Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 1/1 kr. 18-23
  • Suro Yehowa Na Hyɛ Ne Din Kronkron Anuonyam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Suro Yehowa Na Hyɛ Ne Din Kronkron Anuonyam
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Osuro Pa Di Nkonim
  • Yehowa Suro mu a Wofi Yɛ Ade
  • Dɔ Papa, Kyi Bɔne
  • Suro Yehowa na Yi no Ayɛ
  • Hyɛ Yehowa Anuonyam Daa
  • Nya Koma A Esuro Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Sua a Yebesua sɛ Yebenya Yehowa Suro mu Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yesuro Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Onyankopɔn Suro​—So Ɛho Betumi Aba Wo Mfaso?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 1/1 kr. 18-23

Suro Yehowa Na Hyɛ Ne Din Kronkron Anuonyam

“Hena na ɔrensuro wo ampa, Yehowa, na ɔrenhyɛ wo din anuonyam, efisɛ wo nko na woyɛ ɔnokwafo?”​—ADIYISƐM 15:4, New World Translation.

1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa buee ɔsoro mfɛnsere wɔ 1991 mu? (b) Asetra mu osuahu bɛn na ɛmaa ɔsɛmpatrɛwfo ɔnokwafo bi de afotu mae sɛ: “Suro Yehowa”? (Hwɛ 1991 Yearbook, nkratafa 187-9 nso.)

YEHOWA ‘buee ɔsoro mfɛnsere na ohwiee nhyira mae ma ɛboroo so ankasa kosii sɛ hwee anhia bio.’ Wobetumi aka nsɛm yi afa Yehowa Adansefo ho wɔ nnansa yi mmere mu mpɛn pii. (Malaki 3:10) Sɛ nhwɛso no, anigye a Adansefo ahɔho ne kurom hɔ nhyiamfo nyae no daa adi boroo so wɔ Kristofo fekubɔ mu wɔ wɔ nhyiam atitiriw a wɔyɛɛ no wiase nyinaa no ase​—fi “Kasa Kronn” Nhyiam a wɔyɛe wɔ Buenos Aires, South America; ne Manila, Taipei, ne Bangkok wɔ Apuei Fam; kosi “Wɔn a Wɔpɛ Ahofadi” Nhyiam a wɔyɛe wɔ Budapest, Prague, ne Zagreb (August 16-18, 1991) wɔ Europa Apuei Fam wɔ 1991 ɔsom afe no mu.

2 Hwɛ anigye ara a nhyiamfo a wofi amannɔne nyae sɛ wɔne saa mmeae no Adansefo a wɔde bere tenten adi nokware no hyiae! Sɛ nhwɛso no, wo Bangkok no, Frank Dewar​—a bere bi na ɔno nkutoo ne Ahenni ɔdawurubɔfo wɔ Thailand no​—kaa mfe 58 a ɔde asom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo no ho asɛm. Wɔayɛ adwuma fi Pasifik supɔw ahorow no so kosi Asia Kesee Fam apuei, de akodu China mpo. Wɔahyia asu a ogui, kwaem nkekaboa, nyarewa ahorow, ne Japanfo asahene atirimɔden nniso mu asiane ahorow. Wobisaa no sɛ afotu bɛn na ɔwɔ ma nhyiamfo no, ɔmaa mmuae tiawa sɛ: “Suro Yehowa!”

3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda osuro pa adi?

3 “Suro Yehowa!” Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛn nyinaa nya saa osuro pa no! ‘Yehowa suro ne nyansa mfiase.’ (Dwom 111:10) Osuro yi nyɛ Yehowa ho hu a ɛmfata. Mmom no, ɛyɛ obu kɛse ma ne kɛseyɛ a ɛyɛ nwonwa ne ne su pa ahorow, a egyina nhumu a yenya fi Onyankopɔn Asɛm sua mu so no. Mose ne Oguammaa no dwom a ɛwɔ Adiyisɛm 15:3, 4, NW no se: “Wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa, Yehowa Nyankopɔn, Ade nyinaa so Tumfoɔ. W’akwan teɛ na ɛyɛ nokware, mmeresanten Hene. Hena na ɔrensuro wo ampa, Yehowa, na ɔrenhyɛ wo din anuonyam, efisɛ wo nko na woyɛ ɔnokwafo?” Wɔ nokwaredi ma n’asomfo mu no, Yehowa wɔ ‘nkae nhoma bi a wɔakyerɛw n’anim ama wɔn a wosuro Yehowa na wɔdwen ne din ho no.’ Ɔde daa nkwa ma wɔn sɛ akatua.​—Malaki 3:16; Adiyisɛm 20:12, 15.

Osuro Pa Di Nkonim

4. Tete ogye bɛn na ɛsɛ sɛ ɛhyɛ yɛn nkuran ma yesuro Yehowa?

4 Bere a Israel fii Farao Misraim no, Mose daa no adi pefee sɛ Yehowa nkutoo na osuro no. Ankyɛ na Israelfo no kɔkaa Po Kɔkɔɔ no ne Misraim akofo a wɔyɛ den no ntam. Na dɛn na wobetumi ayɛ? “Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Munnsuro, munnyina pintinn, na monhwɛ [Yehowa] nkwagye a ɔde rebɛkyerɛ mo nnɛ, na Misrifo a muhu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn da biara da bio. [Yehowa ankasa] bɛko ama mo, na mo de, monyɛ komm!” Yehowa paee nsu no mu anwonwa kwan so. Israelfo no faa ɛpo bɔnka no mu twae. Afei nsu no ka boom bio. Ɛtɔree Farao dɔm no ase. Yehowa gyee saa ɔman a wosuro no no nkwa, na obuu Misraim man a wɔanni no ni no atɛn bere koro no ara mu. Saa ara na nnɛ, ɔbɛda ne nokwaredi adi denam n’Adansefo a wosuro no a obegye wɔn afi Satan wiase mu no so.​—Exodus 14:13, 14; Romafo 15:4.

5, 6. Yosua bere so nsɛm a esisii bɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yesuro Yehowa na ɛnyɛ onipa?

5 Wofii Misraim akyi no, Mose somaa akwansrafo 12 kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so. Ehu kaa wɔn mu du bere a wohuu ɛhɔfo a wɔte sɛ abran no, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛdan Israelfo no adwene na woankɔ asase no so. Nanso baanu a aka no, Yosua ne Kaleb, bɔɔ amanneɛ sɛ: “[Ɛyɛ] asase pa ara. Sɛ [Yehowa] pɛ yɛn a, ɔde yɛn bedu asase no so na ɔde ama yɛn, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no. [Yehowa] ani so atua ara nko na monntew, na munnsuro asase no sofo no, na wɔyɛ yɛn aduan; wɔn kataman afi wɔn so, na yɛn de, [Yehowa] di yɛn akyi, munnsuro wɔn.”​—Numeri 14:7-9.

6 Nanso, saa Israelfo no maa onipa ho suro dii wɔn so. Enti, wɔankodu bɔhyɛ asase no so. Nanso Yosua ne Kaleb, ne Israelfo awo ntoatoaso foforo, nyaa hokwan hyɛn saa asase pa no so kɔyɛɛ bobe ne ngodua nturo wom. Yosua ne Israelfo a na wɔahyiam no redi nkra no, ɔde afotu yi mae sɛ: “Munsuro [Yehowa] na monsom no emudi ne nokware mu.” Na Yosua de kaa ho sɛ: “’Me ne me fi de, yɛbɛsom [Yehowa].” (Yosua 24:14, 15) Nkuranhyɛ nsɛm bɛn ara na eyi yɛ ma mmusua ti ne afoforo nyinaa sɛɛ yi, sɛ yebesuro Yehowa bere a yɛresiesie yɛn ho ahyɛn Onyankopɔn trenee wiase foforo no mu no!

7. Ɔkwan bɛn so na Dawid sii sɛnea Onyankopɔn suro ho hia so dua?

7 Abarimaa oguanhwɛfo Dawid nso daa Yehowa suro a ɛda nsow adi bere a ɔde Yehowa din twaa Goliat mpoa no. (1 Samuel 17:45, 47) Bere a Dawid da owu mpa so no, otumi kae sɛ: “[Yehowa] honhom nam me so kasa, na n’asɛm wɔ me tɛkrɛma so. Israel Nyankopɔn kae, me na Israel botan no kasa kyerɛɛ me. Nea odi nnipa so a ɔteɛ, nea odi so Onyankopɔn suro mu na ɔbɛyɛ sɛ anɔpa hann, bere a owie repue, sɛ anɔpa a amununkum nni hɔ.” (2 Samuel 23:2-4) Wonhu Onyankopɔn suro yi wɔ wiase yi atumfo mu, na hwɛ awerɛhosɛm a afi mu aba! Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ soronko bere a Yesu, “Dawid Ba no,” di asase no so wɔ Yehowa suro mu no!​—Mateo 21:9.

Yehowa Suro mu a Wofi Yɛ Ade

8. Dɛn nti na Yuda dii yiye wɔ Yehosafat nniso ase, na ɛkyerɛ dɛn ma nnɛ?

8 Dawid wu akyi bɛyɛ mfe ɔha no, Yehosafat bɛyɛɛ ɔhene wɔ Yuda. Oyi nso yɛ ɔhene foforo a ɔde Yehowa suro somee. Ɔsan de teokrase nhyehyɛe baa Yuda, sisii atemmufo wɔ asase no so nyinaa, na ɔde ahyɛde yi maa wɔn sɛ: “Ɛnyɛ onipa na morebu atɛn ama no, na mmom [Yehowa], na ɔne mo wɔ hɔ atemmu asɛm no mu. Na afei [Yehowa] ho hu ntra mo so. Monhwɛ mo ho yiye na monyɛ, efisɛ [Yehowa] yɛn Nyankopɔn no, nkontompo ne animhwɛ ne mmoaagye nni ne fam. . . . Saa na monyɛ [Yehowa] suro mu, nokware ne koma mũ mu.” (2 Beresosɛm 19:6-9) Enti, Yuda dii yiye wɔ Yehowa suro mu, sɛnea Onyankopɔn nkurɔfo nam ahwɛfo a wɔwɔ ayamhyehye som so nya mfaso nnɛ no ara pɛ.

9, 10. Ɔkwan bɛn so na Yehosafat dii nkonim wɔ Yehowa suro mu?

9 Nanso, na Yuda wɔ atamfo. Eyinom bɔɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛtɔre Onyankopɔn man no ase. Amonfo, Moabfo, ne Bepɔw Seirfo asraafo dɔm a wɔayɛ biako bɛhyɛɛ Yuda asase so behunahunaa Yerusalem. Na wɔyɛ asraafo dɔm a wɔyɛ den. Yehosafat kɔdan Yehowa wɔ mpaebɔ mu bere a na “Yuda nyinaa gyinagyina [Yehowa] anim, wɔn ne wɔn mma nketewaa, wɔn yerenom ne wɔn mma.” Afei, Yehowa buaa saa mpaebɔ no bere a ne honhom kaa Lewini Yehasiel ma ɔkae sɛ: “Sɛ [Yehowa] se mo ni: Mo de, munnsuro na mo koma nntu dɔm bebree yi anim, na ɛnyɛ mo na ɔsa yi wɔ mo, na ɛwɔ Onyankopɔn. Ɔkyena munsian nkɔ wɔn so. . . . Ɛnyɛ mo de sɛ mobɛko eyi mu, ogyina nko ara na munkogyina, na monhwɛ [Yehowa] a ɔka mo ho no nkwagye. Yuda ne Yerusalem, munnsuro na mo koma nntutu, ɔkyena mumfi adi nkohyia wɔn, na [Yehowa] bedi mo akyi.”​—2 Beresosɛm 20:5-17.

10 Ade kyee no, Yuda mmarima sɔree anɔpatutu. Bere a wɔde osetie refi adi akohyia atamfo no, Yehosafat sɔre gyinae na ɔkae sɛ: “Yuda ne Yerusalemfo, muntie me. Munnye [Yehowa] mo Nyankopɔn nni, na mubetim, na munnye n’adiyifo no nni, na mubedi yiye.” Nnwontofo a wɔto dwom ma Yehowa dii mmarima a wɔamia akode no anim too dwom sɛ: ‘Munyi Yehowa ayɛ, efisɛ n’adɔe wɔ hɔ daa.’ Yehowa daa saa adɔe no adi denam sɛnea ɔmaa basabasayɛ sii atamfo no ntam araa ma wokunkum wɔn ho wɔn ho pasaa no so. Bere a Yuda mmarima kogyinaa sare so ɔwɛn aban no so hwɛe no, na atamfo no afunu nko ara na aka.​—2 Beresosɛm 20:20-24.

11. Ɛdefa osuro ho no, ɔkwan bɛn so na amanaman no yɛ soronko wɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho?

11 Aman a wɔbemmɛn no tee anwonwa kwan so ogye yi ho asɛm no, “Onyankopɔn ho hu” kaa wɔn. Nanso, afei ɔman a wɔde Yehowa suro yɛɛ ɔsetie no nyaa “ɔhome afã nyinaa hyiae.” (2 Beresosɛm 20:29, 30) Saa ara na sɛ Yehowa bu amanaman no atɛn wɔ Harmagedon a, Onyankopɔn ne ne Ba Ɔbrafo, Yesu Kristo ho hu bɛka wɔn, na wɔrentumi nnyina ɔsoro abufuw da kɛse no mu.​—Adiyisɛm 6:15-17.

12. Ɔkwan bɛn so na wonyaa Yehowa suro mu akatua wɔ tete mmere mu?

12 Yehowa suro pa de akatua pa ba. Noa ‘daa osuro pa adi pam adaka maa ne fi nkwagye.’ (Hebrifo 11:7) Na ɛdefa afeha a edi kan Kristofo no ho de, wɔakyerɛw sɛ, bere bi a wɔtaa wɔn akyi no, asafo no ‘nyaa asomdwoe na wɔkɔɔ so yɛɛ den; na bere a wɔnantewee Yehowa suro ne honhom kronkron no awerɛkyekye mu no, wɔkɔɔ so dɔe’​—sɛnea ɛrekɔ so wɔ Europa Apuei Fam nnɛ no ara pɛ.​—Asomafo no Nnwuma 9:31.

Dɔ Papa, Kyi Bɔne

13. Ɔkwan bɛn so nkutoo na yebetumi anya Yehowa nhyira?

13 Yehowa yɛ koraa. Enti, “[Yehowa] suro ne bɔne tan.” (Mmebusɛm 8:13) Wɔakyerɛw Yesu ho asɛm sɛ: “Wodɔ trenee, na wukyi amumɔyɛ, enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahosan ngo asra wo.” (Hebrifo 1:9) Te sɛ Yesu no, sɛ yɛpɛ Yehowa nhyira a, ɛsɛ sɛ yɛtan Satan ahomaso wiase no amumɔyɛ, abrabɔ bɔne, basabasayɛ, ne adifudepɛ no. (Fa toto Mmebusɛm 6:16-19 ho.) Ɛsɛ sɛ yɛdɔ nea Yehowa dɔ na yekyi nea okyi. Ɛsɛ sɛ yesuro sɛ yɛbɛyɛ biribi a n’ani rennye ho. “Wɔde [Yehowa] suro kwati bɔne.”​—Mmebusɛm 16:6.

14. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ nhwɛso ma yɛn?

14 Yesu gyaw yɛn nhwɛso sɛ yenni n’anammɔn akyi pɛpɛɛpɛ. “Ɔno na wɔyaw no, na wanyaw bi, ohuu amane, na wanteetee, na ɔde hyɛɛ nea obu atɛntrenee no nsa.” (1 Petro 2:21-23) Wɔ Yehowa suro mu no, yɛn nso betumi agyina ahohorabɔ, fɛwdi, ɔtaa, a Satan wiase no de ba yɛn so no ano.

15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesuro Yehowa mmom na ɛnyɛ wɔn a wobetumi akum ɔhonam no?

15 Yesu tu yɛn fo wɔ Mateo 10:28 sɛ: “Na munnsuro wɔn a wokum ɔhonam na wontumi nkum ɔkra, na mmom munsuro nea ɔbetumi asɛe ɔkra ne ɔhonam [wɔ Gehena].” Sɛ ɔtamfo no kum obi a osuro Yehowa no mpo a, owu mu yaw no yɛ bere tiaa bi mu de ara kɛkɛ. (Hosea 13:14) Sɛ wonyan onii no a, obetumi aka sɛ: “Owu, wo nkonim wɔ he? Owu, wo nwowɔee wɔ he?”​—1 Korintofo 15:55.

16. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa Yehowa suro adi na ɔhyɛɛ no anuonyam?

16 Yesu ankasa yɛ nhwɛso fɛfɛ ma wɔn a wɔdɔ Yehowa trenee na wokyi amumɔyɛ nyinaa no. Osuro a ɔwɔ ma Yehowa no da adi wɔ nsɛm a etwa to a ɔka kyerɛɛ n’asuafo no mu, sɛnea ɛwɔ Yohane 16:33 no sɛ: “Eyinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoe. Mo ho behia mo wi yi ase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.” Yohane kyerɛwtohɔ no kɔ so sɛ: “Eyinom na Yesu kae, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkae sɛ: Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo ba anuonyam, na ɔba no nso nhyɛ wo anuonyam . . . Mayi wo din adi makyerɛ nnipa a wode wɔn fi wiase ama me no.”​—Yohane 17:1-6.

Suro Yehowa na Yi no Ayɛ

17. Akwan bɛn so yebetumi asuasua Yesu nhwɛso no?

17 So yebetumi asuasua Yesu nhwɛso a akokoduru wom no nnɛ? Nokwarem no, yebetumi ayɛ saa wɔ Yehowa suro mu! Yesu ada Yehowa anuonyam din ne su horow no adi akyerɛ yɛn. Esiane sɛ yesuro Yehowa sɛ yɛn Amansan Hene nti, yɛma no so sen anyame afoforo nyinaa, a Kristoman Baasakoro ahintasɛm a enni din no nso ka ho. Yesu de osuro a edi mũ som Yehowa, na ɔkwatii sɛ ɔbɛtɔ onipa a otumi wu ho suro afiri mu. “Ɔno na ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotɔsrɛ brɛɛ nea obetumi agye no afi owu mu wɔ nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu, na [osuro pa a ɔwɔ] nti wotiee no.” Te sɛ Yesu no, ɛmmra sɛ yɛn nso besuro Yehowa bere a yɛkɔ so sua osetie fi nneɛma a yehu mu amane no mu​—a yɛn botae ne daa nkwagye bere nyinaa.​—Hebrifo 5:7-9.

18. Ɔkwan bɛn so na yebetumi afi osuro pa mu de ɔsom kronn ama Yehowa?

18 Akyiri yi no, Paulo tuu Kristofo a wɔasra wɔn fo wɔ krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Hebrifo Kristofo no mu sɛ: “Enti sɛ yɛanya ahenni a ɛnwosow yi, momma yɛmfa aseda mmra, mfa so nsom Nyankopɔn sɛnea ɛsɔ n’ani wɔ [osuro pa] mu.” “Nnipakuw kɛse” no nya saa ɔsom kronn no mu kyɛfa nnɛ. Na dɛn na ɛwom? Paulo kaa Yehowa ɔdom a ɛne Ne Ba, Yesu Kristo a ɔde no mae sɛ afɔrebɔ ho asɛm akyi no, ɔkae sɛ: “Momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.” (Hebrifo 12:28; 13:12, 15) Yɛbɛpɛ sɛ yɛde dɔnhwerew biara a yebenya yɛ Yehowa som adwuma kronn no de kyerɛ ne dom ho anisɔ. Sɛ́ Kristofo a wɔasra wɔn nkaefo no ahokafo anokwafo no, nnipakuw kɛse no na wɔreyɛ saa ɔsom adwuma no mu fã kɛse nnɛ. Eyinom kyerɛ sɛ nkwagye fi Onyankopɔn ne Kristo, bere a wogyina Onyankopɔn ahengua anim wɔ sɛnkyerɛnne kwan so, “na wɔsom no awia ne anadwo” no.​—Adiyisɛm 7:9, 10, 15.

Hyɛ Yehowa Anuonyam Daa

19, 20. Osuro ahorow abien bɛn na ɛbɛda adi wɔ “Yehowa da” no mu?

19 Ɛda kɛse a wobebu Yehowa bem no rebɛn ntɛmntɛm! “Hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhyew sɛ ɔfononoo, na ahantanfo nyinaa ne obiara a odi abɔnefosɛm bɛyɛ sakran, na ɛda a ɛreba no bɛhyew wɔn, asafo [Yehowa] na ose.” Saa ɔsɛe kɛse bere yi ne ‘Yehowa da kɛse a ɛkanyan hu no.’ (Malaki 4:1, 5) Ɛbɛma ‘ehu’ aka abɔnefo na “wɔrennya ɔkwan nguan.”​—Yeremia 8:15; 1 Tesalonikafo 5:3.

20 Nanso, osuro soronko bi kanyan Yehowa nkurɔfo. Ɔbɔfo a wɔde “daa asɛmpa” ahyɛ ne nsa no de nne kɛse ateɛm afrɛ wɔn sɛ: “Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn no adu.” (Adiyisɛm 14:6, 7) Yɛde osuro begyina hɔ ahwɛ saa atemmu no bere a Harmagedon gya a ano yɛ den no hyew Satan wiase no dwerɛbee no. Wɔbɛkyerɛw Yehowa ho suro pa agu yɛn koma so a wɔrentumi mpopa. Ɛnde ɛmmra sɛ yebenya ɔdom a ɛne sɛ yɛbɛka ‘wɔn a wɔabɔ Yehowa din ma wɔagye wɔn nkwa no’ ho!​—Yoel 2:31, 32; Romafo 10:13.

21. Yehowa suro de nhyira bɛn na ɛbɛba?

21 Nhyira horow a ɛyɛ nwonwa bedi akyi aba, a “nkwa mfe” a ɛbɛtra hɔ daa ka ho! (Mmebusɛm 9:11; Dwom 37:9-11, 29) Enti, sɛ́ ebia yɛn anidaso ne sɛ yebenya Ahenni no adi anaa sɛ́ yɛbɛsom wɔ ne nniso ase wɔ asase so no, momma yɛnkɔ so mfi osuro pa mu mfa ɔsom kronn mma Onyankopɔn. Momma yɛnkɔ so nhyɛ ne din kronkron no anuonyam. Na nhyira bɛn na ebefi mu aba? Aseda a yɛde bɛma daa sɛ yetiee afotu a ese yensuro Yehowa bere nyinaa no!

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn na “Yehowa suro” kyerɛ?

◻ Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn suro ho baa ne tete nkurɔfo ho mfaso?

◻ Osuro pa ho nhwɛso bɛn na Yesu de gyaw yɛn?

◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Yehowa suro akura yɛn mudi mu?

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Wohu Yesu nuanom sɛ wɔreto “Mose dwom,” Yehowa ayeyi nnwom, wɔ Adiyisɛm nhoma no mu

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Yehosafat asraafo dɔm no di nkonim wɔ Yehowa suro mu

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Nkwa mfe a ɛbɛtra hɔ daa na ɛbɛyɛ wɔn a wosuro Yehowa no akatua

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena