Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 6/1 kr. 24-30
  • Ma W’asomdwoe Nnɔɔso Denam Nokware Nimdeɛ So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma W’asomdwoe Nnɔɔso Denam Nokware Nimdeɛ So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Onyankopɔn Ho Nokware Nimdeɛ”
  • Kristo Ho Nokware Nimdeɛ
  • Hia A Ɛho Hia Sɛ Wukyi Bɔne
  • Ɔhaw Ahorow A Ɛsɛe Asomdwoe No Ano A Wubegyina
  • Nimdeɛ A Yɛn Ankasa Anya De Asomdwoe Ba
  • Momma Yɛmmom Mma Yehowa Din So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Dan W’adesoa To Yehowa So Bere Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Suro Onyankopɔn Na Ama Woahu Nyansa!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • “Kyerɛkyerɛ Me Ma Menyɛ Nea Wopɛ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 6/1 kr. 24-30

Ma W’asomdwoe Nnɔɔso Denam Nokware Nimdeɛ So

“Ɔdom ne asomdwoe nnɔɔso mma mo, Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu ho [nokware] nimdeɛ mu.”​—2 Petro 1:2

1, 2. (a) Dɛn nti na wobetumi de abusuabɔ a asomdwoe wom a ɛda obi ne Onyankopɔn ntam no atoto aware ho? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama yɛne Onyankopɔn ntam asomdwoe no mu ɛyɛ den?

WƆ AKWAN horow bi so no, abusuabɔ a asomdwoe wom a ɛba wo ne Onyankopɔn ntam bere a wɔabɔ wo asu no te sɛ aware. Bere a ayeforohyia da no yɛ anigye da no, ɛba bɛyɛ abusuabɔ a ɛsom bo bi nhyɛase ara kwa. Ɛdenam mmɔdenbɔ, ɛbere ne osuahu so no, aware mu abusuabɔ mu bɛkɔ so ayɛ den wɔ ɔdɔ kɛse mu, na ɛbɛyɛ ɔhaw bere ano hintabea. Saa ara nso na ɛdenam mmɔdenbɔ ne Onyankopɔn mmoa so no, wubetumi ama wo ne no ntam asomdwoe no adɔɔso.

2 Ɔsomafo Petro kyerɛkyerɛɛ sɛnea wɔn a “wɔanya gyidi” no betumi ama wɔne Onyankopɔn ntam asomdwoe mu ayɛ den no mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɔdom ne asomdwoe nnɔɔso mma mo, Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu ho [nokware] nimdeɛ mu.”​—2 Petro 1:1, 2.

“Onyankopɔn Ho Nokware Nimdeɛ”

3. Yehowa ne Yesu ho nokware nimdeɛ a obi benya no kyerɛ dɛn?

3 Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “nokware nimdeɛ” (e·piʹgno·sis) a wɔde di dwuma wɔ ha no kyerɛ nimdeɛ a emu dɔ a egyina ade a wɔasua no yiye so. N’adeyɛ asɛm no betumi akyerɛ nimdeɛ a obi nam n’ankasa osuahu so anya, na wɔkyerɛ ase wɔ Luka 1:4, NW sɛ ‘sɛ wuhu biribi mu yiye.’ Helani ɔbenfo Culverwel kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔ ne fam no, nea asɛm no kyerɛ ne “Sɛ mehu biribi a minim dedaw no mu yiye; biribi a na anka mihu wɔ akyirikyiri no ho nsusuwii foforo a edi mũ.” Nea ɛka nokware nimdeɛ a ɛte saa a wubenya ho ne Yehowa ne Yesu a wubehu wɔn yiye sɛ nnipa, ne wɔn su ahorow no a wubehu mu yiye.

4. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama yɛn nimdeɛ wɔ Onyankopɔn ho adɔɔso, na dɛn nti na eyi ma yɛne no ntam asomdwoe no nya nkɔso?

4 Akwan horow abien a wobɛfa so anya saa nimdeɛ yi ne kokoam adesua ho su pa a wubenya ne Onyankopɔn nkurɔfo nhyiam horow a wobɛkɔ daa. Wɔ saa akwan yi so no, wobɛte sɛnea Onyankopɔn yɛ n’ade ne nea osusuw no ase pefee. Wobɛyɛ ne nipasu ho mfonini a emu da hɔ pefee wɔ w’adwene mu. Nanso Onyankopɔn a wubehu no no kyerɛ sɛ wubesuasua ne su ahorow no na ada adi wɔ wo ho. Sɛ nhwɛso no, Yehowa kaa obi a ɔyɛɛ ade wɔ ɔkwan pa so a pɛsɛmenkominya nni mu ho asɛm na ɔde kaa ho sɛ: “So ɛnyɛ eyi ne me ho nimdeɛ?” (Yeremia 22:15, 16; Efesofo 5:1) Onyankopɔn a wubesuasua no no bɛma w’asomdwoe adɔɔso efisɛ wubenya nkɔso wɔ onipa foforo a “wɔyɛ no foforo kɔ [nokware] nimdeɛ mu Nea ɔbɔɔ no no suban so no” a wohyɛ no mu.​—Kolosefo 3:10.

5. (a) Ɔkwan bɛn so na nokware nimdeɛ boaa Kristoni ɔbea bi? (b) Akwan horow bɛn so na yebetumi asuasua Yehowa yiye?

5 Ná ɛyɛ den ma Kristoni ɔbea bi a wɔfrɛ no Lynn sɛ ɔde mfomso befiri esiane ntease a na enni ɔne Kristoni foforo bi ntam nti. Nanso Lynn kokoam adesua a ɔyɛɛ no yiye no ma ɔpɛɛpɛe ne su no mu. Ogye toom sɛ, “Mekaee Onyankopɔn ko a Yehowa yɛ no, sɛnea ɔmfa afoforo ho nsɛm nhyɛ ne mu no. Misusuw nneɛma nketenkete pii a yɛyɛ tia Yehowa da biara nanso ommu ho akontaa no ho. Sɛ mede toto ho a na asɛm a me ne me nuabea Kristoni no wɔ no sua koraa. Enti bere biara a mehu no no, nea meka ne sɛ ‘Yehowa dɔ ɔno nso te sɛ nea ɔdɔ me no.’ Eyi boaa me ma mitumi dii asɛnnennen no so.” So wuhu mmeae horow bi a ehia sɛ wusuasua Yehowa yiye saa?​—Dwom 18:35; 103:8, 9; Luka, 6:36; Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; 1 Petro 1:15, 16.

Kristo Ho Nokware Nimdeɛ

6. Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo kyerɛe sɛ ná asɛnka adwuma no ho hia no sen biribi foforo biara?

6 Yesu ho nimdeɛ a obi benya no hwehwɛ sɛ onya “Kristo adwene” na osuasua no. (1 Korintofo 2:16) Ná Yesu yɛ nokware ho ɔsɛnkafo a ɔwɔ anigye. (Yohane 18:37) Wamma ɔmanfo ɔkasatia no ansɛe n’asɛmpaka honhom a ɛyɛ hyew no. Ɛwom sɛ na Yudafo afoforo tan Samariafo de, nanso odii Samariani ɔbea bi adanse wɔ asubura bi ho. Ebia na ɔbea a wɔne no kasa kyɛ wɔ baguam no mpo betumi ayɛ biribi a na wɔkasa tia!a Nanso Yesu amma sɛnea na ɔmanfo no te nka no ansiw adanse a obedi no kwan. Ná Onyankopɔn adwuma no ma onya ahotɔ. Ɔkae sɛ: “M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.” Anigye a na Yesu nya bere a nkurɔfo tie no, te sɛ nea ɛbae wɔ Samariani ɔbea no ne ne kuromfo afoforo no fam no mee no te sɛ aduan.​—Yohane 4:4-42; 8:48.

7. (a) Ɛsɛ sɛ Kristo ho nimdeɛ ka yɛn ma yɛyɛ dɛn? (b) So Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ ne nkoa nyinaa bɛyɛ asɛnka adwuma no pɛpɛɛpɛ? Kyerɛkyerɛ mu.

7 So wote nka sɛ nea Yesu yɛe no? Ampa, ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔne ɔhɔho befi Bible mu nkɔmmɔbɔ ase na ɔmanfo taa kasa tia. Nanso, sɛ yebenya Kristo adwene no bi a, ɛnde yɛrentumi nguan mfi nokwasɛm yi ho: Ɛsɛ sɛ yedi adanse. Nokwarem no, yɛn nyinaa rentumi nyɛ asɛnka adwuma no pɛpɛɛpɛ. Eyi gyina sɛnea yɛn ahoɔden ne yɛn nsɛm tebea te no so. Enti nte nka sɛ Onyankopɔn ani nnye wo som kronn no ho. Mmom no, ɛsɛ sɛ Yesu ho nimdeɛ a yɛwɔ no ka yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi. Yesu kamfoo ɔkra nyinaa mu a wofi som no.​—Mateo 13:18-23; 22:37.

Hia A Ɛho Hia Sɛ Wukyi Bɔne

8, 9. Nneɛma ahorow a Onyankopɔn tan no bi ne nea ɛwɔ he, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ayi ɔtan a ɛte saa ara adi?

8 Nokware nimdeɛ boa yɛn nso ma yehu nneɛma a Yesu ne Yehowa kyi no yiye. (Hebrifo 1:9; Yesaia 61:8) “Ade asia yi na [Yehowa] tan, na de ason na ɛyɛ ne kra akyide, ani a ɛtra ntɔn, atoro tɛkrɛma, ne nsa a ehwie mogya a edi bem gu; koma a edwen mmusu adwene, nan a ɛyɛ hare tu mmirika kɔ bɔne mu; ɔdansekrumfo a ohuw atosɛm, ne nea ɔhyɛ anuanom ntam takrawogyam.” (Mmebusɛm 6:16-19) Saa su ne nneyɛe horow yi yɛ “ne kra akyide.” Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “akyide” no fi asɛmfua bi a wɔkyerɛ ase sɛ, “sɛ ade ho yɛ wo nwini, ɛyɛ abofono,” “sɛ wompɛ ade bi esiane opira a ɛde ba nkate ahorow no nyinaa so no nti; sɛ wode abufuw tan ade,” no mu. Enti sɛ yebenya asomdwoe wɔ yɛne Onyankopɔn ntam a, ɛsɛ sɛ yenya adebɔne ho ɔtan kɛse saa ara.

9 Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ wɔpow “ani a ɛtra nɔn” ne ahantan mu adeyɛ biara. Ebinom ate nka wɔ wɔn asubɔ akyi sɛ wonhia mmoa a wɔn a wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no de ma wɔn daa no bio. Nanso ɛsɛ sɛ Kristofo afoforo de ahobrɛase gye mmoa ahorow tom bere a wɔn ase retim wɔ nokware no mu no. (Galatifo 6:6) Afei nso twe wo ho fi afoforo ho nsɛm a wɔkeka a ebetumi de “anuanom ntam takrawogyam” aba no ho. Ɛdenam atesɛm a ɛnyɛ nokware a yɛbɛtrɛw mu, kasatia a enni nnyinaso, anaa atoro a yebedi so no, ebia ‘yɛrenhwie mogya a edi bem’ ngu ankasa de, nanso yebetumi ‘akum’ ɔfoforo din pa a ɔwɔ no. Yɛrentumi nka sɛ yɛne Onyankopɔn wɔ asomdwoe bere a asomdwoe nni yɛne yɛn nuanom ntam no. (Mmebusɛm 17:9; Mateo 5:23, 24) Onyankopɔn ka wɔ n’Asɛm no mu sɛ “ɔtan awaregu.” (Malaki 2:14, 16) Sɛ wɔaware a, so wobɔ mmɔden sɛ wobɛma w’aware no mu ayɛ den anaa? So afoforo ahokafo akyidi ne agoru a ɛmfata a wɔne wɔn di no yɛ akyide ma wo anaa? Te sɛ Yehowa no, so wukyi mmarima ne mmea nna mu porɔwee? (Deuteronomium 23:17, 18) Nneyɛe ahorow a ɛtete saa a yɛbɛtan no nyɛ mmerɛw esiane yɛn honam a ɛwɔ bɔne no ne sɛnea wiase no pene ne yɛ so no nti.

10. Ɔkwan bɛn so na yebetumi atan bɔne?

10 Sɛ́ nea ɛbɛboa wo ma woatumi atan nneyɛe bɔne ahorow no, twe wo ho fi sini ne TV so dwumadi anaa nhoma ahorow a ɛka ahonhonsɛmdi, ɔbrasɛe ne basabasayɛ ho nsɛm a wode begye w’ani no ho. (Deuteronomium 18:10-12; Dwom 11:5) Ɛdenam bɔneyɛ a wɔma ɛbɛyɛ te sɛ nea ‘ɛnyɛ bɔne biara’ anaasɛ ɛyɛ aseresɛm ara kwa no so no, anigyede ahorow a ɛtete saa no sɛe mmɔden a wobɔ sɛ wobɛtan bɔne sɛnea Onyankopɔn yɛ no. Wɔ ɔkwan foforo so no, mpaebɔ bɛboa wo, efisɛ Yesu kae sɛ: “Mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ de, na ɔhonam na ɛyɛ mmerɛw.” (Mateo 26:41, 42) Ɛdefa honam fam akɔnnɔ ho sɔhwɛ a wohyia ho no, Kristoni bi kae sɛ: “Mehyɛ me ho bɔ mpae. Ɛtɔ da bi a mete nka sɛ memfata sɛ mebɛn Yehowa, nanso sɛ mehyɛ me ho na mebɔ mpae srɛ no a, minya ahoɔden a mihia no.” Sɛ wususuw nea ɛyɛ yaw a efi bɔneyɛ mu ba no ho wɔ w’adwene mu a, wobɛte nea enti a Yehowa kyi no ase yiye.​—2 Petro 2:12, 13.

11. Nsɛm bɛn sɛɛ na ɛtɔ da bi a ebetumi ahaw yɛn adwene?

11 Ɛmfa ho sɛ asomdwoe wɔ wo ne Onyankopɔn ntam no, ɛtɔ mmere bi a asetra mu nhyɛso, sɔhwɛ ahorow ne w’ankasa mmerɛwyɛ mpo bɛhaw wo. Kae, woaba abɛyɛ obi a Satan de n’ani asi ne so titiriw. Ɔko tia wɔn a wodi Onyankopɔn ahyɛde so na wɔyɛ Yehowa Adansefo no nyinaa! (Adiyisɛm 12:17) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wubetumi akura w’asomdwoe no mu?

Ɔhaw Ahorow A Ɛsɛe Asomdwoe No Ano A Wubegyina

12. (a) Dɛn nti na wɔkyerɛw Dwom 34? (b) Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ sɛnea Dawid tee nka wɔ saa asɛm no mu no mu?

12 Dawid kyerɛwee wɔ Dwom 34:19 sɛ: “Ɔtreneeni amane dɔɔso.” Sɛnea dwom yi asehɔ asɛm kyerɛ no, Dawid kyerɛw saa dwom yi bere bi a ohyiaa owu ho ahunahuna no akyi. Bere a Dawid reguan afi Ɔhene Saul anim no, oguan kɔtoaa Akis a na ɔyɛ ɔhene wɔ Filistifo kuro Gat mu no. Saa ɔhene no nkoa huu Dawid na bere a wɔkaee n’akokodurusɛm sɛ ɔkofo ma Israel no, wɔbɔɔ Akis amanneɛ. Bere a Dawid tee wɔn nkɔmmɔbɔ no “ɔde nsɛm yi siee ne koma mu, na osuroo Gat hene Akis anim sɛ.” (1 Samuel 21:10-12) Anyɛ yiye koraa no, ɛha yɛ Goliat kurom, na na Dawid akum wɔn dɔmmarima yi​—na na okura ɔbran yi nkrante mpo! So na wobegye saa nkrante kakraka yi de atwa ne ti anaa? Dɛn na na Dawid betumi ayɛ?​—1 Samuel 17:4; 21:9.

13. Dɛn na Dawid yɛe wɔ n’amanehunu yi mu, na ɔkwan bɛn so na yebetumi adi ne nhwɛso no akyi?

13 Dawid de osu kotow srɛɛ Yehowa hɔ mmoa. Dawid kyerɛwee sɛ: “Ohiani yi teɛɛm, na [Yehowa] tiee no, na ogyee no n’ahohia nyinaa mu.” Ɔkyerɛwee bio sɛ: “Wagye me afi nea misuro nyinaa mu.” (Dwom 34:4, 6, 15, 17) So wo nso woasua sɛ wobɛkotow asrɛ Yehowa, na woaka wo haw nyinaa a wuhyia akyerɛ no? (Efesofo 6:18; Dwom 62:8) Ɛwom sɛ ebia wo haw no renyɛ te sɛ Dawid de yi de, nanso Yehowa bɛboa wo wɔ bere a ɛsɛ no mu. (Hebrifo 4:16) Nanso Dawid yɛɛ pii sen mpae a ɔbɔe no.

14. Ɔkwan bɛn so na Dawid de ‘n’adwene’ yɛɛ adwuma, na dɛn na Yehowa de ama a ɛbɛboa yɛn ma yɛantumi ayɛ saa ara?

14 “Na [Dawid] sakraa ne suban wɔn anim, na ɔboapa yɛɛ ne ho bɔdamfo wɔn nsam. . . . Ɛnna Akis ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Hwɛ, muhu sɛ onipa yi abɔ dam, na ɛdɛn nti na mode no abrɛ me?” (1 Samuel 21:13-15) Dawid susuw ɔkwan a ɔbɛfa so aguan ho. Yehowa hyiraa ne mmɔdenbɔ no so. Saa ara na yɛn nso sɛ yehyia nsɛm a emu yɛ den a, Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛde yɛn adwene bɛyɛ adwuma a ɛnyɛ sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ biribiara ama yɛn. Ɔde n’Asɛm a efi honhom mu no ama yɛn sɛ “wɔmfa nkyerɛ ntetekwaa anitew, . . . nimdeɛ ne adwempa.” (Mmebusɛm 1:4; 2 Timoteo 3:16, 17) Afei nso Onyankopɔn de asafo mpanyimfo a wobetumi aboa yɛn ma yɛahu sɛnea yebekura Onyankopɔn gyinapɛn ahorow no mu yiye ama yɛn. (1 Tesalonikafo 4:1, 2) Saa mmarima yi betumi aboa wo mpɛn pii ma woayɛ nhwehwɛmu wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu na woanya mmoa a wode besi gyinae a ɛteɛ anaasɛ sɛnea wubedi nsɛnnennen ho dwuma.

15. Dɛn nti na Dwom 34:18 yɛ awerɛkyekyesɛm?

15 Sɛ ɛba mpo sɛ yɛn koma di yaw esiane yɛn ankasa mmerɛwyɛ anaa nkogu bi nti na sɛ yɛwɔ ho su pa a, yebetumi akura yɛne Onyankopɔn ntam asomdwoe no mu. Dawid kyerɛwee wɔ Dwom 34:18 sɛ: “[Yehowa] bɛn wɔn a wɔn koma abubu, na ogye wɔn a wɔn honhom apɛtɛw.” Sɛ yɛsrɛ bɔne fafiri na yɛfa ɔkwan a ɛfata so de siesie nneɛma (titiriw wɔ bɔne a anibere wom mu) a, Yehowa bɛkɔ so abɛn yɛn na waboa yɛn ma yɛadi yɛn nkate ahorow ho dwuma.​—Mmebusɛm 28:13; Yesaia 55:7; 2 Korintofo 7:9-11.

Nimdeɛ A Yɛn Ankasa Anya De Asomdwoe Ba

16. (a) Dɛn ne ɔkwan foforo a yebetumi afa so anya Onyankopɔn ho nimdeɛ a ɛyɛ nokware? (b) Kyerɛkyerɛ Dawid asɛm: “Monka nhwɛ na munhu sɛ Yehowa ye” no mu.

16 Wɔ honhom mu nneɛma a yebenya akyi no, ɔkwan foforo a yɛbɛfa so anya Onyankopɔn ho nimdeɛ a ɛyɛ nokware ne sɛnea yɛn ankasa benya ne mmoa a efi ɔdɔ mu no mu osuahu. (Dwom 41:10, 11) Gye a wogye obi fi ahohia bi mu no nkyerɛ ɔhaw no a ɛba awiei amonom hɔ ara; ebia ɛho behia sɛ wokɔ so gyina mu. (1 Korintofo 10:13) Ɛwom sɛ wokoraa Dawid nkwa so wɔ Gat de, nanso ɔkɔɔ so yɛɛ ɔkobɔfo mfe pii, a na ohyia asiane ahorow pii. Dawid hui wɔ ne nyinaa mu sɛ na Yehowa dwen ne ho na na ɔboa no. Ná wahwehwɛ ɔne Yehowa ntam asomdwoe anya, na na wasua ahu sɛ “ade pa biara remmɔ wɔn” a wɔyɛ saa no. Bere a ɔnam n’ankasa suahu so ahu sɛnea Yehowa boaa no wɔ amanehunu bere mu no, ná Dawid betumi aka sɛ: “Monka nhwɛ na munhu sɛ [Yehowa] ye, nhyira ne onipa a oguan toa no.”​—Dwom 34:8-10, 14, 15.

17. Yehowa so a abusua bi de wɔn ho toe wɔ amanehunu bere mu no kaa wɔn dɛn?

17 Yehowa a wubeguan atoa no wɔ amanehunu mu no bɛma wo nso ‘woaka ahwɛ ahu sɛ Yehowa ye.’ Esiane asiane bi nti Kristoni bi a ɔwɔ United States adwuma a na n’akatua ye a na wayɛ no mfe 14 no fii ne nsa. Esiane sɛ na ɔne n’abusua nni ɔkwan biara a wobɛfa so anya sika nti, wɔkotow srɛɛ Onyankopɔn. Na bere koro no ara mu no, wotwaa nneɛma a wototɔ no so, wodii mpɛpɛw wɔ mfuw a ɛbemmɛn no mu na woyii nam wɔ nsu mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya aduan. Ɛdenam afoforo a wɔwɔ asafo no mu mmoa ne adwuma a wode bere kakraa bi yɛ so no, saa abusua a emufo yɛ anan yi tumi traa ase. Asiane no akyi afe biako no, ɛna no kae sɛ: “Yebetumi adaadaa yɛn ho aka sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so bere a nokwarem no yɛde yɛn ho to yɛn ankasa ahoɔden, yɛn hokafo anaa yɛn adwuma so. Wɔ yɛn fam no, yesuae sɛ yɛde yɛn ho bɛto Ne so ankasa mmom. Ná saa nneɛma yi nyinaa betumi ahwere yɛn, nanso Yehowa annyaw yɛn da​—wɔ bere tiaa bi mu mpo. Ɛwom sɛ nea yehia ankasa no nkutoo na yɛwɔ de, nanso sɛ́ abusua no, yɛne Yehowa ntam abusuabɔ no mu akɔ so ayɛ den.”

18. Dɛn na ɛbɛboa wo ma woatumi agyina nsɛnnennen a ɛkyɛ mpo ano?

18 Yiw, ebia sikasɛm mu ahokyere bi bɛkɔ so ayɛ nea ɛwɔ hɔ. Anaasɛ ebia honam fam ɔyare bi a akyɛ, wɔne afoforo ntam akasakasa, adwenemhaw, anaa nsɛnnennen afoforo pii bɛhaw obi. Nanso, ɛdenam Onyankopɔn a wubehu no nokwarem no so no, wubenya ne mmoa no mu gyidi. (Yesaia 43:10) Saa ahotoso a ɛnsɛe yi bɛboa wo ma woagyina na ama woanya “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no.”​—Filipifo 4:7.

19. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa mmu yɛn amanehunu ahorow no adewa?

19 Sɛ ɛba sɛ wurehyia ɔhaw bi a, mma wo werɛ mfi sɛ Yehowa nim amane a a wurehu no. Wɔ dwom bi a Dawid hyehyɛe bere a na ɔredwennwen nea ohyiae wɔ Gat no ho mu no, ɔsrɛɛ Yehowa sɛ: “Fa me nusu gu wo kotoku mu. Enni wo nhoma mu anaa?” (Dwom 56:8) Ɛda adi sɛ Onyankopɔn tiee Dawid adesrɛ no. Hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ sɛ yehu sɛ Onyankopɔn bɛboaboa nusu a ɛte saa a amanehunu ne ɔhaw ahorow de ba no ano agu ne kotoku mu, te sɛ nea obi de nsa a ne bo yɛ den anaa nsu a wɔnom gu toaa a ɛte saa mu no. Wɔbɛkae saa nusu yi daa, yiw wɔakyerɛw no Onyankopɔn nhoma mu. Hwɛ sɛnea Yehowa yɛ mmɔborɔhunu!

20. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama yɛne Onyankopɔn ntam asomdwoe no ayɛ kɛse?

20 Enti w’asubɔ no yɛ wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ a asomdwoe wom no mfiase ara kwa. Ɛdenam Onyankopɔn ne Yesu su ahorow no a wubebu no yiye, ne Yehowa mmoa wɔ sɔhwɛ bere mu a w’ankasa benya mu suahu so no, wobɛma wo ne Onyankopɔn ntam asomdwoe no ayɛ kɛse. Ɛnyɛ sɛ wo ne Yehowa ntam abusuabɔ no bɛyɛ ahobammɔ ama wo nko, na mmom wubenya anidaso a ɛyɛ nwonwa nso sɛ wobɛtra ase daa wɔ Paradise, faako a ‘wubegye w’ani asomdwoe bebree mu’ no.​—Dwom 37:11, 29.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛnea Talmud kyerɛ no, tete rabi ahorow no tuu fo sɛ: “Ɛnsɛ sɛ nhomanimfo ne ɔbea kasa wɔ abɔnten so.” Sɛ na saa amanne yi da so wɔ hɔ wɔ Yesu bere so a, ɛnde ebia ɛno nti na ɛyɛɛ n’asuafo no “nwonwa sɛ ɔne ɔbea no rekasa” no.​—Yohane 4:27.

So Wokae?

◻ Akwan horow bɛn so na yebetumi anya Onyankopɔn ne Yesu ho nokware nimdeɛ?

◻ Onyankopɔn ne Yesu a yebesuasua wɔn no bɛka yɛn ma yɛayɛ dɛn?

◻ Ɔkwan bɛn so na yesuasua Onyankopɔn tan a ɔtan bɔne no?

◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi akura asomdwoe mu a amanehunu ahorow mfa ho?

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Yesu amma ɔmanfo kasatia ansiw adanse a obedi no kwan. So wusuasua ne nnamyɛ wɔ asɛnka mu no?

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Bere a Dawid hyiaa nsɛnnennen no, ɔkotow srɛɛ Yehowa . . . . . . na ɔyɛɛ ne ho te sɛ obi a wabɔ dam de hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so aguan. Yehowa tiee Dawid mpaebɔ no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena