Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Nhyira Ne Onipa a Ohu Nyansa”
    Ɔwɛn-Aban—2001 | March 15
    • ‘Ɔteɛm Denneennen’

      Mmebusɛm ti 8 de asɛmmisa a wɔnhwɛ kwan sɛ wɔbɛma ho mmuae na efi ase sɛ: “Ɛno ɛnyɛ nyansa na ɛteɛm, na [nhumu, “NW”] ma ne nne so?”a Yiw, nyansa ne nhumu kɔ so teɛm, nanso ɛnte sɛ ɔbea guamanfo a ɔtetɛw sum mu na ɔka nnaadaasɛm gu aberante atetekwaa a ɔno nko nam asom no. (Mmebusɛm 7:12) “Sorɔnsorɔn atifi, ɔkwan so, nkwanta so na ogyinae, na ɔteɛm aponkɛse ho, kurotia, abobowano.” (Mmebusɛm 8:1-3) Wɔte nyansa nne a ano yɛ den na ɛda akokoduru adi no pefee wɔ mmɔnten so—apon ano, nkwanta so, ne kurow pon ano. Nkurɔfo betumi ate ɛnne no ntɛm na wɔagye so.

      Hena na obetumi agye kyim sɛ obiara a ɔwɔ asase so a ɔpɛ sɛ ne nsa ka Onyankopɔn nyansa a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu, Bible mu, no nsa ntumi nka bi? The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Bible ne abakɔsɛm mu nhoma a wɔakan no kɛse sen biara.” Ɛde ka ho sɛ: “Wɔakyekyɛ Bible no pii sen nhoma foforo biara. Wɔakyerɛ Bible no ase mpɛn pii, na wɔde kɔ kasa pii mu sen nhoma foforo biara.” Bere a Bible mũ no nyinaa anaa ne fã bi wɔ kasa bɛboro 2,100 mu no, adesamma abusua ɔha biara mu 90 na anyɛ yiye koraa no wobetumi anya Onyankopɔn Asɛm no fã bi wɔ wɔn ankasa kasa mu.

      Yehowa Adansefo reka Bible mu asɛm no wɔ baguam wɔ baabiara. Wɔde nnamyɛ reka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no na wɔde Onyankopɔn Asɛm mu nokware no rekyerɛkyerɛ nkurɔfo wɔ nsase 235 so. Wotintim wɔn nsɛmma nhoma ahorow a egyina Bible no so, Ɔwɛn-Aban, a wotintim no kasa 140 mu, ɛne Nyan!, a wotintim no kasa 83 mu no mu biara bɛboro ɔpepem 20 na wɔde mema. Akyinnye biara nni ho sɛ nyansa kɔ so teɛm denneennen mmɔnten so!

  • “Nhyira Ne Onipa a Ohu Nyansa”
    Ɔwɛn-Aban—2001 | March 15
    • a Hebri asɛmfua a egyina hɔ ma “nyansa” no wɔ ɔbea kabea mu. Enti, nkyerɛase bi de edin nsiananmu a ɛwɔ ɔbea kabea mu na edi dwuma bere a ɛreka nyansa ho asɛm no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena