Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 5/14 kr. 16
  • Nyansa Reteɛm​—Wote?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nyansa Reteɛm​—Wote?
  • Nyan!—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Nhyira Ne Onipa a Ohu Nyansa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nyansa Reteɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • ‘O Hwɛ Sɛnea Onyankopɔn Nyansa Mu Dɔ!’
    Bɛn Yehowa
  • “Nkwaseasɛm” A Yehowa De Gye Wɔn A Wogye Di No Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2014
g 5/14 kr. 16
Yehowa Adansefo rekyerɛkyerɛ ɔbaa bi Bible

‘Nyansa Reteɛm’ Wote?

“Ɛnyɛ nyansa na ɛteɛm, na nhumu ma ne nne so? Egyina sorosoro, ɔkwan so, nkwanta so. Ɛteɛm denneennen . . . wɔ, kurotia, abobow ano.”—MMEBUSƐM 8:1-3.

NYANSA deɛ, hwee ne no nsɛ. Sɛ yɛannya bi a, anka yɛbɛyɛ nneɛma basabasa. Ɛnneɛ sɛ yɛrepɛ nyansa paa a, ɛhe na yebenya no? Onipa a ɔkyerɛw Mmebusɛm nwoma no kaa Ɔbɔadeɛ no nyansa a ɛso bi nni ho asɛm. Bio nso, Onyankopɔn ada ne nyansa adi wɔ Bible mu ma enti nnipa nyinaa betumi ahu. Wo deɛ hwɛ nsɛm yi:

  • Nwoma bi ka sɛ, Bible ne “nwoma a yɛakyekyɛ wɔ asase yi so paa. Sɛ wopɛ nwoma a yɛakyerɛ aseɛ mpɛn pii kɔ kasa bebree mu a, ɛda mu fua.” (The World Book Encyclopedia) Seesei wɔakyerɛ Bible mũ no nyinaa anaa ne fã bi ase wɔ kasa bɛyɛ 2,600 mu. Wei nti wuyi nnipa 10 biara a, emu 9 wɔ Bible.

  • Bio, nyansa ‘teɛm denneennen.’ Wei nyɛ kasakoa; ɛyɛ asɛm paa ara. Mateo 24:14 ka sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”

Saa “asɛmpa” no yɛ nyansa efisɛ ɛma yehu nyansakwan a Onyankopɔn nam so beyi adesamma haw afi hɔ; ɔnam n’Ahenni no so. Saa Ahenni no yɛ Onyankopɔn aban a ebedi wiase nyinaa so. Saa bere no aban baako pɛ na ebedi nnipa nyinaa so. (Daniel 2:44; 7:13, 14) Yesu Kristo bɔɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.”—Mateo 6:9, 10.

Yehowa Adansefo rebɔ Onyankopɔn Ahenni no dawuro wɔ nsase mmaako mmaako 239 so! Wobu adwuma a wɔreyɛ yi sɛ akwannya kɛse paa. Ampa, nyansa, kyerɛ sɛ Onyankopɔn nyansa ‘reteɛm.’ Ɛreteɛm wɔ “abobow ano.” Wote?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena