Monkyerɛw Nto Hɔ!
“NÁ ƆDAN no nyɛ nea eye pii,” saa na Frank kae.a “Nanso sɛ minya afiri a ɛma ɔdan mu yɛ hyew, na minya nneɛma kakraa bi de siesie aguaree hɔ ne ebia nneɛma kakraa bi bio de siesie ɛha ne ha a, ebetumi ayɛ nea wɔtra mu a ɛyɛ yiye.” Enti bere a Frank adamfo Dave kae sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔyɛ nneɛma ahorow a ɛho hia wɔ ho no, ɛyɛɛ Frank anigye sɛ ɔbɛma ɔne n’abusua no atu aba mu. Frank nim yiye sɛ Dave penee so sɛ obetua ho ka kakra ɔsram biara.
Wɔ ɔkwan foforo so no, Dave nkae nhyehyɛe biara a ɛte saa. Wɔ ne fam no na ɔdan no yɛ nea “asɛe a wɔtra mu a ɛnyɛ yiye.” Bere a wasɛe Amerika sika dɔla ɔhaha pii de asiesie akyi no, Dave dii yaw wɔ kɔ a Frank kɔɔ so ka kyerɛɛ no sɛ ontua ɔdan ka no ho. Dave paee mu kae sɛ: “Mete nka wɔ me koma mu ankasa sɛ menne Frank ka biara.”
Bere a ebia amimdi na ɛde akasakasa pii ba no, ɛnte saa wɔ asɛm yi mu. Wɔanyɛ nhyehyɛe, wɔankyerɛw biribiara anto hɔ—wɔn adwene ara kwa na wɔde rekae nsɛm abien a ɛbɔ ne ho abira. Frank kae sɛ: “Sɛ yɛkyerɛw biribi too hɔ a, anka ebia ɛremma ɔhaw yi nyinaa mma.”
Esiane nsɛm ahorow pii a wɔde kɔ asennibea, bere a ɛho nkrataa ahorow a wɔakyerɛw wɔ hɔ mpo no nti, ebia obi adwene mu bɛyɛ no naa sɛ, so ɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ ɔbɛsɛe ne bere de ne nsa ahyɛ nhyehyɛe ahorow ase. Wɔ United States, sɛ nhwɛso no, nsɛm ahorow a wɔde kɔ asennibea abɛyɛ asetra kwan bi a nnansa yi ara The Wall Street Journal kaa “mansotwe a ɛrekɔ so kɛse” no ho asɛm. Ɛnde, eyi ne nea enti titiriw a ɛsɛ sɛ wobɔ wo nneɛma ho ban denam nhyehyɛe ahorow a ɛfa mmara ho a wobɛkyerɛw ato hɔ no so. Ebia wubebisa sɛ, ‘Nanso so ɛyɛ nea ɛho hia ankasa bere a ɛyɛ nea ɛfa wo ne wo nnamfo ho no?’
Ɛtɔ bere bi a, nnipa a wɔyɛ wɔn ankasa adwuma taa gow nneɛma mu wɔ ɔkwan a asiane wom so bere a wɔne nnamfo reyɛ ade no. ‘Ɛbɛyɛ me aniwu sɛ mɛka akyerɛ m’adamfo sɛ ɔmfa ne nsa nhyɛ nhyehyɛe bi a yɛayɛ ase,’ saa na ebinom ka. Nanso so ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wɔbɛte nka saa? Fa no sɛ wofaa ofipamfo bi sɛ ɔmfa aduru nka wo fi akwan no so mma wo. Wɔ wo fam no, atrapoe, abrannaa ne apon no nyinaa ka “akwan” no ho, bere a wɔ ne fam no, ɛkyerɛ “ɔpon ano kwan‘” no nko. Na sɛ wamfa aduru a wopɛ anyɛ nso ɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ eye sɛ wubefi ayamye mu ahwɛ ma moakyerɛw adwuma no ho nhyehyɛe no ato hɔ! Ɛno nkyerɛ sɛ munnye mo ho nni—ɛyɛ ba a ebetumi aba sɛ mo werɛ befi ara kwa nti.
“Bere a Wɔn a Wɔde Wɔn Nsa Ahyɛ Ase no Apene So . . . ”
Sɛ yɛka “adwuma nhyehyɛe” ho asɛm a, ebia wubesusuw mmara kwan so nhyehyɛe ahorow hwanyann a wɔakyerɛw agu nkrataa pii so ho. Nanso nhoma ahorow a ɛka mmara ho asɛm kyerɛ sɛ adwuma nhyehyɛe yɛ “nnipa baanu ntam asɛyɛde a afanu no mu biara wɔ hokwan sɛ ɔhwɛ ma ɛyɛ adwuma.” Bɔhyɛ ara kwa nyɛ adwuma nhyehyɛe ankasa, efisɛ adwuma nhyehyɛe yɛ nhyehyɛe a mmara hwɛ ma ɛyɛ adwuma.
Ɛnde, dɛn na ɛma bɔhyɛ bɛyɛ nea “mmara hwɛ ma ɛyɛ adwuma”? Bere a mmara tumi sakra a egyina sɛnea beae bi te so no, mpɛn pii ɛsɛ sɛ nneɛma abiɛsa bi wɔ hɔ na ama adwuma ho nhyehyɛe adi mu: (1) Adwuma bi a wɔde ma. (2) Pene a wɔpene so. (3) Ɛho a wosusuw. (Ɛsɛ sɛ afanu no nyinaa de biribi ma, te sɛ sika, anaasɛ bɔ a wɔhyɛ sɛ wɔbɛyɛ biribi anaasɛ wɔrenyɛ.)
Kyerɛwtohɔ bi a ɛwɔ Bible mu wɔ Genesis ti 23 yɛ saa mmara kwan so nnyinasosɛm ahorow yi ho nhwɛso fɛfɛ. Ɛha na yehu tɔ a Abraham tɔɔ asiebere maa ne yere a na ɔdɔ no, Sara. Wofii ɛho asɛm ka no ase wɔ kurow no pon ano, baabi a wɔyɛ adwuma ho nhyehyɛe bere nyinaa no. Abraham fii ɛho asɛm ka no ase denam bɔ a ɔbɔɔ ne mu ase maa Het mma no so. Ɔde sii wɔn anim tẽe srɛɛ wɔn “Makpela ɔbodan” a na ɛyɛ Efron de no na ɔkae sɛ metua ne “ti dwetɛ mama wo.” Na, ɛnyɛ ɔbodan no nko na Efron kae sɛ ɔde ‘bɛma,’ na mmom mfuw a atwa ho ahyia no nso. Nanso Abraham kae ara sɛ obetua ho ka. Ebetumi aba sɛ Efron bɔ a ɔhyɛe sɛ ɔde asase no ‘bɛma’ no no, yɛ nea akasakasa bɛba ho akyiri yi. Enti wɔpenee “nnwetɛbona ahannan” no so na otuae.—Genesis 23:1-20.
Wɔ asetra mu nsɛm ankasa yi mu no na nnipa baanu no nyinaa wɔ obu. Na ne tɔn sii wɔ adansefo anim sɛnea mmara a wɔahyehyɛ ato hɔ no te. Na bere a wɔnka no pɔtee sɛ wɔde wɔn nsa hyɛɛ krataa bi ase no, ɛkyerɛ sɛ asase a ɔtɔe no ahye nyinaa yɛ nea akyinnye no biara nni ho.—Genesis 23:17.
Ná Abraham nim sɛ ne ho a ɔde bɛto bɔhyɛ ahorow a wɔde ano ka ara kwa so no nyɛ ɔkwan a wɔnam so yɛ adwuma ho nhyehyɛe. Di ne nhwɛso no akyi. Sɛ nhwɛso no, sɛ wopɛ sɛ ofipamfo bi a ɔyɛ w’adamfo de aduru ka wo akwan no so ma wo a, wo ne no ntra ase na monka ho asɛm yiye. Ne titiriw no, dɛn na ɛka “akwan” no ho? Dɛn kɔla? Aduru bɛn? Bere bɛn na ɛsɛ sɛ owie adwuma no? Ne bo yɛ ahe?
Kyerɛw a Mobɛkyerɛw Ato Hɔ
Ɛnsɛ sɛ adwuma ho nhyehyɛe yɛ nea wɔde kasa a emu yɛ den na ɛkyerɛw na ama ayɛ nea edi mu wɔ mmara mu anaasɛ etu mpɔn. Mubetumi de nsɛm a emu da hɔ na ɛyɛ ntiantia adi dwuma. Nea enye no, mpɛn pii wɔde nsɛm a gye sɛ ɛho abenfo nkutoo na wobetumi akyerɛkyerɛ mu na ɛyɛ adwuma ho nhyehyɛe. Ná adwumawura bi wɔ hɔ a ɔno ankasa nte nhyehyɛe bi a wayɛ no ase yiye! Enti nsɛm a emu yɛ den betumi ama nneɛma ayɛ basaa.
Ebia mubetumi ayɛ adwuma bi ho nhyehyɛe denam kyerɛw a mobɛkyerɛw nsɛm ahorow a moapene so no ato hɔ, abɔ date na moakyerɛw no ahorow abien na mode mo nsa ahyɛ ase no so. Nanso, momma ɛntra mo adwene mu sɛ adwuma nhyehyɛe a emu nsɛm dɔɔso pii, te sɛ ofie ankasa a wɔtɔn, yɛ nea eye sɛ mobɛma wɔn a wonim ho adwuma yiye no adi ho dwuma.
Ansa na Wode Wo Nsa Bɛhyɛ Ase No
Ebia wobɛba tebea horow bi mu a wote nka sɛ wɔrehyɛ wo ma wode wo nsa ahyɛ biribi ase. Sɛ nhwɛso no, wɔtaa ma ayarefo de wɔn nsa hyɛ nkrataa ahorow pii ase wɔ ayaresabea. Anaasɛ insurance odwumayɛfo bi a onni adagyew ka kyerɛ wo sɛ fa wo nsa hyɛ ɛho nhyehyɛe bi a wɔakyerɛw no tenteenten ase. Nanso, ɛho hia sɛ wote nea wode wo nsa rehyɛ ase no ase, efisɛ ebia ka a wobɛka sɛ na wunnim no renyɛ mmara mu anoyi a ntease wom.
Enti bisa ho nsɛm. So krataa yi ma kwan sɛ ayaresabea no nnuruyɛfo betumi ayɛ wo oprehyɛn bi a wompɛ anaasɛ wɔbɛsa wo yare wɔ ɔkwan bi a ebia wompɛ so? So insurance nhyehyɛe no fata w’ahiade ahorow ankasa? Hwehwɛ nsɛm ahorow te sɛ “ɛho asodi nna wo so.” Ebia saa ara na ɛkyerɛ! Hwɛ sɛ wote nneɛma atitiriw a ɛwɔ krataa biara a wode wo nsa hyɛ ase no ase.
Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ adwumawura bi ka sɛ ɔbɛma woasua adwuma bi ho nneɛma bi. Esiane sɛ ntetee a ɛte sɛɛ bɛma wo nso wo ho akokwaw yiye nti, ebia ɔbɛka akyerɛ wo sɛ fa wo nsa hyɛ nhyehyɛe bi ase a ɛne sɛ, sɛ wugyae adwuma no a, worenyɛ adwuma pɔtee bi wɔ bere tenten bi mu wɔ beae pɔtee bi a wakyerɛ. So asennibea horow no gye hokwan a adwumawura wɔ sɛ ɔbɔ ne nneɛma ahorow ho ban wɔ saa kwan yi so no tom? Nea ɔkyerɛw Making the Law Work for You: A Guide for Small Business no se: “Ɛkame ayɛ sɛ wɔ asennibea ahorow a ɛwɔ United States nyinaa no . . . si a ɛnsɛ sɛ wosi adwuma ho akane ho nhyehyɛe a ntease wom a wɔayɛ yɛ nea wɔde di dwuma.” Ɛyɛ nea eye sɛ wubesusuw ho ansa na wode wo nsa ahyɛ nhyehyɛe a ɛte sɛɛ ase.
“Waka Amanenya Ntam Ama ne Ho”
Ɛtɔ bere bi a nnipa a wɔwɔ atɛmpa pii no hu sɛ wɔde wɔn ho akɔhyɛ nhyehyɛe bi a wɔmpɛ mu. Ebinom bu nhyehyɛe no so mmom sen sɛ ɛbɛma wɔn ho aka mu. Nanso Bible no kamfo onipa a “ɔka amanenya ntam ma ne ho, na ɔnsakra.” (Dwom 15:4, NW) Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wufi wo pɛ mu gye biribiara a ebefi nhyehyɛe bɔne a woyɛe no mu aba no tom—na wode yɛ osuahu.
Nanso, mmoa bi wɔ hɔ. Hyɛ nnyinasosɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 6:1-3 no nsow sɛnea Todays English Version Bible no ka no no: “Me ba, so woahyɛ bɔ sɛ wubedi obi ka ho agyinam? So wɔnam wo ankasa anom asɛm so akyere wo denam wo bɔhyɛ ahorow so? Ɛnde, me ba, . . . eyi ne ɔkwan a wobɛfa so ma wo ho afi: ka wo ho kɔ ne nkyɛn na srɛ no sɛ onnyaa wo.” Ebia mmɔden a wobɛkɔ so abɔ no bɛma woade wo ho afi nhyehyɛe a nyansa nnim no mu. Sɛ ɛnte saa a, Yesu afotu sɛ ma wo “Yiw nyɛ Yiw” no bɛboa wo ma woagye nea ebefi mu aba no atom dinn.—Mateo 5:33-37.
Nhyehyɛe Horow a Eye Sen Biara a Wɔyɛ . . .
Nhyehyɛe ahorow a emu da hɔ na wɔakyerɛw no yiye mpo betumi de ɔhaw ahorow aba. “Ɛbere ne akwanhyia” betumi ama ayɛ den sɛ wobedi bɔhyɛ ahorow a wɔde adwempa na ɛyɛe so. (Ɔsɛnkafo 9:11) Ebetumi aba sɛ ntease remma nneɛma horow bi mu ara. Nanso Kristofo dɔ, adwempa, ayamye ne ntease ankasa betumi abrɛ akasakasa ase.—Filipifo2:3, 4.
Kristofo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu no binom de wɔn mfɛfo gyidifo kɔɔ asennibea na ɛhɔ na wokosiesiee wɔn nsɛm ahorow a ɛsɔree wɔ wɔn ntam no. Nanso Bible no kasa tia saa a yɛbɛyɛ, na ebisa sɛ: “So onyansafo biako po nni mo mu a obetumi abu onua ne onua ntam atɛn?” (1 Korintofo 6:5) Ebetumi aba sɛ wunim obi a ne ho akokwaw wɔ nsɛm a ɛte sɛɛ mu a obetumi aboa, sɛ mo ankasa morentumi nni ɔhaw ahorow no ho dwuma a. Onipa foforo a ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛhwɛ afanu no nsɛm no mu yiye, yɛ nea mpɛn pii obetumi ada nhumu foforo adi. Ebia na ano aduru wɔ nhyehyɛe a moyɛe no fã baabi. Nea ɛyɛ anigye no, saa kwan pɔtee a wɔfa so yi a ɛne asɛm no a wosiesie no yɛ nea nnipa pii ani agye ho, efisɛ ɛyɛ nea ɛka nni mu pii, ɛnsɛe bere na asɛm a wɔde kɔ asennibea ho dadwene biara nni mu.
Yɛwɔ anidaso sɛ saa asɛm yi bɛboa mo ma moakwati akasakasa ahorow a ebetumi aba, ɛka, anaasɛ hwere a wobetumi ahwere adamfo. Munnye bere mfa nni nsɛm ho dwuma yiye—mmara kwan so. Monka nneɛma horow ho asɛm. Munsusuw ho yiye. Na ɔkwan biara so no—MONKYERƐW NTO HƆ!
[Ase hɔ nsɛm]
a Yɛasesa nnipa yi din.
[Kratafa 14 mfoni]
Mfɛre sɛ wobɛka akyerɛ obi sɛ ɔmfa ne nsa nhyɛ adwuma ho nhyehyɛe bi a moayɛ ase