔre?

BERE a “[nokware] Awurade” no baa ne honhom mu asɔrefi a ‘n’apam bɔfo’ ka ne ho wɔ bere a wɔde Ahenni no sii hɔ wɔ soro wɔ 1914 mu akyi bere tiaa bi no, dɛn na Yehowa hui? Na ɛho hia sɛ wɔnan Yehowa nkurɔfo na woyiyi wɔn mu na wɔtew wɔn ho. So wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ama eyi na wɔagyina hia a ɛho hia sɛ wɔtew wɔn ahyehyɛde no, ne dwumadi, ne nkyerɛkyerɛ, ne n’abrabɔ ho no ano? Sɛnea Malaki ka no: “Hena na obetumi ne ba da no, na ɔrebeyi ne ho adi no, hena na obegyina?”​—Malaki 3:1, 2.

2. Wɔ nnɛ bere yi mu no, henanom ne “Lewi mma” a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Malaki 3:3 no?

2 Yehowa gye tew a wɔbɛtew “Lewi mma” ho na wɔanan wɔn ayiyi wɔn mu no ho asɛyɛde to ne ho so. (Malaki 3:3) Wɔ tete Israel no, Lewi abusua no na wɔde asɔfo ne nnipa a wɔboa wɔ asɔrefi hɔ ma. “Lewi mma” a wɔte saa no gyina hɔ ma wɔn a wɔasra wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔresom sɛ asɔfo wɔ Yesu, ɔsɔfopanyin no ase kuw no mufo nyinaa. (1 Petro 2:7-9; Hebrifo 3:1) Wɔne nnipa a wodii kan sɔɔ wɔn hwɛe bere a Yehowa ne ‘n’apam bɔfo’ no baa ne honhom mu asɔrefi hɔ no. Afei adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ nan a wɔnan wɔn na woyiyi wɔn mu no bae wɔ efi Wiase Ko I nna a etwa to no mu reba no?

Sɔhwɛ Ahorow A Emu Yɛ Den Bere

3. Ebeduu fefɛw bere mu wɔ 1918 mu no, na Onyankopɔn adansefo tebea te dɛn?

3 Bere a Yehowa kaa ‘n’apam bɔfo’ no ho baa honhom mu asɔrefi hɔ no, Ohui sɛ ɛho hia sɛ wɔnan nkaefo no na woyiyi wɔn mu na wɔtew wɔn ho. Sɛ nhwɛso no, na The Watch Tower ahyɛ n’akenkanfo nkuran sɛ wonyi May 30, 1918 nsi hɔ sɛ da a wɔde bɛbɔ mpae ama nkonim a demokrase tumi ahorow no bedi sɛnea U.S. Mmarahyɛ Bagua no ne ɔmampanyin Wilson kae no. Na eyi yɛ afã biara a Kristofo nni no a wobuu so.​—Yohane 17:14, 16.

4. Asɛm bɛn na esii wɔ Yehowa nkoa a wotu wɔn no mu?

4 Asɔfo ne nniso ahorow no de ɔhyɛ kɛse baa Yehowa asomfo a wɔasra wɔn no so. Esiane sɛ wotwaa atoro too nkaefo a wɔasra wɔn no so sɛ wɔatew atua atia tumidi nti, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma fɔ a wonni no ada adi wɔ baguam. Nanso wɔ May 7, 1918 mu no, wɔde ahyɛde mae sɛ wɔnkɔkyere Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no mpanyimfo ne akyerɛwfo no mu baawɔtwe a wɔn titrani J. F. Rutherford ka ho. Wofii ase dii wɔn asɛm Dwoda, June 3. June 20 no, asennifo no buu wɔn fɔ wɔ nneɛma anan ho. Afei wɔ July 4, 1918 mu no, wɔde keteke faa Kristofo mmarima a wɔahyira wɔn ho so yi koguu afiase wɔ Atlanta, Georgia, U.S.A.

5. Ɔkwan bɛn so na ɛdaa adi sɛ na ɛho hia sɛ woyiyi wɔn a wɔsom Onyankopɔn no mu, na dɛn na ɛkyerɛ sɛ eyi sii?

5 Ebeduu ahohuru bere mu wɔ 1918 mu no, na ɛnne a anka ɛyɛ den a wɔayɛ ho nhyehyɛe a na wɔn a wɔasra wɔn no de ka Yehowa Ahenni no ho asɛm wɔ baguam no ano abrɛ ase kɛse. Na ɛte sɛ nea ‘wɔakum’ wɔn wɔ wɔn baguam dwumadi no ho. (Adiyisɛm 11:3, 7) Bere a Asafo ti no yɛɛ ne nhyiam akɛse ahorow wɔ saa ahohuru bere no mu no, na awaefo bi atwe wɔn ho akɔtew wɔn ankasa nyamesom akuw horow. Esiane sɛ wɔdaa “akoa bɔne” no su ahorow adi nti, ‘wohuw wɔn so’ te sɛ “ntɛtɛwa” sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtew wɔn ho afi Yehowa nkaefo anokwafo no ho. (Mateo 3:12; 24:48-51) Wɔhyɛɛ Yesu wu Nkae no ho fã Kwasida, April 13, 1919 mu, na nnipa 17,961 na wɔkɔɔ ase wɔ nsase pii so. Sɛ wɔde toto 1917 amanneɛbɔ a na enni mu no ho a, na wɔn a wɔkɔɔ Nkaedi no ase no so atew bɛboro 3,000 na na ɛkyerɛ nea afi nyiyim no mu aba.

6. Ɔkwan bɛn so na ma a Yehowa maa sɔhwɛ a ɛte sɛɛ ho kwan no fi nhyira a awiei koraa no, ne nkurɔfo benya nti?

6 Nanso, na nhyira a awiei koraa no ebefi mu aba no nti na Yehowa maa sɔhwɛ a emu yɛ den a ɛte saa no too ne nkurɔfo. Wannyaa wɔn korakora. Wɔ Benada, March 25, 1919 mu no, woyii J. F. Rutherford ne n’ahokafo baason no fii afiase bere a wɔma wobegyinaa wɔn akyi na woyii wɔ no, na akyiri yi wobuu wɔn bem koraa. Mpofirim wɔ wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu wɔ sɔhwɛ bere yi mu a wɔatew wɔn ho no fam no, na wɔanya ahofadi afi nnommumfa mu! Yiw, “honhom fii Nyankopɔn mu bɛhyɛn wɔn mu, na wogyinagyinaa wɔn anan so” a wɔasiesie wɔn ho ama adwumayɛ.​—Adiyisɛm 11:11.

7. (a) Dɛn na adansefo a wɔasan agye wɔn atom yi yɛe afei? (b) Dɛn na efii nan a wɔnan wɔn na woyiyii wɔn mu na wɔtew wɔn ho no mu bae?

7 Afei na dɛn na wobɛyɛ? Sɛ́ Kristofo man a wɔasan akyekye no, nkaefo no hwehwɛɛ wɔn ho mu. Wɔbɔɔ mpae srɛɛ Yehowa hɔ fafiri wɔ bɔne biara a ɛfa nsɛm mu a wogyaee siesiei no ho. (Fa toto Dwom 106:6; Yesaia 42:24 ho.) Wɔkɔɔ so sɛ nnipa a wɔatew wɔn ho. Esiane sɛ wɔnan nkaefo koma pafo no na woyiyii wɔn mu nti, ‘wɔbɛyɛɛ wɔn a wɔde ayɛyɛde brɛ [Yehowa] trenee mu.’ (Malaki 3:3) Honhom mu afɔrebɔ ahorow a wɔde mae no bɛyɛɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani. (Hebrifo 13:15) Wɔn ani gyei sɛ bere tiaa a Yehowa bo fuw wɔn no aba awiei. Na wɔwɔ ahotoso sɛ wɔn daakye som adwuma bɛyɛ nea ɛsɔ n’ani. (Yesaia 12:1) Ɛdefi September 1 kosi 8, 1919 no, wɔyɛɛ nhyiam bi a ɛyɛ anigye a nnipa 700 kɔɔ ase a wɔbɔɔ nnipa 200 asu wɔ Cedar Point, Ohio. Eyi nyinaa kyerɛɛ gye a wɔasan agye wɔn atom ne ɔpɛ a na wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ Yehowa adwuma a ɛne asɛnka no awie.

8. (a) Ɔkwan bɛn so na adeyɛ a ɛne nan a wɔnan wɔn, yiyi wɔn mu na wɔtew wɔn ho no ka yɛn nnɛ? (b) Henanom na ɛsɛ sɛ wɔfa sɔhwɛ mu na woyiyi wɔn mu ka “Lewi mma” a wɔwɔ nnɛ bere yi mu no ho?

8 Ɔkwan bɛn so na eyi nyinaa ka Onyankopɔn nkurɔfo a wɔte ase nnɛ no? Sɛnea nkɔmhyɛ no kyerɛ no, Yehowa a ne bɔfo ka ne ho no bɛba ‘abɛtra ase anan na wayiyi mu.’ (Malaki 3:3) Yiw, nan a wɔnan na woyiyi mu na wɔtew wɔn ho ho nhyehyɛe no bɛkɔ so na ‘ɔbɛtra’ ase na wahwɛ no yiye. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nkaefo anokwafo no nyaa wɔn ti didii mu wɔ sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den bere bi mu wɔ afeha yi mfiase mu hɔ no ankyerɛ sɛ Ɔnanfo Kɛse no awie tew a ɔretew wɔn ho no. Sɔhwɛ ne nyiyim no akɔ so abedu yɛn bere yi mu. Yehowa da so ara wɔ n’asɔrefi na ɔrebu atɛn. Ɛnyɛ “Lewi mma” a wɔne nkaefo a wɔasra wɔn no nko na ɔretew wɔn ho. Malaki nkɔmhyɛ no daa susuw a Osusuw “ɔhɔho” a ogyina hɔ ma “nnipakuw kɛse” a wɔn anidaso ne asase so asetra no ho no adi. (Malaki 3:5; Adiyisɛm 7:9, 10) Yiw wɔ mfe 69 a atwam no mu no, wɔakɔ so atew Yehowa nkurɔfo ho wo akwan atitiriw anan so.

Ahyehyɛde No Mu Nsakrae Ahorow

9. Nsɛm a esisii a ɛyɛ nkɔso wɔ ahyehyɛde no hyehyɛ mu fi 1919 no mu bi ne nea ɛwɔ he?

9 Nea edi kan no, wɔtew wɔn ho denam nneɛma a wiase nyinaa asafo no yɛ a wɔkɔɔ so maa ɛne Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow a wɔanya mu ntease foforo hyiae no so. Na ɛsɛ sɛ wogyae demokrase kwan so a wɔfa di asafo no mu nsɛm ho dwuma no nkakrankakra. Susuw nsɛm a esisii a ɛkyerɛ nkɔanim no mu bi ho.

1919: Sodikuw no fii ase paw mpanyimfo denam paw a wofi Ɔwɛn Aban Asafo no ti paw ɔsom adwuma no so panyin a wɔnsakra no maa asafo biara na ama wahwɛ asɛnka dwumadi ahorow so no so.

1932: Wogyaee aba a wɔtow de paw mpanyimfo ne asomfo no; wɔde ɔsom boayikuw a ɛboa ɔsom adwuma no so panyin a Asafo ti no apaw no (ɔno nso ka ho) sii mmarima a asafo no paw wɔn ma dibea yi ananmu.

1937: Wohui sɛ “Yonadabfo” [wɔn a wɔwɔ asase so anidaso] yɛ nea wobetumi de asɛyɛde ahyɛ wɔn nsa wɔ asafo no mu.

1938: Na ɛsɛ sɛ Asafo ti no paw ahwɛfo nyinaa ne wɔn aboafo wo teokrase kwan so.

1972: Wɔma ɛdaa adi sɛ ɔkwan a wɔfa so di asafo biara so a wɔaka ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm mu no nkyerɛ sɛ na Kristoni barima a ne ho akokwaw biako pɛ na ɔyɛ saa na mmom mpanyimfo kuw a Asafo ti no paw wɔn.

1975: Wɔhyehyɛɛ Sodikuw no mu boayikuw ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi asɛyɛde ahorow ho dwuma; ɛnyɛ ɔbarima biako na ɔbɛkyerɛ nneɛma kwan na mmom boayikuw bi mufo nyinaa tumi a wɔwɔ no yɛ pɛ na wɔde biakoyɛ bɛhwɛ Yesu Kristo akanni.

10. (a) Dɛn na efi nsakrae a ɛte sɛɛ mu aba? (b) Wote nka dɛn wɔ nsakrae a ɛte sɛɛ no nyinaa ho?

10 Dɛn na afi nsakrae ahorow a ɛte sɛɛ mu aba? Akyinnye biara nni ho sɛ wɔanya Yehowa nhyira pii sɛnea honhom mu nkɔso a n’asomfo anya ne dɔ a wɔadɔɔso no di adanse no. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 6:7; 16:5 ho.) Ampa, wɔayiyi ahwɛfo binom ne afoforo afi ahyehyɛde no mu esiane sɛ ɛnyɛ nea wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ akwankyerɛ a Onyankopɔn de ma no ase nti. Nanso Yehowa nkurɔfo mu fã kɛse no ara yɛ osetie na wɔbrɛ wɔn ho ase ma ahyehyɛde no mu nkɔso ahorow no. (Hebrifo 13:17) Wohu sɛ ɛdenam nsakrae ahorow a ɛte sɛɛ so no, Ɔnanfo Kɛse no ama wɔyɛ wɔn ade ma ɛne ɔkwan a wɔfa so a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no hyia kɛse ma asafo no.

Asɛnka Adwuma No

11. Nkɔso ahorow bɛn na asɛnka adwuma no anya wɔ nnansa yi mfe du du no mu?

11 Nea ɛto so abien no, wɔatew wɔn ho denam sɔ a wɔasɔ wɔn ahwɛ wɔ asɛnka adwuma a wɔde wɔn ho bɛhyem no so.

1922: Wɔhyɛɛ wɔn a wɔde wɔn ho abɔ asafo ahorow no nyinaa sɛ wonnya afie afie asɛnka adwuma no mu kyɛfa. Wotintim Monthly Bulletin (mprempren Yɛn Ahenni Som) a ɔsom adwuma no ho akwankyerɛ ahorow wom.

1927: Afie afie asɛnka a wɔbɛkɔ no daa Kwasida fii ase; wɔkyekyɛɛ nhoma ne nhomawa ahorow de gyee ntoboa.

1937: Wonyaa Adesua Nhwɛso nhomawa a wɔde bɛyɛ ofie Bible adesua a edi kan.

1939: Wɔyɛɛ afe afe Ɔwɛn-Aban a wɔbɛkra ho ɔsatu a edi kan; wɔkraa foforo bɛboro 93,000.

1940: Wofii mmorɔn so nsɛmma nhoma kyekyɛ ase.

Baguam asɛnka yi nyaa nkɔanim foforo a sankɔhwɛ ne ofie Bible adesua a wɔyɛ ka ho.

12. (a) Dɛn na afi nsakrae a ɛte sɛɛ a wɔayɛ wɔ asɛnka adwuma mu no mu aba? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ yegyina ɔkwan a Yehowa afa so anan ne nkurɔfo ayiyi wɔn mu no akyi wɔ nokwaredi mu?

12 Dɛn na afi mu aba? Wɔ mfe pii a atwam no mu no, wɔayi ebinom afi ahyehyɛde no mu efisɛ na wɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ Kristofo a wɔsow aba. Nanso ɛda adi sɛ Yehowa nkurɔfo mu pii agye ɔfrɛ a ɛne sɛ wɔmmɛyɛ Ahenni no ho asɛnkafo no so. Ɛdɛn, saa kuw ketewaa bi a na wonnu 8,000 wɔ 1919 mu no adɔɔso abedu Ahenni adawurubɔfo 3,229,022 wɔ 1986 mu. Na bere nyinaa som adwuma no nso ɛ? Sɛ wode toto colporteurs (akwampaefo) 150 a na wɔwɔ hɔ wɔ 1919 mu no ho a, yenyaa akwampaefo bɛboro 391,000 ɔsram biara wɔ afe a etwaam no mu sɛ wɔkyekyem a​—dodow a ɛsen biara wɔ nnɛyi Yehowa Adansefo abakɔsɛm mu! Ɛdenam asɛmpaka no mu kyɛfa a yenya so no, yɛda no adi sɛ yegyina ɔkwan a Yehowa akɔ so afa so atew ne nkurɔfo ho no akyi wɔ nokwaredi mu.​—1 Korintofo 9:16.

Ahyehyɛde No Mu Nsakrae Ahorow

13. Nhwɛso ahorow a ɛfa sɛnea Yehowa ama ne nkurɔfo anya nneɛma mu ntease ho no bi ne nea ɛwɔ he?

13 Nea ɛto so abiɛsa no, wɔtew wɔn ho bere a wɔsɔɔ Onyankopɔn nkurɔfo hwɛe wɔ gye a wobegye honhom mu ntease a ɛreyɛ kɛse a efi Bible mu no atom ho no. (Mmebusɛm 4:18) Ɛdefi 1919 besi mprempren no, wɔada nokware ahorow a wɔanya mu ntease foforo pii adi.

1925: Wohuu pefee sɛ ahyehyɛde abien a ɛsonosonoe a ɛsɔre tia wɔn ho wɔn ho na ɛwɔ hɔ​—Yehowa de ne Satan de.

1931: Wogyee edin foforo a ɛne Yehowa Adansefo no toom.

1935: Wohuu “nnipakuw kɛse” a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9-15 no sɛ kuw a ɛwɔ asase so anidaso

1941: Wɔdaa no adi sɛ teɛ a Yehowa amansan tumidi teɛ no ne ɔsɛmpɔw titiriw a Satan mpoatwa no ma ɛsɔree.

1962: Wohuu “tumi a ɛwɔ anuonyam” no yiye sɛ aban mpanyimfo a ɛsɛ sɛ Kristofo brɛ wɔn ho ase ma wɔn wɔ ntotoho kwan so no.

1986: Wohui sɛ ɛsɛ sɛ nkaefo no ne “nnipakuw kɛse” no nyinaa di Yesu honam ne ne mogya wɔ sɛnkyerɛnne kwan so denam n’afɔrebɔ a wobegye atom no so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne no bɛyɛ biako.​—Yohane 6:53-56.

Wɔ mfe dudu pii a atwam no mu no, bere a Yehowa buee ne nkurɔfo ani no, ɛbɛdaa adi pefee sɛ ɛho hia sɛ wɔma wɔn ani ku asafo no ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya ahyehyɛde a ɛho tew a ɛmfa ne ho nhyehyɛ amammuisɛm mu a ɛkyerɛ obu ma kronkron a mogya yɛ no.​—1 Korintofo 5:11-13; Yohane 17:14, 16; Asomafo no Nnwuma 15:28, 29.

14. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa nkurɔfo agye ntease a ɛreyɛ kɛse a ɛte sɛɛ atom? (b) Dɛn ne w’ankasa wo bo a woasi wɔ Yehowa kwan a ɔnam so di nkitaho no ho?

14 Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo agye ntease a ɛreyɛ kɛse a ɛte sɛɛ no atom? Wɔ ne nyinaa mu no, nnipa kakraa bi na wɔantumi annye nsakrae ahorow bi antom. ‘Wohuw eyinom gui.’ (Mateo 3:12) Nea ɛne eyi bɔ abira no, hwɛ sɛnea Yehowa nkoa anokwafo a wɔwɔ anigye no gye honhom mu ntease a ɛte sɛɛ no tom! Wɔ bere a Kristoman wɔ honhom mu sum mu no, Yehowa nkurɔfo kwan kɔ so hyerɛn kɛse. So ɛnsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛde yɛn ho bɛfam nkitahodi kwan a Yehowa de di dwuma no ho na yegye honhom mu ntease a ɛreyɛ kɛse a ɛte sɛɛ no nyinaa tom sɛ “aduan [wɔ] ɛbere a ɛsɛ mu”?​—Mateo 24:45.

Nneyɛe Ahorow A Ɛho Ntew A Wogyae

15. Ɔkwan bɛn so na Yehowa anan ne nkurɔfo na wayiyi wɔn mu nkakrankakra wɔ nneyɛe a ɛho ntew anaasɛ Babilon de no mu?

15 Nea ɛto so anan no, wɔtew wɔn ho bere a ɛbɛyɛɛ ahyɛde sɛ wogyae nneyɛe a ɛho ntew anaasɛ Babilon nneyɛe ahorow no. Wɔ 1920 mfe no mu no, Onyankopɔn nkurɔfo gyaee Buronya ne nnapɔnna afoforo a wɔkyerɛe sɛ efi abosonsom mu no di. Wɔ 1945 mu no, wɔkyerɛkyerɛɛ Kristofo gyinabea wɔ mogya a wɔde ma ho no mu. Wɔ 1960 ne 1970 mfe no mu bere a wiase no mu abrabɔ kɔɔ so sɛee no, Ɔwɛn-Aban kɔɔ so de afotu a ɛyɛ tẽẽ maa Onyankopɔn nkurɔfo wɔ abrabɔ pa a ɛsɛ sɛ ɛkɔ so wɔ ɔbarima ne ɔbea ntam ne hia a ɛho hia sɛ wɔtwe wɔn ho fi tawa ne nnubɔne afoforo ho no ho.

16. Ɛsɛ sɛ yebu nsakrae ahorow a ɛte sɛɛ a ɛfa nneyɛe a ɛho ntew ho no dɛn?

16 Ɛwom, nsakrae a ɛte sɛɛ a ɛfa nneyɛe a ɛho ntew ho no ayɛ nokwaredi ho sɔhwɛ ama Onyankopɔn nkurɔfo mpɛn pii. Nanso wɔn a wɔyɛɛ nsakrae a ɛho hia no buu nsakrae a ɛte sɛɛ no sɛ boa a wɔreboa wɔn ma wɔayi atade a ɛyɛ fĩ agu hɔ. (Kolosefo 3:9, 10) Wohui sɛ ɛwom sɛ amanne ahorow a ɛbata nnapɔnna ahorow bi ho no betumi ayɛ te sɛ nea asiane biara nni mu de, nanso adwene a Yehowa kura no na ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn; odii kan huu abosonsom nneyɛe ahorow a wonyaa eyi fii mu no. Ɛdefa nea Onyankopɔn hwehwɛ wɔ abrabɔ fam ho no, wobuu no sɛ ɛyɛ ahobammɔ mmom na ɛnyɛ anohyeto, enti Yehowa hyiraa wɔn wɔ wɔn ho a wɔama atew no ho. Sɛ ɛte sɛ nea ɛyɛ den sɛ wɔbɛte nsakrae bi ase a, wɔde wɔn ho to Yehowa so sɛ ‘ɔrekyerɛ wɔn nea eye ma wɔn.’​—Yesaia 48:17.

17, 18. (a) Ɔkwan bɛn so na Ɔnanfo Kɛse no sɔ yɛn hwɛ sɛ ankorankoro? (b) Ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo dɛn bere a yɛtwɛn Yehowa da no?

17 Afe biara Yehowa kɔ so nan ne nkurɔfo, yiyi wɔn mu na ɔtew wɔn ho. Sɛ́ kuw no, wɔabrɛ wɔn ho ase ama adeyɛ a ɛne nan a wɔnan na woyiyi wɔn mu a ɛfa wɔn ahyehyɛde, wɔn adwuma, wɔn nkyerɛkyerɛ ne wɔn abrabɔ fam ahotew ho no. Na yɛn sɛ ankorankoro nso ɛ? Ɛdenam n’ahyehyɛde no so no, Yehowa kɔ so de “aduan a ɛyɛ den” ma na ama wɔanya akwankyerɛ a esiesie koma no. Wɔsɔ adwen horow a wokura no hwɛ na wɔhwehwɛ mu. (Hebrifo 4:12; 5:14) Ɛdenam adeyɛ a ɛne nan a wɔnan na woyiyi mu na wɔtew yɛn ho a yɛpene so so no, yɛma yɛn ho tew bere a yɛretwɛn ‘[Yehowa] da kɛse a ɛyɛ hu no ba no.’​—Malaki 4:5.

18 Yɛda Yehowa, “[nokware] Awurade” no ne ‘n’apam bɔfo,’ Yesu Kristo a ɔnan yɛn na oyiyi yɛn mu na ogye yɛn fi nneɛma a ɛho ntew mu wɔ sɔhwɛ ne nyiyim bere yi mu no ase. Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa besi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so anantew wɔ Yehowa asomdwoe akwan a ɛho tew no so wɔ “Asomdwoe-hene,” Kristo Yesu ase na yɛnam saa yɛ so akɔ so akura abusuabɔ a anigye wom a yɛne Yehowa wɔ no mu.​—Yesaia 9:6; Dwom 72:7.

Ɔkwan Bɛn So na Yehowa Anan Ne Nkurɔfo Ayiyi Wɔn Mu Wɔ​—

◻ Ahyehyɛde mu nsakrae ahorow ho?

◻ Asɛnka adwuma mu kyɛfa a wonya ho?

◻ Ntease a ɛreyɛ kɛse a wobegye atom ho?

◻ Nneyɛe a ɛho ntew a wobegyae ho?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 26]

Esiane wɔn ho a wɔtew ne nan a wɔnan wɔn yiyii wɔn mu nti, nkaefo koma pafo no ‘bɛyɛɛ wɔn a wɔde ayɛyɛde brɛ Yehowa trenee mu’

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 29]

Afe biara Yehowa kɔ so nan ne nkurɔfo yiyi wɔn mu na ɔtew wɔn ho

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Tete ɔnanfo yiyi nneɛma a enye no gu. Saa ara nso na Yehowa ma sɔhwɛ ne nyiyim ho kwan sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛnan ne nkurɔfo na wɔayiyi wɔn mu

[Mfonini wɔ kratafa 28]

‘Wɔahuhuw’ kakraa bi agu te sɛ “ntɛtɛwa,” nanso Yehowa nkoa anokwafo de anigye gye honhom mu ntease a ɛreyɛ kɛse no tom

[Mfonini Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena