Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w02 10/1 kr. 32
  • So Ɛsɛ sɛ Woyɛ Obi a Womfa Asɛm Nyɛ Asɛm?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛsɛ sɛ Woyɛ Obi a Womfa Asɛm Nyɛ Asɛm?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
w02 10/1 kr. 32

So Ɛsɛ sɛ Woyɛ Obi a Womfa Asɛm Nyɛ Asɛm?

EBIA nnipa dodow no ara besusuw sɛ ɛyɛ nkamfo sɛ wobebu wɔn sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wɔmfa asɛm nyɛ asɛm, wɔnhaw adwene, wodwo, wɔwɔ abodwokyɛre. Nanso, asɛm a wɔmfa nyɛ asɛm kyerɛ biribi foforo nso. Bible ka sɛ: “Hwee a ɛmfa nkwasea ho bɛsɛe wɔn.” (Mmebusɛm 1:32, NW) Dɛn na ɛno kyerɛ?

Bible nkyerɛase afoforo kyerɛ mfitiase Hebri asɛmfua no ase sɛ “asɛm biara mfa ho” (American Standard Version), “tirimdɛ” (The New American Bible), “anibiannaso.” (The New English Bible) Saa kwan yi so no, wɔde asɛm a wɔmfa nyɛ asɛm bata akwadworɔ ne anibiannaso ho ma enti ɛkyerɛ kwasea ne nkwaseasɛm.

Wɔ afeha a edi kan no mu no, na Kristofo a wɔwɔ Laodikea asafo mu no honhom fam sintɔ ahorow ho asɛm nhia wɔn koraa anaasɛ na ɛho asɛm mfa wɔn ho. Wɔde tirimdɛ hoahoaa wɔn ho sɛ ‘hwee nhia wɔn.’ Yesu Kristo teɛɛ wɔn so, ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkanyan wɔn Kristofo nsiyɛ no.—Adiyisɛm 3:14-19.

Ná Noa bere sofo no nso yare anibiannaso. Wɔmaa asetram nneɛma gyee wɔn adwene, “wodidii na wɔnomee, wɔwaree na wɔmaa aware, . . . na wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe.” Afei Yesu de kaa ho sɛ: “Saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ.”—Mateo 24:37-39.

Bible nkɔmhyɛ ahorow a anya ne mmamu no kyerɛ sɛ yɛte bere a Yesu Kristo, ‘onipa ba no aba’ no mu. Ɛmmra sɛ yɛremmɛyɛ nnipa a yɛyare anibiannaso, hwee mfa yɛn ho, na yɛyare tirimdɛ—nnipa a wɔmfa asɛm nyɛ asɛm wɔ ɔkwan a ɛmfata so da.—Luka 21:29-36.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena