Hu Nyansa Na Gye Nteɛso Tom
YEHOWA NYANKOPƆN yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini ma ne nkurɔfo. Ɛnyɛ ne ho ade nkutoo na ɔkyerɛkyerɛ wɔn, na mmom nsɛm a ɛfa asetra ho nso. (Yesaia 30:20; 54:13; Dwom 27:11) Sɛ nhwɛso no, Yehowa maa Israel man no adiyifo, Lewifo—titiriw asɔfo—ne mmarima a wonim nyansa sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn. (2 Beresosɛm 35:3; Yeremia 18:18) Adiyifo no kyerɛkyerɛɛ nnipa no Onyankopɔn atirimpɔw ne ne su ahorow, na wɔma wohuu ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ wɔfa so. Na ɛyɛ asɔfo ne Lewifo no asɛyɛde sɛ wɔkyerɛkyerɛ Yehowa Mmara. Mmarima a wonim nyansa, anaa mpanyimfo no nso de da biara da mu nsɛm ho afotu a mfaso wɔ so mae.
Na Dawid ba, Salomo, yɛ Israel mmarima a wonim nyansa no mu otitiriw ankasa. (1 Ahene 4:30, 31) Bere a Seba hemmaa, nnipa atitiriw a wɔkɔsraa Salomo no mu biako, huu anuonyam ne ahode a ɔwɔ no, ɔkae sɛ: “Wɔanka me emu fã po: wo nyansa ne wo yiye sen nka a metee no.” (1 Ahene 10:7) Dɛn na ɛmaa Salomo nyaa nyansa saa? Bere a Salomo bɛyɛɛ Israel hene wɔ afe 1037 A.Y.B. mu no, ɔbɔɔ mpae srɛɛ “nyansa ne nimdeɛ.” Esiane sɛ na Yehowa pene n’abisade no so nti, ɔmaa no nimdeɛ, nyansa, ne nhumu koma. (2 Beresosɛm 1:10-12; 1 Ahene 3:12) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Salomo ‘bubuu mmɛ mpensa’! (1 Ahene 4:32) Wɔakyerɛw eyinom bi, a “Agur nsɛm” ne “Ɔhene Lamuel” de ka ho no wɔ Bible mu nhoma a ɛne Mmebusɛm no mu. (Mmebusɛm 30:1; 31:1) Nokwasɛm ahorow a wɔada no adi wɔ mmɛ no mu no da Onyankopɔn nyansa adi na ɛwɔ hɔ daa. (1 Ahene 10:23, 24) Sɛnea na ɛte wɔ bere a wodii kan kyerɛwee no, ɛso wɔ mfaso kɛse nnɛ ma obiara a ɔpɛ sɛ onya asetra pa a anigye wom.
Yiyedi ne Abrabɔ Fam Ahotew—Ɔkwan Bɛn So?
Wɔakyerɛkyerɛ Mmebusɛm nhoma no atirimpɔw mu wɔ ne nnianim nsɛm no mu: “Israel hene Salomo, Dawid ba no, mmebusɛm ni: Sɛ wɔmfa nhu nyansa ne nteɛso, sɛ wɔmfa nhu nhumu nsɛm mu; sɛ wɔmfa nnye nimdeɛ nteɛso, trenee, atemmu ne ade a ɛteɛ; sɛ wɔmfa nkyerɛ ntetekwaa anitew, aberante nso nimdeɛ ne adwempa.”—Mmebusɛm 1:1-4.
Atirimpɔw a ɛkorɔn bɛn ara na “Salomo mmebusɛm” no di ho dwuma sɛɛ yi! Ɛma obi “hu nyansa ne nteɛso.” Nea nyansa a obi benya no kyerɛ ne sɛ obehu sɛnea biribi te ankasa na ɔde saa nimdeɛ no adi ɔhaw ahorow ho dwuma, na ama wadu botae ahorow ho, akwati asiane ahorow, anaasɛ ɔde aboa afoforo ma wɔayɛ saa ara. Nhwehwɛmu bi ka sɛ: “Wɔ Mmebusɛm Nhoma no mu no, ‘nyansa’ kyerɛ asetra mu ahokokwaw—nimdeɛ a obi de paw biribi wɔ nyansam, na ɛma esi no yiye wɔ asetra mu.” Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yenya nyansa!—Mmebusɛm 4:7.
Salomo mmɛ no de nteɛso nso ma. So yehia saa ntetee yi? Wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no, nteɛso kyerɛ ateɛteɛ, animka, anaa asotwe. Sɛnea Bible ho nimdefo bi kyerɛ no, “ɛkyerɛ abrabɔ pa ho ntetee a wɔde twe obi fi nneyɛe anaa nsusuwii bɔne ho.” Nteɛso—sɛ́ obi ankasa de ma ne ho anaasɛ efi afoforo hɔ no—mmɔ yɛn ho ban mfi bɔne ho nko, na mmom ɛkanyan yɛn ma yɛsesa yɛ adepa nso. Yiw, sɛ yɛpɛ sɛ yɛn abrabɔ ho kɔ so tew a, ɛnde yehia nteɛso.
Enti, mmɛ no kura atirimpɔw abien—sɛ ɛbɛma obi anya nyansa ne sɛ ɛde nteɛso bɛma. Abrabɔ pa ho nteɛso ne adwene a emu dɔ wɔ afa ahorow pii. Sɛ nhwɛso no, trenee ne atɛntrenee yɛ abrabɔ pa mu su ahorow, na ɛboa yɛn ma yegye Yehowa gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn no tom.
Nyansa yɛ nneɛma horow pii a wɔaka abom, na nea ɛka ho ne ntease, nhumu, anitew, ne adwempa. Ntease yɛ tumi a wɔde hu asɛm bi ani so ne sɛnea n’afa ahorow te, denam hu a wobehu sɛnea afa ahorow no ne asɛm mũ no nyinaa hyia so, na ama wanya emu ntease. Nhumu hwehwɛ sɛ obi susuw biribi ho na ɔte nea enti a nneyɛe bi yɛ papa anaa bɔne no ase. Sɛ nhwɛso no, obi a ɔwɔ ntease no betumi ahu sɛ obi rekɔ bɔne mu, na obetumi de kɔkɔbɔ ama no wɔ asiane a ebefi mu aba no ho ntɛm so. Nanso egye nhumu na wahu nea enti a onipa no refa ɔkwan a ɛte saa so na wahu ɔkwan pa a ɔbɛfa so agye no.
Anitefo ani da hɔ—wɔnyɛ tibɔnkɔso. (Mmebusɛm 14:15) Wotumi hu bɔne a ɛbɛba na wosiesie wɔn ho to hɔ. Na nyansa ma yenya nsusuwii ne adwene a edi mũ a ɛma yɛn akwankyerɛ pa wɔ asetra mu. Nokwarem no, mfaso wɔ so sɛ yebesua Bible mu mmebusɛm no, efisɛ wɔkyerɛw too hɔ sɛnea ɛbɛma yɛanya nyansa ne nteɛso. “Ntetekwaa” mpo a wɔwɛn wɔn aso ma mmɛ no ani bɛtew, na “aberante” anya nimdeɛ ne nhumu.
Mmebusɛm Ma Anyansafo
Nanso, ɛnyɛ ntetekwaa ne mmerante nkutoo nti na Bible mu mmebusɛm no wɔ hɔ. Ɛwɔ hɔ ma obiara a onim nyansa sɛ obetie. Ɔhene Salomo kae sɛ: “Na onyansafo ntie, na n’adenim nnɔɔso, na onimdefo mfa nnya atɛmpa: Sɛ wɔmfa nhu abebusɛm ne akasabebui, anyansafo nsɛm ne wɔn mmɛ mu.” (Mmebusɛm 1:5, 6) Onipa a ɔwɔ nyansa dedaw no bɛma n’adenim adɔɔso denam n’adwene a ɔde besi mmɛ no so no so, na onipa a ɔwɔ ntease bɛbɔ mmɔden kɛse sɛ n’asetra besi no yiye.
Ɛbɛ taa de nsɛmfua kakraa bi kyerɛkyerɛ nokwasɛm a emu dɔ mu. Bible mu bɛ bi betumi ayɛ nea asete yɛ den. (Mmebusɛm 1:17-19) Mmɛ bi yɛ aborɔme—nsɛm a ɛkyere adwene na asete nna fam a egye nhwehwɛmu. Yebetumi ahu ntotoho ne kasakoa ahorow bi nso wɔ ɛbɛ mu. Egye bere ne nsusuwho na obi ate eyinom ase. Akyinnye biara nni ho sɛ, Salomo a obuu mmɛ pii no, nyaa ɛbɛ ho ntease a ɛfata. Wɔ Mmebusɛm nhoma no mu no, ɔde yɛɛ ne botae sɛ ɔbɛma n’akenkanfo anya saa nimdeɛ no, biribi a onyansafo bɛpɛ sɛ ohu.
Nhyɛase a Ɛma Obi Du Botae no Ho
Ɛhe na obi fi ase hwehwɛ nyansa ne nteɛso? Salomo bua sɛ: “[Yehowa, “NW”] suro ne nimdeɛ mfiase; agyimfo bu nyansa ne nteɛso animtiaa.” (Mmebusɛm 1:7) Yehowa suro na ɛma obi nya nimdeɛ. Sɛ obi nni nimdeɛ a, ontumi nhu nyansa anaa nteɛso. Enti, Yehowa suro ne nyansa ne nteɛso mfiase.—Mmebusɛm 9:10; 15:33.
Onyankopɔn suro nkyerɛ ehu a ɛmfata a yebenya wɔ ne ho. Mmom no, ɛyɛ obu ne nidi a emu dɔ. Sɛ saa suro yi nni hɔ a, yɛrentumi nnya nokware nimdeɛ. Yehowa Nyankopɔn nkyɛn na nkwa fi, na nokwarem no, sɛ yebenya nimdeɛ biara a, nkwa ho hia kɛse. (Dwom 36:9; Asomafo no Nnwuma 17:25, 28) Bio nso, Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa; enti nnipa nimdeɛ nyinaa gyina ne nnwuma ho ade a yebesua so. (Dwom 19:1, 2; Adiyisɛm 4:11) Onyankopɔn na ɔde honhom kaa nkurɔfo ma wɔkyerɛw N’asɛm a “eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso, ne trenee mu yɛn” no. (2 Timoteo 3:16, 17) Enti, nokware nimdeɛ nyinaa gyina Yehowa so, na ɛsɛ sɛ obiara a ɔhwehwɛ akyi kwan no nya ne ho suro a ɛfata.
Sɛ Onyankopɔn suro nnim a, mfaso bɛn na ɛwɔ nnipa nimdeɛ ne wiase nyansa so? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyansafo wɔ he? Kyerɛwfo wɔ he? Wi yi ase kyinnyegyefo wɔ he? Onyankopɔn nnan wi yi ase nyansa nkwaseasɛm anaa?” (1 Korintofo 1:20) Obi a ɔyɛ wiase yi mu nyansafo na onni Onyankopɔn ho suro no gyina asetra mu nokwasɛm ahorow so sisi gyinae bɔne, na ɔbɛyɛ ‘ɔkwasea ankasa.’
“Wo Kɔn Mu Ntweaban”
Afei ɔhene nyansafo no ka kyerɛ mmofra sɛ: “Me ba, tie w’agya nteɛso, na mpo wo nna mmara. Na ɛyɛ wo ti anuonyam abotiri ne wo kɔn mu ntweaban.”—Mmebusɛm 1:8, 9.
Wɔ tete Israel no, na asɛyɛde a Onyankopɔn de ama awofo ne sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mma. Mose tuu agyanom fo sɛ: “Asɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” (Deuteronomium 6:6, 7) Ná ɛnanom nso wɔ asɛyɛde a ɛho hia. Wɔ agya no tumi ase no, na ɔyere Hebrini betumi ahwɛ ma wɔde mmara a wɔahyɛ wɔ abusua no mu adi dwuma.
Nokwarem no, wɔ Bible mu nyinaa no, abusua no yɛ ahyehyɛde titiriw a wɔnam so de nkyerɛkyerɛ ma. (Efesofo 6:1-3) Nea ɛbɛyɛ na mmofra atie wɔn awofo a wɔyɛ agyidifo no, na ɛsɛ sɛ wɔde sɛnkyerɛnne kwan so abotiri ne ntweaban no hyehyɛ wɔn.
“Ɛfa Ne Wuranom Kra Kɔ”
Ansa na agya bi a ofi Asia de ne ba a wadi mfe 16 rekɔ United States ma wakɔtoa ne nhomasua so no, otuu no fo sɛ ɔmmfa ne ho nnkɔbɔ nnipa bɔnefo. Saa afotu no ne Salomo kɔkɔbɔ yi hyia: “Me ba sɛ nnebɔneyɛfo gyigye wo a, mpene!” (Mmebusɛm 1:10) Nanso, Salomo kyerɛ akwan a wɔnam so dɛɛdɛɛ no sɛ: “Wose: Bra ma yenkobuw mogya, ma yɛnkɔtɛw nea odi bem kwa; ma yɛmmemmene wɔn anikan sɛ asaman, ne pɛyɛfo sɛ wɔn a wosian kɔ amoa mu; yebenya ade a ne bo yɛ den nyinaa, yɛde asade bɛhyɛ yɛn afi ma. Fa wo kyɛfa bɛbɔ yɛn de mu, yɛn nyinaa benya kotoku biako.”—Mmebusɛm 1:11-14.
Ɛda adi yiye sɛ nnɛɛdɛe no ne ahonyade. Bere a “abɔnefo” pɛ sɛ wonya wɔn ho ntɛm no, wɔdaadaa afoforo ma wɔde wɔn ho hyɛ wɔn pɔw bɔne no mu. Saa abɔnefo yi nsuro sɛ wobehwie mogya agu de apɛ honam fam ahonyade. ‘Wɔmene nea wɔtɛw no no anikan sɛ asaman, pɛyɛfo mpo,’ na wogye nea ɔwɔ nyinaa, sɛnea ɔdamoa gye nipadua no nyinaa no. Wɔma afoforo de wɔn ho hyɛ amumɔyɛ mu—‘wɔpɛ sɛ wɔde adehunu hyɛ wɔn afie ma,’ na wɔpɛ sɛ atetekwaa de ‘ne kyɛfa bɛbɔ wɔn de mu.’ Kɔkɔbɔ a ɛyɛ ne bere mu de bɛn ara na yɛn nsa aka sɛɛ yi! So ɛnyɛ eyi ne ɔkwan koro ara a mmofra apoobɔfo ne nnubɔnenomfo fa so? So ɛnyɛ sɔhwɛ, bere a nnwuma horow pii a asɛm wɔ ho hyɛ bɔ sɛ wɔbɛma afoforo anya wɔn ho ntɛm no?
Ɔhene nyansafo no tu fo sɛ: “Me ba, wo ne wɔn nnnantew ɔkwan so. Twe wo nan fi wɔn sa so. Na wɔn nan tu mmirika kɔ bɔne mu, na wɔpɛ ntɛm hwie mogya gu.” Ɔreka amanehunu a ɛba wɔn so ho asɛm no, ɔde kaa ho sɛ: “Na ɔkwa ara na wɔasum afiri ntakraboa nyinaa anim; na wɔn de, wɔn ankasa mogya na wobuw, wɔtɛw wɔn ankasa kra. Saa na amim mu mfasopɛfo nyinaa akwan te, ɛfa ne wuranom kra kɔ.”—Mmebusɛm 1:15-19.
“Amim mu mfasopɛfo nyinaa” bɛyera wɔ wɔn ankasa nneyɛe mu. Abɔnefo a wosum afoforo afiri no bɛtɔ wɔn ankasa afiri mu. So wɔn a wɔboapa yɛ bɔne no bɛsesa wɔn akwan? Dabida. Nnomaa—“ntakraboa” nyinaa—betumi ahu pefee se berebuw bi na esi hɔ yi, nanso wɔbɛkɔ akowura mu. Saa ara na, abɔnefo, a adifudepɛ afura wɔn ani no, kɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, ɛwom mpo sɛ ɛrenkyɛ na wɔakyere wɔn de.
Hena na Obetie Nyansa?
So abɔnefo nim ankasa sɛ wɔn nneyɛe no yɛ hu? So wɔabɔ wɔn kɔkɔ wɔ nea ebefi wɔn nneyɛe no mu aba ho? Wontumi mfa anibiannaso nyi wɔn ho ano, efisɛ wɔde kɔkɔbɔ a emu da hɔ ama wɔ baguam.
Salomo kae sɛ: “Nyansa teɛm mmorɔn so, ɔma wɔte ne nne mmɔnten so; ɔteam aguabirim ti, ɔka ne nsɛm, kurow apon ano, kurow no mu.” (Mmebusɛm 1:20, 21) Nyansa de nne a emu da hɔ na ano yɛ den teɛm mmɔnten so ma obiara te. Wɔ tete Israel no na mpanyimfo no de afotu pa ma, na na wodi nsɛm wɔ kurow no apon ano. Wɔ yɛn fam no, Yehowa ama wɔakyerɛw nokware nyansa wɔ N’asɛm Bible mu, a yehu wɔ baabiara. Na ne nkoa a wɔwɔ hɔ nnɛ no ani abere denneennen rebɔ asɛmpa no dawuru wɔ baguam baabiara. Nokwarem no, Onyankopɔn ama wɔabɔ nyansa ho dawuru wɔ baabiara.
Dɛn na nokware nyansa ka? Ese: “Da bɛn ara na mo ntetekwaa mobɛpɛ ntetekwaasɛm akosi? na afɛwdifo apɛ wɔn fɛwdi . . . ? Mafrɛ, na mokame, mateɛ me nsam, na obi mfa nyɛ hwee.” Nkwaseafo ntie nyansa. Ne saa nti, “wobedi wɔn kwan so aba.” Wɔn ankasa ‘akyirisan ne wɔn yiyedi bɛsɛe wɔn.’—Mmebusɛm 1:22-32.
Na nea wagye bere atie nyansa no nso ɛ? ‘Ɔbɛtra hɔ komm, na ne ho adwo no a onsuro sɛ amane bi reba.’ (Mmebusɛm 1:33) Ɛmmra sɛ wobɛka wɔn a wohu nyansa na wogye nteɛso tom no ho denam Bible mu mmɛ a wubetie no so.
[Kratafa 15 mfonini]
Nokware nimdeɛ abu so wɔ baabiara